Anidasoɔ Agyapadeɛ a Ɛnni Kabea
Sɛ wopaw sɛ wobɛkɔ apam adi so anaa wonnkɔ a, wopaw sɛ wobɛgya anidasoɔ agyapadeɛ ama wɔn a wɔbɛdi wo nhwɛsoɔ akyi anaa sɛ wonnye.
Anuanom ne adɔfo, wɔato nsa afrɛ mo mu bi aba saa nhyiamu yi ase esiane sɛ mohyiaa Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ asɛmpatrɛfoɔ no. Ebia saa asɛmpatrɛfoɔ yi adi kan ato nsa afrɛ mo sɛ mommɔ asu ne Onyankopɔn nkɔ apam.
Mo mu bi nso retie ɛfiri sɛ mogyee nsa a ɔwofoɔ, ɔyere, anaa mo abɔfra bi to frɛɛ mo wɔ anidasoɔ mu sɛ mobɛma apam a mone Onyankopɔn ayɛ no asan ayɛ mo abrabɔ mu fapem.. Mo mu bi a moretie no adi kan apaw sɛ mobɛsan akɔdi Agyenkwa no akyi na seesei morenya N’akwaaba no ho anigyeɛ.
Ɛmmfa ho ne onii koro a woyɛ ne baabia wofiri, wokura nnipa pii anigyeɛ wɔ wo nsam a wɔrenntumi nnsusu. Dabiara ne dɔnhwere biara no wobɛtumi ayɛ apam anaa adi apam a wone Onyankopɔn ayɛ no so.
Baabiara a wowɔ wɔ ɔkwan a worefa anya nkwa a ɛnni awieɛ akyɛdeɛ no, wowɔ akwannya sɛ wobɛkyerɛ nnipa bebree kwan a ɛkɔ anigyeɛ kɛseɛ mu. Sɛ wopaw sɛ wobɛkɔ apam adi so anaa wonnkɔ a, wopaw sɛ wobɛgya anidasoɔ agyapadeɛ ama wɔn a wɔbɛdi wo nhwɛsoɔ akyi anaa sɛ wonnye.
Wɔde saa agyapadeɛ yi ho bɔhyɛ ahyira wo ne me. Mede m’anigyeɛ a manya mu dodoɔ ho nnaseɛ ma ɔbarima bi a mannhyia no da. Na ɔyɛ agyanka a ɔbɛyɛɛ me nananom nkasoa mu baako. Ɔde anidasoɔ agyapadeɛ a ɛnni kabea gyaa me. Momma menka dwuma a ɔdi de yɛɛ saa agyapadeɛ yi maa me.
Ne din ne Heinrich Eyring. Wɔwoo no too ahonya kɛseɛ mu. Na ne papa, Edward wɔ adan bebree wɔ Coburg, wɔ bea a seesei wɔfrɛ no Germany no. Na wɔfrɛ ne maame Viscountess Charlotte Von Blomberg. Na ne papa na ɔhwɛ Prussia hene nsase so.
Heinrich yɛ Charlotte ne Edward abakan. Charlotte wuui berɛ a na wadi mfeɛ 31, ɔwoo ne ba a ɔtɔ so mmiɛnsa wiee no. Ankyɛ na Edward nso wuui, berɛ a na wahwere n’agyapadeɛ ne ahonya ne n’adwuma a annkɔ yie nyina ara no. Na wanya mfeɛ 40. Ɔgyaa nnyanka mmiɛnsa.
Me nana kansoa Heinrich hweree n’awofoɔ mmienu ne wiase yi mu agyapadeɛ kɛseɛ. Na ɔnni hwee. Ɔtwerɛɛ wɔ n’abakɔsɛm mu sɛ ɔnyaa atenka sɛ n’anidasoɔ wɔ Amerika. Ɛwɔ mu sɛ na ɔnni abusua anaa yɔnko wɔ hɔ deɛ, nanso ɔnyaa anidasoɔ wɔ kɔ a ɔbɛkɔ Ameirka no ho. Ɔdii kan kɔɔ New York City. Akyire yi ɔtu kɔɔ St. Louis, Missouri.
