2016
Ɔde Wo Bɛsi Ne Mmatiri so Asoa Wo Akɔ Fie
May 2016


Fie Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ, Kɔtɔnimma 2016

Ɔde Wo Bɛsi Ne Mmatiri so Asoa Wo Akɔ Fie

Sɛdeɛ Odwanhwɛfoɔ Pa no hwehwɛ Ne dwan a wayera no, sɛ wobɛma w’akoma so ama wiase Agyenkwa no a, Ɔbɛhwehwɛ wo.

Me mmɔfraberɛ mu awerɛhosɛm baako a mɛkae daa hyɛ aseɛ firi awudifoɔ-wiemhyɛn dede denden a ɛfiri akyirikyiri nyane me firi nna mu. Ɛnkyɛ koraa, nnyegyeɛ foforɔ, huuu kikim kikim firi wiemhyɛn-bɔmframa mu a ano nyɛ den de nkakrankakra yɛ kɛse kɔsi sɛ ɛwoso mframa no ankasa. Na sɛdeɛ yɛn maame tetee yɛn sɛ yɛnyɛ no, yɛn mmɔfra yi mu biara fa yɛn nneɛma a yɛaboaboa ano wɔ baage mu dwane kɔ bepɔ bi so kɔpɛ banbɔ. Yɛde ahoɔhare nam esum-kabii mu anadwo no, nkanea mfitamfitaa ne ahahanmono firi wiem totɔ de kyerɛ faako a abɔnefoɔ no rehwehwɛ. Anwanwasɛm ne sɛ, obiara frɛ saa nkanea yi Buronya nnua.

Madi mfeɛ nnan, nanso mahunu wiase a ɛreko pɛn.

Dresden

Na baabi a m’abusuafoɔ teɛ ne Dresden kuro no mu ntwe. Wɔn a wɔtenaa hɔ hunuu deɛ mahunu yi mmɔho bɛyɛ apem. Mframagya akɛseɛ, a ɛfiri nneɛma mpempem a ɛtumi pa egya mu, bɔ faa Dresden, sɛee kuro no ɔha nkyɛmu bɛboro aduɔkron na ɛgyaa aboɔ nketenkete ne nso wɔ akyire.

Wɔ bere tiawa bi mu, kuro a na wɔbɔ no mmarane sɛ “Mpomponanneɛ Adaka” no, na ɛnni hɔ bio. Erich Kästner, ɔtwerɛfoɔ bi a ɔfiri Germany, twerɛɛ wei faa ɔsɛeɛ no ho, “Mfeɛ apem na wɔde sii n’ahoɔfɛ, ɛsɛee koraa anadwo baako pɛ.” Me mmɔfraberɛ mu no, na menhunu sɛnea ɔsɛeɛ a ɛfiri ntɔkwa a yɛn ara nkorɔfoɔ ahyɛ aseɛ no bɛtumi aba awieɛ. Na ayɛ sɛ anidasoɔ ne daakye biara nni hɔ mma wiase a atwa yɛn ho ahyia no.

Afe a ɛtwam yi, menyaa kwan san kɔɔ Dresden. Ɔko no akyi mfeɛ aduɔson, asan ayɛ “Mpomponanneɛ Adaka” kuro bio. Wɔayi nkaaseɛ no afiri hɔ, asan asiesie kuro no ma akyɛn so mpo.

Me nsrahwɛ no mu no, mehunuu Lutheran asɔre fɛɛfɛɛ Frauenkirche, Yɛn Hemaa Asɔre no. Wɔdii kan sii no afe 1700 mu, na ɛyɛ Dresden kuro no mpomponadeɛ a ɛhyerɛn, nanso ɔko no ma ɛbɛyɛɛ sɛ aboɔ nketenkete a wɔahyehyɛ. Ɛkaa hɔ saa mfeɛ bebree, kɔsi sɛ afei wɔyɛɛ adwene sɛ wɔbɛsan asi Frauenkirche bio.

