2025
Ɔsoro Agya Pɛ sɛ Ɔkasa kyerɛ Wo
Ɔbɛnem 2025


“Ɔsoro Agya Pɛ sɛ Ɔkasa kyerɛ Wo,” Liahona, Ɔbɛnem 2025.

Bosome bosome Liahona Nkrasɛm, Ɔbɛnem 2025

Ɔsoro Agya Pɛ sɛ Ɔkasa kyerɛ Wo

Ma wo gyidie wɔ Ɔsoro Agya ne Ne Dɔ Ba no mu mmoa wo mma wo mpae nkatanim no mu na nya Agya no nne.

abaayewa rebɔ mpaeɛ

Yɛyɛ Onyankopɔn mma mmarima ne Ne mma mmaa a yɛbom te asase so wɔ akyirikyiri firi yɛn soro fie. Yei ne yɛn ɛwuo tebea, berɛ a yɛgya yɛn nipadua, fa papa sene bɔne, “ka deɛ ɛyɛ nwono hwɛ, na [yɛn] atumi ahunu, ama deɛ ɛyɛ no asombo” (Moses 6:55), ma yɛn gyidie nyini wɔ yɛn Agyenkwa Yesu Kristo ne Ne Mpata kronkron no mu, na yɛgye yɛn Agya anigyeɛ nhyehyɛeɛ no tom. Yɛwɔ ha sɛ yɛbɛyɛ te sɛ yɛn Soro Agya no kɛse.

Sɛ yɛankae yɛn asetena ansa na wɔrewo yɛn no a, ɛtɔ mmerɛ bi a, yɛte nka sɛ yɛayɛ ankonam wɔ wiase a yɛgyaa wɔ yɛn akyi no ho. Yɛn Agya ama yɛn honhom mu akyɛdeɛ sɛ yɛbɛkɔ so ne No adi nkutaho na yɛanya atenetene, akwankyerɛ, ne awerɛkyekyerɛ afiri Ne hɔ. Yenim saa akyɛdeɛ yi yie; wɔfrɛ no mpaebɔ.

Bɔ Mpaeɛ kyerɛ Wo Soro Agya

Ɔbɔfoɔ bi kyerɛɛ Adam ne Hawa ne wɔn a wɔbɛdi wɔn akyi nyinaa sɛ, “Monsakyera na monfrɛ Onyankopɔn wɔ Ɔba no din mu daa” (Moses 5:8).

Yesu kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Mommisa, na wɔde bɛma mo; monhwehwɛ, na mobɛhunu; mommɔ mu, na wɔbɛbue ama mo” (Mateo 7:7). “Sɛ wobɔ mpaeɛ a, bɔ mpaeɛ kyerɛ w’Agya wɔ kokoam” (Mateo 6:6). “Enti mommɔ mpaeɛ sɛ: Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho nte” (Mateo 6:9).

Yesu bɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ N’agya daa. “Ɔfirii adi kɔɔ bepɔ bi so kɔbɔɔ mpaeɛ, na ɔtoaa so bɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Onyankopɔn anadwo mu no nyinaa” (Luka 6:12). “Na ɔfirii hɔ kɔɔ bepɔ bi so sɛ ɔrekɔbɔ mpaeɛ” (Marko 6:46). “Na wɔduruu baabi a wɔato din Getsemane: na ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ, Montena ha berɛ a merebɔ mpaeɛ” (Marko 14:32). Berɛ a Yesu sɛn asɛnnua no so no, ɔbɔɔ mpaeɛ maa asraafoɔ a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no sɛ: “Agya, fa kyɛ wɔn; na wɔnnim deɛ wɔreyɛ” (Luka 23:34).

