“Yesu Kristo: Bɔhyɛ ne Anidasoɔ ma Amanihunu no,” Liahona, Apr. 2025.
Bosome bosome Liahona Nkransɛm, Oforisuo 2025
Yesu Kristo: Bɔhyɛ ne Anidasoɔ ma Amanihunu no.
kyerɛkyerɛ sɛ ɛnam Yesu Kristo Mpata no so, Yesu Kristo hyɛ yɛn akoma mu ma na Ɔbua nsɛmmisa a ɛhyɛ yɛn kra mu.
Nkyerɛkyerɛmu firi Michael Dunford hɔ
Mesrɛ yɛ baabi a ɛhɔ yɛ koom, honhom mu kronkronbea berɛ a worekenkan nkrasɛm yi.
Mpɛn pii no, dede wɔ yɛn wiase yi mu, basabasayɛ ne ahantan. Nanso sɛ yɛdi nokorɛ, ma yɛn ho kwan, hunu yɛn mmrɛyɛ wɔ onyankopɔn anim a, bɔhyɛ ne anidasoɔ a ɛwɔ Yesu Kristo mu no bɛyɛ hɔ. Wɔ berɛ saa mu no, yɛsrɛ:
“Mɛyɛ dɛn ahunu m’abusuafoɔ, nnamfonom, medɔfo bio?”
“Wɔ wiase a ɛretwa mu yi ‘Me yi me’ ayɔnkofa, ɛhefa na mɛnya ate asomdwoeɛ nka, anidasoɔ, ne onyankopɔn adidikronkron (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 107:19), me ne wɔn a wɔatwa me ho ahyia?”
“Obi wɔ hɔ a mɛtumi adɔ—na ɔbɛdɔ me ankasa? Apam ayɔnkofa bɛtumi anyini na atenase anaa, ɛnyɛ bɔsrɛmuka bi mmom ayɔnkofa a ɛmu yɛ den kyɛn owuo a anigyie ankasa wɔ mu na ɛni awieiɛ?”
“Baabi a yea wɔ pii no, ɔbrɛ, ne ntɛnkyea, ɛkwan bɛn na mɛfa so aboa ma asomdwoeɛ, nkabom, ne nteaseɛ wɔ Yesu Kristo ne Ne sanfama asɛmpa ne Asɔre no mu aba?”
Wɔ Yesu Amanihunu berɛ yi, Medi Yesu Kristo ho adanseɛ ne Ne bɔhyɛ ne anidasoɔ.
Bɔhyɛ a ɛwɔ Apam nkaho ne ne botaeɛ mu
Onyankopɔn, yɛn Oniawieiɛ Agya a ɔwɔ Soro; Yesu Kristo, Ne Dɔ Ba; ne Sunsum Kronkron no bɛn yɛn. Wɔn ɛnniawieeɛ hann, tema, ne ɔgyeɛ dɔ kabom wɔ abɔdeɛ boteaɛ ne sɛnti a yɛwɔ ha. (hwɛ Alma 30:44; Moses 6:62-63).
Ɛsoro agyinatuo ansa na yɛreba asase so, “berɛ a adekyeeɛ nsoromma boom too ahurusie dwom, na Onyankopɔn mma mmarima ne mmaa nyinaa bɔɔ ose no” (Yob 38:7). Yɛyii ɔpɛ Afei yɛde gyedie na ɛnante. Ɛnam yɛn ankasa suahunu so, yɛhunu Onyankopɔn fɛ bɔhyɛ, adwene mu fann, anigyeɛ ne botaeɛ wɔ wiase a anidasoɔ nnim, abamubuo, ne ɔhaw ahyɛ mu ma.
Wɔannyɛ no sɛ yɛn yɛ ankonam wɔ wiase a ɛretwam yi mu. Yɛbɛtumi ne soro akasa, anya gyidie ne abusua nkabom wɔ efie ne ahoteɛfoɔ atenaeɛ, na yɛade yɛn ho, ayɛ anokwafoɔ, anigyiefoɔ berɛ a yɛfiri yɛn pɛ mu de anigyie di Onyankopɔn mmarasɛm so. Mpata—ɛberɛ-baako-mu—ɛnam Yesu Kristo mu na saa apam abusuabɔ yi ba.