Wɔ St. Louis no na n’adwumayɛfoɔ no mu baako yɛ Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛni. Ne hɔ na ɔnyaa nwoma a Ɛlda Parley P. Pratt twerɛɛeɛ no bi. Ɔkann na ɔsuaa asɛm biara a ɔbɛtumi anya faa Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ ho. Ɔbɔɔ mpaeɛ hwehwɛɛ sɛ ɛyɛ nokorɛ sɛ abɔfoɔ daa wɔn ho adi kyerɛɛ nnipa, anaa sɛ nkɔmhyɛni teasefoɔ wɔ hɔ, anaa sɛ wahunu nokorɛ nyamesom a wɔada no adi.
Ɔde ahwɛyie yɛɛ nhwehwɛmu bɔɔ mpaeɛ abosome mmienu no, Heinrich soo daeɛ a ɛmu no wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmmɔ asu. Ɔbarima bi a mede anidie kae ne din ne n’asofodie no, Ɛlda William Brown, na ɔbɔɔ no asu. Wɔbɔɔ Heinrich asu wɔ nyankusuo tadeɛ mu wɔ Ɔbɛnem 11, 1855, wɔ anɔpa 7:30.
Megyedi sɛ na Heinrich Eyring nim saa berɛ no sɛ deɛ merekyerɛ mo nnɛ yi yɛ nokorɛ. Na ɔnim sɛ nkwa a ɛnni awieɛ anigyeɛ nam abusua nkabom a ɛte hɔ daa so na ɛba. Ɛwɔ mu sɛ na ɔbɛhunuu Awurade anigyeɛ nhyehyɛeɛ no nkyɛɛe biara deɛ, nanso na ɔnim sɛ ne nkwa a ɛnni awieɛ anigyeɛ ho anidasoɔ gyina afoforɔ fahodie gyinaeɛ a wɔbɛsi sɛ wɔbɛdi n’akyi no so. N’anigyeɛ a ɛnni awieɛ ho anidasoɔ gyina nnipa a na wɔnnya nnwoo wɔn so.
Anidasoɔ agyapadeɛ no mu bi ne abakɔsɛm a ɔde gyaa n’asefoɔ.
Wɔ saa abakɔsɛm no mu no metumi te ne dɔ atenka a ɔwɔ ma yɛn a yɛbɛdi n’akyi no. Wɔ ne nsɛm no mu no mehunu n’anisadoɔ sɛ n’asefoɔ bɛpaw sɛ wɔbɛdi n’akyi wɔ kwan a ɛbɛsan ne yɛn akɔ ɔsoro fie no. Na ɔnim sɛ ɛnnyɛ gyinaeɛsie kɛseɛ baako bi na yɛbɛsi na mmom gyinaeɛsie nketenkete bebree. Mɛka n’abakɔsɛm no mu nsɛm bi:
“Firi berɛ a metee Ɛlda Andrus kasa no …metaa kɔ Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ nhyiamu no bi, na ɛnntaa amma sɛ mennkɔ nhyiamu no bi, esiane sɛ na ɛyɛ m’asɛdeɛ nso sɛ mekɔ bi.
“Mede yei ka m’abakɔsɛm ho sɛdeɛ me mma bɛdi me nhwɛsoɔ akyi na wɔannkwati saa…asɛdeɛ a ɛho hia sɛ wɔne ahotefoɔ no bɛhyia abɔ mu.”1
Na Heinrich nim sɛ adidikronkron nhyiamu ase na yɛbɛtumi ayɛ yɛn bɔhyɛ no foforɔ sɛ yɛbɛkae Agyenkwa no daa na yɛanya Ne Honhom aka yɛn ho .
Saa Honhom yi na ɛhyɛɛ no den wɔ asɛmpatrɛ adwuma a wɔde maa no abosome kakraa bi akyi firi berɛ a ɔgyee asubɔ apam no. N’agyapdeɛ a ɔgyaae ne nhwɛsoɔ pa wɔ ne nokorɛdie wɔ n’asɛmpatrɛ adwuma mu a ɔyɛɛe no mfeɛ nsia wɔ bea a na wɔfrɛ no Indian Ahyeɛso no. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔde n’adwuma no bɛba awieɛ no, ɔnante firii Oklahoma kɔɔ Salt Lake Kuropɔn no mu, a ɛyɛ kwansin 1,100.