Twerɛnsɛm no tu yɛn fo sɛ ‘yɛmmɔ mpaeɛ daa” (Luka 21:36; 2 Nephi 32:9; 3 Nephi 18:15; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 10:5; 19:38; 20:33; 31:12). “Fa Awurade afutuo wo nnwuma nyinaa mu, na ɔbɛkyerɛ wo kwan daa” (Alma 37:37). Afei nso, “yɛde aseda ne ayɛyie a [yɛn] kra nyinaa wɔ tumi sɛ ɛnya ma” (Mosiah 2:20), na yɛhunu deɛ yɛn Agya yɛ ma yɛn nyinaa.

Titenani Russell M. Nelson kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Honhom mu anigyeɛ firi aseɛ wɔ hunu a yɛhunu sɛ adekyeeɛ biara yɛ akyɛdeɛ a ɛfiri Nyankopɔn hɔ. Ɔkora yɛn so da biara da na ɔboa yɛn firi berɛ bi kɔsi berɛ foforɔ (hwɛ Mosiah 2:21).”

Nephi kaa sɛ, “Sɛ mobɛtie Honhom a ɔkyerɛkyerɛ onipa sɛ ɔmmɔ mpaeɛ no a, mobɛhunu sɛ ɛsɛ sɛ mobɔ mpaeɛ; ɛfiri sɛ honhom bɔne nkyerɛkyerɛ onipa sɛ ɔmmɔ mpaeɛ, mmom ɔkyerɛkyerɛ no sɛ ɛnsɛ sɛ ɔbɔ mpaeɛ” (2 Nephi 32:8).

Agyenkwa no ho nsɛm hwɛ

Nkyerɛmu a ɛfiri Kristo a Ɔrenyane Jairus Babaa, a Greg K. Olsen twerɛɛ no mu

Yɛn Agyenkwa no nhwɛsoɔ ne abɔfoɔ ne nkɔnhyɛfoɔ afotuo wɔ mfeɛ pii mu no nti, yɛnim pefee sɛ yɛbɛbɔ mpaeɛ dabiara de akyerɛ aseda wɔ yɛn nhyira ho, na yɛde mpaebɔ ahyɛ yɛn akoma mu daa. Yɛwɔ asɛdeɛ sɛ yɛne yɛn Agya di nkutaho.

Deɛ ɛyɛ dɛ mpo ne sɛ, yɛn Agya a ɔwɔ Soro no tie yɛn mpaebɔ. Asɛmmisa a wɔsusu ho wɔ wiase a ɛwuo yi mu ne sɛ, yɛbɛyɛ dɛn anya na yɛate mmuaeɛ, akwankyerɛ, ne awerɛkyekyerɛ a ɛfiri yɛn Agya hɔ no ase yie?

Wɔ m’asetena bɛboro mfeɛ aduɔson mu no, menim sɛ yɛn Agya ne yɛn kasa. Yɛnyɛ ankonam. Ɔsoro abɔdeɛ hwɛ yɛn so na wɔboa yɛn berɛ a yɛhwehwɛ sɛ yɛbɛdi Agyenkwa no akyi.

Yɛn mpaebɔ ho mmuaeɛ a yɛbɛnya no hyɛ aseɛ firi gyidie a yɛwɔ wɔ yɛn Soro Agya ne Ne Ba, Yesu Kristo mu. Yesu kaa sɛ, “Nsuro, gye di ara” (Marko 5:36). Yɛde yɛn ho to No so, yɛ deɛ yɛbɛtumi biara sɛ yɛbɛdi mmaransɛm no so, na yɛhwehwɛ Ne nsa wɔ nneɛma nyinaa mu. “Onipa mfom Onyankopɔn wɔ biribiara mu gye wɔn a wɔnka ne nsa wɔ nneɛma nyinaa mu, na wɔnni ne mmaransɛm so” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 59:21).

Onyankopɔn nsa a ɛwɔ yɛn abrabɔ mu no nkyerɛ sɛ Ɔno na ɔde awerɛhosɛm bɔne anaa huuhu a ɛwɔ yɛn wiase yi mu no ba. Nanso, ɛkyerɛ sɛ wɔ wo mmerɛ a emu yɛ den ne deɛ ɛntene mu no, Ɔbɛka wo ho, ama wo ahoɔden, akyekye wo werɛ, na “wahyira w’amanehunu so ama wo mfasoɔ” (2 Nephi 2:2).