Anidasoɔ a ɛwɔ Yesu Kristo abrabɔ ne Ne Botaeɛ mu
Da biara, Amanihunu mu anidasoɔ ne bɔhyɛ a nkyerɛkyerɛ ne nhyira a Yesu Kristo kyɛɛ wɔ Ne honam abrabɔ som a ewie pɛyɛ. Mfitiaseɛ na wɔyii no, wɔwɔɔ Yesu Kristo sɛ Onyankopɔn Ba Korɔ (hwɛ Yakob 4:5; Alma 12:33–34; Moses 5:7, 9). Ɔnyinii wɔ nyansa ne braneyɛ mu, nyaa adom wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim (hwɛ Luka 2:52). Ɔhwehwɛɛ sɛ ɔbɛyɛ N’Agya apɛdeɛ, Yesu Kristo de bɔne kyɛɛ, saa yareɛ, nyanee awufoɔ, na ɔkyekyee ayarefoɔ ne ankonamfoɔ werɛ.
Ɔkyeree kɔm nna 40 akyi no, ɔdii adanseɛ, “Awurade Honhom wɔ me so, ɛfiri sɛ wasra me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ; wasoma me sɛ memmɛsa wɔn a wɔn akoma abubuo yadeɛmemmɛka ɔgyeɛ nkyerɛ nnommum, ne adehunu nkyerɛ anifirafoɔ, memmɛma wɔnya fahodie wɔn a wɔapira (Luka 4:18; san hwɛ Yesaia 61:1).
Ɛne yɛn mu biara
Wɔ Adidie a Ɛtwa toɔ no, Yesu Kristo hohoroo N’Asuafoɔ no nan aseɛ Gethsemane (hwɛ Yohane 13:4–8). Wɔ wiase dadaa ne foforɔ mu, “nkwa nsuo” no ne “nkwa aboodoo no” ankasa na ɔhyɛɛ adidikronkron no. Wɔ adidikronkron ayɛyɛdeɛ mu no, yɛfrɛ yɛn Agya no na yɛhyɛ apam sɛ yɛde Yesu Kristo din bɛto yɛn so, akai Agyenkwa no dabiara na yɛadi Ne mmransɛm so sɛdeɛ yɛbɛnya Ne honhom aka yɛn ho (hwɛ Luka 22:19-20; 3 Nephi 18:7, 10-11).
Wɔ Gethsemane Turom, Yesu brɛ kyɛn sɛdeɛ onipa biara bɛtumi deyɛɛ mpata gyee yɛn. Mmogya firii tokuro biara mu. Ɔfaa obiara yeaw, sɛdeɛ yɛn mmrɛ sɛ yɛbɛ sakyera a (see Nkyerɛkyerɛ ne Apam 18:11; 19:16).
Wɔyii no maaɛ na wɔtwaa ntorɔ too ne so, wɔdii Yesu Kristo ho fɛw twetwee no, na wɔde nkasɛi kyɛ hyɛɛ Ne ti (hwɛ Mateo 27:26, 29; Marko 15:15, 17, 20, 31; Luka 22:63; Yohane 19:1–2). “Yɛn amumuyɛ nti na wɔdwerɛɛ no mmaa ntampeɛ na wɔde asa yɛn yareɛ” (Yesaia 53:5). Wɔ “maa ne so wɔ asɛnnua no so” sɛdeɛ ɛbɛtwe yɛn akɔ ne nkyɛn (hwɛ 3 Nephi 27:14–15). mpo, wɔ asɛnnua no so, Yesu Kristo de bɔne kyɛɛ (hwɛ Luka 23:34). Ɔbisaa Yohane sɛ ɔnhwɛ Ne maame so (hwɛ John 19:26–27). Ɔyɛɛ ankonam (hwɛ Mateo 27:46; Marko 15:34). Sɛdeɛ twerɛsɛm no bɛhyɛ ma, Ɔkaa sɛ nsukɔm de no (hwɛ Yohane 19:28). Berɛ a ne nyinaa baa awieiɛ, Ɔno ankasa “gyaei no kra mu” (Luka 23:46; san hwɛ Yohane 10:17–18).
Yesu Kristo nim sɛdeɛ ɔbɛhyɛ yɛn den wɔ yɛn yareɛ mu, mrɛyɛ mu, ankonam, ne ahokyerɛ (hwɛ Alma 7:12). Saa haw yi taa ba ɛnam nneɛma a afoforɔ pɛ so. Ɔnim sɛdeɛ ɔne yɛn bɛdi ahurusie wɔ berɛ a yɛn ani agye ne yɛn nnaseɛ mu, ne sɛdeɛ Ɔne yɛn su ɛwɔ yɛn anigyeɛ mmorosoɔ mu. Ahoberɛaseɛ mu, wɔ Ne ne mu, Ɔfrɛ yɛn wɔ Ne din mu, ba Ne Kuo mu. Ɔfrɛ obiara wɔ baabiara. Ɔto nsa frɛ yɛn sɛ yɛn nhwɛ nte hinam wuiɛ abrabɔ yi wɔ ɛnniawieɛ aniwa mu. Berɛ a yɛnam tenenee na yɛdi yɛn apam so no, wa hyɛ bɔ sɛ nneɛma nyinaa bɛyɛ adwuma ama yɛn yiedie. (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 90:24; Romanfoɔ 8:28).
