2025
Apam, Tumi, ne Bɔhyɛ
Ahinime 2025 Liahona


“Apam, Tumi, ne Bɔhyɛ,” Liahona, Ahinime 2025.

Bosome, bosome Liahona Nkransɛm, Ahinime 2025

Apam, Tumi, ne Bɔhyɛ

Tɛmpol ho hia ma tumi ne bammɔ a wɔahyɛ ho bɔ ama agyidifoɔ nokwafoɔ ansa na Yesu Kristo Mmaeɛ Mmienu no aba.

Joseph Smith a ɔgyina Kirtland Tɛmpol anim nkyerɛmu

Joseph Smith nkyerɛmu firi Dan Burr hɔ

Wɔ Kɔtɔnima 1833 mu, me nanakansoa-barima Asahel Perry ne nnamfonom bi tuu kwan firii New York atifi kɔɔ Kirtland, Ohio. Na wɔnyɛ Asɔre a wɔasan de aba no mma, nanso na wɔpɛ sɛ wɔhyia Nkɔmhyɛni Joseph Smith. Wɔduruu hɔ ntɛm ara sɛ wɔbɛkɔ kansere a ɛdi kan no akɔ dwennwene Kirtland Tɛmpol sie ho.

Wɔhyɛɛ badwakuo no ase akyire no, Nkɔmhyɛni de tɛmpol no sie ho nsɛnkaeɛ too wɔn anim. Afei ɔde too wɔn a na wɔwɔ hɔ no anim sɛ wɔnkyerɛ wɔn adwene mfa dwumadie kɛseɛ a ɛte saa ho. Dodoɔ no ara kaa sɛ Asɔre no nni sika a wɔde bɛdi dwuma a ɛte saa. Wɔsusuu sɛ wɔnsi ɛdan ketewa, a ne boɔ nyɛ den.

Berɛ a nkutahodie no rekɔ soɔ no, Grandpa Perry ne ne nnamfonom boaa wɔn ho ano, yiiyii wɔn sika, na wɔkaa ne nyinaa bɔɔ mu. Na wɔwɔ ahyɛntiadeɛ a wɔbɛsan de akɔ na wɔayi bi aboa tɛmpol no sie? Sima kakra bi akyi, me nanabarima bɔpinii Joseph Smith, twee sika kɔkɔɔ kɔense a ɛyɛ dɔla num maa Nkɔmhyɛni no. (Saa kɔense no ɛnnɛ ne boɔ bɛsom dɔla ɔha bebree!)

Joseph gyinaa badwakuo no anim na ɔmaa kɔense no so Afei ɔrekasa ahoɔden so no, ɔkaa sɛ “adwuma no ahyɛ aseɛ na [Awurade] Fie no wɔbɛsi no sɛdeɛ Awurade Yesu Kristo nhyehyɛeɛ a wɔde akyerɛ no teɛ”.

Ankyɛ, Perry abusua no kɔ kɔɔ Asɔre no ho wɔ Kirtland, gyee wɔn tɛmpol nhyira mfeɛ kakra bi akyi wɔ Nauvoo Tɛmpol mu, na akyire yi no faa ɛsrɛ no so kɔɔ Utah.

Berɛ a wɔhyiraa Kirtland Tɛmpol no so wɔ 1836 mu no, na ɛsua koraa sɛ ɛbɛtumi afa Nna a ɛdi akayire Ahotefoɔ a na wɔpɛ sɛ wɔkɔ nhyirasoɔ no. Berɛ a Asɔre no renyini no, na Ahotefoɔ na wɔpɛ sɛ wɔkɔ nhyiamu no nso redɔɔsoɔ. President James E. Faust (1920–2007), a ɔsomm sɛ me stake president berɛ a na meyɛ abranteɛ ne ɔboafoɔ berɛ a wɔfrɛɛ me sɛ Amansan Sodifoɔ wɔ 2007 mu no, mehyɛɛ saa adeɛ yi nso fa Asɔre no tɛmpol a ɛtɔ so mmienu no ho.

“Ansa na wɔbɛwie Nauvoo Tɛmpol no wɔ 1846 mu no, na Ahotefoɔ no hyia abɔnten, taa bɛn tɛmpol no sɛ wɔbɛte Joseph ne Asɔre akannifoɔ nkaeɛ no kasa. Ɛtɔ da a mpem, mpen na wɔkɔ saa nhyiamu no”—ɛtɔ da mpo wɔ osuframa mu.

“Sɛdeɛ [Elder] George A. Smith hyɛɛ no nso wɔ ne nsɛnkwaa mu no, ‘wɔ Nkɔmhyɛni Joseph berɛ so no … [Asɔre no] nyinii frɔmfrɔm firii abɔnten.’”

