mma
Ɔdɔ Nkɔnsɔnkɔnsɔn
Ma opanin bi mmoa wo na twitwa krataa nteanteaa 28, a baako biara terɛ bɛyɛ esin (2.5 ɔm) na ne tenten bɛyɛ asini 8 (20cm). Bosome no mu da biara, yɛ ɔsom bi kyerɛ ɔdɔ ma obi. Wobɛtumi aboa w’awofoɔ asiesie wo fie anaa wobɛtumi atwerɛ nsɛm pa bi ama wo yɔnko bi.
Twerɛ sɛdeɛ wo som dabiara wɔ krataa nteanteaa no so, na fa glue sɔ nkrataa no ano fa sisi ani ma krataa teaa baako biara nyɛ kanko. Sɛ wode nkrataa nteanteaa no fa nkrataa a woayɛ no kanko no dada no mu na wo de glue sosɔ ano a wobɛtumi de krataa ankorɛankorɛ no asisi ani. Hwɛ sɛ wo dɔ nkɔnsɔnkɔnsɔn no renyini! Wobɛtumi de bi aka wo som nkɔnsɔnkɔnsɔn no ho Ɔgyefuo akyi mpo.