Atitenafoɔ a Wɔdi Kan ne Nsrahwɛ Nkransɛm, ɔbɛnem 2016
“Monsua Me”
Wɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ mu no, yɛn nyinaa yɛ akyerɛkyerɛfoɔ ɛna yɛn nyinaa san yɛ asuafoɔ. Yɛn Awurade de saa ahobrɛaseɛ yi frɛ obiara. “Monsua Me … na mobɛnya ɔhome ama mo kra.”
Mesrɛ Nna a ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ nyinaa sɛ yɛnnwennwene yɛn mmɔdemmɔ a yɛde kyerɛkyerɛ na yɛde sua na yɛnhunu Agyenkwa no sɛ yɛn Kwankyerɛfoɔ wɔ saa yɔ mu. Yɛnim sɛ saa “ɔkyerɛkyerɛfoɔ yi firi Onyankopɔn nkyɛn” na ɔnyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ biara kɛkɛ. Deɛ ɔkyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn akoma nyinaa, yɛn kra nyinaa, yɛn ahoɔden nyinaa, ne yɛn adwene nyinaa nnɔ Awurade yɛn Nyankopɔn, na yɛnnɔ yɛn yɔnko sɛ yɛn ho no, yɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ Panin ne tenenee abrabɔ ho nhwɛso pa.
Ɔno na ɔpaee mu kaa sɛ: “Mommra, mmɛdi m’akyi.” “Mayɛ nhwɛsoɔ ama mo”
Gyesɛ Mosakyera Mo Adwene
Yesu kyerɛkyerɛɛ nokware ketewa bi a ɛmu dɔ yie sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mateo nwoma mu no. Ɔne N’asuafoɔ no siane firii Nsakyera Bepɔ no so no, wɔgyinaa kakra wɔ Galilea na afei wɔkɔɔ Capernaum. Ɛhɔ na asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn, bɛbisaa sɛ:
“Hwan ne ɔkɛseɛ koraa ɔsoro ahennie no mu?
“Na Yesu frɛɛ abɔfra ketewa bi, de no bɛgyinaa wɔn mfimfini,
“Na ɔkaa sɛ, Nokorɛ mese mo sɛ, Moannane, na moanyɛ sɛ mmɔfra a, morentumi nhyɛne ɔsoro ahennie no mu.”
Ɛnyɛ Asɔre no botaeɛ a ɛwɔ asɛmpa nkyerɛkyerɛ ho ne sɛ yɛrehwie nsɛm gu Onyankopɔn mma adwene mu kɛkɛ, sɛ yɛwɔ fie, adesua dan mu, anaasɛ asɛmpatreɛ berɛ mu. Nyɛ ɛne sɛ ɔwofoɔ, ɔkyerɛkyerɛfoɔ, anaa asɛmpatrɛni no bɛkyerɛ dodoɔ a ɔnim. Ɛna ɛnyɛ sɛ ɛbɛma Agyenkwa no ne N’Asɔre ho nimdeɛ akɔ soro kɛkɛ.
Nkyerɛkyerɛ botaeɛ titire ne sɛ ɛbɛboa ma ɔsoro Agya mma mmarima ne mmaa asan akɔ N’anim na wɔne No anya anigyeɛ wɔ nkwa a ɛnni awie ɛmu. Sɛ yɛbɛyɛ wei a, ɛwɔ sɛ asɛmpa nkyerɛkyerɛ hyɛ wɔn nkuran wɔ kwan a ɛbɛma da biara wɔayɛ asuafoɔ ne kronkron apam. Botaeɛ no ne sɛ ɛbɛkanyan ankorɛankorɛ ma wɔadwene, ate nka, na wɔayɛ deɛ ɛbɛma wɔatena asɛmpa nhyehyɛeɛ mu. Botaeɛ no ne sɛ ɛbɛma Awurade Yesu Kristo mu gyedie anyini na abɛyɛ nsakyera ama N’asɛmpa.
