2025
Yɛdi Yesu Kristo Akyi berɛ a Yɛka Ne ho wɔ N’adwuma mu
Ayɛwohomumɔ 2025


“Yɛdi Yesu Kristo Akyi berɛ a Yɛka Ne ho wɔ N’adwuma mu,” Liahona, Ayɛwohommumɔ 2025.

Bosome bosome Liahona Nkransɛm, Ayɛwohomumɔ 2025

Yɛdi Yesu Kristo Akyi berɛ a Yɛka Ne ho wɔ N’adwuma mu

Yɛde yɛn ho hyɛ Agyenkwa no adwuma mu berɛ a yɛde yɛn adwene si N’atirimpɔ ahodoɔ so, di Ne mmaransɛm so, na yɛdodɔ yɛn ho.

Kristo ne Ɔdefoɔ Sodifoɔ Kumaa no

Nkyerɛkyerɛmu firi Kristo ne Ɔdefoɔ Sodifoɔ Kumaa no, ɛfiri Heinrich Hofmann hɔ

Sɛ wɔbɔ yɛn asu a, yɛhyɛ Yesu Kristo din a yɛrefa ato yɛn so no ase. Saa kwan yi fa bi kyerɛ sɛ yɛka Agyenkwa no ho wɔ N’adwuma mu. Titenani Dallin H. Oaks, Fotufo a ɔdi Kan wɔ Titenafoɔ a Wɔdi Kan no mu twerɛɛ sɛ, “Nteaseɛ a ɛho hia pa ara wɔ Kristo din a yɛrefa ato yɛn so no mu baako [yɛ] ɔpɛ ne ahofama sɛ yɛbɛfa Agyenkwa no ne N’ahemman no adwuma.”

Agyenkwa no adwuma ne sɛ “ɔde onipa ɛnwuo tebea ne nkwa a ɛnni awieeɛ bɛba” (Moses 1:39). Ɛnwuo tebea yɛ akyɛde a ɛnni ano a Yesu Kristo nam Ne wusɔreɛ so ahyɛ ho bɔ dada. Nanso, nkwa a ɛnni awieeɛ ne ɛnwuo tebea nyɛ adekorɔ. Nkwa a ɛnni awieeɛ ne akyɛdeɛ kɛseɛ pa ara a Onyankopɔn bɛtumi de ama nnipa (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 14:7). Ɛyɛ sɛ yɛbɛtena N’anim sɛ mmusua afebɔɔ. Sɛ yɛbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ a, ɛsɛ sɛ yɛbɛyɛ Yesu Kristo akyidifoɔ anokwafoɔ. Yei kyerɛ sɛ yɛgye asɛmpa a wɔasan de aba no berɛ a yɛnya gyedie wɔ Agyenkwa no ne Ne Mpata no mu, yɛsakyera, bɔ asu, gye Honhom Kronkron akyɛdeɛ no, yɛyɛ na yɛdi tɛmpol apam ahodoɔ so, na yɛgyina kɔduru awieeɛ. Yɛregyina akɔduru awieeɛ bi ne sɛ yɛreka Agyenkwa no ho wɔ N’adwuma mu.

Yɛde Ahopereɛ de yɛn ho rehyɛ mu

Yɛde yɛn ho hyɛ Agyenkwa no adwuma mu berɛ a yɛboa Onyankopɔn mma ma wɔn nso bɛyɛ Yesu Kristo asuafoɔ anokwafoɔ. Yei bi ne sɛ yɛrekyɛ N’asɛmpa no, na ɛnam so aboaboa Israel a apete ano, berɛ a yɛreyɛ asɛdeɛ a ɛwɔ Agyenkwa no Asɔre mu na yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ te sɛ Ɔno. Yɛn “nkonimdie [wɔ N’adwuma mu] nnyina sɛdeɛ afoforɔ yi sɛ wɔbɛbua [yɛn], [yɛn] nsatofrɛ ahodoɔ, anaa [yɛn] nokorɛ ayamyɛ nneyɛɛ so.” Titenani Russell M. Nelson kaa sɛ, “Berɛbiara a woyɛ biribiara a ɛboa obi—wɔ nkataanim no fa biara—ma wɔtu anammɔn kɔ anim sɛ wɔne Onyankopɔn bɛyɛ apam na wɔagye wɔn asubɔ ne tɛmpol ayɛyɛdeɛ a ɛho hia no, na woreboa aboaboa Israel ano.”

