Liahona
Rehyira Asase so Mmusua Nyinaa
Ɔbɛnem 2026 Liahona


“Rehyira Asase so Mmusua Nyinaa,” Liahona, Ɔbɛnem 2026.

Bosome bosome Liahona Nkrasɛm, Ɔbɛnem 2026

Rehyira Asase so Mmusua Nyinaa

Sɛ yɛdi na yɛkyɛ yɛn Soro Agya nhyehyɛeɛ ma mmusua so a, Ɔbɛka yɛn ho, aboa yɛn, na wabɛka yɛn ho wɔ yɛn akwantuo a yɛbɛsane de akɔ Ne nkyɛn no mu.

Jacob renya yikyerɛ ho nkyerɛkyerɛmu

Jacob’s Dream at Bethel, ɛfiri J. Ken Spencer hɔ

Ɛnkyɛreɛ, me ne Onuabaa Uchtdorf kɔɔ yɛn nananom baako asɛbɔ. Berɛ a yɛrehwɛ awoɔ ntoatoasoɔ pii a wɔde anigyeɛ rekamfo saa dwumadie yi no, yɛde anisɔ a ɛmu dɔ maa Ɔsoro Agya wɔ Ne nkwagyeɛ ho nhyehyɛeɛ ma Ne mma ho. Yɛtee nka sɛdeɛ abusua ne ayɛyɛdeɛ kronkron ho ahia No firi mfitiaseɛ no.

Saa adehia yi wɔbɛtumi ahunu no wɔ gyidini Yakob twerɛtohɔ mu wɔ Apam Dada no mu, a ɔfaa akwantuo denden mu kɔ hwehwɛɛ ɔyere, ware wɔ apam mu, na ɔkyekyere abusua. Anwummerɛ bi, Yakob soɛɛ anadwo bi sɛ ɔrehome nanso ɔfaa aboɔ nko ara de yɛɛ sumiiɛ. Ɛbɛyɛ sɛ na wabrɛ yie nanso ɔbɔɔ mmɔden daeɛ—na ɔsoo daeɛ.

Berɛ a apam mu awareɛ ne abusua botaeɛ ahodoɔ a ɛfata no wɔ n’adwene mu no, Yakob hunuu “atwedeɛ bi a wɔde asi fam, na atifi pem soro, na hwɛ Onyankopɔn abɔfoɔ redi so aforosiane.

“Na, hwɛ, Awurade gyina atifi, na ɔse, Mene Awurade w’agya Abraham Nyankopɔn, ne Isak Nyankopɔn” (Gyenesis 28:12–13).

Afei Awurade hyɛɛ apam ho bɔhyɛ ahodoɔ bi a ɛho hia maa Yakob—bɔhyɛ a ɔne Jacob papa, Isak, na ne nanabarima, Abraham, ka ho:

  • Bɔhyɛ sɛ Yakob bɛba abɛyɛ “nkorɔfokuo bebree agya” (Gyenesis 28:3; san hwɛ nkyekyɛmu 14).

  • Asase ho bɔhyɛ ahodoɔ ma Yakob asefoɔ (hwɛ Gyenesis 28:4, 13).

  • Bɔhyɛ sɛ ɛnam Yakob ne “nasefoɔ so wɔbɛhyira mmusua a wɔwɔ asasa so nyinaa” (Gyenesis 28:14; nsisodua ka ho).

Na Yakob suahunu kronkron ara ma ɔpaee mu kae sɛ: “Ampa ara Awurade wɔ saa bea yi. Yei nyɛ ɔfoforɔ biara sɛ Onyankopɔn fie, na yei ne ɔsoro pono no” (Gyenesis 28:16–17). Enti, Yakob too bea hɔ din Beth-el, asekyerɛ ne “Onyankopɔn fie” (Gyenesis 28:19, footnote a).

