“Nhyira a ɛfiri Asɔfodie Tumidie ne Tumi mu,” Liahona, Ɛbɔ 2025.
Bosome bosome Liahona Nkrasɛm, Ɛbɔ 2025
Nhyira a ɛfiri Asɔfodie Tumidie ne Tumi mu
Asɔremma de Onyankopɔn tumi som na wɔhyira afoforɔ wɔ Asɔre no mu, wɔ fie, ne wiase nyinaa.
Yɛn adanseɛ ma wiase ne sɛ, Onyankopɔn asɔfodie kronkron no ho hia wɔ Ne nkwagyeɛ ne mmasoɔ adwuma no yɛ mu, sɛ ɔde asɔfodie no asan aba asase so ama saa atirimpɔ no, na Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ na ɛhwɛ so.
Nhyira a ɛfiri Asɔfodie Tumidie ne Tumi mu ho Hia a ɛhia
Yesu Kristo ne Asɔre no ti. Asɔre no yɛ adwinnadeɛ a Wayɛ sɛ Ɔde bɛwie adasamma gyeɛ adwuma a ɛho hia wɔ asɛmpa berɛ a ɛtwa toɔ yi mu sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ berɛ a ɔtenaa asase so no. Ɛnam Asɔre no so:
-
Ɔbɛtumi aka N’asɛmpa no wɔ wiase nyinaa.
-
Ɔbɛtumi de asubɔ ne apam afoforɔ nyinaa ama—mpo apam kwan a ɛkɔ Ne sɛlɛtia ahemman mu.
-
Ɔbɛtumi aka mmusua abom afebɔɔ.
-
Ɔbɛtumi de nkwagyeɛ akyɛdeɛ ama, mpo wɔn a wɔawuwuo a wɔannya.
Sɛdeɛ saa atirimpɔ akɛseɛ yi bɛba mu no, na yɛasiesie yɛn ho ama Agyenkwa no mmaeɛ bio, Asɔre no hia Onyankopɔn akwankyerɛ, tumidie, ne tumi a ɛkɔ so. Asɔre no yɛ “nokorɛ asɔre a ɛte ase” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 1:30) ɛfiri sɛ Kristo nam N’akwankyerɛ ne tumi a ɛwɔ N’asɔfodie mu, “Asɔfodie Kronkron, wɔ Onyankopɔn Ba no Kwan so” de si hɔ (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 107:3).
Sɛ nyɛ asɔfodie kronkron yi a, anka Asɔre no bɛyɛ wiase kuo bi, a ɛreyɛ papa wɔ wiase nanso ɛnni tumi biara sɛ ɛbɛnya atirimpɔ titire a ɛne sɛ ɛbɛsiesie Onyankopɔn mma mmarima ne mma mmaa ama daa nkwa anigyeɛ wɔ N’anim. Saa asɔfodie yi, ne nsafoa a wɔde bɛkyerɛ asɔfodie yi adwuma kwan no nti, tumidie ne nhyehyɛeɛ wɔ Asɔre no mu.
“Wɔ Asɔre no mu no, wɔde asɔfodie tumi nyinaa di dwuma wɔ wɔn a wɔkura asɔfodie nsafoa no akwankyerɛ ase.
“Asɔremma mmarima a wɔfata gye asɔfodie tumidie no berɛ a wɔde nsa gu wɔn so na wɔhyɛ wɔn asɔfoɔ kɔ asɔfodie diberɛ ahodoɔ mu. Asɔremma nyinaa bɛtumi de tumidie a wɔde ama adi dwuma berɛ a wɔyi wɔn si hɔ anaa wɔka sɛ wɔmmoa ma wɔnyɛ Onyankopɔn adwuma.”
Ɛnam asɔfodie nsafoa so, nneɛma a ɛhia Awurade bɛdi nkonim berɛ biara. Obiara ntumi nkura ankoroankoro nhyehyɛeɛ a ɛne N’akwankyerɛ nhyia mu. Obiara ntumi nni nkonim wɔ asɔfotorosɛm mu, a ɔrehwehwɛ n’ankasa mfasoɔ ne n’ankasa akyidifoɔ.
Asɔfodie di dwuma titire nso wɔ asɔremma afie mu. Titenani Dallin H. Oaks, Fotufoɔ a ɔdi Kan wɔ Titenafoɔ a wɔdi Kan no mu, kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Nnyinasosɛm a ɛne sɛ wɔbɛtumi de asɔfodie tumi adi dwuma wɔ deɛ ɔkura saa dwumadie no nsafoa no akwankyerɛ ase nko ara no yɛ ade titire wɔ Asɔre no mu, nanso yei nyɛ adwuma wɔ abusua mu.” Agyanom di anim na wɔde asɔfodie di dwuma wɔ wɔn abusua mu—tu fo, yɛ abusua nhyiamu ahodoɔ, de asɔfodie anaa ayaresa nhyira ma abusuafoɔ anaa afoforɔ, ne deɛ ɛkeka ho—a obi a ɔkura asɔfodie nsafoa akwankyerɛ anaa tumidie nka ho.
