Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nsɛm, Ayɛwohomumɔ 2016
Tɛmpol Ayɛyɛdeɛ ne Apam
Fa mpaebɔ sua saa nsɛm yi na pere hwehwɛ deɛ wobɛka ho asɛm. Kwan bɛn so Na Abusua, Dawubɔ a Ɛkɔ ma Wiase no” bɛpagya wo gyedie wɔ Onyankopɔn mu na ahyira wɔn a wonam nsrahwɛ nkyerɛkyerɛ so bɔ wɔn ho ban? Sɛ worepɛ mu nsɛm bio a, kɔ reliefsociety.lds.org.
Gyedie, Abusua, Ɔgyeɛ
Ayɛyɛdeɛ a ɛhia ma yɛn nkwagyeɛ ne mpagya no nyinaa ne Onyankopɔn apam na ɛnam. “Yɛreyɛ na yɛrekora apam kyerɛ sɛ yɛde yɛn ho rebata yɛn Agya a ɔwɔ Soro ne Yesu Kristo,” Linda K. Burton a ɔyɛ Relief Society amansan titenani na ɔkaeɛ.1
Ɛlda Neil L. Anderson a ɔka Dummienu Kuo No ho kaa sɛ, “Awurade kaa sɛ, Wɔ ayɛyɛdeɛ mu no … nyamesu tumi da ne ho adi.”
“Onyankopɔn de nhyira sononko ma obiara a ɔfata a wabɔ asu, anya Honhom Kronkron, na ɔkɔ Awurade adidie berɛ biara.”2
“Sɛ mmarima ne mmaa kɔ tɛmpol a,” Ɛlda M. Russell Ballard a ɔka Dumienu Kuo No ho kyerɛ sɛ, “wɔn nyinaa nya adom akyɛdeɛ tumi korɔ no ara, a ɛyɛ asɔfodie tumi …
“… Mmarima nyinaa ne mmaa nyinaa wɔ ho kwan sɛ wɔnya saa tumi yi de boa wɔn abrabɔ. Wɔn a wɔne Awurade ayɛ kronkron apam na wɔdi saa apam no ni no bɛtumi anya wɔn ankasa adiyie, anya abɔfoɔ nhyira, ne Onyankopɔn adi nkutaho, anya asɛmpa no nyinaa, na, awieɛ no, wɔne Yesu Kristo ayɛ deɛ yɛn Agya wɔ nyinaa so adidefoɔ.”3
Twerɛsɛm Afoforɔ
Ayɛsɛm a ɛte ase
Wɔ afe 2007 mu, asaase-wosoɔ kɛseɛ bi akyi nna nan wɔ Peru, Ɛlda Marcus B. Nash a ɔka Aduɔson Kuo No ho hyiaa nkorabata titenani Wenceslao Conde ne ne yere, Pamela. “Ɛlda Nash bisaa Onuabaa Conde sɛdeɛ ne mma nkumaa ho teɛ. Ɔde anigyeɛ buaa sɛ, ɛnam Onyankopɔn adɔeɛ so nti wɔn nyinaa ho yɛ. Ɔbisaa Condefoɔ no fie. “
Ɔbuaa sɛ, ‘ɛkɔ,’
“… ‘Nanso,’ Ɛlda Nash baa mu, ‘wo ani agye berɛ a yɛrenante yi.’
“Ɔkaa sɛ, ‘Aane, mabɔ mpaeɛ na mewɔ asomdwoeɛ. Yɛwɔ deɛ yɛhia nyinaa. Yɛwɔ yɛn ho yɛn ho, yɛwɔ yɛn mma, yɛayɛ nsɔano wɔ tɛmpol, yɛwɔ saa Asɔre nwanwasoɔ yi, ɛna yɛwɔ Awurade. Awurade boa yɛn a yɛbɛtumi asi bio.’ …
“Deɛn na ɛwɔ yɛne Onyankopɔn apamyɛ ne ne kora ho a ɛma yɛn tumi ma yɛn ani gye wɔ ahokyere berɛ mu, na yɛsesa ɔhaw yɛ no nkonimdie … ?”
“Ɛfiri Onyankopɔn. Saa tumi no ho akwanya a yɛwɔ no firi apam a yɛne No wɔ.”4
© 2016 Intellectual Reserve, Inc. Ntintim ho akwannya. Wɔtintim no wɔ USA Borɔfo Kasa ho Kwan-ma: 6/15. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/15. Translation of Visiting Teaching Message, June 2016. Twi.12866 503
Dwene Wei ho
Sɛn na tɛmpol ayɛyɛdeɛ ne apam hyɛ yɛn den na ɛma yɛn tumi?