Bɔhyɛ nhyira a wɔde maa wɔ Yakob dae mu no hwehwɛɛ sɛ Yakob fa nsɛnkyerɛnneɛ kwan so foro bi wɔ asetena ankasa mu. Sɛ Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no, ɛnyɛ den sɛ yɛbɛhunu abusuabɔ bi a ɛda Yakob daeɛ, Awurade apam, ne Awurade fie ntam. Tɛmpol nte sɛ atwedeɛ a Yakob hunuui no. Nkyerɛkyerɛ, ayɛyɛdeɛ, ne Awurade fie apam no ka ɔsoro ne asase bom. Wɔbɛtumi de apam atoto atwedeɛ ntiasoɔ a ɛtwe yɛn bɛn Awurade ho. Na, ɛnam ɔsom kronkron a yɛde ma wɔ tɛmpol kronkron mu no, yɛrehyira “asase so mmusua nyinaa”—deɛ atwam, seesei, ne daakye.

“Hwɛ sɛdeɛ Adeɛ a wɔahu no yɛ!”

Elder Bruce C. Hafen, a ɔyɛ Aduɔsoni a wɔregye nahome nyaa telefon frɛ firii ɔman mu amanneɛbɔ nsɛmma nwoma bi samufoɔ hɔ. Na samufoɔ no pɛ sɛ ɔka nwoma bi a nnansa yi a ɛhwehwɛɛ ɔsoro ho abakɔsɛm a ɛfa ɔsom ahodoɔ mu gyidie ho.

“Nwoma atwerɛfoɔ no hunuu sɛ ɔmanfoɔ te ɔsoro kɔm nka kɛse—ne mmusua a wɔwɔ soro,” Elder Hafen twerɛeɛ. Nanso berɛ a nnipa dodoɔ no ara da so ara gye owuo akyi asetena, ɛnniawieeɛ ɔdɔ, ne ɔsoro abusua koroyɛ die no, “Kristofoɔ asɔre dodoɔ no ara de mmuae kakraa bi ma wɔ ɔkɔm a ɛwɔ wɔn mu yi ho”—gye baako pɛ: Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Edi Akyire Ahotefo no.

Wɔ Agyenkwa no Asɔre a wasan de aba no mu no, yɛwɔ tɛmpol kronkron ahodoɔ. Yɛwɔ ɛnniawieeɛ awareɛ, a nsɔano tumi hyira so tra honam wuo so. Yɛwɔ ɛnniawieeɛ daakye ho bɔhyɛ a yɛne yɛn adɔfoɔ bɛdi wɔ Agya ne Ɔba no anim. Sɛ yɛhwɛ yeinom nyinaa a, atwerɛfoɔ no de baa awieeɛ sɛ Nna Ɛdi akyire Ahotefo adwene a ɛfa ɔsoro ho no ne deɛ ɛdi mu sene biara—na, mede anigyeɛ a ɛkyɛn biribiara bɛka ho.

“Hwɛ sɛdeɛ Adeɛ a wɔahu no yɛ!” Elder Hafen hwɛeɛ. “Nnɛ nnipa dodoɔ no ara kɔn dɔ ɛnniawieeɛ mmusua, na [Yesu Kristo asɛmpa a wɔasan de aba] no ɔma saa akɔnnɔ no ba mu yie sene adwene foforɔ biara a wonim [anaasɛ nyamesom gyidie ahoroɔ]. Mɛnya a anka ewiase nyinaa bɛte sɛ [yɛn] nkwadaa reto nwom a ɛyɛ anigyeɛ kɛseɛ: ‘Mmusua bɛtumi atena abom daa.’”

Mmusua nyɛ asetena mu nhyehyɛeɛ a ɛfata ara kwa. Wɔyɛ ɛnniawieeɛ nhyehyɛeɛ ma ɔsoro. Wɔgyina “mfinimfini wɔ Ɔbɔadeɛ no nhyehyɛeɛ a ɔyɛ ma Ne mma no ɛnniawieeɛ nkrabea no mu.” Sɛdeɛ Titenani Russell M. Nelson (1924–2025) kyerɛkyerɛɛ yɛn no: “[Awurade] bɔɔ asase [sɛdeɛ] yɛbɛtumi anya honam na yɛayɛ mmusua. Ɔkyekyeree N’Asɔre sɛ ɛmpagya mmusua. Ɔde tɛmpol ahodoɔ ma sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mmusua bɛtumi atena abom afebɔɔ.”

