Atitenafoɔ a Wɔdi kan Nkransɛm, Kɔtɔnimma 2016
Gyinaeɛsie
Momma yɛmfa papa a ɛyɛ den no, na yɛnkwati bɔne a ɛyɛ mmerɛ no.
Anuanom ne adɔfo, ansana mɛhyɛ m’asɛm ankasa ase no, mɛpɛ sɛ mede tɛmpol afoforɔ nnan bɛto dwa, a abosome ne mfeɛ a ɛreba yi, wɔbɛsi no mmeaɛ a ɛdidi soɔ yi: Quito, Ecuador; Harare, Zimbabwe; Belém, Brazil; ne tɛmpol a ɛtɔ so mmienu wɔ Lima, Peru.
Berɛ a mebeyɛɛ Asomafoɔ Dumienu Kuo ba wɔ 1963 no, na tɛmpol 12 na ɛwɔ hɔ a ɛreyɛ adwuma wɔ Asɔre no nyinaa mu. Wɔyɛɛ Provo Ahenkuro Beaɛ Tɛmpol nteho som nnawɔtwe mmienu a abɛsen kɔ akyi no, afei tɛmpol 150 na ɛreyɛ adwuma wɔ wiase yi nyinaa. Yɛn ani sɔ nhyira a yɛnya wɔ saa afie kronkron yi mu pa ara.
Afei, anuanom ne adɔfo, mepɛ sɛ mɛkyerɛ m’anisɔ wɔ akwannya a mewɔ sɛ mene mo bɛkyɛ nsɛm kakra saa anɔpa yi.
Nansa yi meredwen deɛ yɛbɛpa sɛ yɛbɛyɛ ho. Wɔaka sɛ abakɔsɛm gyina sensene nketenkete so, na saa ara na yɛn abrabɔ teɛ. Yɛn gyinaeɛsie na ɛkyerɛ yɛn awieɛ.
Berɛ a yɛfirii honhom wiase na yɛwuraa honam tebea yi mu no, yɛde ɔpɛ akyɛdeɛ baeɛ. Yɛn botaeɛ ne sɛ yɛbɛnya sɛlɛstia animuonyam, na nneɛma a yɛbɛyɛ na ɛbɛkyerɛ pa ara sɛ yɛn botaeɛ no bɛba mu anaa.
Mo mu pii nim Alice a ɔwɔ anansesɛm sononko a Lewis Carroll twerɛeɛ a wɔato no din Alice’s Adventures in Wonderland. Mobɛkae sɛ ɔkɔduruu nkwatanan no, na akwan mmienu da n’anim tenten nanso na wɔdi nhwɛnim. Berɛ a na ɔredwen kwan a ɔmfa so no, ɔhyiaa adwene-mu Ɔkra bi na ɔbisaa no sɛ, “Kwan bɛn na memfa so?”
Ɔkra no yii ano sɛ, “Ɛno bɛgyina faako a wopɛ sɛ wo kɔ so. Sɛ wonnim baabi a worekɔ a, ɛmmfa ho ne kwan a wobɛfa so.”1
Yɛnte sɛ Alice, esiane sɛ yɛnim baabi a yɛpɛ sɛ yɛkorɔ, na kwan a yɛbɛfa so ho hia ankasa ɛfiri sɛ kwan a yɛfa so wɔ saa asetena yi mu kyerɛ faako a yɛbɛkɔ wɔ asetena a adi hɔ no mu.
Yɛnpaw sɛ yɛbɛsi gyedie kɛseɛ a tumi wɔ mu wɔ yɛn mu, a ɛbɛyɛ yɛn banbɔ kɛseɛ a ɛbɛgyina ɔtamfo no nhyehyɛeɛ ano—gyedie kann, gyedie a ɛbɛkora na kannyan yɛn pɛ ama yɛayi deɛ ɛyɛ. Sɛ saa gyedie yi nnim mu a, yɛrenkɔ baabiara. Sɛ ɛka ho a, yɛn botaeɛ no bɛba mu.
Ɛwɔm sɛ ɛho hia pa ara sɛ yɛpaw deɛ nyansa wɔm deɛ, nanso ɛtɔ da a yɛyɛ deɛ ɛyɛ agyimisɛm. Nsakyeraeɛ akyɛdeɛ a yɛn Agyenkwa no de ama no ma yɛtumi siesie sa a yɛretwa no, ama yɛatumi asan akɔ kwan a ɛde yɛn bɛkɔ sɛlɛstia animuonyam a yɛrehwehwɛ no mu.
Momma yɛnkora akokoduro a yɛde bɛpo deɛ obiara pene so no. Momma yɛmfa papa a ɛyɛ den no, na yɛnkwati bɔne a ɛyɛ mmerɛ no.
Berɛ a yɛredwene gyinaeɛsie a yɛyɛ wɔ yɛn abrabɔ mu dabiara no—sɛ yɛbɛyɛ wei anaa yɛbɛyɛ ɛno no—sɛ yɛpaw Kristo a, na yɛayi deɛ ɛtene.
M’akoma mu ahobrɛaseɛ mpaeɛ ne sɛ ɛnyɛ saa afebɔɔ wɔ Yesu Kristo, yɛn Awurade no din mu, amen.
© Afe 2016 mu Intellectual Reserve, Inc. Ntintim ho akwannya. Wɔtintim no wɔ USA English approval: 6/15. Translation approval: 6/15. Kasafoforɔ atwerɛ a ɛfa First Presidency Message, May 2016. Twi. 12865 503