2014
Ɔdɔ—Asɛmpa no mu Ade Titire
May 2014


Ɔdɔ—Asɛmpa no mu Ade Titire

Yɛnntumi nnɔ Onyankopɔn wɔ berɛ a yɛnnɔ yɛn mfɛfoɔ akwantufoɔ wɔ yɛn owuo tebea akwantuo yi mu.

Anuanom ne adɔfoɔ, berɛ a Agyenkwa no hyɛɛ ne som adwuma ase wɔ nnipa mu no, mmaranimfoɔ bi bisaa no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, mmara no mu kɛseɛ ne deɛ ɛwɔ he?”

Mateo kyerɛ sɛ Yesu yii ano sɛ:

Dɔ Awurade wo Nyankopɔm w’akoma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu, ne w’adwene nyinaa mu.

“Yei ne mmara no mu kɛseɛ ne deɛ ɛdi kan.

“Na deɛ ɛtɔ so mmienu no te sɛ ɛno, Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”1

Mark de Agyenkwa no asɛm no twa toɔ: “Mmara asɛm biara nni hɔ a ɛkyɛne yeinom. ”2

Yɛntumi nnɔ Onyankopɔn yie berɛ a yɛnnɔ yɛn mfɛfoɔ akwantufoɔ wɔ saa honam akwantuo yi mu. Saa nso na yɛnntumi nnɔ yɛn mfɛfoɔ berɛ a yɛnnɔ Onuankopɔn, yɛn nyinaa Agya no. Ɔsomafoɔ Yohane ka kyerɛ yɛn sɛ, “Ahyɛdeɛ yi na yɛanya no ne nkyɛn, deɛ ɔdɔ Onyankopɔn no ɔnnɔ ne nua nso.”3 Yɛn nyinaa yɛ Ɔsoro Agya honhom mma, ne saa nti, yɛyɛ anuanom. Sɛ yɛde yei to yɛn adwene mu a, ɛbɛyɛ mmrɛ sɛ yɛbɛdɔ Onyankopɔn mma.

Anokwa, ɔdɔ ne ade titire a ɛwɔ asɛmpa no mu, na Yesu Kristo ne yɛn Nhwɛsoɔ. N’abrabɔ yɛ ɔdɔ agyapadeɛ. Ɔsaa ayarefoɔ yareɛ, deɛ n’aba mu abu no ɔmaa no so, ɔgyee abɔnefoɔ. Awieɛ no, nnebɔneyɛfoɔ kum no. Nanso ne nsɛm gyegye wɔ Golgota bepɔ no so: “Agya fa firi wɔn, na wɔnnim deɛ wɔreyɔ”4 —wei yɛ ade kɛseɛ wɔ owuo tebea yi mu a ɛkyerɛ ayamyɛ ne ɔdɔ.

Suban pa pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ ɔdɔ, ebi ne ayamyɛ, aboterɛ, ahofama, nteaseɛ, ne bɔnefakyɛ. Wɔ yɛn nkitahodie nyinaa mu no, weinom ne suban pa afoforɔ a ɛte sei bɛboa ada ɔdɔ a ɛwɔ yɛn akoma mu no adi.

Ɛyɛ a yɛn dɔ da adi wɔ yɛne afoforɔ daadaa nkitahodie mu. Deɛ ɛdi mu pa ara ne tumi a yɛwɔ sɛ yɛbɛhunu obi ahiasɛm na yɛaboa no. Medɔ atenka a ɛda adi wɔ saa anwensɛm yi mu:

Masu anadwo

Ama aniwa a ɛnnhunu yie

A ɛfiraa m’ani wɔ obi ahiasɛm ho

Nanso mennya

Nnuu me ho sɛ

Manya ayamye kakra.5

Ɛnkyɛree pii na wɔkaa ɔdɔ ayamyɛ —a ɛka akoma ho asɛm kyerɛɛ me—deɛ obi nnim ne nsunsuansoɔ. Na ɛyɛ afe 1933, berɛ a ɛnam Ahohia Kɛseɛ no nti, adwumasɛm ho bɛyɛɛ den no. Na bea no yɛ Amerika apueɛ fam. Na Arlene Biesecker awie ntoasoɔ sukuu. Ɔhwehwɛɛ adwuma kyɛree akyire no, ɔnyaa adwuma sɛ adepamfoɔ wɔ faako a wɔyɛ ntaadeɛ. Adwumayɛfoɔ no gye akatua wɔ nneɛma a wɔtumi pam wie dakoro nko ara ho. Ntaadeɛ dodoɔ a wobɛyɛ no na ɛbɛkyerɛ w’akatua.