Na wɔde aboɔ a ɛfiri asɔredan a asɛe no mu sieeɛ na wɔtwerɛɛ too hɔ, na berɛ aɛsɛ mu no wɔde san siiɛ. Nnɛ wotumi hunu saa aboɔ a ayɛ tuntum yi sɛ ayɛ ntokurontokuro wɔ ban no ho. Saa “nkutwa” yi nkae yɛn saa dan yi ho abakɔsɛm nko ara na mmom ɛsan yɛ anidasoɔ nkaedum—ahyɛnsodeɛ fɛɛfɛɛ a ɛkyerɛ sɛ nnipa bɛtumi de deɛ aseɛ ayɛ biribi papa.

Meredwene Dresden abakɔsɛm ho na nyansa ne nketesie a wɔsan de sii deɛ na asɛe korakora no bio yɛɛ me nwanwa no, menyaa atenka sɛ ɛfiri Honhom Kronkron no. Mekaa sɛ, ampa, sɛ nnipa bɛtumi afa deɛ ɛnyɛ, asɛe, na abubuo wɔ kuro bi mu de asan asi dan tenten a ɛyɛ ahomka sei a, adɛn nti na yɛn Tumfoɔ Agya ntumi nsan mpagya Ne mma a wɔahwe ase, wɔrebrɛ, anaa wɔayera?

Ɛmmfa ho ne baabi a ayɛ sɛ yɛn abrabɔ asɛe akɔduru. Ɛmmfa ho ne sɛdeɛ yɛn bɔne kɔkɔɔ teɛ, sɛdeɛ yɛn abufuo teɛ, sɛdeɛ yɛayɛ ankonam, wɔayi yɛn totwene, anaa yɛn akoma abubu ayɛ. Wɔn a wɔnni anidasoɔ, wɔn aba mu abu, wɔayi wɔn ama, wɔato wɔn mudie agyeegyeemu, anaa wɔakasa atia Onyankopɔn mpo bɛtumi asan apagya bio. Woyi satan ɔyeramma kakraabi no a, abrabɔ biara nni hɔ a asɛe a ɛntumi nsan nyɛ yie bio.

Anigyesɛm a ɛwɔ twerɛsɛm no ho nie: esiane anigyeɛ a ɛnni awieɛ ho nhyehyɛeɛ a yɛn Soro Agya a ɔdɔ yɛn nam Yesu Kristo no Mpata a ɛnni awieɛ so de ama yɛn nti, nyɛ sɛ wɔbɛgye yɛn afiri yɛn ahweaseɛ mu ate yɛn ho nko ara, yɛbɛtumi nso anya nteaseɛ a ɛboro wiase adwene na yɛabɛyɛ nkwa a ɛnni awieɛ adedifoɔ na yɛabɛka Onyankopɔn animuonyam a ɛnni nkyerɛkyerɛmu no ho.

Odwan a Wayera no ho Abɛbuo

Wɔ Agyenkwa no nsɛmpa ka mu no, Ne pɛn so asɔre mpanimfoɔ ne Yesu anyɛ adwene sɛ ɔnya mmerɛ ma nkorɔfoɔ a wɔbu wɔn sɛ “nnebɔneyɛfoɔ.”

Ebia na ɛyɛ wɔn sɛ ɔresosɔ anaa mpo ɔrefoa abɔnefosɛm so. Ebia na wɔgyedi sɛ kwan pa a ɔde bɛboa nnebɔneyɛfoɔ ma wɔasakyera wɔn adwene ne sɛ ɔbɛbu wɔn fɔ, adi wɔn ho fɛw, na wagu wɔn anim ase.

Agyenkwa no hunuu deɛ na Farisifoɔ ne atwerɛfoɔ no redwene no, ɔkaa ayɛsɛm tiawa bi:

“Onipa bɛn, na ɔwɔ nnwan ɔha, na sɛ baako mpo yera a, ɔnnya aduɔkonon nkonon no wɔ wuram hɔ, na ɔnkɔhwehwɛ deɛ wayera no, kɔsi sɛ ɔbɛhu no? …

“Na sɛ ɔhu no a, ɔde no bɔ ne kɔn ho, na n’ani gye.”

Saa bɛbuo yi nteaseɛ a awɔ hɔ mfeɛ bebree ne sɛ yɛbɛkɔ akɔfa nnwan a wɔayera no asan aba na yɛbɛboa wɔn a wɔayera no. Wei hia pa ara a akyinnyeɛ biara nni ho, na mennim sɛ biribi foforɔ ka ho a.