Nkyerɛkyerɛ a ɛhyira na ɛsakyera na ɛgye nkwa ne nkyerɛkyerɛ a ɛsɛ Agyenkwa no nhwɛsoɔ. Akyerɛkyerɛfoɔ a wɔsua Agyenkwa no nhwɛsoɔ dɔ na wɔsom wɔn a wɔkyerɛkyerɛ wɔn. Wɔde ɔsoro nokorɛ adesua a ɛnni awieɛ kanyan wɔn atiefoɔ. Wɔbɔ abrabɔ a ɛfata sɛ wɔsua.
Dɔ na Som
Agyenkwa no asɛmpadwuma nyinaa kyerɛɛ yɔnko-dɔ. Ampa ara, Ne dɔ ne ɔsom na na mpɛn pii ɛyɛ N’adesuadeɛ. Saa ara na akyerɛkyerɛfoɔ a mekae wɔn pa ara ne akyerɛkyerɛfoɔ a na wɔnim, wɔdɔeɛ, na wɔdwenee wɔn asuafoɔ ho. Wɔhwehwɛ nnwan a wɔayera no. Wɔkyerɛɛ me abrabɔ mu adesua a mɛkɔ so akae.
Ɔkyerɛkyerɛni baako a na ɔte saa yɛ Lucy Gertsch. Na ɔnim ne sukuuni biara. Ɔkɔɔ so srasraa wɔn a wɔhweree Kwasiada bi anaasɛ wɔamma koraa. Na yɛnim sɛ ɔdwene yɛn ho. Yɛn mu biara werɛ mfirii no anaasɛ nneɛma a ɔkyerɛɛ yɛn no da.
Mfeɛ pii akyi, berɛ a na Lucy rebɛn n’abrabɔ awieɛ no, mekɔsraa no. Yɛkaekaee yɛn ho faa saa mmerɛ tenten a ɔbɛyɛɛ yɛn kyerɛkyerɛni no. Yɛkasa faa yɛn sukuufoɔ no mu biara ho na yɛdii deɛ wɔn mu biara reyɛ ho nkɔmmɔ. Ne dɔ ne tema wɔ hɔ ne nkwa nna nyinaa.
Medɔ Awurade ahyɛdeɛ a ɛwɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam mu no:
“Mehyɛ mo sɛ momfa ahennie no ho nkyerɛkyerɛ no nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho.
“Monkɔ so ara nkyerɛ no yie na m’adom bɛba mo so.”
Lucy Gertsch kɔɔ so kyerɛɛ no yie ɛfiri sɛ na ɔwɔ ɔdɔ mapa.
Ma Anidasoɔ ne Nokorɛ
Ɔsomafoɔ Pɛtro tuu fo sɛ, “Monsiesie mo ho daa sɛ mobɛkyerɛ obiara a ɔbɛbisa mo anidasoɔ a ɛwɔ mo mu no ase.”
Ebia anidasoɔ kɛseɛ a ɔkyerɛkyerɛni bi bɛtumi de ama ne anidasoɔ a ɛwɔ Yesu Kristo asɛmpa no nokorɛ mu no.
“Na deɛn na mode mo ani bɛto so?” Mormon na ɔbisaeɛ. Hwɛ mese mo sɛ mobɛnya anidasoɔ wɔ Kristo mpata ne ne wusɔre tumi no mu, wɔbɛnyane mo aba nkwa a ɛnni awieɛ mu, na wei bɛfiri ne mu gyedie a mowɔ.”
Akyerɛkyerɛfoɔ, momma mo nne so na monni nokorɛ Nyamesu no ho danseɛ. Mompae mu nni mo adanseɛ a ɛfa Mormon Nwoma no ho. Momma wɔnhunu ahomka ne anigyeɛ a ɛwɔ nokorɛ nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ no mu. Momfa nneɛma a Asɔre gye to mu, nkanka twerɛsɛm no, nkyerɛ nokorɛ a ɛwɔ Yesu Kristo asɛmpa no mmaeɛbio wɔ sɛdeɛ ɛyɛ korɔgyee na ɛnyɛ den. Monkae Agyenkwa no ahyɛdeɛ sɛ “monhwehwɛ twerɛsɛm no mu; ɛfiri sɛ mosusu sɛ mowɔ daa nkwa wɔ mu: na ɛno ne deɛ ɛdi me ho adanseɛ.”
