Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no Nkransɛm, Oforisuo 2013
Wasɔre
Adansedie a ɛfa Yesu Kristo wusɔreɛ no nokorɛyɛ ho no ma anidasoɔ ne gyinaeɛsie. Na ɛbɛtumi ayɛ saa ama Onyankopɔn ba biara. Ɛyɛɛ saa maa me ahuhuro berɛ bi wɔ Ayɛwohomumɔ 1969 mu, berɛ a me maame wuuiɛ no, na ayɛ saa ara mfeɛ bebree firii saa berɛ no, na ɛbɛkɔ so ayɛ saa ara kɔsi sɛ mɛhu no bio.
Anigyeɛ bɛsii awerɛhoɔ a ɛwɔ mpaepaemu tiawa mu ananmu. Na ɛyɛ anidasoɔ a ɛsene anigyeɛ nkabom. Esiane sɛ Awurade ada nneɛma pii adi akyerɛ Ne nkɔmhyɛfoɔ na Honhom Kronkon no asi Owusɔreɛ no nokorɛyɛ no so dua akyerɛ me nti, metumi hunu wɔ m’adwene mu sɛdeɛ yɛne yɛn adɔfoɔ a wɔadwira wɔn na wɔama wɔn owusɔreɛ no nkabom no bɛyɛ:
“Yeinom ne wɔn a wɔbɛfiri adi aba wɔ ateneneefoɔ wusɔreɛ no mu.” …
“Yeinom ne wɔn a wɔatwerɛ wɔn din wɔ soro, faako a Onyankopɔn ne Kristo yɛ nnipa nyina ara temmuafoɔ no.”
“Yeinom ne wɔn a wɔyɛ ateneneefoɔ a ɔtamgyinafoɔ Yesu apam foforɔ no ama wɔayɛ pɛ, ɔno a ɔyɛɛ saa mpata a ɛdi mu yi nam ɔno ankasa ne mogya a ɔhwie guuiɛ so” (N&A 76:65, 68–69).
Esiane sɛ Yesu buu owuo mpokyerɛ mu nti, Ɔsoro Agya mma nyina ara a wɔwo wɔn wɔ wiase mu nyina ara de honam a ɛnwuo da bɛsɔre. Ɛno nti mene wo adanseɛ a ɛfa saa nokorɛ yi ho no bɛtumi ayi awerɛhoɔ a ɛwɔ obusuani dɔfoɔ anaa ɔyɔnkoɔ bi wuo mu afiri hɔ, na ɛde anigyeɛ anidasoɔ ne gyinaeɛsie kɛseɛ ahyɛ ananmu.
Awurade ama yɛn nyina ara owusɔreɛ akyɛdeɛ no, a ɛbɛma yɛn ahonhom akɔwura honam a ɛnni mmerɛyɛ biara mu (hwɛ Alma 11:42–44). Me maame bɛyɛ sɛ ɔbaabunu a n’anim da hɔ, na wɔbɛyi mpaninyɛ ne mfeɛ bebree a ɛde honam mu yaw ba ne so no nsunsuansoɔ afiri hɔ. Wei bɛyɛ akyɛdeɛ ama ɔno ne yɛn.
Nanso ɛwɔ sɛ yɛn a yɛrehwehwɛ sɛ yɛbɛka ne ho afebɔɔ no yɛ nneɛma a ɛbɛma yɛafata saa nkabom no, sɛ yɛbɛtena faako a Agya no ne Ne Dɔ Ba a wawu asɔre no te animuonyam mu. Ɛhɔ pɛ na abusua asetena bɛtumi atoa so afebɔɔ. Saa nokorɛ yi ho adanseɛ ama masi nkete sɛ mɛpere afata na mama wɔn a medɔ wɔn afata sɛlɛstia animuonyam a ɛkorɔn paa ara no nam Yesu Kristo Mpata a ɛredi dwuma wɔ yɛn abrabɔ mu no so (hwɛ N&A 76:70).
Awurade ama yɛn akwankyerɛ wɔ saa anamɔntuo a ɛnni awieɛ yi mu wɔ adidi-kronkron mpaebɔ no mu a ɛbɛtumi aboa wo. Wɔto nsa frɛ yɛn sɛ yɛnyɛ yɛn asubɔ apam no foforɔ wɔ adidi-kronkron nhyiamu biara.
Yɛhyɛ bɔ sɛ yɛbɛkae Agyenkwa no. N’afɔrebɔ no nsɛnkyerɛnne no boa ma yɛn anisɔ ka a ɔbɔɔe sɛ ɔbɛbu owuo mpokyerɛ mu, ama yɛn mmɔborɔhunu, na ama wɔde yɛn bɔne nyina ara akyɛ yɛn sɛ yɛpaw sɛ yɛbɛsakyera a.
Yɛhyɛ bɔ sɛ yɛbɛdi ne mmaransɛm so. Sɛ yɛkan twerɛsɛm ne nkɔmhyɛfoɔ ateasefoɔ no nsɛm na yɛtie akasafoɔ a wɔwɔ nkannyan wɔ adidi-kronkron nhyiamu a, yɛkae apam a yɛayɛ sɛ yɛbɛyɛ saa. Saa da no, Honhom Kronkron no kae yɛn mmaransɛm a yɛhia sɛ yɛdi so paa ara.
Wɔ adidi kronkron mpaeɛ mu no, Onyankopɔn hyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛma Honhom Kronkron no aka yɛn ho (hwɛ Moronae 4:3; 5:2; N&A 20:77, 79). Mahu sɛ saa berɛ no Onyankopɔn ma menya atenka bi sɛ Ɔde nsɛmmisa bi retoto m’ano. Ɔtwe m’adwene kɔ deɛ mayɛ a ɛsɔ N’ani no so, ne hia a mehia bɔnefakyɛ ne bɔnefafiri, ɛne din ne nnipa ahodoɔ a Ɔpɛ sɛ mesom wɔn.
Mfeɛ bebree a absɛen kɔ no mu no, saa osuahunu a aba mpɛn pii no adane anidasoɔ ɔdɔ mmapa na ɛde asi so dua sɛ Yesu Kristo Mpata ne ne Wusɔreɛ no abue kwan ama mmɔborɔhunu aba ama me.
Medi adanseɛ sɛ Yesu ne Kristo no a wanyane no, yɛn Agyenkwa, ne yɛn nhwɛsoɔ a ɔdi mu ne yɛn akwankyerɛ wɔ nkwa a ɛnni awieɛ mu.
© 2013 by Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintimm wɔ USA. English approval: 6/12. Translation approval: 6/12. Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no Nkransɛm First Presidency Message, April 2013. Twi 10664 503
Nkransɛm yi mu Nkyerɛkyerɛ
Ɛwɔ sɛ “yɛde twerɛsɛm nyina ara toto yɛn ho, ama ayɛ yɛn mfasoɔ ne adesua” (1 Nifae 19:23). Dwene ho sɛ wobɛkan adidi kronkron mpaeɛ a ɛwɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:76–79 no mu. Sɛ wokan Titenani Eyring nkyerɛkyerɛ a ɛfa adidi kronkron mpaeɛ no ho wie a, ebia wobɛpɛ sɛ wobɛto nsa afrɛ wɔn a wokyerɛ wɔn adeɛ no sɛ wonnwen akwan a saa mpaeɛ yi bɛtumi ayɛ wɔn abrabɔ mu akwankyerɛ na aboa wɔn ma wɔasan akɔtena Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo nkyɛn.