Tie Ne Nne

Berɛ a yɛwɔ gyidie wɔ Ne mu na yɛdi Ne mmaransɛm so no, yɛsua sɛ yɛbɛte Ne nne yie.

Wɔ Ɛbɔ 1993 mu, m’afe a ɛdi kan sɛ Amansan Sodifoɔ no, Titenani James E. Faust (1920–2007), a saa berɛ no na ɔka Asomafoɔ Dumienu Kuo no ho, too nsa frɛɛ me ne me yere, Kathy, sɛ yɛne no nkɔ Brigham Young Suapɔn mu som bi ase. Kae sɛ, 1993 yɛ ansa na yɛrenya abɛɛfo telefon, sohyia miidia, ne intanɛte wɔ baabiara.

Wɔ ne kasa, a na asɛnti ne “Honhom no Nne” mu no, Titenani Faust bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Wɔ mo awoɔntoatoasoɔ mu no, ɛnne bebree bɛkɔso akyerɛ mo sɛdeɛ mobɛtena ase, sɛdeɛ mo ani bɛgye mo akɔnnɔdeɛ ho, sɛdeɛ mobɛnya biribiara. Mobɛnya tv so dwumadibea ahodoɔ a ɛkɔduru ahanum wɔ mo nsa ano. Kɔmputa dwumadie nkyerɛkyerɛ ahodoɔ, modɛm ahodoɔ a wɔde di nkutaho, nsɛm mmoano ahodoɔ, ne kaseɛbɔ pono ahodoɔ nyinaa bi bɛwɔ hɔ; kɔmputa so dawurobɔ, mfidie a ɛma yɛnya radio ne tv, ne nkutahodie nhyehyɛeɛ ahodoɔ a ɛbɛma nsɛm abu wo so bɛwɔ hɔ. Ɛnne a ɛsɛ sɛ wosua sɛ wobɛtie ne Honhom no nne.”

Titenani Boyd K. Packer (1924–2015), Asomafoɔ Dumienu Kuo no Titenani, kyerɛkyerɛɛ Honhom no nne a ɛyɛ komm, ketewa no ho asɛm wɔ John Burroughs, abɔdeɛ ho nimdefoɔ, suahunu bi a ɔkaeɛ berɛ a na ɔne ne nnamfonom nam atenaeɛ bi a nnipa ahyɛ hɔ ma. Titenani Packer nsɛm ni:

“Wɔ kurom asetena mu nnyegyeɛ ahodoɔ so [Mr. Burroughs] tee anomaa bi dwom.

“Ɔgyinaa hɔ tieeɛ! Na wɔn a wɔka ne ho no nteeɛ. Ɔhwɛɛ ne ho hyiaeɛ. Na obiara nhyɛɛ no nso.

“Ɛhaa no sɛ obiara rehwere biribi a ɛyɛ fɛ saa.

“Ɔyii dwetɛbena bi firii ne bɔtɔ mu na ɔto no kɔɔ wiem. Ɛde mpɛtia a anoden te sɛ anomaa no dwom no bɔɔ kwan no so. Obiara twaa n’ani; wɔteeɛ!

“Ɛyɛ den sɛ wobɛte anomaa dwom afiri kurom lɔɔre akwan nnyegyeɛ nyinaa ho. Nanso wobɛtumi ate. Sɛ wotete wo ho sɛ wobɛtie a, wobɛtumi ate no pefee.”

Titenani Packer Honhom Kronkron nkyerɛkyerɛ no sii wɔ afe 1979 mu, mmerɛ a na asetena yɛ dinn koraa na wiase dede no brɛɛ ase kɛseɛ sene sɛdeɛ ɛteɛ seesei.

