2025
“Mɛsa Wɔn Yareɛ”
Ogyefuo 2025


“Mɛsa Wɔn Yareɛ,” Liahona, Ogyefuo 2025.

Bosome bosome Liahona Nkrasɛm, Ogyefuo 2025

Mɛsa Wɔn Yareɛ

Agyenkwa no ayaresa som adwuma no yɛ ɔsoro nnianim ne bɔhyɛ a ɛfa honam ne nkate mu ayaresa a ɛtena hɔ daa a ɛbɛba yɛn mu biara so wɔ Owusɔreɛ mu.

Twerɛ Kronkron sini mu mfonin a Yesu rekyekye ɔbaa bi werɛ

Meda so ara kae yie wiemhyɛn akwantu tenten a metuiɛ wɔ m’asetena mu sɛ wiemhyɛn adwumakuo mu panin.

Wɔ ɛmu baako mu, na metu firi Germany 11:00 a.m. na masi fam wɔ California 1:00 p.m. da no ara. Sɛ yɛde berɛ a wɔde firi hɔ ne berɛ a wɔde duru toto ho a, ebia ɛbɛyɛ te sɛ deɛ wiemhyɛn a wɔde twaa Atlantic Po no ne Amerika Atifi fam asasepɔn no gyee nnɔnhwere mmienu pɛ. Na Boeing 747 ho yɛ hare, nanso ɛnyɛ ahoɔhare so saa! Nokorɛ mu no, ɛgyee yɛn bɛyɛ nnɔnhwere 11, a ɛgyina mframa so, a na yɛde twa akwansin 5,600 (kilomita 9,000).

Esiane sɛ na yɛnam atɔeɛ fam nti no, awia ankɔtɔ da wɔ yɛn akwantuo no mu. Yɛn ani gyee awia hann a ɛtrɛ firii Germany kɔsii California nyinaa no ho.

awiatɔeɛ wɔ mununkum atifi

Mmom, ɛfiri Germany resan aba no yɛɛ asɛm foforɔ koraa. Mpo berɛ a yɛtuu wɔ awiaberɛ mu, na yɛrekɔ apueɛ fam no, awia kɔtɔɔ ntɛmntɛm sene sɛdeɛ ɛtaa ba, na ansa na yɛrehu no, na adeɛ asa yɛn.

Saa akwantuo berɛ yi mu no, ahodwiri hyɛɛ m’akoma ma berɛ a medwenee asase yi fɛ ne sedeɛ Onyankopɔn abɔdeɛ nhyehyɛeɛ no teɛ ho. Mpo berɛ a na yɛtu anadwo wɔ esum mu no, mehunuu no nokorɛ mu sɛ awia bɛsɔre bio, saa kanea a ɛhyerɛn no bɛsan aba na ɛde ɔhyew ne nkwa aba da foforɔ no mu ansa na akwantuo no aba awieeɛ, Ebia na tebea a ɛwɔ me wiemhyɛn no mu no bɛma ayɛ te sɛ deɛ awia no rekɔtɔ brɛoo anaasɛ ɛrekɔtɔ ntɛmntɛm, nanso na menim sɛ awia no kɔ so daa, gyina pintinn, na wotumi de wo ho to so wɔ soro.

Bosome a ɛwɔ mununkum atifi

Menya saa atenka korɔ no ara fa Onyankopɔn ho. Esiane sɛ mewɔ Onyankopɔn nyansa ne ne atirimpɔ ma N’abɔdeɛ nyinaa mu ahotosoɔ nti, mɛtumi ate anigyeɛ anidasoɔ ne asomdwoeɛ a ɛtena hɔ daa nka berɛ a medwene yɛn asetena a ɛwuo no ho. Yɛyɛ Onyankopɔn mma. Ɔdɔ yɛn. Ɔnim yɛn tebea ahoroɔ. Wayɛ krado sɛ Ɔbɛboa. Saa nokorɛ ahoroɔ yi nsesa, mpo berɛ a nneɛma afoforɔ a atwa yɛn ho ahyia no te sɛ deɛ ɛntumi nnyina na yɛntumi nhunu.

Yɛn nyinaa nya mmerɛ a ɛyɛ sum, awerɛhoɔ, ne adwene mu naayɛ a ɛde yɛn asomdwoeɛ to asiane mu. Hwɛ sɛdeɛ m’ani sɔ nokorɛ ne hann fibea a wotumi de wo ho to soɔ (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:6–11). Yesu Kristo ne wiase hann ne nkwa no. Esiane Ɔno ne Ne mpata afɔrebɔ nti, yɛwɔ daakye ho anidasoɔ, ɔsoro hann ho akwanya a ɛhyerɛn yɛn akwantuo no mu nna a ɛyɛ sum no, ne bɔhyɛ sɛ yɛbɛdi bɔne ne owu so nkonim.

