Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nsɛm, Ogyefuo 2014
Yesu Kristo Botaeɛ Kronkron: Odwanhwɛfoɔ Pa
Fa mpaebɔ sua nneɛma yi na hwehwɛ hu deɛ wobekyɛ. Ɔkwan bɛn so na nteaseɛ a wobenya wɔ Agyenkwa no abrabɔ ne ne botaeɛ no mu no bɛma wo gyedie anyini wɔ ne mu na ahyira wɔn a wohwɛ wɔn so wɔ nsrahwɛ nkyerɛkyerɛ mu? Sɛ worepɛ mu nsɛm bio a, kɔreliefsociety.lds.org
Yesu kristo, Odwanhwɛfoɔ Pa no, kyerɛɛ sɛ:
“Onipa bɛn, na ɔwɔ nnwan ɔha, na sɛ baako mpo yera a, ɔnnya aduɔkonon nkonon no wɔ wuram hɔ, na ɔnkɔhwehwɛ deɛ wayera no, kɔsi sɛ ɔbɛhu no? …
“Mese mo sɛ…ɔsoro ani bɛgye wɔ ɔdebɔneyɛni baako pɛ a ɔnu ne ho” (Luka 15:4, 7).
Sɛ yɛbɛte aseɛ sɛ Yesu Kristo yɛ Odwanhwɛfoɔ Pa no a, ɔpɛ pa a yɛwɔ sɛ yɛbɛdi ne nhwɛsoɔ akyi na yɛasom wɔn a wɔwɔ ahohiahia mu no kɔ soro. Yesu kaa sɛ: “Me ne odwanhwɛfoɔ pa no, na menim me nnwan, na me nnwan nso nim me. …Na me de me nkwa ato hɔ ama nnwan no” (Yohane 10:14 15). Esiane Kristo mpata no nti, yɛn mu biara nnyera a yɛnntumi nnhu kwan nkɔ ne nkyɛn (hwɛ Luka 15).
Otitenani Thomas S. Monson kaa sɛ, “Yɛn asodie ne sɛ yɛbɛhwɛ nnwankuo no. …Momma yɛn mu biara nkɔ anim nkɔ som.”
Wɔ Twerɛsɛm no mu
Nnwom 23, Yɛsaia 40:11, Mosaya 26
Wɔ y’abakɔsɛm mu
Elizabeth Ann Whitney, a ɔkɔɔ Mmaa Kuo nhyiamu a ɛdi kan no bi no, kasa faa ne nsakyeraeɛ wɔ 1830 no ho: “Berɛ a metee Asɛmpa a Asɔfoɔ no kaaeɛ no pɛ, mehunuu sɛ ɛyɛ Odwanhwɛfoɔ Pa no nne.” Elizabeth dii Odwanhwɛfoɔ Pa no nne no akyi na wɔbɔɔ no asu gyee no too asɔre no mu.
Yɛn nso bɛtumi ate Odwanhwɛfoɔ Pa no nne na yɛne afoforɔ akyɛ Ne nkyerɛkyerɛ no. Otitenani Monson kaa sɛ, “Yɛyɛ Awurade nsa wɔ asaase yi so, a wahyɛ yɛn sɛ yɛnsom na yɛmma ne mma so.”
Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwehwɛ odwan a wayera no, awofoɔ nso bɛtumi ahwehwɛ wɔn mma a wɔnenam basabasa. Otitenani James E. Faust (1920 2007), Fotufoɔ a ɔtɔ so Mmienu wɔ Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no mu no, kaa sɛ: “Awofoɔ a wɔn akoma abubuo a wɔyɛ nokwafoɔ, a wɔdi wɔn bɔhyɛ so, a wɔde mpaebɔ kyerɛ wɔn mmɔfra bɔne adeɛ no, yɛka kyerɛ mo sɛ, Odwanhwɛfoɔ Pa no hwɛ wɔn so. Onyankopɔn nim na ɔte mo awerɛhoɔ ase. Anidasoɔ wɔ hɔ.”
© 2014 Intellectual Reserve, Inc. ntintim ho akwannya. Wɔtintimm wɔ USA English approval: 6/13. Translation approval: 6/13. Translation of Visiting Teaching Message, February 2014. Twi. 10862 503
Deɛn na mɛtumi ayɛ?
-
Ɔkwan bɛn so na wo nimdeɛ sɛ Agyenkwa no yɛ Odwanhwɛfoɔ Pa de asomdwoe ba w’abrabɔ mu?
-
Akwan bɛn so na yɛbɛtumi aboa wɔn a wɔ“ayera” afiri asɔre dwumadie mu anaa wɔn a wɔnnka yɛn gyedie ho?
-
Ɔkwan bɛn so na mɛtumi aboa awofoɔ a wɔn mma ayera afiri asɛmpa no ho?