Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no Nkransɛm, Ayɛwohomumɔ 2016.
Yɛn Agya, Yɛn Susudua,
Woabue adaka bi a nnadeɛ gu mu so, ayi krataa a ɛkyerɛ sɛdeɛ wɔhyehyɛ no, na woadwene sɛ, “Nyansa biara nni wei mu koraa” pɛn?
Ɛtɔ da bi a, ɛmfa ho ne yɛn adwenpa ne gyedie a yɛwɔ no, yɛyi ɛfa bi na yɛbisa sɛ, “Na ɛno nso ɛ?” anaasɛ “Ɛbɛyɛ dɛn ayɛ yie?”
Yɛn ahohiahia kɔ soro berɛ a yɛhwɛ adaka no mu na yɛhunu ntweho ntwerɛeɛ bi a ɛka sɛ, “Mmoano bɛhia—firi mfeɛ nwɔtwe rekɔ” Esiane sɛ yɛnni ɛho mpopoeɛ biara nti, wei nhyɛ yɛn nkuran nkanyan yɛn.
Ɛtɔ da bi a yɛnya asɛmpa no ho suahunu bi te sɛ wei ara. Sɛ yɛhwɛ ne fa bi a, yɛbɛtumi adwene ho ara abisa deɛ nti a saa ɔfa no wɔ hɔ. Anaa sɛ yɛhwɛ ne fa foforɔ bi a, yɛbɛtumi ahunu sɛ mpo berɛ a yɛabɔ mmɔden pa ara sɛ yɛbɛte aseɛ yie no, yɛntumi nhunu deɛ nti a wɔde saa ɔfa no kaa ho.
Yɛn Soro Agya ne Yɛn Susudua
Yɛn tiri ayɛ yie, yɛn Soro Agya ama yɛn ahyɛdeɛ nwanwasoɔ a ɛbɛtenetene yɛn abrabɔ na asiesie yɛn. Saa ahyɛdeɛ no yɛ adwuma a ɛmfa ho ne yɛn mfeɛ anaa tebea a yɛwɔ mu. Wama yɛn asɛmpa no ne Yesu Kristo Asɔre no. Wama yɛn ɔgyeɛ nhyehyɛeɛ, nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ ne mpo anigyeɛ nhyehyɛeɛ no. Ɔnnyaa yɛn nko ara wɔ abrabɔ mu amanehunu anaa akwansideɛ mu, sɛ, “Monkɔ. Mo tiri nkwa. Monkɔhwehwɛ”
Sɛ yɛbɛnya aboterɛ ne yɛde ahobrɛaseɛ akoma ne adwene mu fann ahwɛ a, yɛbɛhunu sɛ Onyankopɔn ama yɛn nneɛma pii a ɛbɛma yɛate N’ahyɛdeɛ a ɛbɛma yɛn abrabɔ mu anigyeɛ nyinaa ase yie.
-
Wama yɛn Honhom Kronkron akyɛdeɛ a ɛnni boɔ no, a ɛwɔ kwan sɛ ɛbɛyɛ yɛn ankasa, soro kyerɛkyerɛfoɔ berɛ a yɛsua Onyankopɔn asɛm no na yɛtu anamɔn sɛ yɛbɛma yɛn adwene ne yɛn nneyɔeɛ ne N’asɛm no akɔ.
-
Wama yɛn Ne ho kwan sɛ yɛbɛtumi afa gyedie mpaebɔ so de yɛn abisadeɛ aba N’anim berɛ biara.
-
Wama yɛn ɛnnɛ-mmerɛ yi mu asomafoɔ ne nkɔmhyɛfoɔ, a wɔda Onyankopɔn asɛm adi wɔ yɛn mmerɛ yi mu na wɔwɔ tumi a wɔde kyekyere anaa wɔde sɔano wɔ asaase so ne ɔsoro.
-
Wasan de N’Asɔre aba—agyidifoɔ kuo a wɔbɔ mu yɛ adwuma de boaboa wɔn ho berɛ a wɔde suro, ahopopoɔ ne ɔdɔ a ɛnni sɛsoɔ yɛ wɔn nkwagyeɛ ho adwuma.
-
Wama yɛn twerɛnsɛm kronkron no—N’asɛm a wɔatwerɛ ama yɛn.
-
Wama abɛɛfo nimdeɛ ho nneɛma bebree a ɛbɛboa yɛn wɔ yɛn gyedie anamɔntuo mu. Yɛbɛtumi anya saa nneɛma nwanwasoɔ yi mu dodoɔ no ara wɔ LDS.org.
Adɛn nti na yɛn Soro Agya ama yɛn mmoa pii sei? Esiane sɛ Ɔdɔ yɛn Na ɛfiri sɛ, sɛdeɛ ɔno ara ka faa Ne ho no, “Wei ne m’adwuma ne m’animuonyam—sɛ mɛma onipa ɔnniwieɛ asetena ne nkwagyeɛ aba mu”2
Wɔ nsɛm foforɔ mu no, Ɔsoro Agya yɛ yɛn Nyankopɔn, na Onyankopɔn yɛ yɛn nhwɛsoɔ.