Wɔ Ne berɛ ne kwan so, san-fa ma ba—ɛnnyɛ sɛdeɛ nneɛma teɛ nkoara mmom deɛ wɔbɛtumi abɛyɛ. Nokorɛ, Yesu.Kristo bɛtumi ama yɛade yɛn ho afiri bɔne ne nkwoasom mu, afiri owuo ne bonsam gyam, na Ɔbɛtumi aboa yɛn ma yɛanya yɛn soro nipasu berɛ a yɛbɛyɛ deɛ ɛboro yɛn nsusuiɛ, nam gyidie ne adwensakyera so
Ɔgyeɛ Ho Bɔhyɛ no
Yesu Kristo nti, owuo nyɛ awieeɛ. Yesu Amanehunu berɛ yi yɛka sɛ:
Wɔ N’Agye ahyɛdeɛ ne tumi mu, Yesu na ɔbɛtumi afiri Ne pɛ mu de ne nkwa ato hɔ na wasan afa no bio (hwɛ Yohane 10:17). Berɛ a na Ne nipadua da ɔbodan mu no, Yesu Kristo som na ɔboaboa ahonhom wɔ honhom wiase hɔ, ka too dwa “wɔn nkonimdie wɔ owuo mpokyerɛ so” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 138:16).
Anɔpa ne nansa so no ɔsɔre firii ɔbodan no mu. Ɔne Mary kasaaɛ. Ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ akyidifoɔ mmienu wɔ Emmaus kwan so, N’Asomafoɔ, ne afoforɔ. (hwɛ Mateo 28; Marko 16; Luka 24; Yohane 20.)
Wɔ adanseɛ nwanwasoɔ kwan so, Ɔtoo nsa frɛɛ N’asuafoɔ sɛ wɔn nto asau no nto kodoɔ fa baako; berɛ wei deɛ, asau no hyɛɛ ma, nanso asau no antete (hwɛ Yohane 21:6-11; Luka 5:3-7). Ɔmaa asuafoɔ no aduane na ɔsrɛɛ Petro mprɛnsa sɛ ɔmma Ne nnwankuo no aduane (hwɛ Yohane 21:12-17). Ɔforo kɔɔ soro, kakyerɛɛ N’asuafoɔ saa berɛ no ne yɛn nyinaa sesei sɛ yɛn kyɛ Amanihunu no animuonyam asɛmpa ne N’asɛmpa nkyerɛ amanaman nyinaa ne nnipa nyinaa (hwɛ Mateo 28:19-20; Marko 16:15).
Yesu Kristo yɛ yɛn Dwanhwɛfoɔ Pa ne Onyankopɔn Adwammaa Ɔde Ne nkwa too hɔ maa, na Ɔde ne nkwa ma, Ne nnwan. Wɔ turom ne asɛnnua no so, Ɔfaa deɛ ɛmu ɛɛden yɛɛ mpata maa no. Wɔ berɛ ne ɛnniawieeɛ mu, ɔnam nhwɛsoɔ so kyerɛ yɛn sɛdeɛ “owuo bie kwan kɔ ɛnniawieeɛ mu.”
Ɛnam Kristo Mpata ne Owusɔreɛ no tumi so, yɛn nnipadua ne honhom no bɛsan akabom wɔ owusɔreɛ mu. Yɛbɛnya animuonyamhyɛ, yɛn nipadua ne yɛn ahosuo bɛsi ne papa mu, napɔ so napɔ so. Mpo tirinhwin a ɛwɔ yɛn ti so bɛsan aba. Yɛbɛde yɛn ho afiri yareɛ, akwanhyia, ne adwene mu yareɛ. Kristo mpata no bɛtumi ahyira yɛn ma yɛadi honhom mu wuo ne ntetemu nyinaa so. Wɔ adwensakyera mu, yɛde yɛn ho firi bɔne biara ne awerɛhoɔ so na abie ɛnniawieɛ mahyɛ wɔ ɔdɔ ne anigyeɛ mu. Kronkron, ahoteɛ, fawohodie, yɛbɛtumi asan de yɛn mmusua adɔfoɔ akɔ animuonyamhyɛ mu, sɛlɛtia Onyankopɔn ne Yesu Kristo anim.