“Nkyerɛkyerɛ korɔ no ara di dwuma berɛ a agya nni hɔ na ɛna no yɛ abusua kannifoɔ. Ɔhwɛ ne fie so, na ɔdi akotene wɔ asɔfodie tumi ne nhyira a ɔnam n’akyɛdeɛ kronkron ne nsɔano wɔ tɛmpol mu so de bɛba n’abusua mu.”
Asɔfodie no Mmaeɛ bio wɔ Yɛn Berɛ yi mu
Kɔtɔnima 15, 1829
Asɔfodie tumidie a wɔasan de aba wɔ asɛmpa berɛ a ɛtwa toɔ yi mu no kɔɔ so wɔ nhyehyɛeɛ a ɛyɛ nnidisoɔ nnidisoɔ mu. Sɛ twerɛsɛm fapem wɔ yɛn asɛmpa berɛ mu no, berɛ a na wɔrekyerɛ Mormon Nwoma no wɔ afe 1829 mu no, Awurade hyɛɛ aseɛ de N’asɔfodie nhyehyɛeɛ sii hɔ. Wɔ Joseph Smith ne Oliver Cowdery mpaebɔ adebisa fa asubɔ ho no ho mmuaeɛ mu no, Yohane Osuboni a wasɔre no daa ne ho adi na ɔde Aaron Asɔfodie, asɔfodie a “ɛkura abɔfoɔ som nsafoa, ne adwensakyera asɛmpa, ne nsuomhyɛ asubɔ ma bɔnefakyɛ” no maa wɔn(Nkyerɛkyerɛ ne Apam 13:1). Joseph ne Oliver de saa tumidie no bɔɔ wɔn ho wɔn ho asu ne afoforɔ nso akyire yi berɛ a wɔhyehyɛɛ Asɔre no.
Kɔtɔnima 15, 1829 akyi pɛɛ
Yohane Osuboni no daa ne ho adi no ankyɛre, tete Asomafoɔ Petro, Yakobo, ne Yohane nso daa wɔn ho adi na wɔde asɔfodie kɛseɛ, anaa Melkisedek asɔfodie, a “m’ahennie nsafoa, ne asɛmpa no mmerɛ a wɔde ma mmerɛ mahyɛ” ka ho maeɛ. (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 27:13; san hwɛ 128:20).
Oforisuo 3, 1836
Asɔfodie tumidie foforɔ a ɛhia toaa so baeɛ berɛ a, wɔ Kirtland Tɛmpol mu no, tete nkɔmhyɛfoɔ baasa, Mose, Elias, ne Elia, daa wɔn ho adi kyerɛɛ Joseph ne Oliver na wɔde Israel anoboaboa ne adwuma a ɛfa Awurade tɛmpol ho no nsafoa maa wɔn (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 110:11–16).
Ahuhuro berɛ 1829–Oforisuo 1835
Adiyisɛm a seesei wɔgye tom sɛ ɛho teɛ wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam mu no kyerɛkyerɛɛ Nkɔmhyɛni Joseph Smith faa mmarima a wɔhyɛ wɔn asɔfoɔ kɔ dibea kɛseɛ (Melkisedek) ne ahosiesie (Aaron) asɔfodie mu; asɔfodie mpanimfoɔ a wɔyi wɔn, te sɛ bishop; ne asɔfodie akuo ne agyinatukuo nhyehyɛeɛ ho.
1835–1973
Nkɔmhyɛ akwankyerɛ kɔ so kyerɛ asɔfodie nhyehyɛeɛ ne dwumadie kwan wɔ Asɔre no mu. Sɛ nhwɛsoɔ no, wɔhyehyɛɛ Aduɔson akuo wɔ Kirtland berɛ so de boaa Dummienu Kuo no. Wɔ akwantuo kɛseɛ a wɔtu kɔɔ Atɔeɛ fam ne Asɔremma a wɔahwetee wɔ asase so mmeaeɛ a ɛtrɛ akyi no, wɔhyehyɛɛ saa akuo yi sɛ ɛnyɛ adwuma wɔ Asɔre no stake ahodoɔ mu.