“Ɔdɔ Wiase”

Yesu Kristo nko ara ne onipa a ɔwie pɛyɛ a wanante asase so. Esiane N’abrabɔ a ɛwie pɛyɛ nti, Ɔnne atɛntenenee ka. Ɔdɔ a ɔwɔ ma yɛn nti, Ɔde Ne nkwa maa yɛn mu biara, ankorankoro ne Onyankopɔn mma nyinaa a wɔaka abom sɛ wobɛbue kwan a ɛkɔ nkwa a ɛnniawieeɛ ne daa nkwa mu.

Ɛmfa ho ne deɛ Satan bɛma yɛagye adie no, yɛn mu biara mmoro Agyenkwa gyeɛ tumi so. Yɛn mu biara nso nni hɔ a ɔmfata bɔnefakyɛ adom no. Yɛn mu biara nni hɔ a ɛnniawieeɛ mu no ɔboro “ne dɔ abasa a ɔde bɛtwa yɛn ho ahyia no” (2 Nephi 1:15).

Akyɛdeɛ a ɛkyɛn soɔ yi firi Yesu Kristo Mpata no tumi a ɛma ɛtumi yɛ adwuma na ɛgyeɛ no mu. Esiane Agyenkwa no amanehunu wɔ Getsemane ne Golgota nti, Ɔnim sɛdeɛ ɔbɛgye yɛn na waboa yɛn wɔ yɛn mmrɛyɛ biara ne ne nyinaa mu (hwɛ Alma 7:12).

Ɔnnyɛ biribiara gye sɛ deɛ ɛyɛ mfasoɔ de ma wiase; ɛfiri sɛ ɔdɔ wiase, ɛno nti na ɔde ɔno ara ne nkwa too hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtwe nnipa nyinaa aba ne nkyɛn. (2 Nephi 26:24

Yesu Kristo ne yɛn ahoɔden!

Ɔtene Ne nsa mu.

Ɔsan de ba.

Ɔgye nkwa.

Titenani Russell M. Nelson kaa sɛ,“Berɛ a Agyenkwa no [de Ne mpata afɔrebɔ maa] adasamma nyinaa no, Ɔbuee kwan bi a wɔn a wɔdi N’akyi no bɛtumi anya kwan akɔ N’ayaresa, denhyɛ, ne ɔgyeɛ tumi no mu.”

Saa tumi no, a ɛte sɛ awia no, wɔ hɔ daa. Ɛnhinhim da. Yi a yɛyi sɛ yɛbɛdi Agyenkwa no anammɔn so no te sɛ deɛ yɛrefiri sunsum mu na yɛakɔ awia mu, baabi a yɛbɛtumi anya Onyankopɔn hann, ne ɔhyew, ne ne dɔ nhyira. Menim sɛ da koro, yɛbɛhwɛ yɛn akyi na aseda ahyɛ yɛn ma sɛ yɛsii gyinaeɛ a ɛho hia daa sɛ yɛde yɛn ho bɛto Yesu Kristo ne Ne soro dɔ so sɛ ɔbɛma yɛn so na wahyɛ yɛn den.

“San bra Me nkyɛn”

Mormon Nwoma no ka nkorɔfoɔ bi a wɔdii nnansa wɔ sum a ɛmu dɔ pa ara mu wɔ Agyenkwa no Asɛnnua mu bɔ no akyi ho asɛm. Honam fam sum a atwa wɔn ho ahyia no bɛtumi ayɛ honhom mu sum a yɛn nyinaa nya esiane bɔne nti. Afei nkorɔfoɔ no tee Kristo nne a ɔrefrɛ wɔn afiri esum mu akɔ Ne hann mu.

“Morensan mma me nkyɛn” seesei, na monsakyera mfiri mo bɔne ho, na monsakyera, ama matumi asa mo yareɛ?” (3 Nephi 9:13).

“Momfa akoma a abubuo ne honhom a abotoɔ mmɔ afɔreɛ mma me.” (3 Nephi 9:20).

“Monsakyera na momfa akoma mu tirimpɔ a ɛdi mu nsan mmra me nkyɛn” (3 Nephi 10:6).