Ɛno akyi no ankyɛ na Onyankopɔn nkɔmhyɛni no frɛɛ no sɛ ɔntu nkɔ Utah anaafoɔ fam. Ɛhɔ no ɔnyaa ɔfrɛ foforɔ sɛ ɔnkɔyɛ asɛmpatrɛ adwuma no wɔ ne man Germany mu. Afei ɔgyee Awurade Yesu Kristo Somafoɔ no frɛ too mu sɛ ɔnkɔ boa ma wɔnkyekyere Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ nkuro a ɛwɔ Mexico atifi fam no. Ɛhɔ no wɔfrɛɛ no kɔɔ Mexico Ahenkuro mu bio sɛ ɔsɛmpatrɛni. Ɔgyee ɔfrɛ yinom too mu. Wɔsiee no wɔ Colonia Juarez, Chihuahua, Mexico asieɛ.
Mannka saa nsɛm yi sɛ mede rekyerɛ ne kɛseyɛ anaa esiane deɛ ɔyɛ maa n’asefoɔ nti. Meka saa nsɛm yi de ma no anidie wɔ gyedie ne anidasoɔ a ɛwɔ n’akoma mu nhwɛsoɔ nti.
Ɔgyee saa ɔfrɛ yinom esiane gyedie a na ɔwɔ sɛ Kristo a wasɔre no ne Ɔsoro Agya ayi wɔn ho adi akyerɛ Joseph Smith wɔ nnua turo a ɛwɔ New York man no mu. Ɔgye too mu ɛfiri sɛ na ɔwɔ gyedie sɛ wɔasan de asɔfodie nsafoa a ɛwɔ Awurade Asɔre no mu asan aba bio a ɛkura tumi a ɛsɔ mmusua ano, sɛ wɔwɔ gyedie a ɛdi mu sɛ wɔbɛdi wɔn apam so a.
Sɛdeɛ me nana, Heinrich Eyring, yɛɛe no, ebia wone deɛ ɔdi kan wɔ w’abusua mu a wobɛdi anim wɔ kwan a ɛkɔ nkwa a ɛnni awieɛ mu wɔ yɛ a wobɛyɛ apam na wode nsiyɛ ne gyedie adi soɔ no. Apam biara ne n’asɛdeɛ ne ɛho bɔhyɛ. Sɛdeɛ na ɛteɛ ma Heinrich no, yɛn nso, ɛyɛ a saa asɛdeɛ yi mu da hɔ ma yɛn nanso ɛtaa yɛ den. Nanso kae sɛ, ɛtɔ da a ɛwɔ sɛ asɛdeɛ no yɛn den esiane sɛ ne botae ne sɛ ɛbɛma yɛatumi ne yɛn Soro Agya ne Ne Dɔ Ba Yesu Kristo atena afebɔɔ wɔ mmusua mu.
Wokae nsɛm a ɛwɔ Abraham nwoma no mu:
“Na ɔbaako gyina wɔn ntam a na ɔte sɛ Onyankopɔn, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔka ne ho no sɛ: Yɛbɛsiane akɔ fam, ɛfiri sɛ kwan wɔ hɔ, na yɛbɛfa saa nneɛma yi bi, na yɛbɛyɛ asase a yeinom bɛtena so;
“Na yɛde yei bɛsɔ wɔn ahwɛ, sɛ wɔbɛyɛ nneɛma nyina ara biribibiara a Awurade wɔn Nyankopɔn bɛhyɛ wɔn no a;
“Na wɔn a wɔbɛkora wɔn tenabea a ɛdi kan no wɔde bi bɛka wɔn ho; na wɔn a wɔankora wɔn tenabea a ɛdi kan no wɔrennya animuonyam wɔ saa aheman no ara mu; na wɔn a wɔkora wɔn tenabea a ɛtɔ so mmienu no wɔde animuonyam bɛka wɔn ho wɔ wɔn tiri so daa afebɔɔ.”2
Sɛ yɛbɛkora yɛn tenebea a ɛtɔ so mmienu a , ɛgyina apam a yɛne Onyankopɔn yɛ, ɛne nokorɛ a yɛde yɛ yɛn asɛdeɛ a wɔhwehwɛ firi yɛn hɔ no so. Ɛwɔ sɛ yɛnya gyedie sɛ Yesu Kristo yɛ yɛn Agyenkwa ama yɛatumi akora yɛn apam yɛn nkwa nyina ara.