Da koro bi Arlene hyɛɛ adwuma ase pɛ no, adwuma no fa bi kyeree n’adwene na ɛmaa no yɛɛ basaa. Ɔtenaa afidie no akyi peree sɛ ɔbɛtumi akeka ntoma asinasin no abɔ mu apam. Na ɛrekame ayɛ sɛ mmoa biara mmfiri baabiara mma, ɛfiri sɛ na adwumayɛfoɔ no nyinaa repɛ ntɛm awie ntaadeɛ dodoɔ ara a wɔbɛtumi ayɛ. Na Arlene nni boafoɔ ne anidasoɔ. Ɔyɛɛ din suui.

Na Bernice Rock te afa hɔ. Na wanyini sene Arlene, na na ɔwɔ suahunu wɔ adepam mu sene no. Ɔhuu Arlene haw no, Bernice gyaa n’adwuma no hɔ na ɔkɔɔ Arlene nkyɛn, na ɔde ayamye kyerɛɛ no, maa no mmoa. Ɔtenaa ne nkyɛn kɔsii sɛ Arlene kwadaree ho na ɔtumi wiee deɛ ɔrepam no. Bernice san kɔɔ n’afidie no ho, wɔ berɛ a wannya kwan anwie nneɛma dodoɔ a anka ɔbɛtumi apam, ɛnam sɛ ɔboaa obi nti.

Ɛnam saa ayamye adeɛ nti, Bernice ne Arlene bɛyɛɛ nnamfoɔ wɔn nna nyinaa. Obiara waree nyaa mma. Wɔ afe 1950 mu hɔ no, Bernice, a na ɔyɛ asɔreba no maa Arlene Mormon Nwoma no bi. Wɔ afe 1960 mu no, Arlene ne ne kunu ne ne mma bɔɔ asu sɛ Asɔremma. Akyire no wɔgyee nsɔano nhyira wɔ Onyankopɔn tɛmpol.

Ɛnam mmɔborɔhunu a Bernice kyerɛeɛ berɛ a ɔkɔboaa obi a na ɔnnim a na ɔwɔ ɔhaw na ɔhia mmoa nti, ankorɛ-ankorɛ pii, ateasefoɔ ne awufoɔ, abɛnya asɛmpa no gyeɛ ayɛyɛde no seesei.

Dabiara no wɔma yɛn akwannya pii wɔ abrabɔ mu sɛ yɛnkyerɛ ɔdɔ ne ayamyɛ mma wɔn a wɔbɛn yɛn. Titenani Spencer W. Kimball kaa sɛ: “Yɛnkae sɛ nnipa a yɛhyia wɔn wɔ kaa gyinabea, adwuma mu, elevator mu, ne baabiara no yɛ nnipa a Onyankopɔn de wɔn ama yɛn sɛ yɛnnɔ na yɛnsom wɔn. Sɛ yɛka adasamma amansan nnuayɛ ho asɛm na yɛammu wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia sɛ yɛn nuanom a, ɛremmoa.”6

Ɛyɛ a akwannya a yɛnya sɛ yɛbɛkyerɛ ɔdɔ no ba mpofirim. Ebi ne akwannya a ɛbaa dawubɔ krataa mu wɔ Ahinime bosome, afe 1981 mu. Ɔdɔ ne mmɔborɔhunu a ɛwɔ mu no kaa m’akoma pa ara ma mede ahyɛ me nwoma korabea mfeɛ bɛboro 30.

Asɛm no ka sɛ Alaska wiemhyɛn a ɛfa akwantufoɔ 150 a ɛtu firi Anchorage, Alaska, kɔ Seattle, Washington a ɛnnyina—no dane kɔɔ Alaska kuro bi so akyirikyiri kɔfaa abɔfra bi a wapira pa ara. Abarimaa a na wanya mfeɛ mmienu no nyaa kuro kɛseɛ pa ara wɔ ne basa berɛ a ɔhwee pentoa so berɛ a na ɔredi agorɔ wɔ fie. Firi Anchorage de kɔ kuro no mu yɛ kwansini 150, na na wiemhyɛn no kwan nna hɔ koraa. Nanso, ayaresafoɔ a na wɔwɔ hɔ no sufrɛɛ mmoa, enti wɔmaa wiemhyɛn no dane kɔɔ hɔ kɔfaa abɔfra no na wɔde no kɔɔ Seattle ayaresabea.

