“Fa Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)
Fa Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre Yɛ Adwuma
Hwan Na Akadeɛ Yi Wɔ No?
Bra, Di M’akyi wɔ hɔ ma obiara a ɔpɛ sɛ ɔsua twerɛnsɛm no—sɛ ankorankoro, sɛ abusua, ne Asɔre adan mu. Sɛ wonsuaa twerɛnsɛm no daadaa dada a, saa akadeɛ yi bɛtumi aboa ama woahyɛ aseɛ. Sɛ wowɔ twerɛsɛm sua ho suban papa dada a, saa akadeɛ yi bɛtumi aboa ama woanya suahunu a nteaseɛ wɔ mu bebree.
Ankorankoro ne Mmusua wɔ Efie
Beaɛ papa a yɛsua asɛmpa no yɛ efie. W’akyerɛkyerɛfoɔ a wɔwɔ asɔre bɛtumi aboa wo, na wobɛtumi anya nkuranhyɛ afiri wɔɔdo mma afoforɔ hɔ. Nanso sɛdeɛ mobɛtena ase wɔ honhom mu no, wo ne w’abusua hia daadaa aduannuro firi “Onyankopɔn asɛmpa no mu” (Moroni 6:4; san hwɛ Russell M. Nelson, “Opening Remarks,” Liahona, Obubuo 2018, 6–8).
Fa saa akadeɛ yi wɔ ɔkwan biara a ɛbɛboa wo so. Nhyehyɛeɛ no twe adwene si nokorɛ a ɛnniawieeɛ so wɔ Apam Dada no mu. Wɔsan nso ma nsusuiɛ ne nnwumadie a ɛbɛboa ama woasua twerɛnsɛm no sɛ ankorankoro, wo ne w’abusuafoɔ, anaasɛ nnamfoɔ. Berɛ a woresua no, di Honhom no akwankyerɛ so pɛ ɛnniawieeɛ nokorɛ a ɛho wɔ mfasoɔ ma wo. Hwehwɛ Onyankopɔn nkransɛm a ɔwɔ ma wo, na di nkanyan a wonya no akyi.
Akyerɛkyerɛfoɔ ne Adesuafoɔ wɔ Asɔre
Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre yɛ adesuadeɛ ma Kwasiada Sukuu wɔ Primary, mmabunu ne Mpanimfoɔ Kwasiada Sukuu, Young Women adesua akuo ne Aaron Asɔfodie kuo nhyiamu ahoroɔ. Sɛ wokyerɛ adeɛ wɔ saa tebea ahoroɔ yi mu biara mu a, yɛhyɛ wo nkuran sɛ fa nhyehyɛeɛ a ɛwɔ saa nwoma yi mu no di dwuma ma w’ankasa adesua ne berɛ a woresiesie wo ho akyerɛ adeɛ. Hyɛ aseɛ nya w’ankasa suahunu wɔ twerɛnsɛm no mu. W’ahoboa a ɛhia pa ara bɛba berɛ a wohwehwɛ twerɛnsɛm no mu na wopɛ Sunsum Kronkron no nkanyan. Hwehwɛ ɛnniawieeɛ nokorɛ a ɛbɛboa wo ama wabɛyɛ te sɛ Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo kɛse. Bra, Di M’akyi bɛtumi aboa ama woahunu saa nokorɛ yi bi na woate twerɛnsɛm no nnyinasoɔ ase.
Fahyɛ w’adwene mu sɛ asɛmpa no sua, wɔ ne papa mu no, gyina efie so na Asɔre no aboa. Wɔ nsɛm foforɔ mu no, w’asodie titire ne sɛ woboa nkorɔfoɔ a wokyerɛ wɔn adeɛ no mmɔdemmɔ mu ma wɔsua adeɛ na wɔdi asɛmpa no so wɔ efie. Ɛnnwene ho sɛ wonya adeɛ sononko a wode bɛma wɔn wɔ adesua dan mu. Mmom, ma wɔn akwanya ma wɔnkyɛ wɔn suahunu, adwennwene, ne nsɛmmisa fa twerɛnsɛm nkrataafa a wɔakenkan wɔ efie ho. Ma wɔnkyɛ ɛnniawieeɛ nokorɛ a wɔanya. Yei ho hia yie sene sɛ wɔbɛwie nneɛma bebree bi.
