2025
Nya Anigyeɛ wɔ W’asɛmpa Akwantuo mu
Kutawonsa 2025


“Nya Anigyeɛ wɔ W’asɛmpa Akwantuo mu,” Liahona, Kutawonsa 2025.

Bosome bosome Liahona Nkrasɛm, Kutawonsa 2025

Nya Anigyeɛ wɔ W’asɛmpa Akwantuo mu

Ade titire a ɛfiri ɔdɔ a yɛwɔ ma Awurade berɛ a yɛdi Ne mmaransɛm so mu ba yɛ nhyira a ɛde anigyeɛ ne ahurisie ba.

Thailand Asɔremma a wɔresere

Thailand Asɔremma a wɔn ani agyeɛ mfonin firi Christina Smith hɔ.

Berɛ a na meresom sɛ mission kandini wɔ Japan mfeɛ bi a atwam no, nnawɔtwe awieeɛ bi mekɔɔ nhyiamu wɔ kuro ketewa baako mu wɔ yɛn mission mantwea baabi. Na mansini titenani no ayɛ nhyehyɛeɛ sɛ me ne ɔbarima bi a wabɛka asɔre no ho afe a atwam no mu na ɔrehwehwɛ sɛ ɔbɛnya tɛmpol nkamfoɔ krataa bɛyɛ nhwehwɛmu. Na ɔwɔ anidasoɔ sɛ ɔbɛnya n’ankasa akyɛdeɛ kronkron ansa anaasɛ n’asubɔ afenhyiada awieeɛ.

Wɔ yɛn nkɔmmɔdie mu no, asɔreba foforɔ yi kyerɛkyerɛɛ n’anisɔ a ɔwɔ ma nhyira dodoɔ a ne nsa aka wɔ afe no mu firi berɛ a ɔbɔɔ asu no. N’ani gyee nnawɔtwe, nnawɔtwe adidikronkron ne nhyiamu afoforɔ ho. Ɔde ne ho bɛhyɛɛ brankye no nnwumadie mu yie. M’afam no, ɔdaa apam mu ahotosoɔ adi a na ɛfifi n’asɛmpa botaeɛ nteaseɛ mu, a na abɛka ne ho seesei. Na ɔyɛ adwensakyera mu Kristo kyidini a wanya akoma mu nsakraeɛ suahunu kɛseɛ (hwɛ Mosiah 5:2).

Yɛn nkɔmmɔdie nkaeɛ no faa anidasoɔ nhyehyɛeɛ kwan so. Yɛdii n’ayɛyɛdeɛ ne apam a ɛbɛba abɛka ne tɛmpol suahunu no ho nkɔmmɔ. Ɔbuaa nsɛmmisa a wɔasiesie fa tɛmpol nkamfoɔ krataa gyeɛ ho no mu biara pɛpɛɛpɛ.

Nsɛmmisa no akyi, mekae sɛ mekaa sɛdeɛ m’ani sɔɔ akwanya a mede hyiaa ɔbarima sononko saa kyerɛɛ mansini titenani no. Meka sɛdeɛ m’ni gyee sɛ asɛmpatrɛfoɔ ne asɔremma hunuiɛ, na wɔtetee obi a ɔwɔ bɔhyɛ saa wɔ honhom mu kyerɛɛ no.

Me ho dwirii me berɛ a mansini titenani no kaa sɛ berɛ a ɔbarima yi firii aseɛ gyee adesua ahoroɔ firii asɛmpatrɛfoɔ no hɔ na ɔkɔɔ asɔre bɛboro afe ntam no, na ɔnni baabi te na na ɔwɔ tebea a ɛmu yɛn den yie—a na anidasoɔ nni mu—ahoroɔ mu. Afei mansini titenani no kyerɛkyerɛɛ sɛdeɛ ɔbarima yi asɛmpa adesua ne ne nsakraeɛ wɔ abosome bi ntam de no kɔɔ nsesaeɛ nwanwasoɔ mu, a ɛde no sii honhom ne honam mu ahotosoɔ kwan so na ɛmaa no botaeɛ ne anigyeɛ atenka.

Asɛmpa no maa no n’abrabɔ mu botaeɛ mfonin kann bi. Asɛmpa no nokorɛ a ɛmu da hɔ pefee na ɛsom boɔ no de nsɛmmisa a ɛho hia fa owuo ho mmuae baeɛ, na ɛhyɛɛ aseɛ firii nimdeɛ a ɛne sɛ “Onyankopɔn yɛ yɛn Soro Agya, na yɛyɛ ne mma. Onyankopɔn nim yɛn ankasa na Ɔdɔ yɛn.” Wɔ Ne nhyehyɛeɛ mu no, “Ɔsoro Agya ama akyɛdeɛ ne akwankyerɛ bebree a ɛbɛboa ama yɛasan akɔ N’anim.”