Yɛn ani sɔ sɛ yɛn berɛ so, Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ renyini frɔmfrɔm wɔ abɔnten, afie mu, ne wiase nyinaa. Tɛmpol sie wɔ mmirika tɛntɛ so “sɛdeɛ nhyehyɛeɛ a wɔde kyerɛeɛ no teɛ”—nhyehyɛeɛ a berɛ biara nhyira, atuhoakyɛ, gyidie ne afɔrebɔ ka ho no, ka ɛnyini no ho.

Kirtland Tɛmpol nkyerɛmu

Animuonyam Hann—Kirtland Temple, ɛfiri Glen S. Hopkinson, mma wɔnyɛ ne nsɛsoɔ.

Adɛn na Tɛmpol Bebree yi?

“Yɛn akannifoɔ ahyɛ nkɔm sɛ wɔbɛsisi tɛmpol bebree wɔ North ne South America, Pacific, Europe, ne baabiara,” President Eza Taft Benson (1899–1994) kaa no mfeɛ bebree a atwam. “Sɛ wɔbɛyɛ saa ɔgyeɛ adwuma yi wɔ susudua a ɛwɔ sɛ ɛkɔ so a, wɔbɛhia tɛmpol no ɔha bebree.”

President Russell M. Nelson kaa sɛ yɛresisi tɛmpol wɔ abasahare so “ɛfiri sɛ Awurade ahyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no saa. Tɛmpol nhyira boa ma yɛboaboa Israel ano wɔ nkatanim no afa nyinaa. Nhyira yi nso boa siesie nkorɔfoɔ a wɔbɛboa asiesie wiase ama Awurade Mmaeɛ a Ɛtɔ so Mmienu no!”

Wɔ ne Kirtland Tɛmpol nhyirasoɔ mpaeɛ mu no, Joseph Smith bɔɔ mpaeɛ “sɛ nnipa a wɔbɛwura Awurade fie aboboɔ ano no bɛte wo tumi nka. …

“Na yɛsrɛ wo, Agya Kronkron, sɛ wo nkoa bɛfiri saa fie yi mu a wo tumi hyɛ wɔn nsam, na wo din akata wɔn so, na w’animuonyam atwa wɔn ho ahyia, na w’abɔfoɔ anya tumi wɔ wɔn so” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam109:13, 22; nsisodua ka ho; san hwɛ nkyekyɛmu 23).

Sɛ mekenkan saa nkyekyɛmu yi a, medwene Nephi anisoadehunu a ɛfa nna a ɛdi akyire ho. Hyɛ asɛm korɔ no ara nso: “Na ɛbaa sɛ Me, Nephi, hunuu Onyankopɔn Adwammaa tumi no, sɛ ɛsianee wɔ Adwammaa no asɔre so, ne Awurade apam nkorɔfoɔ ahotefoɔ a na wɔahwete wɔ asase so nyinaa; na wɔama wɔn teneneeyɛ ne Onyankopɔn tumi wɔ animuonyam kɛseɛ mu” (1 Nephi 14:14; nsisodua ka ho).

Megye di sɛ nna a ɛdi akyire tɛmpol no di akotene wɔ Nephi nkɔmhyɛ no mmaeɛ mu na ɛho hia ma bammɔ ne tumi a wɔahyɛ ho bɔ ama nokwafoɔ no ansa na Mmaeɛ a Ɛtɔ so Mmienu no aba.

Mfeɛ bebree a atwam, berɛ a na mesom sɛ bishop wɔ university ward no, m’ani gyee abaayewa bi a na ɔwɔ me ward hɔ ho soronko. M’ani da so ara gye ne ho. Monim no sɛ President Emily Belle Freeman, Young Women President. Wɔ nnansa yi amansan nhyiamu kasa mu, ɔkyerɛkyerɛɛ sɛ ɛnam tɛmpol so, Yesu Kristo ma yɛn so de kɔ honhom mu gyinabea a ɛwɔ soro.

“Berɛ biara a mɛtwam wɔ Ne fie aboboa ano no, mete me ne No apam ayɔnkofa a ɛmu dɔ nka,” President Freeman na ɔseɛ. “Wɔ dwira me wɔ Ne Honhom mu, megye akyɛdeɛ kronkron wɔ Ne tumi mu, na tu me si hɔ sɛ menkyekyere N’ahennie.”