Esiane sɛ Adam hwee aseɛ nti, yɛwɔ nsɔhwɛ, amanehunu, ne owuo a ɛyɛ amansan nyina ara agyapadeɛ. Nanso, yɛn Soro Agya dɔfoɔ no de Ne Dɔ Ba, Yesu Kristo kyɛɛ yɛn sɛ yɛn Agyenkwa. Saa Yesu Kristo Mpata akyɛdeɛ ne nhyira yi de amansan nyina agyapadeɛ ba: Owusɔreɛ no ho bɔhyɛ ne nkwa a ɛnni awieɛ ho akwannya a ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔwo wɔn nyina ara.
Nkwa a ɛnni awieɛ a ɛyɛ nhyira nyina ara mu kɛseɛ no bɛba yɛn hɔ berɛ a yɛyɛ apam a wɔde ma wɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛyɛ nokorɛ nam Ne nkoa a wɔwɔ tumi so. Ɛnam ahweaseɛ no nti, yɛn nyina ara hia asubɔ a ɛhohoro yɛn ho ne nsa a wɔde gu soɔ gye Honhom Kronkron akyɛdeɛ no. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔkura tumi a ɛdi mu na wɔyɛ saa ayɛyɛdeɛ yinom. Afei, ɛnam Kristo Hann ne Honhom Kronkron, mmoa so no, yɛbɛtumi adi apam a yɛne Onyankopɔn akɔ no nyina ara so, titiriw deɛ yɛyɛ no wɔ Ne tɛmpol kronkron no mu. Wɔ saa kwan yi ne saa mmoa yi pɛ so na obi bɛtumi apere agye agyapadeɛ a ɔfata sɛ Onyankopɔn ba wɔ abusua mu afebɔɔ.
Mo mu bi a moretie me no, ɛbɛyɛ sɛ daeɛso a ɛnntumi mma mu.
Moahunu awofoɔ nokorɛdifoɔ a wɔdi awerɛhoɔ wɔ mma a wɔapo apam a wɔne Onyankopɔn ayɛ anaa wɔabu so. Nanso saa awofoɔ no bɛtumi ahyɛ den na wɔanya anidasoɔ wɔ mmateteɛ suahunu afoforɔ mu.
Alma ba ne Ɔhene Mosaya mma sann wɔn akyi firii atuateɛ kɛseɛ a wɔyɛɛ wɔ apam ne Onyankopɔn mmaransɛm ho. Alma kumaa hunuu sɛ ne ba Korianton adane afiri bɔne ho akɔ ɔsom pa so. Mormon Nwoma no nso ka Lamanfoɔ no anwanwasɛm berɛ a wɔde ɔtan su a wɔwɔ tia tenenee no too nkyɛn na wɔkɔɔ apam sɛ wɔbɛwu de akora asomdwoeɛ no.
Wɔsomaa ɔbɔfoɔ kɔɔ Alma kumaa ne Mosaya mma no nkyɛn. Ɔbɔfoɔ no baae esiane wɔn papanom ne Onyankopɔn nkorɔfoɔ gyedie ne wɔn mpaebɔ nti. Wɔ saa nhwɛsoɔ yi mu no, wobɛtumi anya akokuduro ne awerɛkyekyerɛ afiri Mpata no tumi a ɛdi dwuma wɔ nnipa akoma mu no.
Awurade ama yɛn anidasoɔ nyina ara farebae berɛ a yɛrepere sɛ yɛbɛboa wɔn a yɛdɔ wɔn ama wɔagye wɔn agyapadeɛ a ɛnni awieɛ no. Wama yɛn saa bɔhyɛ yi berɛ a yɛpere sɛ yɛde nnipa bɛbrɛ No, mpo berɛ a wɔpo ne nsa a Ɔto frɛ wɔn sɛ wɔnyɛ saa no. Wɔn atuateɛ no ma no di awerɛhɔ, nanso ɔmmpa aba, ɛno nti ɛnsɛ sɛ yɛpa aba. Ɔde Ne dɔ a ɛmmpa aba maa nhwɛsoɔ a ɛdi mu: “Na bio, mmerɛ dodoɔ sɛn na ɛwɔ sɛ me boaboa mo ano sɛdeɛ akokɔbedeɛ boaboa ne mma ano hyɛ ne ntaban ase, aane, O mo a moyɛ Israel fiefoɔ, mo a moahwe ase; aane, O mo a moyɛ nkurɔfoɔ a moyɛ Israel fiefoɔ, mo a mote Yerusalem, ne mo nso a moahwe aseɛ; aane, mprɛ dodoɔ sɛn na maboaboa mo ano sɛdeɛ akokɔbedeɛ boaboa ne mma ano no, na moampɛ.”3
Yɛbɛtumi de yɛn ho ato Agyenkwa no pɛ a ɛnni hwammɔ da no so sɛ ɔde Ɔsoro Agya honhom mma nyina ara bɛsan akɔ Ne nkyɛn wɔ fie. Ɔwofoɔ nokorɛdifoɔ, nana, ne nana kansoa biara wɔ saa ɔpɛ yi mu kyɛfa. Ɔsoro Agya ne Agyenkwa no yɛ yɛn nhwɛsoɔ a ɛdi mu wɔ deɛ yɛtumi yɛ ne deɛ ɛwɔ sɛ yɛyɛ. Wɔmmfa teneneeyɛ nnhyɛ ɛfiri sɛ ɛwɔ sɛ yɛn na yɛpaw deɛ ɛtene. Wɔma yɛte teneneeyɛ ase, na Wɔma yɛhunu sɛ n’aduaba yɛ dɛ.