Sɛdeɛ yɛbɛyɛ Agyenkwa no adwuma yɛn adwuma no, yɛde yɛn adwene si N’atirimpɔ ahodoɔ so, di Ne mmaransɛm so, na yɛdodɔ yɛn ho. Berɛ a yɛyɛ N’adwuma wɔ Ne kwan so no (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 51:2), Nneɛma bi wɔ hɔ a, wɔgya ma yɛn ankasa. Agyenkwa no ka kyerɛɛ Ahotefoɔ a wɔhyiaa mu wɔ Jackson County, Missouri no sɛ:

“Na hwɛ, ɛmfata sɛ mɛhyɛ wɔ nneɛma nyinaa mu; na deɛ wɔhyɛ no wɔ nneɛma nyinaa mu no, ɔyɛ ɔkwadwofoɔ na ɔnyɛ akoa nyansafoɔ; ɛno nti ɔnnya akatua biara.

“Nokorɛ mese, ɛwɔ sɛ nnipa de ahopereɛ de wɔn ho hyɛ adwuma pa mu, , na wɔyɛ nneɛma bebree wɔn wɔn ankasa pɛ mu, na wɔda teneneeyɛ pii adi;

“Ɛfiri sɛ tumi no wɔ wɔn mu, ɛno mu na wɔyɛ ananmusifoɔ ma wɔn ho. Na mpɛn dodoɔ a nnipa yɛ papa no, kwan biara so, wɔrenhwere wɔn akatua” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 58:28).

Berɛ a yɛdi Agyenkwa no akyi, ka Ne ho wɔ N’adwuma mu, na yɛboa afoforɔ ma wɔbɛyɛ N’asuafoɔ anokwafoɔ no, yɛkyerɛkyerɛ deɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ. Esiane sɛ wɔmmaa yɛn tumi sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ biribi foforɔ biara nti (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 52:9, 36), yɛde yɛn adwene si Ne nkyerɛkyerɛ no so a yɛnkyea (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 68:25). Bio, yɛde yɛn adwene si onnibiefoɔ, ahiafoɔ ne amanehunufoɔ so titire (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 52:40). Wɔmaa saa nsɛm a wɔsii so dua yi daa adi pefee berɛ a Agyenkwa no faa asɛm firii Yesaia wɔ hyiadan bi mu wɔ Nasaret no:

“Awurade Honhom wɔ me so, ɛfiri sɛ wasra me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ; wasoma me sɛ memmɛsa wɔn a wɔn akoma abubuo yadeɛ, memmɛka ɔgyeɛ nkyerɛ nnommumfoɔ, ne adehunu nkyerɛ anifirafoɔ, memmɛma wɔn a wɔapira nnya fahodie,

“Sɛ menka Awurade adom da no ho asɛm” (Luka 4:18–19; san hwɛ Yesaia 61:1–2).

Awurade adom da no kyerɛ berɛ a wɔbɛhwie Onyankopɔn apam nhyira nyinaa agu Ne nkorɔfoɔ so. Yɛdi Yesu Kristo akyi berɛ a yɛto nsa frɛ afoforɔ sɛ wɔnnye nhyira wɔ apam a wɔne Onyankopɔn yɛ na wɔdi so mu ne berɛ a yɛhwɛ wɔn a wɔyɛ ahiafoɔ anaa wɔhia mmoa wɔ kwan foforɔ so.

Yɛreka Yesu Kristo ho wɔ N’adwuma yɛ anigyesɛm ɛfiri sɛ N’adwuma, nhyehyɛeɛ ne botaeɛ ahodoɔ “ntumi nsɛe, na ɛntumi nyɛ kwa“ (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 3:1). Wɔn a wɔte nka sɛ wɔn aba mu abu no, Awurade tuu fo sɛ: “Ɛno nti, mma mommrɛ wɔ papayɛ mu, ɛfiri sɛ moreto adwuma kɛseɛ bi fapem. Na wɔ nneɛma nketewa mu na akɛseɛ pie ba” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 64:33). Yɛma Awurade ha Ne ho wɔ otwa ho, na yɛyɛ yɛn fam deɛ kɛkɛ.