Ɛbɛtumi ayɛ sɛ Yesu botaeɛ, a ɛdi kan na ɛhia pa ara, ne sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ afa Odwanhwɛfoɔ Pa no adwuma ho?

Ɛbɛtumi ayɛ sɛ na ɔredi adanseɛ wɔ Onyankopɔn dɔ a ɔwɔ ma ne mma asoɔdenfoɔ?

Ɛbɛtumi ayɛ sɛ na Agyenkwa no nkransɛm ne sɛ Onyankopɔn nim wɔn a wɔayera—a ɔbɛhwehwɛ wɔn, aboa wɔn, na wagye wɔn?

Saa na ɛteɛ deɛ a, deɛn na ɛwɔ sɛ odwanten no yɛ na ama no anya ɔsoro mmoa?

So ɛwɔ sɛ odwanten no hunu sɛdeɛ ɔde afidie hwɛ baabi a wanante aduru? So ɔhia sɛ ɔbɛtumi de afidie bi hunu baabi pɔtee a ɔwɔ? Ɛwɔ sɛ ɔnya nimdeɛ a ɔde bɛyɛ afidie a ɛbɛteam apɛ mmoa? Odwanten no bɛhia okunini bi nsɔano ansa na Odwanhwɛfoɔ Pa no agye no anaa?

Daabi da! Odwan no fata ɔgyeɛ ɛfiri sɛ Odwanhwɛfoɔ Pa no dɔ no.

Me deɛ, odwan a wayera ho abɛbuo no yɛ nkransɛm a ɛwɔ twerɛsɛm mu nyinaa baako a ɛma me anidasoɔ kɛse.

Yɛn Agyenkwa dɔfoɔ, Odwanhwɛfoɔ Pa no, nim me ne wo. Ɔnim wo na ɔdɔ wo.

Ɔnim berɛ a woayera, na ɔnim baabi a wowɔ. Ɔnim w’awerɛhoɔ. W’adesrɛdeɛ. Wo suro. Wo nisuo.

Ɛmmfa ho ne kwan a wofaa so yeraeɛ—sɛ ɛfiri wo ankasa wopɛ mu anaasɛ ɛfiri tebea bi a na ɛboro wo so.

Deɛ ɛhia ara ne sɛ woyɛ Ne ba. Ɔdɔ wo. Ɔdɔ ne mma.

Esiane sɛ ɔdɔ wo nti, ɔbɛhwehwɛ wo. Ɔde wo bɛbɔ Ne kɔn ho adi ahurisie. Na sɛ ɔde wo ba fie a, ɔbɛka akyerɛ obiara sɛ, “Momma mo ne me ani nnye; na mahunu me dwan a ɔyeraeɛ no.”

Deɛn na ɛwɔ sɛ Yɛyɛ?

Na, ebia woredwene sɛ, ɛdeɛn na yɛanya? Ampa ara mewɔ pii yɛ kyɛn sɛ mɛtena hɔ atwɛn sɛ wɔmmɛgye me.

Ɛyɛ yɛn Agya dɔfoɔ pɛ sɛ Ne mma nyinaa bɛsan akɔ Ne nkyɛn deɛ, nanso ɔrenhyɛ obiara wɔ aheman mu kɔ ho. Onyankopɔn rennye yɛn berɛ a yɛmpene so.

Enti deɛn na ɛwɔ sɛ yɛyɛ?

Ne frɛ yɛ tiawa:

“Monsane mmra … me nkyɛn.”

“Mommra me nkyɛn.”

“Mommɛn me na mɛbɛn mo.”

Wei ne kwan a yɛde kyerɛ No sɛ yɛpɛ ɔgyeɛ.

Ɛhia gyedie kakra. Nanso mommpa aba. Sɛ montumi nnya gyedie seesei ara a, momfa anidasoɔ nhyɛ aseɛ.

Sɛ montumi nka sɛ monim sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ a, mobɛtumi anya anidasoɔ sɛ ɔwɔ hɔ. Mobɛtumi anya ɔpɛ sɛ mobɛgye adi. Ɛno nko ara yɛ sɛ mobɛhyɛ aseɛ.