Boa Onyankopɔn mma ma wɔnhunu deɛ ɛyɛ nokorɛ na ɛhia wɔ wiase. Boa wɔn ma wɔnnya ahoɔden a wɔde bɛpaw ɔkwan a ɛbɛkora wɔn dwoodwoo akɔ daa nkwa mu.
Kyerɛkyerɛ nokorɛ na Honhom Kronkron no bɛboa wo.
“Monsua Me”
Esiane sɛ Yesu Kristo yɛɛ setie pɛpɛɛpɛ na ɔbrɛɛ ne ho ase maa N’Agya nti, “ɔnyinii nyansa ne kɛseyɛ, ne Onyankopɔn ne nnipa nkyɛn adom mu.” Yɛasi yɛn adwene pi sɛ yɛbɛyɛ saa? Sɛdeɛ Yesu nam adom so nyaa adom no, ɛwɔ sɛ yɛde aboterɛ kɔ so ara hwehwɛ hann ne nimdeɛ firi Onyankopɔn nkyɛn berɛ a yɛresua asɛmpa no.
Woretie yɛ adesua fa bi a ɛhia pa ara. Sɛ yɛresiesie yɛn ho agye nteteɛ a, yɛde mpaebɔ hwehwɛ nkanyan ne denhyɛ firi Honhom Kronkron no hɔ. Yɛdwene ho, yɛbɔ mpaeɛ, yɛde twerɛsɛm adesua toto ho, na yɛhwehwɛ Agya no pɛ a ɔwɔ ma yɛn.
Yesu “kyerɛɛ … nneɛma pii wɔ abɛbuo mu,” a ɛhia aso a ɛbɛte, ani a ɛbɛhunu, ne akoma a ɛbɛte aseɛ. Sɛ yɛtena ahoteɛ mu a, yɛbɛtumi ate Honhom Kronkron nne bɔkɔɔ no yie, a ɛbɛtumi “akyerɛ [yɛn] nneɛma nyinaa, na ama [yɛn] akae nneɛma nyinaa.”
Sɛ yɛtu Awurade ahobrɛase frɛ, a ɛyɛ “Monsua Me” no ho anamɔn a, yɛbɛnya Ne soro tumi no mu kyɛfa. Enti, momma yɛnkɔ yɛn anim wɔ honhom mu ɔsetie mu, nni yɛn Nhwɛsofoɔ akyi nkyerɛkyerɛ sɛdeɛ ɔbɛpɛ, yɛnkyerɛkyerɛ na yɛnsua sɛdeɛ ɔbɛpɛ sɛ yɛsua.
© 2016 Intellectual Reserve, Inc. Nko ara na mmara ma wɔn kwan. Wɔtintimm wɔ USA Borɔfokasa ma ho kwan: 6/15. Wɔma ho kwan wɔ kasafoforɔ ntwerɛeɛ mu: 6/15. Kasafoforɔ ntwerɛeɛ mu wɔ First Presidency Message, March 2016. Twi. 12863 503
Nkyerɛkyerɛ a ɛfiri nkransɛm yi mu.
Titenani Monson srɛ yɛn sɛ “[yɛ]nnwenne yɛn mmɔdemmɔ a yɛde kyerɛkyerɛ na yɛde sua na yɛnhunu Agyenkwa no sɛ ɔno ne yɛn Kwankyerɛfoɔ wɔ saa yɔ mu. Mobɛtumi ne wɔn a mosra ahwehwɛ twerɛsɛm no mu apɛ nhunumu afa kwan a Yesu Kristo kyerɛkyerɛeɛ na ɔsuaeɛ. Mobɛtumi de twerɛsɛm a Titenani Monson de yɛɛ mfatoho no bi ahyɛ aseɛ, te sɛ Mateo 11:29, Yohane 5:30, ɛna Marko 4:2. Mobɛtumi adi nkɔmmɔ afa kwan a deɛ moasua afa Kristo ho no bɛtumi aboa mo na “moabɛnya Ne soro tumi no mu kyɛfa.”