Akoma ne Adwene a ɛwɔ Ɔpɛ

Yɛreyɛ yɛn fam deɛ yɛ mmerɛ kyɛn sɛdeɛ yɛbɛtumi asusu ɛfiri sɛ ɛnhia sɛ yɛde talɛnte anaa tumi sononko ba Awurade adwuma mu. Deɛ Ɔhwehwɛ ara yɛ ahofama ne ɔpɛ kɛkɛ. Awurade ka kyerɛɛ Ahotefoɔ a wɔwɔ Kirtland, Ohio sɛ, “Hwɛ, Awurade hwehwɛ akoma ne adwene a ɛwɔ ɔpɛ” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 64:34). Awurade bɛtumi ama deɛ ɔwɔ ɔpɛ no atumi, nanso Ɔntumi anaa Ɔremma deɛ ɔbɛtumi no ɔpɛ. Kwan foforɔ so no, sɛ yɛwɔ ahofama ne ɔpɛ a, Ɔbɛtumi de yɛn ayɛ adwuma. Nanso ɛmfa ho ne talɛnte a yɛwɔ no, Ɔremfa yɛn nyɛ adwuma gye sɛ yɛwɔ ahofama ma N’adwuma ne ɔpɛ sɛ yɛbɛboa No.

Samuel ne Anna-Maria Koivisto kyerɛɛ ahofama ne ɔpɛ nyinaa. Wɔn awadeɛ akyi no ara, Koivistofoɔ no tu firii Jyväskylä, Finland, kɔɔ Göteborg, Sweden, kɔhwehwɛɛ adwuma mu kwan ahodoɔ. Wɔduruu hɔ no, wɔtoo nsa frɛɛ Onuabarima Koivisto sɛ ɔnkɔsra Titenani Leif G. Mattsson, a ɔyɛ fotufoɔ wɔ Göteborg Sweden Stake titenafoɔ no mu. Esiane sɛ na Samuel nte Sweden kasa nti wɔbɔɔ nkɔmmɔ no wɔ Borɔfo kasa mu.

Nsra tiawa bi akyi, Titenani Mattsson kaa sɛ Samuel nkɔsom sɛ ward asɛmpatrɛ kannifoɔ wɔ Utby Ward. Samuel kaa deɛ obiara nim no: “Mesrɛ, mente Sweden kasa.”

Titenani Mattsson twe bɛnn ne pono na ɔbisaa no pen sɛ, “Mebisaa sɛ wote Sweden kasa anaasɛ wowɔ ɔpɛ sɛ wobɛsom Awurade?”

Samuel buaa sɛ, “Wobisaa sɛ mewɔ ɔpɛ sɛ mɛsom Awurade anaa. Na meyɛ.”

Samuel gyee ɔfrɛ no. Anna-Maria nso gyee ɔfrɛ ahodoɔ. Wɔn baanu nyinaa de nokorɛdie somee na wɔsuaa Sweden kasa no kama wɔ saa berɛ no.

Ahofama ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛsom Awurade ayɛ ahyɛnsodeɛ wɔ Samuel ne Anna-Maria asetena mu. Wɔyɛ akatakyie wɔ Asɔre no mu. Wɔde nokorɛdie asom wɔ berɛ biara a wɔafrɛ wɔn. Wɔakyerɛ me sɛ sɛ yɛsom a yɛde talɛnte a yɛwɔ yɛ adwuma (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 60:13), na afei Awurade boa yɛn ma yɛwie N’atirimpɔ ahodoɔ.