1973–Seesei
Wɔ Titenafoɔ Spencer W. Kimball (1895–1985), Ezra Taft Benson (1899–1994), ne Gordon B. Hinckley (1910–2008) som ase no, Aduɔsonfoɔ ne wɔn akuo no hyɛɛ aseɛ yɛɛ adwuma wɔ Dummienu Kuo no ase pɛɛ wɔ Asɔre no amansan gyinabea ne Asɔre mmeaeɛ ahodoɔ. Afei wɔgyaee akuo a ɛwɔ stake gyinabea no. Ɛnnɛ, Amansan Sodifoɔ ne Mpɔtam Aduɔsonfoɔ akuo dummienu boa Asomafoɔ no “wɔ asɔre no kyekyere ne ɛho dwumadie ntotoeɛ nyinaa mu wɔ aman nyinaa mu” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 107:34). Wɔbɛtumi ayɛ Aduɔson akuo afoforɔ berɛ a Asɔre no mu trɛ no.
Elder Christofferson kyia anuanom Sampson ne Daniel Amako wɔ Gambia, West Africa, wɔ Ɔgyefuo 2022 mu.
Asɔfodie: Tumi a Wɔde Hyira
Wɔ asɛmfua mu no, asɔfodie tumidie ne tumi a Yesu Kristo de baa bio no botaeɛ ne sɛ ɛbɛhyira. Ɛma Asɔremma de Onyankopɔn tumi som na wɔhyira afoforɔ wɔ Asɔre no mu, wɔ fie, ne wiase nyinaa. Asɔremma ka Agyenkwa no ho yɛ N’adwuma a ɛyɛ nkwagyeɛ ne mpagya, de ɔsoro akyɛdeɛ ne tumi a ɛboro wɔn ankasa deɛ so koraa boa ma Onyankopɔn ahemman nyini na ɛhyɛ asase so ma (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 65:2, 5–6).
Awurade akyerɛkyerɛ mu sɛ “saa [Melchizedek] asɔfodie kɛseɛ yi di asɛmpa no ho dwuma na ɛkura ahemman no ahintasɛm safoa, mpo Onyankopɔn ho nimdeɛ safoa.
“Enti, wɔ ayɛyɛdeɛ ahodoɔ mu no, Onyankopɔn tumi da adi.
“Na sɛ ayɛyɛdeɛ ahodoɔ no, ne asɔfodie tumidie no nni hɔ a, Onyankopɔn tumi no nna adi mma nnipa wɔ honam mu .” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 84:19–21).
Nokorɛ mu no, ayɛyɛdeɛ yɛ asɔfoɔdie dwumadie anaa amanneɛ a yɛnam so ne Onyankopɔn yɛ apam, a ɛhyɛ aseɛ firi asubɔ so na ɛtoa so wɔ apam a yɛnya wɔ Awurade fie no mu. Ɛyɛ apam ahodoɔ yi a yɛbɛkora no mu na wɔsakyera yɛn firi “honam mu” mmarima ne mmaa ho yɛ yɛn ahotefoɔ (hwɛ Mosiah 3:19) ɛnam Kristo mpata adom so na yɛbɛfata na yɛn ho ate—a yɛnni fɔdie ne nkekaeɛ biara—wɔ Onyankopɔn anim (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:29–31; 3 Nephi 27:16–20).
Srɛka yei a ɛfiri “Yesu Kristo Asɛmpa no Mahyɛ Mmaeɛ bio: Mfeɛ Ahaanu Paemuka ma Wiase,” a ɛfiri Titenafoɔ a wɔdi Kan ne Asomafo Dummienu Agyinatukuo no hɔ no da muabɔ a ɛfata adi:
“Yɛpaemu ka sɛ Yesu Kristo Asɔre A ƐwɔHɔ Ma Nna A Ɛdi Akyire Mu Ahoteefoɔ No, a wɔkyekyeree no wɔ Oforisuo 6, 1830, mu no yɛ Kristo Apam Foforɔ Asɔre no a san aba bio no. Asɔre yi gyina n’abrabɔ pɛyɛ ne tweaseboɔ hene, Yesu Kristo, ne Ne Mpata a enniawieɛ ne Ne Owusɔreɛ no so. Yesu Kristo asan afrɛ Asomafoɔ bio a wama wɔn asɔfodie tumi. Ɔto nsa frɛ yɛn nyinaa sɛ yɛmmra Ɔne N’asɔre nkyɛn na yɛmmɛ gye Honhom Kronkron no, nkwagyeɛ ayɛyɛdeɛ no, na yɛadi dɛ a ɛnsa da.”
© 2025 by Intellectual Reserve, Inc. Wɔasi ho kwan ahodoɔ nyinaa. Wɔtintimm wɔ USA Borɔfo Kasa ho kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ ma Bosome bosome Liahona Nkrasɛm, Ɛbɔ 2025. Twi. 19604 503