Mmabunu
Ahuhuroberɛ mu Som
Ɔtwerɛfoɔ no te Virginia, USA.
Ahuhuroberɛ bi mu no mekɔɔ ɔman bi so kɔyɛɛ adwuma maa mmɔfra a wɔwɔ ahohiahia sononko. Mehuu mmɔfra no foforɔ no, mebɔɔ hu. Na mente wɔn kasa, nanso menyaa awerɛhyɛmu bi sɛ Honhom Kronkron no bɛboa me wɔ me nkitahodie mu. Mehuu abɔfra biara no, mebɛhunuu sɛ kasa nnsi yɛn dɔ ho kwan. Me ne mmɔfra no dii agorɔ, sereeɛ na yɛyɛɛ annwinideɛ pii na na me wɔ ɔdɔ kann ma wɔn. Mehwɛɛ ɔdɔ a Soro Agya wɔ ma ne mma, na menntumi nnkyerɛ anigye a ɛbɛhyɛɛ m’akoma mu.
Baabiara a mesom afoforɔ no, ɛnnyɛ wɔn a mesom wɔn no nkoaa na menya ɔdɔ ma, na menya ɔdɔ ma Soro Agya nso. Mabɛte aseɛ paa sɛ “sɛ mo som mo nnuanom a, na mo Nyankopɔn na moresom no” Mosaya 2:17. Botaeɛ a mede som, sɛ ɛyɛ ɔsom kɛseɛ anaa ketewa biara no, ne sɛ mɛhyɛ Onyankopɔn animounyam (hwɛ Mateo 5:16). Mewɔ anidasoɔ sɛ mesom afoforɔ a, nnipa bɛhu me dɔ a mewɔ ma Soro Agya ne Yesu Kristo hann a ɛwɔ me mu.