Sɛ yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛsom a, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛnkasa anaa yɛnnwiinwii, ɛfiri sɛ yɛmpɛ sɛ yɛbɛgu yɛn som ho fi wɔ kwan biara so. Anwiinwii bɛtumi ayɛ ahofama a ɛhinhim ho sɛnkyerɛnneɛ, anaasɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Agyenkwa no nyɛ sɛdeɛ ɛsɛ sɛ ɛyɛ. Sɛ wɔansi ano kwan a, anwiinwii bɛtumi akɔso abɛyɛ atuateɛ koraa atia Awurade. Saa nkɔsoɔ yi wɔhunu wɔ Ezra Booth abrabɔ mu, obi a ɔsakyeraa ntɛm baa Asɔre no mu wɔ Ohio na wɔfrɛɛ no sɛ asɛmpatrɛni wɔ Missouri.

Berɛ a ɔfirii Ohio wɔ Ayɛwohomumɔ 1831 mu no, Ezra bo fuu sɛ asɛmpatrɛfoɔ binom tumi de teaseɛnam tu kwan na ɛsɛ sɛ ɔnante wɔ awia berɛ mu ɔhyew mu, de ka asɛmpa no wɔ saa berɛ no mu. Ɔnwiinwiiɛ. Berɛ a ɔduruu Missouri no, na ɔte nka sɛ n’aba mu abu. Na Missouri nyɛ deɛ na ɔhwɛ kwan. Mmom, ɔhwɛɛ ne ho hyiaeɛ na ɔkaa sɛ “ayɛ sɛ anidasoɔ nni hɔ papa.”

Ezra kɔɔso bɛyɛɛ onimtiabufoɔ, ɔkasatiafoɔ, ne okyinnyefoɔ. Ɔfirii Missouri no, sɛ anka ɔbɛka asɛm no berɛ a ɔkɔeɛ, sɛdeɛ na wɔaka sɛ ɔnyɛ no, ɔsan kɔɔ Ohio ntɛm ara sɛdeɛ ɔbɛtumi. Ne mfitiaseɛ anwiinwii no bɛyɛɛ ahinhim na awieeɛ no, ɔhweree honhom mu ahotosoɔ suahunu ahodoɔ a na ɔwɔ no. Ankyɛ na Ezra gyaee Asɔre no na “awieeɛ koraa no ‘ɔpoo Kristosom na ɔbɛyɛɛ obi a ɔnnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ.’”

Sɛ yɛanhwɛ yie a saa ara bɛtumi ato yɛn. Sɛ yɛankɔ so annwene daakye, ankae yɛn ho deɛ yei yɛ n’adwuma ankasa a, yɛbɛtumi anwiinwii, ahinhim, na awieeɛ koraa no yɛahwere gyedie a yɛwɔ.

Mebɔ mpaeɛ sɛ yɛbɛtumi ayi sɛ yɛdi Yesu Kristo kyi berɛ a yɛka Ne ho wɔ N’adwuma mu. Sɛ yɛyɛ saa a, wɔma yɛn “bɔhyɛ a ɛso kɛseɛ na ne boɔ yɛ den” (2 Petro 1:4). Saa nhyira yinom bi ne bɔnefakyɛ (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 60:7; 61:2, 34; 62:3; 64:3), nkwagyeɛ (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 6:13; 56:2), ne mmasoɔ (hwɛ kyerɛkyerɛ ne Apam 58:3–11; 59:23). Ampa ara, wɔma yɛn akyɛdeɛ kɛseɛ pa ara a Onyankopɔn bɛtumi de ama—nkwa a ɛnni awieeɛ ho bɔhyɛ.

Atwerɛ.

  1. Dallin H. Oaks, Ne Din Kronkron (1998), 37.

  2. Israel anoboaboa kyerɛ sɛ wɔreto nsa afrɛ obiara sɛ wɔmmɛyɛ Yesu Kristo mu agyidifoɔ mapa.

  3. Ka Me Nsɛmpa: Akwankyerɛ a Wɔde Kyɛ Yesu Kristo Asɛmpa no (2023), 13, Asɛmpa Akoraeɛ.

  4. Russell M. Nelson, “Hope of Israel” (wiase nyinaa mmabunu som, Ayɛwohomumɔ 3, 2018), Asɛmpa Akoraeɛ.

  5. Hwɛ Matthew McBride, “Ezra Booth and Isaac Morley,” wɔ Revelations in Context: The Stories behind the Sections of the Doctrine and Covenants (2016), 130–36.