Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nkransɛm, Oforisuo 2013
Tɛmpol Apam
Fa mpaebɔ sua saa nwoma yi na sɛ ɛfata a, ɛne mmaa a wosra wɔn no nsusu ho. Fa nsɛmmisa no boa hyɛ wo nuanom mmaa no den na ma Relief Society nni w’abrabɔ mu adwuma mu akotenen. Sɛ worepɛ ɛmu nsɛm bio a, kɔ reliefsociety.lds.org.

Gyedie, Abusua, Ɔgyeɛ
1 Titenani Thomas S. Monson kaa sɛ “Ɔgyeɛ ayɛyɛdeɛ a wɔgye no wɔ tɛmpol no mu no a ɛboa ma yɛsan kɔ Ɔsoro Agya no nkyɛn daakye wɔ abusua a ɛnni awieɛ mu, na ɛma yɛnya nhyira ne tumi a ɛfiri soro no fata afɔdeɛ biara ne mmɔdemmɔ biara a yɛbɔ.” Sɛ wonnya nnkɔɔ tɛmpol a, wobɛtumi ayɛ deɛ ɛtoa soɔ yi asiesie wo ho agye tɛmpol akwanya krataa:
-
Gye Ɔsoro Agya, Yesu Kristo, ne Honhom Kronkron no di.
-
Nya adanseɛ a ɛfa Yesu Kristo Mpata ne asɛmpa a wɔde aba bio no ho.
-
Gye nkɔmhyɛfoɔ ateasefoɔ no to mu na di wɔn akyi.
-
Tua wo ntotosoɔ dudu, bɔ abrabɔ kronkron, di nokorɛ, di Nyansasɛm no so, na bɔ wo bra sɛdeɛ Asɔre no nkyerɛkyerɛ no teɛ ama woafata sɛ wobɛnya tɛmpol akwanya krataa.
-
Fa wo mmerɛ, w’adom akyɛdeɛ, ne deɛ wowɔ boa kyekyere Awurade aheman no.
-
Yɛ abusua abakɔsɛm adwuma2
Titenani Monson de kaa ho sɛ, “Berɛ a yɛkae apam a yɛwɔ wɔ tɛmpol no mu no, yɛbɛtumi anya ahoɔden kɛseɛ agyina amanehunu biara ano na yɛatumi adi sɔhwɛ biara so.”3
Wɔ Twerɛsɛm no mu
Wɔ Yɛn Abakɔsɛm mu
“Ahotefoɔ bɛboro 5,000 hyiaa mu wɔ Nauvoo Tɛmpol no mu berɛ a wɔtu hyɛɛ Awurade nsa wiee no. …
“Ahoɔden, tumi, ne nhyira a ɛfiri tɛmpol apam no mu no hyɛɛ Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no den berɛ a wɔretu kwan akɔ atɔeɛ fam, berɛ a wɔhunuu amaneɛ wɔ awɔ, ɔhyew, ohia, yareɛ, akwanhyia, ne owuo ano no.”4
Te sɛ Relief Society anuanom bebree no, Sarah Rich somm sɛ tɛmpol odwumayɛfoɔ. Ɔkasa faa ne suahunu ho: “Sɛ ɛnnyɛ gyedie ne nimdeɛ a…Awurade Honhom no de guu yɛn so wɔ tɛmpol no mu a, anka yɛn akwantuo no bɛyɛ te sɛ deɛ yɛrenante wɔ sum mu. …Nanso yɛnyaa gyedie wɔ Ɔsoro Agya mu,…na yɛnyaa atenka sɛ yɛyɛ ne nkorɔfoɔ a wapaw yɛn … , na wɔ awerɛhoɔ ananmu no, yɛnyaa atenka sɛ yɛnni ahurisie sɛ yɛn gyeɛ da aba.”5
Na akwantuo no nnyɛ “sum mu nanteɛ” mma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mmaa no. Tɛmpol apam no hyɛɛ wɔn den.
© 2013 by Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintimm wɔ USA. English approval: 6/12. Translation approval: 6/12. Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no Nkransɛm Visiting Teaching Message, April 2013. Twi 10664 503
Deɛn Na Mɛtumi Ayɛ?
-
So metaa som wɔ tɛmpol no mu?
-
So mehyɛ me nuanom mmaa no nkuran sɛ wɔnnye tɛmpol mu nhyira?