Wiemhyɛn no sii fam wɔ kuro no so no, ayaresafoɔ no ka kyerɛɛ ɔhyɛnkafoɔ no sɛ mogya retu abɔfra no dodo nti ɔntumi nkɔ Seattle. Wɔsii gyinaeɛ sɛ wɔbɛtwa kwasini 200 bio akɔ Juneau, Alaska kuro a ɛbɛn a ɛwɔ ayaresabea.

Wɔde abɔfra no kɔɔ Juneau no, wiemhyɛn no de n’ani kyerɛɛ Seattle, a na berɛ apa ho dɔnhwere bebree. Ɛwom sɛ na akwantufoɔ no dodoɔ no ara bɛhwere dwumadie ne wiemhyɛn afoforɔ deɛ, nanso wɔn mu baako mpo anwiinwii. Anokwa, berɛ a na sima ne dɔnhwere no rekɔ no, wɔgyegyee ntoboa nyaa sika kakra maa abɔfra no ne n’abusua.

Wiemhyɛn no yɛɛ sɛ ɛrebɛsi Seattle no, akwantufoɔ no bɔɔ ose berɛ a ɔhyɛnkafoɔ no de too dwa sɛ wate nkra wɔ ahomatorofoɔ so sɛ abɔfra no ho bɛtɔ no.7

Twerɛsɛm yi baa m’adwene mu: “ɔdɔ mapa ne Kristo dɔ a nkekaeɛ biara nni mu,… na obiara a ɔwɔ bi wɔ da a ɛtwa toɔ no mu no, ɛbɛsi no yie.”8

Anuanom ne adɔfoɔ, akwanya kɛseɛ a yɛbɛnya sɛ yɛbɛkyerɛ ɔdɔ no ne yɛn afie mu. Ɛwɔ sɛ ɔdɔ yɛ adeɛ a ɛsom bo pa ara ma abusua, nanso ɛyɛ a na ɛnte saa. Abufuo pii, ɛham, ntɔkwa, ne nisuo tumi ba. Titenani Gordon B. Hinckley dii yaw sɛ: “Adɛn nti na wɔn a yɛdɔ wɔn pa ara no na yɛka nsɛm a ɛyɛ ya kyerɛ wɔn? Adɛn nti na yɛkasa sɛ deɛ yɛkura nkrantɛ a yɛde bɛpira yi?”9 Saa nsɛmmisa yinom nyiano yɛ sononko ma obiara, nanso deɛ ɛwɔ mu ne sɛ, sɛ enti no ho nnhia. Sɛ yɛbɛdi mmaransɛm no so adɔ yɛn ho yɛn ho a, ɛsɛ sɛ yɛde ayamyɛ ne obuo ma obiara.

Ɛwɔ mu sɛ ɛtɔ da a ɛwɔ sɛ yɛma asotwe deɛ. Nanso yɛnkae afotuo a ɛwɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam no mu—a ɛka sɛ ɛhia sɛ yɛka anim a, yɛwie a yɛnkyerɛ ɔdɔ kɛseɛ.10

Ɛyɛ m’anidasoɔ sɛ yɛbɛpere sɛ yɛbɛte wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no adwene ne wɔn atenka ne wɔn tebea ase. Mma momma yɛmmu animtia anaa nntoto ase. Mmom, momma yɛnhunu mmɔbɔ na yɛnhyɛ nkuran. Yɛnhwɛ yie na yɛamma yɛn nsɛm ne yɛn nneyɔeɛ ansɛe onipa foforɔ awerɛhyem ne ne nkuranhyɛ.

Ɛwɔ sɛ bɔne fafire ne ɔdɔ kɔ bɔ mu. Wɔ yɛn mmusua mu ne yɛn nnamfofa mu no, nneɛma bɛtumi aha yɛn na yɛn ano nnhyia. Bio, asɛm no ketewa a ɛyɛ no ho nnhyɛ da nnhia. Yɛnntumi, na ɛnsɛ sɛ yɛma ɛgye nsam, ɛporɔ, anaa yɛma ɛsɛe nneɛma. Kwaadubɔ bere kuro. Bɔnefafire pɛ na ɛsa yareɛ.