Onipa biara a wɔwo no to asase yi so no nya Kristo Hann, a ɛboa yɛn ma yɛhunu na yɛnya papa ne bɔne ho atenka. Onyankopɔn asoma asase yi so nkoa a wɔbɛtumi anam Honhom Kronkron no so aboa ama yɛahunu deɛ anka ɔbɛpɛ sɛ yɛyɛ ne deɛ ɔbara. Onyankopɔn ma yɛdɔ sɛ yɛbɛyɛ papa berɛ a ɔma yɛhunu yɛn gyinaeɛsie ho nsunsuansoɔ. Sɛ yɛpaw deɛ ɛtene a, yɛbɛnya anigyeɛ— akyire. Sɛ yɛpaw bɔne a, awerɛhoɔ ne nnuho ba —akyire. Nsunsuansoɔ no yɛ nokorɛ. Nanso wɔ botaeɛ bi nti wɔma ɛkyɛ kakra. Sɛ nhyira no yɛ animanim a, papayɛ mma yɛnnya gyedie. Na esiane sɛ ɛtɔ da a wɔma awerɛhoɔ nso kyɛ paa ara nti, gyedie na ɛma obi hunu sɛ ɛhia sɛ ɔhwehwɛ bɔnafakyɛ firi bɔne ho ntɛm kyɛn sɛ ɔbɛtwɛn sɛ ɔbɛnya ne nsunsuansoɔ a ɛde awerɛhoɔ ne yaw ba no ansa.
Agya Lihae dii awerɛhoɔ wɔ gyinaeɛ a ne mma no bi ne wɔn mmusua siiɛ no. Na ɔyɛ onipa kɛseɛ a ɔyɛ papa— Onyankopɔn nkɔmhyɛni. Na ɔtaa di adanseɛ fa yɛn Agyenkwa Yesu Kristo ho kyerɛ wɔn. Ɔyɛɛ setie ne ɔsom ho nwhɛsoɔ berɛ a Awurade frɛɛ no sɛ ɔmfiri ne wiase ahonya nyina ara mu sɛdeɛ n’abusua bɛfiri ɔsɛeɛ mu. Wɔ n’abrabɔ no awieɛ no, na ɔgu so redi adanseɛ kyerɛ ne mma. Sɛdeɛ Agyenkwa no yɛɛe no —ɛmmfa ho ne tumi a na ɔwɔ sɛ ɔbɛhunu wɔn akoma mu no na wahunu wɔn daakye a na ɛyɛ awerɛhoɔ ne nwanwa no— Lihae tenee ne nsa daa sɛ ɔde n’abusua bɛkɔ nkwagyeɛ mu.
Nanso yɛn Agya Lihae asefoɔ mpempem rebu saa n’anidasoɔ a ɔwɔ ma wɔn no bem.
Deɛn na me ne wo bɛtumi ayɛ na yɛsua afiri Lihae nhwɛsoɔ yi mu ? Yɛbɛtumi anya biribi afiri mu berɛ a yɛde mpaebɔ ne adesua resua twerɛsɛm no.
Mesusu sɛ wobɛdwen animanim yi ara ne daakye ho berɛ a worepere sɛ wobɛma w’abusua anidasoɔ agyapadeɛ yi. Berɛ tiawa mu no, ɔhaw bɛba na Satan bɛbobɔ mu. Nneɛma bi wɔ hɔ a ɛwɔ sɛ yɛnya ho aboterɛ, wɔ gyedie mu, yɛnhunu sɛ Awurade di dwuma wɔ ɔno ara Ne mmerɛ ne Ne kwan so.
