2025
Yɛn Abrabɔ mu Nokorɛ
Ɔsanaa 2025


“Yɛn Abrabɔ mu Nokorɛ,” Liahona, Ɔsanaa 2025.

Bosome bosome Liahona Nkrasɛm, Ɔsanaa 2025

Yɛn Abrabɔ mu Nokorɛ

Elder Cook kyerɛkyerɛ sɛ Ɔsoro Agya ada nokorɛ a ɛfa yɛn tete, ɛnnɛ, ne daakye ho adi, ne sɛdeɛ yɛbɛnya daa nkwa.

N.K. Whitney & Co. store

Asɔre no elderfoɔ ne Nkɔmhyɛni Joseph Smith boaa wɔn ho ano wɔ ɛdan ketewa bi a ɛmu kyere mu wɔ Newel K. Whitney sotɔɔ soro wɔ Kirtland Ohio, Ɔpɛpɔn 22, 1833. Wɔ Ɔpɛnima bosome mu wɔ afe a na atwam no, na Joseph anya adiyisɛm a ɛkyerɛ no sɛ ɔnte sukuu a ne botaeɛ ne sɛ ɛbɛsiesie mmarima ama asɛmpatrɛ adwuma.

“Mema mo mmarasɛm,” Awurade na ɔseɛ, sɛ ”mobɛkyerɛkyerɛ mo ho mo ho ahennie no nkyerɛkyerɛ.

“Momfa adwumaden nkyerɛkyerɛ na madom bɛka mo ho, sɛdeɛ wɔbɛtumi akyerɛkyerɛ mo yie ma awie pɛyɛ wɔ nkyerɛkyerɛmu mu, wɔ nnyinasosɛm mu, wɔ nkyerɛkyerɛ mu, wɔ asɛmpa no mmara mu, wɔ biribiara a ɛka Onyankopɔn ahemman ho, deɛ ɛfata ma mo sɛ mobɛte aseɛ;

“Sɛdeɛ mobɛtumi asiesie mo ho wɔ nneɛma nyinaa mu berɛ a mɛsoma mo bio sɛ monkɔdi ɔfrɛ a mede afrɛ mo, ne soma a mede asoma mo no nni” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:77–78, 80).

Saa “Nkɔmhyɛfoɔ Sukuu yi,” sɛdeɛ na wɔfrɛ no no, maa honhom nwanwasoɔ. Asɔre no kane akannifoɔ bebree gyee nteteɛ wɔ hɔ. Ɛnnɛ ewiase yɛ baabi soronko koraa, nanso akwankyerɛ a Awurade de maa saa berɛ no kɔso ara yɛ adwuma. Ɛwɔ sɛ, yɛn nso, yɛhwehwɛ nokorɛ ne nimdeɛ“ sɛdeɛ nneɛma teɛ, sɛdeɛ na ɛteɛ, ne sɛdeɛ ɛbɛyɛ.” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 93:24).

ɔbaa redwennwene nwoma a ɔrekenkan ho

Yɛn Nhwehwɛmu ma Nokorɛ

Wɔ mpɛpɛnsoɔ a yɛwɔ mu yi no, nimdeɛ bebree wɔ hɔ ma yɛn sene kane no. Kane no, na wopɛ sɛ wohunu biribi a, gye sɛ wokɔ nwoma akoraeɛ kɔhwehwɛ. Ɛnnɛ intanɛte ne mfidie a wɔkura wɔ nsa mu ma nsɛm a ɛnniawieeɛ a yɛbɛtumi ahunu no ntɛm so.

Awurade ani gye berɛ a yɛde akadeɛ a yɛwɔ no yɛ adwuma nyansa mu, nanso Ɔde afotuo soronko yi ama: “Momfa adwumaden nhwehwɛ na monkyerɛkyerɛ mo ho mo ho nyansasɛm; aane, monhwehwɛ nyansasɛm mfiri nnwoma papa pa ara mu; monhwehwɛ nimdeɛ, mpo momfa adesua ne gyedie nhhwehwɛ” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:118). Ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnsua wiase a atwa yɛn ho ahyia no ho asɛm (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:79; 93:53), nanso, wɔ yɛn nhwehwɛmu ma nokorɛ mu no, ɛwɔ sɛ yɛhwɛ Onyankopɔn, a “ɔte nneɛma nyinaa ase, na nneɛma nyinaa da n’anim, na ɔboro nneɛma nyinaa so, na nneɛma nyinaa nam ne so, na ɔwɔ nneɛma nyinaa” no (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:41).