Mmabunu ne Mpanimfoɔ Kwasiada Sukuu Adesua Adan
Ade titire baako a enti yɛhyia wɔ Kwasiada Sukuu adan mu ne sɛ yɛbɛboa yɛn ho na yɛahyɛ yɛn ho nkuran berɛ a yɛpere sɛ yɛbɛdi Yesu Kristo akyi. Ɔkwan tiawa a yɛbɛfa so ayɛ yei ne sɛ yɛbɛbisa asɛmmisa te sɛ “Deɛn na Sunsum Kronkron no akyerɛ wo wɔ nnawɔtwe yi mu berɛ a wosuaa twerɛnsɛm no?” Asɛmmisa yi ho mmuaeɛ bɛtumi de akɔ mpɛnsɛmpɛnsɛmu mu wɔ Yesu Kristo ne N’asɛmpa gyidie mu.
Afei wobɛtumi ato nsa afrɛ mpɛnsɛmpɛnsɛmu fa adesua adwenkyerɛ a ɛwɔ Bra, Di M’akyi mu ho. Sɛ nhwɛsoɔ no, adesua nsusuiɛ bi bɛtumi akyerɛ sɛ yɛnhwɛ Isaiah 53, nhwehwɛ nsɛmfua a ɛkyerɛkyerɛ Agyenkwa no adwuma mu. Wobɛtumi ama adesuafoɔ no aka nsusuiɛ anaasɛ atenka bi a saa nsɛm yi de kanyann wɔn. Anaasɛ mobɛtumi de mmerɛ bi ahwehwɛ saa nsɛm yi sɛ adesuafoɔ.
Aaron Asɔfodie Akuo, ne Mmaayewa Agyinapɛn
Sɛ Aaron Asɔfodie akuo, ne Mmaayewa adesuafoɔ hyia mu wɔ Kwasiada a, wɔn botaeɛ taa da nso firi Kwasiada Sukuu adessua ho. Deɛ ɛka mmoa a yɛde mema yɛn ho de sua Yesu Kristo asɛmpa no ho ne sɛ, saa akuo yi nso hyia tu fo bom fa sɛdeɛ wɔbɛtumi de nkwagyeɛ ne mpagya adwuma no aba awieeɛ (hwɛ General Handbook, 1.2). Wɔyɛ yei wɔ adesuafoɔ ne kuo atitenafoɔ akwankyerɛ ase.
Saa botaeɛ yi nti, ɛwɔ sɛ kuo anaasɛ adesuafoɔ nhyiamu biara hyɛ aseɛ wɔ berɛ a obi a ɔka kuo anaasɛ adesuafoɔ atitenafoɔ no ho di anim ma wɔtwetwe nkɔmmɔ fa mmɔdemmɔ a wɔde, sɛ nhwɛsoɔ no, bɛdi asempa no so, asom nkorɔfoɔ a wɔhia mmoa, akyɛ asɛmpa no, anaasɛ ayɛ tɛmpol ne abusua abakɔsɛm adwuma ho.
Wɔatu fo abom awie no, ɔkwankyerɛfoɔ bi di adesuafoɔ no anaasɛ ekuo no anim ma wɔsua asɛmpa no bom. Wɔbɛtumi ama mpanimfoɔ akannifoɔ anaasɛ adesuafoɔ no anaasɛ ekuo no mufoɔ bi akyerɛ adeɛ. Adesuafoɔ anaasɛ ekuo titenafoɔ no, berɛ a wɔne mpanimfoɔ akannifoɔ akasa no, de dwumadie yinom ma.