Nneɛma binom wɔ hɔ a wobɛtumi ayɛ no ntɛm, berɛ a wɔn a wodɔ wɔn no susua. Kae sɛ daa abusua mpaebɔ, abusua twerɛsɛm-sua, ne yɛn adanseɛ a yɛkyɛ wɔ adidi kronkron nhyiamu mu no ma no yɛ mmrɛ na ɛdi mu paa ara berɛ a mmɔfra no susua. Mmɔfra nketewa nya Honhom no atenka paa ara sene deɛ yɛnim.
Sɛ wɔnyinyin a wɔbɛkae nnwom a wɔne wo tooeɛ no. Deɛ ɛsene nnwom a wɔbɛkae ne sɛ, wɔbɛkae twerɛsɛm ne adanseɛ no mu nsɛm. Honhom Kronkron no bɛtumi de biribiara ho nkaeɛ aba, nanso twerɛsɛm ne nnwom mu nsɛm no bɛkyɛ paa ara. Saa nkaeɛ yi bɛnya wɔn so nkɛntɛnsoɔ na asan de wɔn afiri anantenanteɛ, a ɛbɛtumi akɔ so mfeɛ pii, ama wɔasan aba nkwa a ɛnni awieɛ fie.
Yɛbɛhia anisoadehunu tenten no berɛ a wiase retwe wɔn a yɛdɔ wɔn na akyinnyeɛ reyɛ abunkam wɔn gyedie so no. Yɛwɔ gyedie, anidasoɔ, ne ɔdɔ mmapa a ɛbɛma yɛn akwankyerɛ na ahyɛ wɔn den.
Sɛ mayɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛfoɔ teasefoɔ mmienu fotufoɔ yi mahunu wei. Wɔyɛ ankorɛankorɛ a wɔwɔ suban sononko. Nanso ɛkame ayɛ sɛ wɔwɔ awerɛhyɛmu a ɛtim. Sɛ obi ka asɛm a ɛtu akoma fa biribi wɔ Asɔre no mu a, ɛyɛ a nyiano a wɔde ma ne sɛ “O, biribiara bɛyɛ yie.” Ɛyɛ a wɔnim ɔhaw no yie sene wɔn a wɔretu akoma no.
Wɔsan nso nim Awurade akwan, ne saa nti daa wɔwɔ anidasoɔ wɔ N’aheman ho. Wɔnim sɛ Ɔno na ɔdi so. Ɔwɔ tumi nyina ara na Ɔdwene yɛn ho. Sɛ yɛma no yɛ yɛn abusua kannifoɔ a, nneɛma bɛyɛ yie.
Ɛkame ayɛ sɛ Heinrich Eyring asefoɔ no bi ayera deɛ. Nanso ne nana kansowa kansowa bebree kɔ tɛmpol anɔpa 6:00 kɔyɛ ayɛyɛdeɛ ma wɔn nananom a wɔanhyia wɔn da. Wɔkɔ esiane anidasoɔ agyapdeɛ a wagya no nti. Ɔgyaa agyapadeɛ a n’asefoɔ pii afa de reyɛ adwuma.
Deɛ yɛbɛtumi ayɛ wɔ gyedie mu nyina ara akyire no, Awurade bɛma yɛn anidasoɔ so aba mfasoɔ ama yɛanya nhyira akɛseɛ ama yɛn mmusua a yɛnntumi nnsusu. Ɔpɛ deɛ ɛsom boɔ paa ara ma wɔn ne yɛn a yɛyɛ ne mma yi.
Yɛn nyina ara yɛ Onyankopɔn no teasefoɔ mma. Yesu Nasreeni no ne Ne Dɔ Ba ne yɛn Agyenkwa a wasɔre. Wei ne N’Asɔre. Ɛno mu na asɔfodie nsafoa no wɔ, ɛno nti mmusua bɛtumi atena ase afebɔɔ. Wei ne yɛn agyapadeɛ a ɛnni kabea. Medi adanseɛ sɛ wei yɛ nokorɛ wɔYesu Kristo din mu, amen.
© 2014 Intellectual Reserve, Inc.ntintim ho akwannya. Wɔtintimm wɔ USA. English approval. Translation approval. Nkyerɛaseɛ Visiting Teaching Message, May 2014. Twi. 503