Bɔhyɛ Tumi

President Nelson taa kasa fa Yesu Kristo tumi a ɛwɔ tɛmpol apam mu ho. Ɔkaa sɛ, “Wo ne Agyenkwa no resoa kɔnnua no, wowɔ akwanya kɔ Na ahoɔden ne ɔgyeɛ tumi mu.” President Nelson asan nso akyerɛkyerɛ sɛ:

“Sɛ yɛdi yɛn tɛmpol apam so a, yɛnya akwanya kɛseɛ de kɔ Awurade denhyɛ tumi no mu. Wɔ tɛmpol mu, yɛgye bammɔ de firi aperedie mu.”

“[Agyenkwa no] ayɛyɛdeɛ a ɛhia no nam asɔfodie apam kronkron so kyekyere yɛn fam Ne ho. Afei, berɛ a yɛdi yɛn apam so no, Ɔkyɛ yɛn N’ ayaresa, denhyɛ tumi no. Na o, sɛdeɛ yɛbɛhia Ne tumi no wɔ nna a ɛda yɛn anim no.”

“Abrabɔ pa ne honhom mu tumi a yɛn nkorɔfoɔ hia seesei ne nna a ɛda yɛn anim no yɛ Onyankopɔn Agya ne Ne Ba, Yesu Kristo tumi. Yɛnya kwan kɔ Wɔn tumi mu berɛ a yɛne Wɔn yɛ apam na yɛdi so.”

Ɔsoro tumi ho hia, anuanom, ɛfiri sɛ yɛte atirimuɔden wiase mu. Saa tumi no nni mu a, yɛrentumi “nnyina ne mmaeɛ da no” anaa “nnyina sɛ ɔyi ne ho adi a” (Malaki 3:2). Yɛnnim berɛ ko a saa da no bɛba, nanso wasoma Ne bɔfoɔ dada sɛ “ɔnsieise kwan no” mma Ne mmaeɛ no (Malaki 3:1). Saa berɛ yi, wiase ntumi mfa bɔkɔɔ nkɔ saa da no mu.

Yɛhia tumi a wɔhyɛɛ nokwafoɔ ho bɔ no na aboa yɛn:

  • Yɛmma Onyankopɔn nni yɛn anim kan wɔ yɛn abrabɔ mu.

  • Sakyera na twe bɛn Awurade.

  • Hyira, kyekyere werɛ, di kan, na som.

  • “Gyina yɛn sɔhwɛ ahoroɔ, deɛ ɛtwe adwene firi papa so, ne akomayareɛ a ɛsene saa ano”

  • Hwehwɛ asomdwoeɛ ne anigyeɛ wɔ Kristo mu berɛ a yɛnante apam kwan no so.

  • Siesie wo ho “twɛn ɛda a ɛredɛre” ne “wiase mu amanehunu” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 109:46).

  • Wie Awurade adwuma no ansa na Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no aba.

Tucson Arizona Tɛmpol

Tucson Arizona Tɛmpol Mfonin no James Whitney Young na ɔyɛeɛ.

Nkwagyeɛ Awɛmfoɔ.

Ɔsoro Agya nnwuma ne animuonyam ne sɛ “ɔde onipa ɛnwuo tebea ne daa nkwa bɛba” (Moses 1:39). Tɛmpol biara gyina hɔ ma Onyankopɔn nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ no wɛmfoɔ wɔ asase so, a ɛrekyerɛ Agyenkwa no dwumadie a ɛho hia wɔ saa adwuma ne animuonyam no mu.

Ne tumi nti, ɔbarima ne ɔbaa biara a ɔdi apam so—ɔwarefoɔ anaasɛ osugyani —a ɔde nokorɛdie di tɛmpol apam ahoroɔ so no wɔbɛhyira wɔn wɔ asetena yi mu ne asetena a ɛreba no mu.

President Nelson ahyɛ bɔ sɛ: “Deɛ nti a yɛn mu biara bɔ mmɔden ne sɛ ɔbɛnya tumi wɔ Awurade fie, na wɔasɔ yɛn ano sɛ mmusua nokwafoɔ ama apam ahoroɔ a yɛyɛ wɔ tɛmpol a ɛma yɛn fata Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɛyɛ kɛseɛ pa ara—a ɛyɛ daa nkwa no. Tɛmpol ayɛyɛdeɛ ne apam a woyɛ wɔ hɔ no yɛ safoa a ɛhyɛ w’asetena mu den, w’awareɛ ne abusua, ne w’ahoɔden a wode bɛgyina ɔsɛefoɔ no haw ano. Wo som wɔ tɛmpol mu ne adwuma a woyɛ no wɔ hɔ ma wo nananom no bɛhyira wo wɔ wankasa adiyisɛm ne asomdwoeɛ mu na ɛbɛhyɛ wo ahofama den de atena apam kwan no so.”

Sɛ Awurade Yesu Kristo Somafoɔ no, medi adanseɛ sɛ saa nneɛma yi yɛ nokorɛ.