Nokorɛ a Onyankopɔn de ama yɛn nyinaa mu no, baako a ɛyɛ fapem ma yɛn asase so abrabɔ mu ne sɛ Ɔyɛ yɛn Soro Agya. Yɛyɛ Ne honhom mma mmarima ne mma mmaa. Ɔnim na ɔdɔ yɛn yie. Na sɛ Ne honhom mma no, yɛwɔ kronkron ne hyɛbrɛ su. Yɛrete aseɛ na yɛasɔ saa ɛnniawieeɛ nokorɛ yi mu no hyɛ yɛn nso, som boɔ, ne botaeɛ a ɛhyiraeɛ na ɛkyerɛɛ yɛn kwan wɔ berɛ a na yɛmmaa asase so no abrabɔ mu no bɛtoa so ɛnnɛ ne afebɔɔ.

nkorɔfoɔ a wɔrefa nkatanim mu

Na Yɛka Agya no ho Mfitiaseɛ no

Berɛ a yɛhwehwɛ nokorɛ no “sɛdeɛ na wɔteɛ no,” yɛhunu saa nsɛmfua yi firi yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo hɔ: “Na afei, nokorɛ mese mo sɛ, mfitiaseɛ no na me ne Agya no wɔ hɔ, na mene Abakan no,” na “mo nso na mo ne Agya no wɔ hɔ mfitiaseɛ no” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 93:21, 23).

Ansa na yɛrebɛtena asase so no, yɛkɔɔ agyinatuo wɔ soro ɛna yɛn Soro Agya de N’anigyeɛ nhyehyɛeɛ keseɛ no kyerɛɛ yɛn. Nkɔmhyɛni Joseph Smith kyerɛkyerɛɛ sɛ Onyankopɔ nkuranhyɛ ma Ne nhyehyɛeɛ ne sɛ ɔma yɛn “akwanya de kɔ nkan te sɛ ɔno ankasa [na] yɛne no anya mpagya.” N’adwuma ne animuonyam ne sɛ “ɔde ɛnwuo tebea ne nkwa a ɛnniawieeɛ bɛba ama onipa” (Moses 1:39).

Yɛnam yɛn pɛ so faa sɛ yɛbɛdi Ɔsoro Agya nhyehyɛeɛ so. Ɛyɛ nhyira sɛ wɔawo yɛn aba saa abrabɔ yi mu, baabi a yɛbɛtumi akɔso anya ɔpɛ na yɛahunu owuo, asua adeɛ, na yɛatu mpɔn abɛn daa nkwa.

Honam mu akwantuo yi mu, yɛbɛhyia ɔhaw ne akyirisane ahodoɔ. Nanso ɛnhia sɛ yɛn nko ara hyia abrabɔ mu amanehunu. Joseph Smith kyerɛkyerɛɛ sɛ Ɔsoro Agya, “Ɔwofoɔ Kɛseɛ ma wiase, de agyayɛ ne agya aniwa hwɛ adasamma abusua nyinaa so.”

Yɛn Soro Agya, “Mmɔborɔhunu Agya, ne awerɛkyekyerɛ nyinaa Nyankopɔn,” bɛhyira yɛn, apagya yɛn, na wakyekyere yɛn werɛ “wɔ yɛn ahohia nyinaa mu, sɛdeɛ yɛbɛtumi akyekyere wɔn a wɔwɔ ɔhaw biara mu werɛ, denam awerɛkyekyerɛ a Onyankopɔn de kyekyere yɛn ankasa werɛ no so.” (2 Korintofoɔ 1:3–4). Sɛ Ne nhyehyɛeɛ no fa a ɛhia no, Ɔsoro Agya ama kwan a yɛbɛfa so asane akɔ Ne nkyɛn.

Getsemane Turo, Israel

Ɔkwan a Yɛde kɔ Yɛn Agya hɔ

Nokorɛ a ɛwɔ “nneɛma ho sɛdeɛ wɔteɛ ankasa” (Jacob 4:13) mu da hɔ: yɛn nko ara rentumi nnya yɛn tumi nyinaa sɛ yɛn Soro Agya mma. Yesu Kristo, Agya no Ba Abakan wɔ honhom mu no, yɛɛ apam sɛ ɔbɛyɛ yɛn Agyenkwa ne Odimafoɔ.

Yesu Kristo, “Agya no Dɔ Ba Koro, a adom ne nokorɛ ahyɛ no ma, mpo nokorɛ Honhom no, ba bɛtenaa honam mu, na ɔtenaa yɛn ntam” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 93:11). Ɔbɛkyerɛɛ yɛn kwan a yɛde bɛhunu anigyeɛ, nteaseɛ, ne ahurisie wɔ abrabɔ yi mu ne ɛnniawieeɛ mu.

“Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ wiase nie, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro maeɛ, na obiara a ɔgye no die no anyera, na wanya daa nkwa.”

Na Onyankopɔn ansoma ɔba no amma wiase sɛ “ ɔmmɛbu wiase atɛn, na mmom sɛ wɔmfa ne so nnye wiase.(Yohane 3:16–17).

Agyenkwa no asase so suahunu no ho hia. “Wannya mahyɛ mfitiaseɛ no, mmom Ɔnyaa adom kɔɔ adom so” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 93:12). Ɔnyinii kɔsii sɛ “ɔnyaa Agya no animuonyam mahyɛ no,” ne “tumi nyinaa, deɛ ɛwɔ soro ne asase so nyinaa, na na Agya no animuonyam ka ne ho, ɛfiri sɛ ɔtenaa ne mu” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 93:16–17). Agyenkwa no kyerɛkyerɛɛ sɛ:

“Mema mo saa nsɛm yi sɛdeɛ mobɛte aseɛ na moahunu sɛdeɛ mobɛsom, na moahunu deɛ mosom, sɛ mobɛba Agya no hɔ wɔ me din mu, na berɛ a ɛsɛ mu no moagye ne mahyɛ.