Nkorɔfoɔ a wɔayi wɔn sɛ wɔnkyerɛ adeɛ no ɛwɔ sɛ wɔyɛ ahoboa berɛ a wɔde adwenkyerɛ a ɛwɔ nnawɔtwe nnawɔtwe nhyehyɛeɛ a ɛwɔ Bra, Di M’akyi mu yɛ adwuma. Wɔ nhyehyɛeɛ biara mu no, saa ahyɛnsodeɛ yi kyerɛ dwumadie a ɛho hia sononko ma mmabunu. Nanso, adwenkyerɛ biara a ɛwɔ nhyehyɛeɛ no mu no wɔbɛtumi de ayɛ adesua dwumadie ama mmabunu.
Sɛ wopɛ kuo ne adesuafoɔ nhyiamu nhyehyɛeɛ ho nhwɛsoɔ a, hwɛ appendix D.
Mfitiaseɛ
W’ahoboa a wode bɛkyerɛ Primary adeɛ hyɛ aseɛ berɛ a sɛ ankorankoro ne w’abusua sua twerɛnsɛm no. Berɛ a woreyɛ no bue kwan ma honhom mu nkanyan ne nhunumu a ɛfiri Sunsum Kronkron no fa nkwadaa a wɔwɔ wo Primary adesuadan mu ho. Yɛ mpaebɔfoɔ, na Honhom no bɛtumi akanyan wo ama wo nsusuiɛ de aboa wɔn wɔ Yesu Kristo asɛmpa no sua mu.
Berɛ a woreyɛ ahoboa akyerɛ adeɛ no, wobɛtumi anya nkanyan foforɔ berɛ a wohwehwɛ adekyerɛ nsusuiɛ wɔ Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre. Nhyehyɛeɛ biara a ɛwɔ saa aboadeɛ yi mu wɔ fa a wɔato din “Nsusuiɛ ma Nkwadaa Adekyerɛ.” Dwene saa nsusuiɛ yi ho sɛ adwenkyerɛ fa sɔ wo nkanyan ano gya. Wonim nkwadaa a wɔwɔ wo Primary adesuadan mu hɔ no—na wobɛtumi abɛhunu wɔn yie berɛ a wo ne wɔn nya nkutahodie wɔ adesuadan mu hɔ. Onyankopɔn nso nim wɔn, na ɔbɛkanyan wo wɔ akwan pa a wode bɛkyerɛ na woahyira wɔn.
Ɛbɛtumi aba sɛ nkwadaa a wokyerɛ wɔn adeɛ no ne wɔ mmusua ayɛ nnwumadie yi bi dada wɔ Bra, Di M’akyi mu. Ɛno nso yɛ. Ntimu yɛ. Susuw ho sɛ wobɛto nsa afrɛ mmɔfra no ma wɔaka deɛ wɔasua wɔ fie no akyerɛ wɔn ho wɔn ho—ɛwom sɛ ɛwɔ sɛ wo nso woyɛ nhyehyɛeɛ a ɛbɛma nkwadaa de wɔn ho ahyɛ dwumadie no mu mpo berɛ a wɔnsua adeɛ wɔ efie. Nkwadaa sua asɛmpa no nkokorɛ yie berɛ a wɔkyerɛ wɔn adeɛ ntoatoasoɔ nam dwumadie ahodoɔ so. Sɛ wohunu sɛ adesua dwumadie bi yɛ ma nkwadaa a, dwene ho ti mu, titire ne berɛ a worekyerɛ nkwadaa nketewa adeɛ. Mobɛtumi nso asan asusu dwumadi bi a ɛfiri adesua bi a atwam mu ho.
Wɔ abosome a ɛwɔ Kwasiada num no, wɔhyɛ Primary akyerɛkyerɛfoɔ nkuran sɛ wɔmpɛ Bra, Di M’akyi nhyehyɛeɛ no ananmusie wɔ Kwasiada a ɛtɔ so num no wɔ adesua dwumadie baako anaasɛ dodoɔ firi “Appendix B: For Primary—Preparing Children for a Lifetime on God’s Covenant Path.”