Liahona
Yɛn Agyenkwa Dɔfoɔ no Nkonimdie
Oforisuo 2026


“The Victory of Our Beloved Savior,”Liahona, Oforisuo 2026.

Bosome, bosome Liahona Nkrasɛm, Oforisuo 2026

Nkonimdie Yɛn Agyenkwa Dɔfoɔ

Nsɛmfua biara nni hɔ a wɔde bɛkyerɛkyerɛ Yesu Kristo akyɛdeɛ a ɛsom bo no kɛseɛ mu. Wɔrenhwehwɛ mfiri obi foforɔ biara hɔ da. Ɔhunuu amane “prɛkopɛ maa obiara.”

damena a hwee nni mu

Mfeɛ retwam no, mabrɛ me ho ase kɛse berɛ a madwene ho, asua, na manya awerɛkyekyeɛ kɛseɛ akyɛdeɛ a ɛnni ano wɔ yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo Mpata no mu. Ɛyɛ den sɛ onipa adwene bɛtumi ahyɛ aseɛ ate sɛnea adasamma nkrabea sesaeɛ koraa esiane nea esii wɔ Getsemane, asɛndua no so, ne damena no ho nti ase.

Yɛn Nyinaa Hyia Akomateɛ ne Amanehunu

Wɔ me frɛ sɛ Ɔsomafoɔ mu no, matutu kwan pii na manya hokwan ahyia nkwadaa, mmabunu ne mpanimfoɔ wɔ wiase mu fa kɛse no ara. Anigyeɛ mmerɛ wɔ abrabɔ mu, nanso adeɛ baako a mede m’ankasa m’ani ahunu na mate nka wɔ m’akoma mu tɔnn ne sɛ, anigyeɛ ne ahusɛpɛ akyi no, abrabɔ wɔ mmerɛ a ɛyɛ akomateɛ ne amanehunu.

Me werɛ remfiri da sɛ me ne nkwadaa nkumaa baanan a obi bɔwuraa wɔn ankasa fie kɔkumm wɔn awofoɔ yayaaya berɛ a na nkwadaa no adeda, anaa me ne ɔbaa bi a ne busuani bi a ɔgye no di yɛɛ no ayakayakadeɛ berɛ a na ɔyɛ abaayewa nhyiamu, anaa mete abaayewa kumaa bi a ɔfiri sakere so ahwe ase na n’amene ho aka a ɔbɛwu berɛ tiawa bi mu mpa nkyɛn, anaa meretie ɔbaa bi a ne kunu adi ɔne ne tɛmpol apam ahoroɔ hwammɔ wɔ kwan a ɛyɛ hu so mfeɛ pii su.

Mate awarefoɔ bi a wɔn ba a wanyini nnye asɛmpa no mu nokorɛ nni bio na ɔhwehwɛ sɛ ɔbɛma afoforɔ gyidie ayɛ mmerɛ wɔ abusua no mu no yea. Makɔsra aberanteɛ bi a na nnepa bebree wɔ ne mu na ɔkumm ne ho awofoɔ ne nnamfoɔ a na wɔayɛ basaa. Mate wɔn a wɔayɛ bɔne na wɔpɛ sɛ wɔsakyera nokorɛ mu ne wɔn a bɔne no asɛe wɔn no awerɛhoɔ nka.

Mahunu adwenemyareɛ ho akomateɛ ma nea ɔyareɛ ne wɔn a wɔhunu amane berɛ a wɔhwɛ nanso wɔntumi mmoa no nyinaa. Mahunu ankorankoro adehwereɛ akɛseɛ a atoyerɛnkyɛm, nsuyiri, ahum, ogya, ne asasewosoɔ de ba no. Mahunu basabasayɛ wɔ aman ahodoɔ mu no firi amanyɔsɛm, akodie, ne ɔsɛeɛ mu, ne yea a ɛba berɛ a nea wɔnhwɛ kwan no to wɔn a wɔn ho nni asɛm na wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛyɛ nea ɛtene no so.