Saa nhyira yi na wɔde maa ɔbarima yi, a ɛwɔ hɔ pɛpɛɛpɛ ma Onyankopɔn mma nyinaa ɛnam Yesu Kristo asɛmpa no so.

Abrabɔ Botaeɛ

Esiane sɛ Yesu Kristo nam Nkɔnhyɛni Joseph Smith so san de n’asɛmpa no baeɛ nti, “Yɛwɔ abrabɔ botaeɛ, onipa ko a yɛyɛ ho nteaseɛ,” Titenani M. Russell Ballard na ɔseɛ (1928–2023). Wɔ n’adansedie a ɛtwa toɔ ma Asɔre no mu no, Titenani Ballard, a saa berɛ no na ɔyɛ Asomafoɔ Dummienu Kuo no Titenani ananmusini no kaa sɛ:

Yɛnim onipa ko a Onyankopɔn yɛ; yɛnim onipa ko a Agyenkwa no yɛ, ɛfiri sɛ yɛwɔ Joseph, a ɔkɔɔ nnua kwaeɛ mu sɛ abarimaa, kɔhwehwɛɛ ne bɔne fafire.

“Me ho dwirii me, na megye di sɛ mo mu pii nso yɛ saa, wɔ sɛnea wɔahyira yɛn sɛ yɛbɛhunu deɛ yɛnim fa yɛn asetena mu atirimpɔ ho, deɛ enti a yɛwɔ ha, deɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ na yɛayɛ wɔ yɛn daa daa asetena mu.“

Ɛkɔ ma Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mma sɛ, Onyankopɔn nkwagyeε nhyehyɛeɛ a “ɛwie pɛpɛyɛ” no nteaseɛ ka nimdeɛ ho. Wɔsan frɛ no “anigyeɛ nhyehyɛeɛ kɛseɛ no,” “ɔgyeɛ nhyehyɛeɛ, ” ne “mmɔborɔhunu nhyehyɛeɛ no” (Alma 42:8, 11, 15), “ɛyi asetena mu ahintasɛm firi hɔ ne akyinnyeɛ firi yɛn daakye mu.” Deɛ ɛho hia wɔ saa nhyehyɛeɛ no mu ne “Kristo nkyerɛkyerɛ no,” a ɛyɛ abrabɔ botaeɛ titire.

Esiane sɛ yɛwɔ asɛmpa no nti, yɛnim sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma, a wɔde yɛn aba asase so sɛ wɔnsɔ yɛn nhwɛ, mpɔ yɛn ho, na wɔmfa Adwammaa no nkonimdie ne n’animuonyam so nsieisie yɛn mfiri awufoɔ wusɔreɛ mu mmra.”(Nkyerɛkyerɛ ne Apam 76:39). Yɛnim mmaransɛm no na wɔakyerɛkyerɛ yɛn “yie sɛ [yɛ] nim papa ne bɔne” (2 Nephi 2:5). Yɛnim sɛ yɛwɔ asase so sɛ yɛbɛdɔ na yɛasom. Na yɛnim sɛ Agyenkwa no afrɛ yɛn sɛ yɛnni wiase so na yɛmmoa afoforɔ ma wɔnyɛ sa ara (hwɛ Yohane 16:33; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 64:2) wɔ ahosiesie mu mma Ne Mmaeɛ a Ɛtɔ so Mmienu no.

Berɛ a yɛn ani kɔ Ne so no, deɛ Joseph Smith frɛɛ no “Awurade Yesu Kristo asɛmpa dɛɛdɛ no nne no” bɛhyɛ yɛn den wɔ nna a ɛmu yɛ den mu na” ɛde nteaseɛ ne botaeɛ bɛba yɛn abrabɔ mu ne afoforɔ deɛ mu.

Yesu Kristo

Kotodwe Biara Bɛkoto, ɛfiri Dan Wilson hɔ, wɔnnyɛ ne nhwɛsoɔ

Setie, Nhyira, Anigyeɛ

Onyankopɔn ama yɛn suban pa ho ahofadie sɛdeɛ yɛbɛbu deɛ yɛyi ho nkonta (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 101:78; 2 Nephi 2:16). Sɛ ɔfa bi wɔ “nneɛma nyinaa ho sɔretia ho no” (2 Nephi 2:11), Satan wɔ kwan sɛ ɔsɔ yɛn hwɛ de yɛn ahofadie yɛ nneɛma basabasa.

Nanso Awurade Yesu Kristo, a “ɔnim amanehunu a ɛbɛba asase so ateasefoɔ so” wɔ yɛn mmerɛ mu no, frɛɛ Nkɔmhyɛni Joseph Smith, “kasa kyerɛɛ no firii ɔsoro na ɔmaa no mmaransɛm” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 1:17). Saa kwan no a Awurade fa so da Ne mmaransɛm ne Ne pɛ adi kyerɛ Ne nkɔnhyɛfoɔ no rekɔ so wɔ yɛne Titenani Russell M. Nelson mmerɛ yi mu—wɔ sɛnti korɔ no ara. Onyankopɔn pɛ sɛ ɔde yɛn kɔ anigyeɛ mu wɔ saa asetena yi mu ne sɛlɛtia animuonyam mu wɔ asetena a ɛdi hɔ no mu.