Nanso yɛn anigye a yɛwɔ wɔ mmusua a ɛmu yɛ den ho no nyɛ daa nkrabea kɛkɛ. Abusua no di dwuma titire wɔ yɛn honam mu anigyeɛ nso mu. Yɛn Soro Agya a ɔnim deɛ ɛde anigyeɛ ba seesei ne ɛnniawieeɛ mu no, soma Ne mma kɔ mmusua mu—pɛpɛyɛ a wɔnnwie mu no—na ɔto nsa frɛ yɛn sɛ yɛnkyekyere mmusua a wɔyɛ den na yɛntete wɔn. Nokwasɛm no, “mmubuiiɛ, owuo, anaa tebea afoforɔ bɛtumi ahia sɛ wɔyɛ nsakraeɛ wɔ ankorankoro mu.” Nanso biribiara ntumi nsi okunu ne ɔyere, agya ne ɛna asɛdeɛ ahodoɔ a ɛho hia, a ɛfiri soro no ananmu.

Nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ “mmusua a wɔfiri abɔdeɛ a nkwa wom mu, a ɛwɔ abusuabɔ, awofoɔ baanu” ho no kɔ so kyerɛ sɛ abusua no ho hia kɛse wɔ “ɔdɔ ne ɔdɔ a ɛmu dɔ” a wɔkora no mu. Ɛyɛ “nnipa a wɔde wɔn ho hyɛ mu titire, a wɔayɛ nsakraeɛ yie, na wɔpɛ asetena mu nsɛm.”

Abusua no Bammɔfoɔ Nsiyɛ

Nokwasɛm no, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwanwa sɛ biribi a ɛho hia saa wɔ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ mu bɛhyia ɔsɔretia. Satan nyɛɛ abusua adamfo da, na ne mmɔdemmɔ no rebɛyɛ deɛ ɛho hia kɛse “ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ɔwɔ berɛ tiawa bi” (Adiyisɛm 12:12). Sɛdeɛ Titenani M. Russell Ballard (1928–2023), Asomafoɔ Dummienu Kuo no Titenani Nanmusini kaeɛ sɛ, “Satan nim sɛ ɔkwan turodoo ne deɛ ɛtu mpɔn sene biara a wɔfa so sɛe Awurade adwuma no ne sɛ wɔbɛte abusua no ahoɔden ne efie no kronkronyɛ so.”

Esiane sɛ ɔnim deɛ yɛnim fa Onyankopɔn ɛnniawieeɛ abusua, Ne nhyehyɛeɛ ma Ne mma, ne ɛnniawieeɛ nteaseɛ a ɛwɔ abusuabɔ ho nti, ɛsɛ sɛ yɛka abusua no bammɔfoɔ nsiyɛ no ho.

Yɛbɛyɛ dɛn na yayɛ yei?

Titenani Dallin H. Oaks de saa afotuo yi maae: “Abusua dawubɔ no yɛ Awurade sane si asɛmpa no nokorɛ ahodoɔ a yɛhia sɛ wɔde gyina yɛn akyi wɔ seesei haw a abusua wɔ no so dua.”

Wɔ yɛn ankasa asetena mu no, yɛbɛtumi ayɛ “nneɛma nketenkete a ɛnyɛ den” (Alma 37:6) a ɛhyɛ abusua ayɔnkofa mu den no. Deɛ ɛka yei ho ne mmusua ne aware ahoroɔ a ɛdi yie nyinasosɛm ahodoɔ a wɔaka ho asɛm wɔ abusua dawubɔ no mu a wɔbɛdi soɔ: “gyedie, mpaebɔ, adwensakyera, bɔne fafiri, obuo, ɔdɔ, mmɔborɔhunu, adwuma, ne anigyedeɛ a ɛho teɛ.” Ɛmfa ho sɛdeɛ yɛn abusua tebea teɛ seesei, yɛbɛtumi afa yɛn nneyɛɛ so akyerɛ sɛ abusua mu ɛnniawieeɛ ayɔnkofa ho hia yɛn.