Yɛbɛhunu yɛn adɔfo bio. Sɛ yɛne yɛn adɔfonom hyia bio a, yɛde ɛnniawieeɛ aniwa na ɛbɛhwɛ yɛn ho yɛn ho—wɔ ɔdɔ kɛseɛ, nteaseɛ, ne ayamyɛ mu. Yesu Kristo Mpata no bɛtumi aboa yɛn ma yɛn akae deɛ ɛhia titiri na yɛn werɛ afiri deɛ ɛnhia. Sɛyɛbɛhunu yɛn Agyenkwa ne yɛn ayɔnkofa wɔ gyidie kɛseɛ ne anisɔ mu de asomdwoeɛ ba, yɛ nnesoa, ka akoma ne mmusua bom wɔ berɛ ne ɛnniawieeɛ mu.
Anidasoɔ mmorosoɔ ne anigyeɛ
Amanihunu wɔ Yesu Kristo mu, soro mfɛnsene bie, bobi aduaba rewoɔ, ne asase reyɛ papa ka ho bi. Amanihunu wɔ Yesu Kristo mu no ɛka ho sɛ yɛbɛhwɛ nnyanka ne akunafoɔ na yɛn akyekye wɔn werɛ, wɔn a ɛkɔm de wɔn na wɔnni mmoa, wɔyɛ wɔn ayeayadeɛ anaa wɔn apira. ɔdwene obiara ho, Yesu Kristo to nsa frɛ yɛn sɛ yɛnhwɛ nsom wɔ ɔdɔ ne tema mu sɛdeɛ Ɔyɛ no no.
Wɔ nneɛma pa nyinaa mu, Yesu Kristo hyɛ mu ma mmorosoɔ (hwɛ Yohane 10:10; Alma 40:20–24). Ɔhyɛ bɔ sɛ “asase no ahyɛ ma, na ɛdɔɔ so mmorosoɔ” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 104:17). Ne nneɛma nyinaa nhyɛanan mu no, N’asɛmpa nyinaa, asɔfodie tumi, ne ayɛyɛdeɛ kronkron ne apam a ɛwɔ N’Asɔre, a wɔfrɛ no wɔ Ne din mu, mpo Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ ka ho.
Amanihunu wɔ Yesu Kristo mu no, ɛka ho sɛ Awurade fie akronkron bɛbɛn Onyankopɔn mma wɔ mmeaɛ pii, yɛde nkyerɛkyerɛ “Sion Mmepɔ so agyenkwa” bɛkɔ yɛn akoma mu (hwɛ Obadia 1:21). Awurade ama kwan a ɛsɔ ani na ɛnyɛ pɛsɛmenkomenya kwan a ɛma yɛn yɛ deɛ yɛn adɔfoɔ a awuo hia wɔ asase so na wɔn kɔn dɔ a anka wɔn ntumi nya mma wɔn ho.
Yei ne anidasoɔ, bɔhyɛ, ne adanseɛ. Medi adanseɛ fa Onyankopɔn yɛn Agya; yɛn Gyefoɔ ne Agyenkwa, Yesu Kristo, ne Honhom Kronkron no ho. Wɔ Amanehunu berɛ ne dabiara, yɛn ntumi nhunu ɛnniawieɛ anidasoɔ ne bɔhyɛ wɔ Onyankopɔn anigyeɛ nhyehyɛɛ kronkron no, ne napam kwan a ɛde nsakeraeɛ kronkron firi honam tebea mu kɔ honam a ɛnwuo ne ɛnniawieeɛ nkwa mu ba. Dabiara, Yesu Kristo Mpata no mu nokorɛ nyi wo nnesoa, mmoa ma yɛn kyekye wɔn a wɔn wɔwɔ awerɛhoɔ mu werɛ, na ɛmma yɛn kra fawohodie nya anigyeɛ a ɛhyɛ ma.
kyerɛkyerɛ sɛ ɛnam Yesu Kristo Mpata no so, Yesu Kristo hyɛ yɛn akoma mu ma na Ɔbua nsɛmmisa a ɛhyɛ yɛn kra mu.
© 2025 by Intellectual Reserve, Inc. Wɔasi hokwan ahodoɔ nyinaa. Wɔtintimm wɔ USA Borɔfo Kasa ho kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/19. Nkyeraseɛ ma Bosome bosome Liahona Nkransɛm, Oforisuo 2025. Twi. 19612 503