Agyenkwa a okura obi nsa

Healing Hands, ɛfiri Kolby Larsen hɔ, wɔsi ho kwan

Agyenkwa no Boa Yɛn

Ɔreka Yesu Kristo Mpata no ho asɛm no,Titenani James E. Faust (1920–2007), Fotufoɔ a ɔtɔ so Mmienu wɔ Titenafoɔ a wɔdi Kan no mu, kaa sɛ: “Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔapira no yɛ nea wɔbɛtumi biara de yɛ adwuma wɔ wɔn nsɔhwɛ mu, na Agyenkwa no ‘bɛboa ne nkorɔfoɔ sɛnea wɔn mmerɛyɛ teɛ’ [Alma 7:12]. Ɔbɛboa yɛn ma yɛasoa yɛn nnesoa. Apirakuro bi yɛ yea na emu dɔ ara ma wɔntumi nsa berɛ a mmoa a ɛfiri tumi a ɛkorɔn ne anidasoɔ sɛ wobɛnya atɛntenenee a edi mu ne nhyɛananmu wɔ asetena a edi hɔ no mu nka ho. ”

Mete nka sɛ mebɛn Agyenkwa no dɔ ne nhyira a ɛnniawieeɛ wɔnam Yesu Kristo Mpata no so hyɛɛ yɛn bɔ no kɛse. Wammɔ yɛn ho ban amfiri abrabɔ mu suahunu ahoroɔ a emu yɛ den a ɛde yea a wɔntumi nsusu ba ho, na mmom ɔbɔɔ yɛn ho ban firii amanehunu a ɛnniawieeɛ ne yɛne Ɔsoro Agya ntetemu ho na ɔnam N’amanehunu a biribiara ka ho no so maa yɛn hokwan, sɛ yɛbɛtumi anya anigyeɛ a edi mu ne daa anigyeɛ wɔ Onyankopɔn anim.

Titenani Dallin H. Oaks kaee yɛn sɛ: “Ne kɛseɛ mu no, Onyankopɔn mmoa a emu yɛ den pa ara wɔ asetena mu ne sɛ ɔmaa Agyenkwa, Yesu Kristo, sɛ ɔbɛhunu amane de atua ka no na ɔde bɔnefakyɛ ama bɔne nnuho. Saa mmɔborɔhunu ne animuonyam Mpata no kyerɛkyerɛ nea enti a Awurade Yesu Kristo mu gyidie yɛ asɛmpa no nnyinasosɛm a edi kan no mu. Ne Mpata no ‘de awufoɔ wusɔreɛ ba’ (Alma 42:23), na ‘ɛpata ma wiase bɔne’ (Alma 34:8), ɛpopa yɛn bɔne nnuho nyinaa na ɛma yɛn Agyenkwa no tumi sɛ ɔbɛboa yɛn wɔ yɛn asetena mu mmerɛyɛ mu.”

Agyenkwa no wɔ Getsemane

Nkyerɛmu firi Prayer at Gethsemane, ɛ Del Parson hɔ, wɔbɛtumi ayɛ nsɛsoɔ ama Asɔre dwumadie nko ara

Ɛnniawieeɛ Adeyɛ Titire

Sɛ medwene amanehunu a m’ankasa mahunu, a ɛyɛ ketekete koraa sɛ wɔde toto wɔn a wɔanante anaa wɔbɛnante asase so da nyinaa ho a, mentumi mfa nsɛmfua biara a menim, nkyerɛkyerɛ atenka a ɛwɔ m’akoma mu ma deɛ ebia ɛsiiɛ wɔ Agyenkwa no akoma ne adwene ne nipadua ne Ne kra mu wɔ N’amanehunu a ɛka biribiara ma adasamma nyinaa bɔne ne yea berɛ kronkron mu no mu.

Daapem nyinaa adeyɛ titire no hyɛɛ aseɛ berɛ a Yesu kɔɔ “beaeɛ bi a wɔfrɛ no Getsemane” Mateo 26:36) wɔ Ngodua Bepɔ no so wɔ Yerusalem kuro no afasuo akyi. Ɔka kyerɛɛ N’asuafoɔ no sɛ, “Awerɛhoɔ ahyɛ me kra so, de kɔ owuo mu mpo” (Mateo 26:38).

Ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, “M’agya, sɛ ɛbɛtumi a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ: nanso ɛnyɛ nea mepɛ, na mmom nea wopɛ” (Mate 26:39). Ɔsan kɔɔ N’asuafoɔ no nkyɛn, kɔhunuu sɛ wɔadeda, ɔsan kɔeɛ, na ɔbɔɔ mpaeɛ ne mprenu so. “M’agya, sɛ kuruwa yi rentwa me ho nkɔ, gye sɛ menom a, wopɛ nyɛ hɔ. Na [ɔ]bɔɔ mpaeɛ ne mprɛnsa so, kaa nsɛm korɔ no ara” (Mateo 26:42, 44).

Yesu nomm kuruwa nwononwono no na ɔhunuu amane a ɛboro yɛn honam mu nteaseɛ so wɔ turo no mu ne asɛnnua no so nyinaa. Bɔne biara nni Ne ho no, Ɔfaa yɛn bɔne nyinaa, sɛdeɛ yɛba Ne nkyɛn na yɛnsakyera a, wɔbɛyi yɛn bɔne ne yɛn nnesoa afiri yɛn so (hwɛ 2 Korintofoɔ 5:21).

Na wɔahwɛ Yesu amanehunu, owuo, ne mpata afɔrebɔ kwan berɛ tenten. Yesaia rekasa mfeɛ 700 ansa na wɔrewo Yesu no, ɔhyɛɛ nkɔm sɛ “Awurade de yɛn nyinaa amumuyɛ ato ne so” (Yesaia 53:6). Yesu kaa Ne nkwa a ɔde maa sɛ “agyedeɛ” ho asɛm (Mateo 20:28; san hwɛ 1 Timoteo 2:6) “de ma bɔnefakyɛ” (Mateo 26:28) ma wɔn a wɔbɛgye No adi na wɔanu wɔn ho wɔ wɔn bɔne ho nyinaa. Petro kyerɛkyerɛɛ sɛnea “Ɔhunuu amane maa [yɛn] bɔne” (1 Petro 3:18), na ɛnam Ne mpire so no yɛanya ayaresa (hwɛ 1 Petro 2:24). Ɔyɛɛ nea obiara rentumi nyɛ a ɛbɛma yɛatumi asan akɔ yɛn Agya anim. “Yɛn mmaratoɔ nti na wɔpiraa no” (Yesaia 53:5).

Getsemane amanehunu no akyi no, Ne yea no kɔɔ so—obi a ɔne no nam yii No maeɛ, fɛwdie wɔ sodifoɔ a wɔntene anim, mpire a wɔkaa Ne nipadua mu yea, nkasɛɛ abotire a asraafoɔ atirimuɔdenfoɔ a wɔnni ahummɔborɔ miaa so hyɛɛ Ne ti (hwɛ Yohane 18:2–3, 12–14; Marko 15:15–20), ne ntaaboo duruduru a wɔde too N’akyi honam a atete berɛ a Ɔrekɔ Golgota (hwɛ Yohane 19:16–17).

Wɔ asɛndua no so no, yea a emu yɛ den a ɔtee wɔ Getsemane no san de ahoɔden a onipa biara ntumi nnyina ano baeɛ. Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no, nko ara de N’agya ahyɛdeɛ too Ne ho so sɛ Ɔde Ne nkwa bɛto hɔ. Asraafoɔ ne sodifoɔ no antumi annye amfiri Ne nsam (hwɛ Yohane 10:18). Wɔ obuo ne ahobrɛaseɛ mu, Yesu sii Ne ti ase kaa sɛ, “Mawie” (Yohane 19:30).