Yɛn Agya a ɔwɔ Soro nim Ne mma ahiadeɛ yie sene obiara. Ɛyɛ N’adwuma ne animuonyamhyɛ sɛ ɔbɛboa yɛn berɛ biara, ama yɛn honam ne honhom mu nneɛma a ɛbɛboa yɛn ma yɛasan akɔ Ne nkyɛn bio.
Agya Biara Yɛ Susudua
Wiase fa baabi wɔ hɔ a, abusuafoɔ hyɛ agyanom animuonyam wɔ Ayɛwohomummɔ bosome mu. Ɛyɛ sɛ yɛbɛhyɛ yɛn awofoɔ animuonyam na yɛabu wɔn berɛ biara. Agyanom yɛ nneɛma pa pii ma wɔn abusua na wɔwɔ su bebree a ɛyɛ anika. Agyanom asɛdeɛ a ɛho hia pa ara wɔ wɔn mma abrabɔ mu no mu mmienu ne sɛ wɔbɛyɛ nhwɛso pa na wɔayɛ susudua ama wɔn mma. Ɛnyɛ agyanom asɛdeɛ ara ne sɛ wɔbɛka deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛnyɛ akyerɛ wɔn mma; wɔyɛ pii kyɛn sɛ wɔbɛto akwankyerɛ nwoma bi ato wɔn so na wɔahwehwɛ sɛ wɔn ara bɛhunu wɔn bra bɔ.
Agyanom yɛ susudua ma wɔn mma a wɔsom boɔ na wɔde nhwɛso pa kyerɛ wɔn sɛdeɛ wɔde nokorɛdie bɔ bra. Agyanom nto wɔn mma agyaagyaamu na mmom wɔde ntɛm pɛ kɔ wɔn mmoa, boa pagya wɔn berɛ biara a wɔhwe aseɛ. Na ɛtɔ da bi a wɔ nyansa nsusuiɛ mu no, agyanom ma wɔn mma brɛ kakra, sɛ wɔhunu sɛ ɛno ne ɔkwan pa a ɛbɛma wɔn asua adeɛ a.
Yɛn Nyinaa Yɛ Susunnua
Berɛ a asaase so agyanom yɛ wei ma wɔn ara mma no, susudua honhom yɛ biribi a ɛwɔ sɛ yɛde ma Onyankopɔn mma nyinaa, ɛmfa ho ne wɔn mfeɛ, bea a wɔwɔ, anaa wɔn tebea. Kae sɛ, Onyankopɔn mma yɛ yɛn nuanom mmarima ne mmaa; yɛn nyinaa firi ɛnni awieɛ abusua korɔ mu.
Ne saa nti, momma yɛn nyinaa nyɛ susunnua—mpere mmoaboa yɛn ho na yɛatumi abɛyɛ papa a ɛwɔ sɛ yɛyɛ. Esiane sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma nti, yɛwɔ tumi sɛ yɛbɛtumi ayɛ te sɛ Ɔno. Yɛredɔ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa, yɛrekora Onyankopɔn mmaransɛm, na yɛredi Kristo nhwɛsoɔ so yɛ anigyeɛ kwan tee, heahea a ɛde yɛn san kɔ yɛn soro awofoɔ anim.
Sɛ Onyankopɔn a ɔbɔɔ wiase dwene yɛn ho yie ara yɛ susudua ma yɛn a, ɛnneɛ yɛn nso bɛtumi aboa yɛn yɔnko nnipa, a ɛmfa ho ne wɔn ahosuo, baabi a wɔfiri, wɔn abrabɔ tebea, kasa, anaa wɔn som. Momma yɛnyɛ susunnua a yɛhyɛ nkuran na yɛnhyira afoforɔ abrabɔ—ɛnyɛ yɛn ara mma nko ara na mmom Onyankopɔn mma a wɔwɔ wiase nyinaa.
© 2016 Intellectual Reserve, Inc. Ntintim ho akwannya. Wɔtintim no wɔ USA Borɔfo kasa ho kwan-ma: 6/15. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/15. Translation of First Presidency Message, June 2016. Twi. 12966 503
Nkransɛm yi mu Nkyerɛkyerɛ
Wobɛtumi ahyɛ aseɛ abisa wɔn a wokyerɛkyerɛ wɔn no ma wɔadwene berɛ bi a Ɔsoro Agya yɛɛ susudua maa wɔn. Afei wobɛtumi ama wɔn adwennwene nsonsonoeɛ a ɛda saa berɛ no ne berɛ bi a wɔnyaa atenka sɛ wɔn asaase so agya yɛɛ susudua ama wɔn. Ma wɔntwerɛ nsonsonoeɛ a ɛwɔ sɛdeɛ susunnua no teɛ mu. Wobɛtumi ahyɛ wɔn sɛ wɔmmɔ mmɔden sɛ wɔbɛsua deɛ wɔtwerɛeɛ no sɛdeɛ wɔbɛyɛ susunnua papa nhwɛsoɔ ama afoforɔ.