Sɛ “ɔman mma a yɛwɔ asɛdeɛ” wɔ yɛn mpɔtam no, yɛbɛtumi “ahyɛ saa nneɛma a wɔayɛ sɛ wɔde bɛhwɛ abusua no so na wɔahyɛ mu kena no nkuran.”

Yɛyɛ Awurade nna a ɛdi akyire apam nkorɔfoɔ. Yɛyɛ bɔhyɛ ahodoɔ a wɔhyɛɛ Abraham, Isak, ne Yakob adedifoɔ—bɔhyɛ a ɛwɔ biribiara fa mmusua ho. Saa bɔhyɛ no de ɔfrɛ kronkron sɛ ɛhyira “asase so mmusua nyinaa ” ba. Na ɔkwan titire baako a yɛfa so yɛ saa ne sɛ yɛbɛtena ase, abɔ yɛn ho ban, na yɛakyɛ ɛnniawieeɛ nokorɛ a ɛne sɛ “Onyankopɔn ahyɛ abusua no den” na “ayɛyɛdeɛ ne apam a ɛwɔ tɛmpol kronkron mu no ma ɛyɛ yie sɛ ankorankoro bɛsane akɔ Onyankopɔn anim na mmusua ayɛ baako wɔ ɛnniawieeɛ mu.”

“Meka Wo ho”

Berɛ a me ne Onuabaa Uchtdorf hwɛɛ yɛn abusuafoɔ a wɔne yɛn ɛnniawieeɛ Soro Agya dɔfoɔ, yɛɛ apam kronkron no, anigyeɛ ne aseda hyɛɛ yɛn akoma ma. Yɛnni ahurisie wɔ yɛn mma ne wɔn mma nko ara mu mmom wɔ yɛn awofoɔ ne wɔn awofoɔ nso mu. Yɛde ɔdɔ a ɛmu dɔ dwene sɛdeɛ asɛmpa apam no ka yɛn bom wɔ awoɔ ntoatoasoɔ ahodoɔ mu no ho. Ɛyɛ suahunu a ɛnte sɛ deɛ wobɛhunu sɛ “atwedeɛ bi a wɔde asi asase so, n’atifi [pem] ɔsoro: na hwɛ Onyankopɔn abɔfoɔ redi aforosiane wɔ so”(Gyenesis 28:12).

Nhyira a Awurade hyɛɛ bɔ maa Yakob wɔ ne daeɛ mu no trɛ kɔ N’apam mma nyinaa so—a wo ne me ka ho. Sɛdeɛ Awurade yɛ maa Yakob no, Ɔbɛbua yɛn “wɔ [yɛn] ahoyera da mu”(Gyenesis 35:3) sɛ yɛfa No a.

“Hwɛ,” Awurade kaa sɛ, “Me ne wo wɔ hɔ, na mɛkora wo wɔ mmeaeɛ nyinaa a wobɛkɔ, ɛfiri sɛ merennyae wo”(Gyenesis 28:15).

Te sɛ Yakob, yɛn nyinaa wɔ ɛserɛ bi a yɛbɛfa soɔ. Ɛtɔ da a nhyira a wɔahyɛ ho bɔ no te sɛ deɛ ɛwɔ akyirikyiri no. Sɛ haw anaa akwansideɛ ba a, yɛbɛtumi anwiinwii Awurade dɔ no ho. Yɛbɛtumi mpo adwene sɛ Awurade apo yɛn. Ɛmfa ho ne mmɔden a yɛbɔ wɔ asuafoyɛ ho no, ebia yɛbɛdwene sɛ yɛn nsa nka nhyira a na yɛn ani da soɔ no.