Afei, monnyina saa gyedie no so, ntwe mmɛn ɔsoro Agya. Onyankopɔn bɛtrɛ Ne dɔ mu aba mo so, na Ne gyeɛ adwuma ne nsakyeraeɛ bɛhyɛ aseɛ.

Berɛ bi akyi, mobɛhunu Ne basa wɔ mo abrabɔ mu. Mobɛhunu Ne dɔ. Na ɔpɛ a mode bɛnante Ne hann mu na moafa Ne kwan so no bɛnyini wɔ anamɔn biara a mode gyedie bɛtu mu.

Yɛfrɛ saa gyedie anamɔntuo yi “setie.”

Ɛno nyɛ asɛm a agye din ɛnnɛ. Nanso setie yɛ adeɛ a ɛsom bo wɔ Yesu Kristo asɛmpa no mu, ɛfiri sɛ yɛnim sɛ “nnipa nyinaa nam Kristo Mpata no so bɛnya ɔgyeɛ, berɛ a yɛyɛ setie ma Asɛmpa no ho mmara ne ayɛyɛdeɛ.”

Sɛ yɛnyini gyedie mu a, ɛsɛ sɛ yɛnyini nso wɔ nokorɛdie mu. Medii kan kaa Germanini twerɛfoɔ bi a ɔsuu Dresden sɛeɛ no ho. Ɔsan twerɛɛ saa kasasin yi: “Es gibt nichts Gutes, ausser man tut es.” Wɔn a wɔnka sɛlɛtia kasa no nti, wɔakyerɛ wei mu sei “Biribiara nni hɔ a ɛyɛ gye sɛ woyɛ.”

Me ne wo bɛtumi akasa afa honhom mu nneɛma ho yie. Yɛbɛtumi ama nnipa ahunu sɛ yɛwɔ nimdeɛ wɔ nyamesɛm mu nkyerɛkyerɛmu mu. Yɛbɛtumi de anigyeɛ kɛseɛ akasa afa nyamesom ho “aso [yɛn] soro tenaberɛ ho daeɛ.” Nanso sɛ yɛn gyedie nsesa yɛn abrabɔ—sɛ deɛ yɛgyedie nnya nsunsuansoɔ wɔ yɛn nnwuma so a—yɛn nyamesom yɛ kwa, na sɛ yɛn gyedie nwuiɛ a, ɛnneɛ na asi owuo kwan so.

Setie na ɛma gyedie nkwa. Gyedie so na yɛnam de hann brɛ yɛn kra.

Nanso ɛtɔ da bi a medwene sɛ yɛnte setie ase. Yɛbɛfa no sɛ ɛno ara ne botaeɛ no, na mmom ɛnyɛ kwan a ɛkɔ botaeɛ no ho. Anaa yɛde setie asaeɛ bɛbɔ mmaransɛm ɔtommoɔ so apere sɛ yɛbɛnwono yɛn adɔfoɔ, berɛ a yɛrekɔ so abɔ wɔn gya, de asaeɛ abɔ wɔn so mpɛn pii, ama wɔabɛyɛ nnipa a wɔtene, na wɔyɛ kronkron.

Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ, ɛduru berɛ bi a yɛhia asotwe a ɛbɛma yɛasakyera. Nokwasɛm ne sɛ, ebinom wɔ hɔ a saa kwan yi nko ara so na wɔbɛnya wɔn.

Nanso ebia kasakoa foforɔ bi wɔ hɔ a ɛbɛtumi akyerɛkyerɛ deɛ enti a yɛdi Onyankopɔn mmaransɛm so. Ebia ɛnyɛ setie ne kwan ankasa a yɛfa so kyeakyea, kyinkyim, na yɛbobɔ yɛn kra kɔ deɛ wɔnyɛ mu. Mmom ebia, ɛyɛ kwan a yɛnam so hunu sɛdeɛ yɛn abɔsuo teɛ ankasa.

Otumfoɔ Nyankopɔn na ɔbɔɔ yɛn. Nyankopɔn yɛ yɛn Soro Agya. Yɛyɛ Ne honhom mma kann. Ɔde ɔsoro nneɛma a ɛsom bo na wɔapɔ ho yie na ɛyɛɛ yɛn, enti yɛwɔ nyamesu wɔ yɛn mu.