Agyenkwa no trɛ saa ɔfrɛ korɔ no ara ma yɛn nnɛ berɛ a yɛhunu sɛ yɛayera wɔ sum mu. Sɛdeɛ awia pue biara yɛ da foforɔ mfitiaseɛ ahyɛnsodeɛ no, saa ara na berɛ biara a yɛbɛsakyera yɛn adwene no, yɛnya mfitiaseɛ foforɔ, ahyaseɛ foforɔ a ɛyɛ anigyeɛ.

Ɛno nkyerɛ sɛ ɛyɛ mmrɛ. Adwensakyera kyerɛ sɛ sesa, na nsesaeɛ nso mma ahoɔhare so. Berɛ a ɛyɛ anigyeɛ no, deɛ ɛka adwensakra ho ne “onyamesom awerɛhodie” (2 Korintofoɔ 7:10). Ɛhia sɛ yɛgye yɛn bɔne tom na yɛka yɛn mfomsoɔ, na yɛsrɛ bɔnefakyɛ firi Onyankopɔn ne wɔn a ebia yɛapira wɔn no hɔ. Ne kora kora no ɛhia sɛ yɛhwehwɛ “Awurade Tumfoɔ Honhom,” “sɛ ebia yɛbɛnya adwensakyera suahunu kɛseɛ wɔ yɛn akoma mu, a yɛnni ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ bɔne ,mmom yɛbɛyɛ papa daa” (Mosiah 5:2).

Saa nsakraeɛ no yɛ akwantu tenten, nanso sɛ wotu anammɔn a ɛdi kan no ara pɛ a, “wo nkwagyeɛ da” no hyɛ aseɛ, na “amonom hɔ ara wɔde ɔgyeɛ nhyehyɛeɛ kɛseɛ no bɛba mo nkyɛn” (Alma 34:31).

Ɛnam yɛn nokorɛ adwensakra so, Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn na ɔrenkae bio. Sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛn werɛ bɛfiri yɛn bɔne a, momma yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛde yɛn ho bɛto Awurade bɔhyɛ sɛ ɔde bɛkyɛ no so na yɛnsua sɛ yɛde bɛkyɛ afoforɔ ne yɛn ho.

“Titenani Boyd K. Packer kyerɛkyerɛɛ sɛ, Yɛn honhom sɛe berɛ a yɛyɛ mfomsoɔ na yɛyɛ bɔne” (1924–2015). “Nanso ɛnte sɛ yɛn nipadua a ɛwuo no, sɛ adwensakyera nhyehyɛeɛ no wie a, nkutwa biara nka hɔ ɛnam Yesu Kristo Mpata no nti.”

Yesu resa ɔbarima nifurafoɔ bi yareɛ mfonin

Resa Barima Nifurafoɔ no Yareɛ, ɛfiri Carl Heinrich Bloch hɔ

“Momfa Wɔn Mmra Ha”

Agyenkwa no ne Ɔyaresafoɔ Panin no. N’ayaresa tumi ho ɔyɛkyerɛ a ɛyɛ fɛ pa ara no mu baako wɔ Mormon Nwoma no mu, wɔ N’ankasa som adwuma mu twerɛtohɔ wɔ tete Amerika:

“Mowɔ ayarefoɔ bi wɔ mo mu?” Ɔbisaeɛ. “Momfa wɔn mmra ha. Mowɔ abubuafoɔ anaa anifurafoɔ, anaa mpakye, anaa wɔn a wɔadi dɛm, anaa akwatafoɔ, anaa wɔn a wɔn fa adwodwoɔ, anaa wɔn a wɔn aso asi, anaa wɔn a wɔrehunu amane wɔ kwan bi so? Momfa wɔn mmra ha na mɛsa wɔn yareɛ, ɛfiri sɛ mewɔ mmɔborɔhunu ma mo; ahummɔborɔ ahyɛ me nsono mu ma.

“Na ɛbaa sɛ mmerɛ a ɔkasaa sei no, nnipadɔm no nyinaa de akoma baako, ne wɔn ayarefoɔ ne wɔn amanehunufoɔ, ne wɔn mmubuafoɔ, ne wɔn anifurafoɔ, ne wɔn amum, ne wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa kɔɔ ne nkyɛn; na ɔsaa wɔn mu biara yareɛ berɛ a wɔde wɔn baa ne nkyɛn no” (3 Nephi 17:7, 9).