Titenani Nelson kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Sɛ w’adwene rekɔ sohyia midia nsɛm so kɛse sene sɛ woretie Honhom no nne brɛoo no a, ɛnneɛ wode wo ho reto honhom mu asiane mu.”

Titenani Faust kaa sɛ, “Sɛ yɛpɛ sɛ yɛtie Honhom no nne a, ɛsɛ sɛ yɛn nso bue yɛn aso, dane gyidie aniwa kɔ baabi a ɛnne no firi, na yɛhwɛ ɔsoro a yɛnhinhim.”

Honhom no nne yi ba yɛn adwene ne yɛn atenka nyinaa mu. “Menam Honhom Kronkron a ɛbɛba wo so na atena w’akoma mu no so bɛka akyerɛ wo wɔ w’adwene mu ne w’akoma mu” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 8:2). Tie w’ahonim—adiyisɛm taa hyɛ aseɛ wɔ hɔ.

Elder Andersen rekasa kyerɛ kuo bi

Wɔ nsrahwɛ bi wɔ Girls’ Home Boys’ Town Complex wɔ Markina City, Philippines, wɔ Ɔgyefuo 2024 mu no, Elder Andersen kyerɛkyerɛɛ mmɔfra no sɛ wɔyɛ Onyankopɔn mma: “Ɔdɔ wo. Na wobɛtumi de abisa No adeɛ. Ɔbɛte wo mpaebɔ.”

Fa Gyedie Akoma bɔ mpaeɛ

Wontumi nhyɛ mmuaeɛ ne nsusuiɛ ahodoɔ so. Yɛbɔ mpaeɛ na yɛde gyedie akoma twɛn. Mmuaeɛ binom remma wɔ saa asetena yi mu, nanso ɔteneneeni fam no, Awurade de N’asomdwoeɛ bɛba daa (hwɛ Yohane 14:27). Mmuaeɛ taa ba berɛ a yɛrebɔ mpaeɛ aboa wɔn a wɔwɔ yɛn ho. Ɛtɔ mmerɛ bi a, ɛba “nkakrankakra, firi nkyerɛkyerɛ so kɔ nkyerɛkyerɛ so” . (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 98:12).

Ɔsoro nne bɛtumi aba yɛn nkyɛn wɔ mmerɛ ne mmeaɛ a yɛnhwɛ kwan, nanso yɛhunu yɛn akwanya ahodoɔ a ɛda nso pa ara wɔ mmeaɛ a ɛyɛ dinn ne mmeaɛ kronkron. Wɔ m’anɔpa mpaebɔ ne nsusuiɛ a ɛyɛ komm mu no, menya nhyira ahodoɔ a ɛyɛ soronko. Daa daa, ankorankoro, twerɛsɛm akenkan a biribi nsi kwan, a ɛtɔ mmerɛ bi a na ayɛ daa adeyɛ no, de Honhom no nne ba yɛn akoma mu te sɛ ogya wɔ mmerɛ afoforɔ mu.

Ɛtɔ mmerɛ bi a, nsusuiɛ ahodoɔ no firi deɛ yɛrekenkan no mu pɔtee, na mmerɛ afoforɔ nso, deɛ yɛredwennwene ho no de dadwene foforɔ koraa ho mmuaeɛ ba. Kae Elder Robert D. Hales nsɛm no: “Sɛ yɛpɛ sɛ yɛne Onyankopɔn kasa a, yɛbɔ mpaeɛ. Na sɛ yɛpɛ sɛ Ɔkasa kyerɛ yɛn a, yɛhwehwɛ twerɛnsɛm no mu.”

Berɛ a wiase dede ne nneɛma a ɛtwetwe adwene twa yɛn ho hyia no, Awurade akyerɛ Ne nkɔnhyɛni no kwan sɛ ɔnsisi tɛmpol pii. Awurade afie kronkron yi mu no, sɛ yɛgya yɛn haw ahodoɔ wɔ akyire na yɛde yɛn mpaebɔ ne yɛn dadwene hyɛn mu a, wɔkyerɛkyerɛ yɛn daapem nokorɛ.