“Na sɛ modi m’ahyɛdeɛ so a, mobɛnya ne mahyɛ, na wɔahyɛ mo animuonyam wɔ me mu sɛdeɛ meteɛ wɔ Agya no mu no; ɛno nti, mese mo sɛ: Mobɛnya adom wɔ adom mu”.(Nkyerɛkyerɛ neApam 93:19–20).

Wɔ Getsemane Turo mu ne asɛnnua no so no, Yesu Kristo faa wiase bɔne too Ne ho so na ɔfaa awerɛhoɔ ne “yea ne amanehunu ne nsɔhwɛ biara bi” nyinaa mu (Alma 7:11). Yei “maa [Ɔno], nea ɔsene obiara no, ho popoe esiane yea nti, na mogya tuu no wɔ ne honam tokuro biara mu” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 19:18). Ɛnam Yesu Kristo ne Ne Mpata ne Wusɔreɛ no so nko ara na nkwagyeɛ ne mpagya bɛba mu.

Ɛnam Agyenkwa no adom ne mpata afɔrebɔ no so, yɛbɛtumi anyini kɔsi sɛ yɛbɛnya mahyɛ na da bi wɔatumi de yɛn aba pɛpɛyɛ mu. Sɛ yɛbɛdi Agyenkwa no nhwɛsoɔ so na yɛadi Ne mmaransɛm so a, Ɔbɛdi yɛn anim na wakyerɛ yɛn kwan a yɛbɛfa so asan akɔ yɛn Soro Agya no animuonyam anim.

Kristo mfonin a ɔnam kwan so rekɔ Yerusalem

Kristo nam Kwan so rekɔ Yerusalem, ɛfiri Michael Coleman hɔ, mma wɔnyɛ so bi.

Wobɛgye N’a Kyɛdeɛ?

Wɔ nokorɛ ahoroɔ a “ɛfa nneɛma ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ ankasa” no (Jacob 4:13), yɛhunu sɛ yɛn suahunu wɔ ɛnniawieeɛ mu no, yɛbɛkyerɛ sɛ yɛbɛpaw sɛ yɛbɛdi Yesu Kristo akyi na yɛanya akyɛdeɛ ahoroɔ a Ɔde ma no. Twerɛnsɛm kyerɛkyerɛ sɛ yɛn “ani bɛgye deɛ yɛayɛ krado sɛ yɛbɛgye no ho.” Awerɛhosɛm ne sɛ, ebinom “rennya ɔpɛ sɛ wɔbɛnya deɛ anka wɔbɛnya no mu anigyeɛ” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:32).

M’asɛmpatrɛ titenani, Elder Marion D. Hanks (1921–2011), a ɔsomm sɛ Aduɔson Amansan Sodifoɔ no kyerɛkyerɛɛ n’asɛmpatrɛfoɔ sɛ yɛrebisa deɛ yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛgyeɛ na yɛanya mu anigyeɛ no yɛ ɔkwan a yɛbɛtumi afa so ahunu baabi a yɛgyina wɔ yɛn honhom mu akwantuo mu. “Na mfasoɔ bɛn na onipa bɛnya sɛ wɔma no akyɛdeɛ, na wannye akyɛdeɛ no?” Berɛ a yɛregye Agyenkwa no akyɛdeɛ denam nsiyɛ so hwehwɛ na yɛdi N’akyi no, yɛn ani bɛgye daa nkwa ho ne “deɛ ɔyɛ [saa] akyɛdeɛ no mafoɔ no ho.” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:33). Saa akyɛdeɛ yi a wɔde ma ɔdɔ mu no “yɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ nyinaa mu kɛse pa ara” . (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 14:7).

Nyankopɔn yɛ yɛn Soro Agya. Ɔnim na Ɔdɔ yɛn. Berɛ a yɛkɔ Ne nkyɛn wɔ yɛn nokorɛ hwehwɛ mu no, yɛbɛtumi de yɛn ho abata nimdeɛ, anya nyansa, asɔ nokorɛ mu, adɔ suban pa, na yɛabata hann a ɛfiri Ne nkyɛn no (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:40). Afei yɛkɔ so wɔ yɛn abrabɔ nyinaa mu kɔsi sɛ “da no bɛba a [yɛ] bɛte Onyankopɔn mpo ase, a wɔbɛma no ayɛ ntɛm wɔ ne mu ne ne ho” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:49).

Ɛbɛyɛ animuonyam ne anigyeɛ da kɛseɛ.

Atwerɛ

  1. Asɔre no Atitenafoɔ Nkyerɛkyerɛ: Joseph Smith (2011), 210, Asɛmpa Akoraeɛ

  2. Nkyerɛkyerɛ: Joseph Smith, 39.