Ɔbaa hoɔfɛfoɔ bi a waka baabi bɛsraa me da koro bi na mpofirim ɔkaa nneɛma a ama wanu ne ho. Ɔkaa asɛm bi a ɛsii mfeɛ bebree a na abɛsene kɔ wɔ ɔne okuani bi a na ɔbɛn no ntam, na ɔyɛ n’adamfo pa ara nanso na ɔne ne kunu ne no aham mpɛn pii. Da koro bi okuani no srɛɛ no sɛ ɔmma no kwan na ɔmfa n’afuo mu hɔ nkɔ n’asase so. Saa berɛ yi, ɔbaa no twaa asɛm a na ɔreka no so kakra, na ɔde nne popoɔ kaa sɛ, “Onua Monson, mamma no kwan ma wamfa m’afuo no mu, na ɔtwaa kwan tenten twaa yɛn ho kɔɔ n’afuo mu. Medi fɔ, na manu me ho. Seesei waka baabi, nanso, o, menyaeɛ a anka mɛka akyerɛ no sɛ, “Fakyɛ me.” Menyaeɛ a anka, mɛnya akwanya bio akyerɛ ɔdɔ.”

Berɛ a na meretie no no, m’adwene kɔɔ awerɛhosɛm a John Greenleaf Whittier kaeɛ no: “Nsɛm a ɛyɛ ya a ɛfiri yɛn ano ne pɛn ano no, deɛ awerɛhoɔ wɔ mu pa ara ne: ‘Na anka ɛwɔ sɛ! ’”11 Anuanom ne adɔfo sɛ yɛkyerɛ ɔdɔ ne adwen pa ma afoforɔ a, yɛbɛkwati saa nnuhoo yi.

Yɛkyerɛ ɔdɔ wɔ akwan hodoɔ pii so: sereɛ, nkyia, asɛm dɛɛdɛ, abasobɔ. Nneyɔeɛ no bi mu dɔ, ebi ne sɛ worekyerɛ anigyeɛ wɔ obi dwumadie ho, woresra obi wɔ ayaresabea. Saa nsɛm ne nneyɔeɛ yi, ne afoforɔ pii bɛtumi akyerɛ ɔdɔ.

Dale Carnegie, Amerikani twerɛfoɔ ne kyerɛkyerɛni, no gye di sɛ obiara wɔ tumi wɔ ne mu sɛ ɔbɛma wiase yi mu dɔ akɔ n’anim sɛ “wɔde nkuranhyɛsɛm bɛma obi a ɔyɛ ankonam na n’aba mu abu wɔ nokorɛ mu a. Ɔkaa sɛ “Ebia wo deɛ wo werɛ bɛfiri nkuranhyɛsɛm a wokaeɛ no ɔkyena, nanso deɛ ɔretie no werɛ remfiri ne nkwa nna nyinaa.”12

Momma yɛnhyɛ aseɛ seesei, nnɛ yi ara, nkyerɛ ɔdɔ mma Onyankopɔn mma nyinaa, sɛ wɔyɛ yɛn abusuafoɔ, yɛn nnamfo, anaa wɔn a yɛnim, anaa yɛnnim koraa. Sɛ yɛsɔre anɔpa biara a, momma yɛnsi nkete sɛ yɛde ɔdɔ bɛhyia biribibiara a ɛbɛba yɛn akwan mu.

Anuanom ne adɔfoɔ, Onyankopɔn dɔ boro nteaseɛ so. Ɛnam ne dɔ nti, Ɔsomaa no Ba a ɔdɔɔ yɛn pa ara maa Ɔde Ne nkwa maa yɛn, sɛdeɛ yɛbɛnya nkwa a ɛnni awieɛ. Sɛ yɛbɛte saa akyɛdeɛ a ɛnni sɛsoɔ yi ase a, ɔdɔ bɛhyɛ yɛn akoma mu ma ama yɛn Ɔnni Awieɛ Agya no, ne Agyenkwa no ne adasamma nyina ara. Me mpaebɔ ne sɛ ɛbɛyɛ saa ara wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.

Atwerɛ

  1. Mateo 22:36–.

  2. Marko 12:

  3. 1 Yohane 4:21

  4. Luka 23:34.

  5. Ɔtwerɛfoɔ a wɔnnim no, wɔ Richard L. Evans, nwoma a wɔato no din “The Quality of Kindness,” mu Improvement Era, May 1960, 340.

  6. Spencer W. Kimball Nkyerɛkyerɛed. Edward L. Kimball (1982), 483.

  7. Hwɛ “Injured Boy Flown to Safety,” Daily Sitka Sentinel (Alaska), Oct. 22, 1981.

  8. Moronae 7:47

  9. Gordon B. Hinckley, “Let Love Be the Lodestar of Your Life,” Ensign, May 1989, 67.

  10. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121:43 .

  11. “Maud Muller,” wɔ John Greenleaf Anwensɛm Anoboaboa Nyina ara(1878), 206; wɔasi no pi wɔ ha.

  12. Dale Carnegie wɔ, ebia, Ɔkra Nyansa a Larry Chang twerɛeɛ no(2006), 54.