Anuanom mmarima ne mmaa, nnamfoɔ adɔfoɔ, apam kwan no yɛ anigyeɛ kwan, ɛwom sɛ ɛtɔ da a ebia nisuo bɛgu so deɛ. Sɛ wodwene sɛ anigyeɛ nhyehyɛeɛ no afa bi mma mu wɔ w’abrabɔ mu seesei a, yɛsrɛ wo, nya ahotosoɔ sɛ Awurade adwene wɔ wo so na ɔbɛhyira wo wɔ ne berɛ a ɛsɛ mu, sɛdeɛ Ne nyansa teɛ.

Yesu Kristo mu gyedie ne Ne bɔhyɛ kanyan yɛn ma yɛhwɛ animu, na ɛnyɛ akyire. Ne nti, ɛho nhia sɛ biribiara a asi pɛn atwam anaa ɛrekata yɛn anim seesei fa yɛn daakye nnɔmum. Aane, yɛn nyinaa apirapira, anaa bɛpirapira wɔ ɔkwan bi so, anaa foforɔ so. Nanso yɛgye Ɔsafoɔ Kɛseɛ no di. Yɛgye No di—ara ma, nokorɛ mu, sɛ yɛgye Ne bɔhyɛ ahodoɔ no atuu, “wɔde wɔn ho too wɔn so,” berɛ a mpo wɔda so ara wɔ “akyirikyiri” no (Hebrifoɔ 11:13).

“Yɛn nyinaa nkae sɛ, wɔ Awurade ankasa kwan ne ne berɛ mu no, wɔremfa nhyira biara nkame N’ahotefoɔ anokwafoɔ no,” Titenani Nelson na ɔseɛ. “Awurade no bɛbu atɛn na watua ankorankoro biara so ka sɛdeɛ akoma biara akɔnnɔ ne n’adwuma teɛ.”

Mehyɛ bɔ sɛ sɛ yɛdi na yɛkyɛ yɛn Soro Agya nhyehyɛeɛ ma mmusua so a, Ɔbɛka yɛn ho, aboa yɛn, na wabɛka yɛn ho wɔ yɛn akwantuo mu. Ɔrennyae yɛn nko ara da, titire berɛ a nsɔhwɛ ba yɛn so anaa yɛn adɔfoɔ so. Ɔbɛsoa yɛn, ama yɛn so, na ɔde yɛn akɔ bɔhyɛ asase a anigyeɛ ahyɛ no ma no, ne Ne Ba, Yesu Kristo, ne yɛn mmusua wɔ—ɛnniawieeɛ mu.

Atwerɛ

  1. Hwɛ Marion G. Romney, “Tɛmpol ahodoɔ—Apono a Ɛkɔ Soro,” Ensign, Ɔbɛnem 1971, 16.

  2. Hwɛ Bruce C. Hafen, Covenant Hearts: Marriage and the Joy of Human Love (2005), 58–59.

  3. Hwɛ Bruce C. Hafen, Covenant Hearts, 59; san hwɛ “Mmusua Bɛtumi Abom daapem, Nnwom, no. 300.

  4. Abusua: Dawubɔ ma Wiase,” Asɛmpa Akoraeɛ.

  5. Russell M. Nelson, “Set in Order Thy House,” Liahona, Ɔpɛpɔn 2002, 80.

  6. Abusua: Dawubɔ ma Wiase.”

  7. Scott L. Buchanan, “The Nuclear Family Is Indispensable,” Public Discourse, Ayɛwohomumu 4, 2020, thepublicdiscourse.com.

  8. M. Russell Ballard, “The Sacred Responsibilities of Parenthood” (Brigham Young University devotional, Ɔsanaa. 19, 2003), 3, speeches.byu.edu; see also Ensign, Mar. 2006, 28–29.

  9. Dallin H. Oaks, “Nhyehyɛeɛ ne Dawurubɔ no,” Liahona, Obubuo 2017, 30.

  10. Abusua: Dawubɔ ma Wiase.”

  11. Abusua: Dawubɔ ma Wiase.”

  12. Abusua: Dawubɔ ma Wiase.”

  13. Russell M. Nelson, “Sɛlɛstia Awareɛ,” LiahonaObubuo 2008, 94.