2016
Sɛn na Wobɛsi Akae Agyenkwa no Saa Nnawɔtwe yi?
December 2016


Mmabunu

Sɛn na Wobɛsi Akae Agyenkwa no Saa Nnawɔtwe yi?

Titenani Eyring hyɛ yɛn nkuran sɛ “yɛnyi sɛ yɛkae [Agyenkwa no] wɔ kwan a ɛbɛtwe yɛakoma ama No pa ara.”

Sɛn na wo “kae No berɛ biara” nnawɔtwe mu no nyina ara (hwɛ N&A 20:77, 79)?

Wo wɔ twerɛsɛm a wopɛ paa ara ɛfa Agyenkwa no ho? Wobɛtumi ahyɛ twerɛsɛm bi nso dabiara da saa nnawɔtwe yi mu na wone obi akyɛ

So woto nnwom anaa nnwom a ɛma anika wɔ w’adwene mu berɛ a waboto? Ebetumi a, yi baako a ɛfa Agyenkwa no ho pɔtee saa nnawɔtwe yi.

So wosusu Agyenkwa no abrabc ne mpata afɔrebɔ no ho nnawɔtwe biara wc Awurade Adidie berɛ? Wobɛtumi akaekae deɛ wofaae nnawɔtwe mu no nyina ara de asiesie wo ho ama Awurade Adidie sɛ wobɛkae Agyenkwa no berɛbiara, asakyera mmerɛ no a wopereɛ sɛ woyɛɛ saa.

So wobɔ mpaeɛ sɛ wobɛnya hokwan akyɛ asɛmpa no dabiara? Bɔmmɔden sɛ wobɛtoatoa asɛmpa no ho adwene, deɛ ɛgyina Agyenkwa no so saa nnawɔtwe yi. Wobɛtumi adi w’adanseɛ afa Agyenkwa no ho wɔ abusua anwummerɛ fie adesua anaa wone adamfoɔ bi nkasa wɔ sukuu mu mfa suahunu a woanya wɔ asɔre.

Nya botaeɛ kae Agyenkwa no kwan soronko so saa nnawɔtwe yi. Kakyerɛ ɔwofoɔ, wo nua, ɔkannifoɔ bi, anaa adamfo bi ɛfa wo botaeɛ no ho. Nnawɔtwe no awieɛ no, ka deɛ ɛsiiɛ kyerɛ wɔn. Mo mmienu bɛte asomdwoeɛ ne anigyeɛ a Titenani Eyring kasa faa ho no.