Afe a atwam no, Titenani Nelson de saa bɔhyɛ a ɛyɛ nwanwa yi maa yɛn: “Me nuanom mmarima ne mmaa adɔfoɔ, me bɔhyɛ ni. Hwee nni hɔ a ɛbɛboa wo kɛse de akura dadeɛ poma no mu den kyɛn sɛ wobɛsom wɔ tɛmpol mu daa sɛdeɛ wo tebea ma ho kwan. Hwee nni hɔ a ɛbɛbɔ wo ho ban kɛse berɛ a wohyia wiase suwisie a ɛyɛ sum no. Hwee renhyɛ w’adanseɛ wɔ Awurade Yesu Kristo ne Ne Mpata ho no den anaa remmoa ma wonte Onyankopɔn nhyehyɛeɛ fɛɛfɛ no ase kɛse. Hwee remma wo honhom nnwo kɛse wɔ yea mmerɛ mu. Hwee remmue ɔsoro kɛse. Hwee!”

Amansan nhyiamu biara de nhyira foforɔ a ɛdɔɔso ba. Wɔ Oforisuo bosome a ɛreba no mu no, bio, yɛbɛhyia wɔ amansan nhyiamu ase ate Awurade nne. Yɛba amansan nhyiamu ase berɛ a yɛabɔ mpaeɛ na yɛasiesie yɛn ho. Wɔ yɛn mu biara fam no, dadwene ne nsɛmmisa a ɛhia mmuaeɛ wɔ hɔ. Yɛba sɛ yɛbɛyɛ yɛn gyidie foforɔ wɔ yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo mu, na yɛhyɛ yɛn tumi a yɛde bɛsi sɔhwɛ kwan no mu den. Yɛba sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn afiri soro. Mehyɛ wo bɔ sɛ berɛ a wosiesie wo ho na woba amansan nhyiamu ase wɔ mpaebɔ mu no, wobɛte wo dadwene ahodoɔ ho mmuaeɛ nka, na wobɛhunu sɛ “ɔsoro nsa” wɔ wo so.

Nya gyidie sɛ wo Soro Agya rekasa kyerɛ wo. Ɔyɛ! Ma wo gyidie wɔ Ne mu ne Ne Dɔ Ba no mu no mmoa wo mma wo mpae nkatanim no mu na nya w’Agya nne. Medi adanseɛ sɛ Ɔwɔ hɔ na ɔdɔ wo sene sɛdeɛ nsɛm bɛtumi aka.

Atwerɛ.

  1. Russell M. Nelson, “Anigyeɛ Ba Anɔpa,” Ensign, Obubuo 1986, 68.

  2. James E. Faust, “Honhom no Nne” (Brigham Young Suapɔn mu som, Ɛbɔ 5, 1993), 2, 3, speeches.byu.edu.

  3. Boyd K. Packer, “Mpaebɔ ne Mmuaeɛ,” Ensign, Obubuo 1979, 19.

  4. Russell M. Nelson ne Wendy W. Nelson, “Isreal Anidasoɔ” (worldwide youth devotional, Ayɛwohomumɔ 3, 2018), Asɛmpa Nwomakorabea.

  5. James E. Faust, “Honhom no Nne,” 4.

  6. Robert D. Hales, “Twerɛnsɛm Kronkron: Onyankopɔn Tumi ma Yɛn Nkwagyeɛ,” Liahona, Obubuo 2006, 26–27.

  7. Russell M. Nelson, “Di ahurisie wɔ Asɔfodie Nsafoa Akyɛdeɛ mu,” Liahona, Kɔtɔnimma 2024, 122.

  8. Hwɛ Neil L. Andersen, “Awurade Nne,” Liahona, Obubuo 2017, 126.