Berɛ biara a Agyenkwa no bɛsa obiara a “ɔwɔ ɔhaw wɔ ɔkwan biara so” yareɛ, wɔ ansa na ne Ne Wusɔreɛ akyi nyinaa no, yɛ Ne tumi kɛseɛ a ɔde sa yɛn akra yareɛ no ho adanseɛ. Anwanwakwan so ayaresa biara yɛ honam ne nkateɛ mu ayaresa a ɛwɔ hɔ daa a ɛbɛba yɛn mu biara so wɔ Owusɔreɛ no mu nnianim asɛm ne bɔhyɛ kɛkɛ, a “ɛyɛ Awurade ayaresa dwumadie a ɛdi mu.”

Ɛyɛ nokorɛ sɛ ɛnyɛ berɛ biara na wɔma yɛn ayaresa mpaebɔ wɔ abrabɔ yi mu no ho mmuaeɛ wɔ kwan a yɛpɛ so, nanso wɔmmu wɔn ani ngu so da. Ayaresa berɛ no bɛba, sɛdeɛ berɛ biara anadwo sum ma kwan—wɔ berɛ a ɛsɛ mu—ma owia pue anuonyam mu no.

Sɛdeɛ Titenani Nelson adi adanseɛ no: “Yɛn gyedie nyɛ deɛ wɔnkyerɛ ho anisɔ da. Menim sɛ Ɔsoro Agya a ɔwɔ nyansa nyinaa nhumu trɛ kyɛn yɛn deɛ koraa. Berɛ a yɛhunu yɛn honam mu ɔhaw no, Ɔnim yɛn nkɔsoɔ ne yɛn tumi a ɛnwuo. Sɛ yɛbɔ mpaeɛ sɛ yɛbɛhunu N’apɛdeɛ na yɛde boasetɔ ne akokoɔduro brɛ yɛn ho ase ma no a, ɔsoro ayaresa bɛtumi akɔ so wɔ N’ankasa kwan ne ne berɛ mu.”

Nnansa yi ara me ne me yere Harriet de anidasoɔ soronko ne adesrɛ a yɛde gyina wɔn a yɛdɔ wɔn ananmu kaa yɛn mpaebɔ ho. Yɛbɔɔ mpaeɛ sɛ wɔbɛma wɔn apɔmuden kuo no tumi soronko a wɔde bɛsa wɔn nyarewa. Yɛn ani gyee sɛ yɛde kaa ho sɛ, sɛ ayaresa anaa ahotɔ remma ntɛm ara mpo a, Agyenkwa no ayaresa tumi no bɛtumi de awerɛkyekyeɛ ne asomdwoeɛ abrɛ wɔn. Agyenkwa no gyeɛ tumi no bɛtumi anya nkɛntɛnsoɔ kɛseɛ mpo wɔ yɛn nkateɛ, honhom mu, ne honam fam apɔmuden so sen asase so ayaresa biara a yɛbɛtumi anya. Yesu Kristo ne Ɔyaresafoɔ wɔ asetena yi ne ɛnniawieeɛ mu.

Me nuanom mmarima ne mmaa, nnamfoɔ adɔfoɔ, medi adanseɛ sɛ yɛn Agyenkwa no mmɔborɔhunu dɔɔso sɛ ɛbɛsa mo akuro, ate mo ho afiri bɔne ho, ahyɛ mo den ama sɔhwɛ a ɛreba, na ɔde anidasoɔ, nyansa, ne N’asomdwoeɛ ahyira mo. Ne tumi wɔ hɔ daa—ɛyɛ daa na wotumi de ho to so—berɛ mpo a yɛte nka sɛ yɛtwe yɛn ho firi Ne dɔ, hann, ne ɔhyew ho wɔ berɛ bi mu.

Mebɔ mpae sɛ yɛnhwere yɛn nteaseɛ ne aseda a ɛmu dɔ wɔ deɛ Yesu Kristo ayɛ ama yɛn nyinaa ho da. Mesrɛ hunu sɛ wɔdɔ wo pɛpɛɛpɛ, na kae onniawieeɛ bɔ a wɔahyɛ wo no.

“Onyankopɔn mma mo nnesoa nyɛ hare, ɛnam ne Ba” Yesu Kristo anigyeɛ so (Alma 33:23).

Atwerɛ.

  1. Russell M. Nelson, “The Power of Spiritual Momentum,” Liahona, Kɔtɔnima 2022, 100

  2. Hwɛ Dieter F. Uchtdorf, “You Can Do It Now!,” Liahona, Obubuo 2013, 57.

  3. Boyd K. Packer, “Anigyeɛ Nhyehyɛeɛ No,” Liahona, Kɔtɔnima 2015, 28.

  4. Russell M. Nelson, “Jesus Christ—the Master Healer,” Liahona, Obubuo 2005, 87.

  5. Russell M. Nelson, “Jesus Christ—the Master Healer,” 86.