Asaase yi so, na yɛn adwene ne nneyɔeɛ ntumi nkɔ anim esiane porɔeɛ, bɔne ne hoanteɛ nti. Efi ne nnwamansɛm a ɛwɔ bɔne wiase yi mu ayɛ nkekaawa wɔ yɛn kra ho, ma ayɛ den sɛ yɛbɛhunu na yɛakae yɛn adedie ne botaeɛ.

Nanso wei nyinaa rentumi nsesa sɛdeɛ yɛteɛ ankasa. Yɛn nyamesu fapem te saa. Na sɛ yɛsi yɛn adwene pi de yɛn akoma bɛkɔ yɛn Agyenkwa dɔfoɔ no so na yɛtu anamɔn di n’akyi a, biribi nwanwasoɔ si. Onyankopɔn ho dɔ hyɛ yɛn akoma ma, nokorɛ hann hyɛ yɛn adwene ma, yɛhyɛ aseɛ sɛ yɛretwe yɛn ho afiri bɔne ho; na yɛmpɛ sɛ yɛbɛnante sum mu bio.

Yɛbɛhunu setie sɛ ɛnyɛ asotweɛ na mmom sɛ ahofadie kwan a ɛkɔ yɛn soro botaeɛ ho. Na, nkakrankakra, porɔeɛ, efi, ne akwansideɛ a ɛwɔ asaase yi so no hyɛ aseɛ poro gu. Awieɛ no, ɔsoro su a ɛwɔ yɛn mu, a ɛsom bo na ɛyɛ nkwa a ɛnni awieɛ no da adi, na papayɛ ho anigyeɛ bɛyɛ yɛn suban.

Wofata ɔgyeɛ

Anuanom ne adɔfoɔ, medi danseɛ sɛ Onyankopɔn hunu sɛdeɛ yɛteɛ— sɛdeɛ yɛteɛ ankasa—na ɔhunu yɛn sɛ yɛfata ɔgyeɛ.

Ebia wobɛdwene sɛ w’abrabɔ asɛe. Ebia woayɛ bɔne. Ebia wosuro, wo bo afu, woredi awerɛhoɔ, anaa ɔyaw esiane annye anie nti. Nanso sɛdeɛ Odwanhwɛfoɔ Pa no hwehwɛ Ne nnwan a wɔayera no, sɛ anka wode wo akoma bɛma wiase Agyenkwa no a, ɔbɛhwehwɛ wo.

Ɔbɛgye wo

Ɔbɛma wo so asi Ne kɔn ho

Ɔde wo bɛkɔ fie

Sɛ nnipa bɛtumi asesa deɛ asɛe ma ayɛ efie fɛɛfɛɛ a wɔsom wɔ hɔ a, ɛnneɛ yɛbɛtumi anya gyedie sɛ yɛn Nyankopɔn dɔfoɔ no bɛtumi, na ɔbɛsiesie yɛn. Ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛsiesie yɛn ma yɛayɛ adeɛ bi a ɛso kyɛn sɛdeɛ na yɛteɛ—kɛseɛ kyɛn sɛdeɛ yɛbɛtumi de yɛn adwene asusu. Gyedie anamɔn biara a yɛtu di n’akyi no, yɛnyini kɔ daa nkwa animuonyam ne anigyeɛ a ɛnni awieɛ botaeɛ a wɔhyehyɛ maa yɛn ho.

Wei nyɛ m’adansedie nko ara na mmom m’ahobrɛaseɛ ne gyedie mpaebɔ wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Hwɛ Erich Kästner, Als ich ein kleiner Junge war (1996), 51–52.

  2. Luka 15:4

  3. Luka 15:6.

  4. Hwɛ “Hunu Wei, Sɛ Ɔkra Biara wɔ Fahodie,” Asɔrennwom no. 240.

  5. Yoel 2:12

  6. Mateo 11:28

  7. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:63.

  8. Hwɛ Alma 32:27.

  9. Gyidikansɛm 1:3

  10. Erich Kästner, Es gibt nichts Gutes, ausser: Man tut es (1950).

  11. M’ayɛ Papa Bi Anaa? Asɔre Nnwom, no. 223.

  12. Hwɛ Yakobo 2:26

  13. Hwɛ Yohane 5:30.