2016
Wɔbɔɔ no Onyankopɔn suban so
Ebɔw-Ɔbenem 2016


Nkyerɛkyerɛ Nsrahwɛ Nkransɛm, ɔbɛnen 2016

Wɔbɔɔ no Onyankopɔn suban so

Fa mpaebɔ sua saa adeɛ yi na hwehwɛ hunu deɛ wobɛkyɛ. Sɛn na nteaseɛ a ɛwɔ “Abusua: Dawubɔ a ɛkɔ ma wiase” ma wo gyedie nyini wɔ Onyankopɔn mu na ɛhyira wɔn a wonam nkyerɛkyerɛ nsrahwɛ so hwɛ wɔn so? Sɛ worepɛ mu nsɛm bio a, kɔreliefsociety.lds.org .

Relief Society nsɔano

Gyedie, Abusua, Ɔgyeɛ

“Na Onyankopɔn kaa sɛ, Momma yɛnyɔ onipa wɔ yɛn suban so, ne yɛn nsɛso. …

“Na Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so, Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no, ɔbarima ne ɔbaa na ɔbɔɔ wɔn” (Genesis 1:26–27).

Onyankopɔn yɛ yɛn Soro Agya, na ɔno na ɔbɔɔ yɛn wɔ Ne suban so. Titenani Monson kaa ei faa saa nokorɛ yi ho, “Yɛn Agya Nyankopɔn wɔ aso a ɛte yɛn mpaebɔ. Ɔwɔ ani a ɛhunu yɛn nneyɔeɛ. Ɔwɔ ano a ɔde kasa kyerɛ yɛn. Ɔwɔ akoma a ɛwɔ ahummɔborɔ ne ɔdɔ. Ɔwɔ hɔ. Ɔte ase. Yɛyɛ ne mma a wayɛ yɛn ne suban so. Yɛsɛ no na ɔsɛ yɛn.”

“Nna a ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ hunu nnipa nyinaa sɛ Onyankopɔn mma a wɔdi mu; wɔfa onipa biara sɛ ɔfiri ɔsoro, wɔ su, na nnepa wɔ ne mu.” Obiara yɛ “honhom mu awofoɔ babarima anaa babaa a wɔdɔ no.”

“[Nkɔmhyɛni] Joseph Smith nso suaa sɛ Onyankopɔ pɛ sɛ Ne mma nya saa animuonyamhyɛ korɔ no ara a ɔwɔ mu kyɛfa no.” Sɛdeɛ Onyankopɔn kaeɛ no, “Na hwɛ, wei ne m’adwuma ne m’animuonyam—sɛ onipa bɛnya nkwa a ɛnni awieɛ na ɔrenwu da no bɛba mu” (Moses 1:39).

Twerɛnsɛm Nkekaho

Genesis 1:26–27; 1 Korintofoɔ 3:17; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 130:1

Wɔ Twerɛnsɛm mu

Wɔ Mormon Nwoma mu no Jared nuabarima hwehwɛɛ kwan a ɔbɛfa so ama nsuhyɛn nwɔtwe a wahyehyɛ sɛ ɛde Jaredefoɔ no bɛtwa asuo no akɔ bɔhyɛ asase no so. Jared nuabarima no “nanee aboɔ nketewa dunsia firii ɔbotan bi mu na ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ Onyankopɔn de ne nsa “bɛka saa aboɔ no” “na aboɔ no ahyerɛn wɔ esum mu.” Na Onyankopɔn “tenee ne nsa kaa aboɔ no baako baako.” Wɔyii nkatanim no firii Jared nuabarima no ani so, na “ɔhunuu Awurade nsateaa; na ɛte sɛ onipa nsateaa. …

“Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Wogye nsɛm a mɛka no di?

“Na ɔbuaa sɛ: Aane, Awurade.

Na “Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ [Jared nuabarima no]” na ɔkaa sɛ, “Woahunu sɛ mebɔɔ wo me ara me suban so? Ampa ara, wɔbɔɔ nnipa nyinaa ahyɛaseɛ no wɔ me ara me suban so. (Hwɛ }Ether 3:1–17.)

Atwerɛ

  1. Thomas S. Monson, “Menim Sɛ Me Dimafo Tease,” wɔ Conference Report, Apr. 1966, 63.

  2. Twerɛsɛm Adesua, “Yɛreyɛ Te sɛ Onyankopɔn,” topics.lds.org; san hwɛ Moses 7:31–37.

  3. “Abusua: Dawubɔ a ɛkɔ ma wiase,” Laehona, Nov. 2010, 129.

  4. Twerɛsɛm Adesua, “Yɛreyɛ Te sɛ Onyankopɔn,” topics.lds.org; san hwɛ Nkyerɛkyerɛ a ɛfiri Asɔre no Atitenafoɔ nkyɛn: Joseph Smith (2007), 221

Dwene Wei ho

Sɛn na nimdeɛ a yɛwɔ sɛ wɔbɔɔ onipa biara wɔ Onyankopɔn suban so no boa yɛn wɔ yɛne afoforɔ nkitahodie mu?