Na Ne honam mu astena berɛ no aba awieeɛ. Nsɛmfua biara nni hɔ a wɔde bɛkyerɛkyerɛ N’akyɛdeɛ a ɛsom bo no kɛseɛ mu. Wɔrenhwehwɛ mfiri obi foforɔ biara hɔ da. Yesu Kristo hunuu amane “prɛkopɛ maa obiara” (Hebrifoɔ 10:10).

Wasɔre!

N’adwuma kronkron no aba awieeɛ yi, seesei Ɔbɛyɛ nea ɔdi kan wɔ nnipa abakɔsɛm nyinaa mu a wasɔre afiri damena mu akɔ ɛnwuo tebea mu (hwɛ 1 Korintofoɔ 15:21–23).

Abɔfoɔ no ka kyerɛɛ mmaa a na wɔwɔ damena no ho no sɛ:

“Adɛn nti na mohwehwɛ ɔteasefoɔ wɔ awufoɔ mu?

“Ɔnni ha, na mmom wasɔre” (Luka 24:5–6).

Ɔka kyerɛɛ N’asomafoɔ no sɛ, “Monhwɛ me nsa ne me nan, sɛ ɛyɛ me ankasa” (Luka 24:39). Akyire yi, “[bɛboro] ahanum hunuu no prɛko pɛ” (1 Korintofoɔ 15:6). Adansefoɔ de wɔn ani hunuu Agyenkwa a wasɔre no. Na ɔnwuiɛ. Na ɔte ase.

Yesu Kristo bubuu owuo daapem nkoasom nkɔnsɔnkɔnsɔn ne mpokyerɛ no maa onipa biara a watena anaa ɔbɛtena asase so (hwɛ 1 Korintofoɔ 15:22). Ɔdii yɛn nneɛma nyinaa mu tamfo no so nkonim; wɔdii owuo tamfo no so nkonim afebɔɔ.

Titenani Russell M. Nelson (1924–2025) kaa sɛ: “Yesu Kristo faa wo bɔne, wo yea, wo akomayareɛ, ne wo mmerɛyɛ too Ne ho so. Ɛnni sɛ wo nko ara wosoa! Sɛ wosakyera a Ɔde wo bɔne bɛkyɛ wo. Ɔde nea wohia bɛhyira wo. Ɔbɛsa wo kra a apira no yareɛ. Sɛ wode wo ho bata No a, w’adesoa mu bɛyɛ hare. Sɛ wobɛyɛ apam na woadi so sɛ wobɛdi Yesu Kristo akyi a, wobɛhunu sɛ w’abrabɔ mu mmerɛ a ɛyɛ yea no yɛ berɛ tiawa bi. W’amanehunu no ‘bɛmem wɔ Kristo mu anigyeɛ mu’. [Alma 31:38]”

Sɛ N’asomafoɔ a wɔayi wɔn no mu baako no, manya honhom mu ne ankasa mmerɛ a ɛde adanseɛ a ɛyɛ nokorɛ na ɛwɔ hɔ sɛ Ɔte ase abrɛ me. Wɔ Easter berɛ yi mu no, nsɛm yi ntena yɛn adwene ne yɛn akoma mu bɔkɔɔ: “Mma me werɛ mfiri, O Agyenkwa, sɛ Wokyii mogya wu maa me,” berɛ a yɛde anigyeɛ reto:

Wasɔre! Wasɔre!

Wɔadi owuo so nkonim; onipa wɔ fahodie.

Kristo adi nkonim.

Atwerɛ

  1. James E. Faust, “The Atonement: Our Greatest Hope,” Liahona, Ɔpɛpɔn 2002, 22.

  2. Dallin H. Oaks, “Divine Helps for Mortality,” Liahona, Kɔtɔnima 2025, 104.

  3. De ma kasapɛn 10 a ɛdi anim no., hwɛ Neil L. Andersen, Jesus Is the Christ (2023), 28–35.

  4. Russell M. Nelson, “The Lord Jesus Christ Will Come Again,” Liahona, Obubuo 2024, 122.

  5. In Humility, Our Savior,” Hymns, no. 172.

  6. He Is Risen!Nnwom, no. 199.