Ɛsɛ sɛ setie a yɛyɛ ma Onyankopɔn mmaransɛm no firi ahofama ne ɔdɔ a yɛwɔ ma no no mu. Awurade Yesu Kristo no ankasa kaa sɛ, sɛ yɛbɛdɔ Onyankopɔn no “ne mmarasɛm a ɛdi kan na ɛyɛ kɛseɛ” (hwɛ Mateo 22:37–38). Ɔmaa nhunumu foforɔ berɛ a ɔkaa sɛ, ”Sɛ modɔ Me a , monni mahyɛdeɛ so” (Yohane 14:15).

Abasobɔ wɔ hɔ ma Awurade ho dɔ ne Ne mmaransɛm so die. Wɔ saa mmerɛ yi mu no ɔkyerɛkyerɛɛ “mmara, a ɔntumi nsakra mu wɔ ɔsoro, a nhyira nyinaa gyina so—

“Na sɛ yɛnya nhyira bi firi Onyankopɔn hɔ a, na ɛnam setie a yɛyɛ ma saa mmara a ɛgyina soɔ no” (Nkyerɛĩyerɛ ne Apam 130:20–21).

Enti, deɛ ɛfiri ɔdɔ a yɛkyerɛ ma Awurade berɛ a yɛdi Ne mmaransɛm so mu ba no yɛ nhyira a ɛde anigyeɛ ne ahurisie ba.

Yɛrehwɛ asetena wɔ asɛmpa a wɔasan de aba no ne abɛɛfo adiyisɛm aniwa mu ma yɛn nteaseɛ. Wɔ yɛn soro nhunumu fa yɛn mfitiaseɛ ne nkrabea ho no, yɛnim sɛ “nneɛma pɔtee a ɛbɛma [yɛn] asetena ayɛ papa sɛdeɛ ɛ bɛtumi no yɛ nneɛma korɔ no ara a ɛbɛtumi ama [yɛn] asetena wɔ daa nkwa nyinaa mu ayɛ papa sɛdeɛ ɛ bɛtumi ayɛ no!”

Awieeɛ

Mewie wɔ baabi a mehyɛɛ aseɛ, a merekae me ne deɛ ɔsakyeraa foforɔ wɔ Japan mfeɛ bi a atwam suahunu no. Ɛnam ne mmɔdemmɔ ne asɛmpatrɛfoɔ ne asɔremma mmɔdemmɔ so, ɔhunuu Yesu Kristo asɛmpa a wɔasan de aba no. Ɔhunuu asɛmpa no, ɔsan hunuu ne botaeɛ, a ɛtrɛɛ n’anisoadehunu mu. Ɔsan hunuu anigyeɛ nhyehyɛeɛ kɛseɛ no. Setie a ɔyɛ maa nhyehyɛeɛ no asɛmpa apam no maa no nhyira ne anigyeɛ, na ɛmaa no so wɔ honam ne honhom mu.

N’akwantuo a ɛde no bɛyɛɛ Yesu Kristo Asɔre no ba maa no bɛyɛɛ Yesu Kristo adanseni. Elder Patrick Kearon a ɔka Asomafoɔ Dummienu Kuo no ho akyerɛkyerɛ anigyeɛ a ɛdi soɔ:

“Esiane ɔdɔ nhyehyɛeɛ a yɛn Soro Agya ayɛ ama Ne mma mu biara, na esiane yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo ɔgyeɛ abrabɔ ne botaeɛ nti, yɛbɛtumi—na ɛwɔ sɛ—yɛyɛ nkorɔfoɔ a wɔwɔ anigyeɛ pa ara wɔ asase so! Mpo berɛ a asetena mu ahum a ɛwɔ wiase a ɛtaa yɛ basaa mu no bɔ yɛn no, yɛbɛtumi anya anigyeɛ ne yɛn mu asomdwoeɛ atenka a ɛrenya nkɔsoɔ na ɛtena hɔ ɛnam yɛn anidasoɔ wɔ Kristo mu ne yɛn nteaseɛ a yɛwɔ wɔ yɛn ankasa gyinabea wɔ anigyeɛ nhyehyɛeɛ fɛɛfɛ no mu nti.”

Mede m’aseda ne adanseɛ a ɛfa Yesu Kristo asɛmpa a wɔasan de aba no, a anigyeɛ nhyehyɛeɛ kɛseɛ a wɔde ahyɛ mu ka ho no ma. Meto nsa frɛ mo sɛ monni asɛmpa nnuaba no na na monnya anigyeɛ kɛseɛ wɔ saa asetena yi mu berɛ a moretu kwan akɔ nkwa a ɛnniawieeɛ mu.