2024
Yesu Kristo Ne “Anidasoɔ a Ɛkyɛne so,” “Ɛyɛ Papa,” ne “Ahomeka” Farebae.
Ɔpɛnima 2024


Yesu Kristo Ne “Anidasoɔ a Ɛkyɛne so,” “Ɛyɛ Papa,” ne “Ahomeka” Farebae,’” Liahona, Ɔpɛnima 2024.

Bosome bosome Liahona Nkransɛm, Ɔpɛnima 2024

Yesu Kristo Ne “Anidasoɔ a Ɛkyɛne so,” “Ɛyɛ Papa,” ne “Ahomeka” Farebae.

Wɔ saa berɛ sononko yi a yɛredi abadoma no awoɔ ho afahyɛ wɔ Betlehem no, momma yɛnkae daa sɛ Yesu Kristo baa wiase sɛ ɔrebɛyɛ yɛn Agyenkwa ne yɛn Gyefoɔ.

Maria ne Yosef ne abadoma Yesu

Yesu Awoɔ, ɛfiri Sharlotte Andrus hɔ

Ɔsomafoɔ Petro ne Mormon Nwoma mu nkɔnhyɛfoɔ Jacob na Moroni si honhom mu anidasoɔ akyɛdeɛ wɔ Kristo mu no so dua wɔ nkyerɛkyerɛ akwan a ɛsesɛ so.

Nhwɛsoɔ, Petro paee mu kaa sɛ, “Nyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne Agya a ne mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso nti ɔnam Yesu Kristo wusɔreɛ firi awufoɔ mu no so awo yɛn foforɔ akɔ anidasoɔ a nkwa wom mu” (1 Petro 1:3; wɔasi so dua). Mesrɛ sɛ hyɛ sɛdeɛ wɔde asɛm “nkwa wom” kyerɛkyerɛ “anidasoɔ” mu no nso.

Jacob bɔɔ no dawuro sɛ, “Ɛno nti, anuanom adɔfoɔ, momfa ne Ba Korɔ Kristo mpata no so ne no nka mmɔ mu, ama moanya owusɔreɛ, sɛdeɛ owusɔreɛ tumi a ɛwɔ Kristo mu no teɛ, na wɔnyi mo nkyerɛ sɛ Kristo aduaba a ɛdi kan mma Onyankopɔn, wɔ gyedie mu, na moanya anidasoɔ papa mu animuonyam wɔ ne mu ansa na wada ne ho adi wɔ honam mu” (Jacob 4:11; wɔasi so dua). Mesrɛ sɛ hyɛ sɛdeɛ wɔde asɛmfua “papa” akyerɛkyerɛ “anidasoɔ” mu no nso.

Na Moroni kaa sɛ, “Na me kae nso sɛ woaka sɛ woasiesie tenabea ama onipa, aane, wɔ w’Agya tenabea hɔ mpo, ɛno mu na onipa bɛtumi anya anidasoɔ a ɛkyɛn so pa ara; ɛno nti ɛsɛ sɛ onipa nya anidasoɔ, anyɛ saa a ɔrentumi nnya agyapadeɛ wɔ baabi a woasiesie no” (Ether 12:32; wɔasi so dua). Mesrɛ sɛ hyɛ sɛdeɛ wɔde asɛm “ɛkyɛn so” akyerɛkyerɛ “anidasoɔ” mu no nso.

Deɛn Ne Kristo mu Anidasoɔ?

Honhom mu akyɛdeɛ a ɛne Kristo mu anidasoɔ no yɛ daa nkwa a yɛde anigyeɛ hwɛ kwan no, a ɛnam “Mesaia Kronkron no nneyɛɛpa, ne n’ahummɔborɔ, ne n’adom” so (2 Nephi 2:8) ne ɔpɛ a ɛmu yɛ den ma tenenee nhyira a wɔahyɛ ho bɔ no. Nkyerɛkyerɛmu ahodoɔ “nkwa wom,” “papa,” ne “ɛkyɛn so” a ɛwɔ saa nkyekyɛmu yi mu no kyerɛ Owusɔreɛ no ne daa nkwa a ɛnam Yesu Kristo mu gyedie so no ho awerɛhyem a ɛkɔso trɛ na ɛma ahoɔden.

Nkɔnhyɛni Mormon kyerɛkyerɛɛ mu sɛ:

“Na bio, me nuanom adɔfoɔ, mɛka biribi afa anidasoɔ ho akyerɛ mo. Ɛbɛyɛ dɛn na mobɛtumi anya gyedie, gye sɛ mowɔ anidasoɔ?

“Na ɛdeɛn ho na mobɛnya anidasoɔ? Monhwɛ mese mo sɛ mobɛnya anidasoɔ afiri Kristo mpata no ne ne wusɔreɛ tumi no mu, ama mobɛsɔre akɔ nkwa a ɛnniawieɛ mu, na ɛbɛyɛ sei ɛnam mo gyedie a mowɔ wɔ ne mu sɛdeɛ bɔhyɛ no teɛ nti.

“Ɛno nti, sɛ obi wɔ gyedie a, ɛwɔ sɛ ɔnya anidasoɔ; ɛfiri sɛ, sɛ gyedie nni hɔ a anidasoɔ biara nso nni hɔ” (Moroni 7:40–42).

Agya Anigyeɛ Nhyehyɛeɛ no

Anidasoɔ a ɛwɔ wɔ Kristo mu na ɛyɛ nkwa, papa, na ɛkyɛn so no de Onyankopɔn Daa Agya no ho nimdeɛ na ɛhyɛ aseɛ. Ɔyɛ yɛn Agya, na yɛyɛ Ne mma. Yɛyɛ Onyankopɔn honhom mu mma mmarima ne mmaa ankasa na yɛanya ɔsoro su ahodoɔ afiri Ne hɔ.

Agya no ne anigyeɛ nhyehyɛeɛ no twerɛfoɔ (hwɛ Abraham 3:22–28). Sɛ Onyankopɔn homhom mu mma mmarima ne mmaa no, “yɛgyee Ne nhyehyεeε a εnam so bεma Ne mma atumi anya honamdua na wɔanya asase so suahunu a wɔde bεtu mpɔn akɔ pεpεyɔ mu na awieeɛ no wɔahunu wɔn nyamesu hyεberε sε daa nkwa adedifoɔ no too mu.” Yɛsua wɔ twerɛnsɛm no mu sɛ: “Agya no wɔ nipadua a ɛwɔ honam ne nnompe a wɔtumi sɔ mu te sɛ onipa deɛ; Ɔba no nso saa ara” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 130:22). Enti, honamdua a yɛbɛnya no ho hia ma nkɔsoɔ a yɛde bɛkɔ yɛn soro hyɛberɛ no mu.

Yɛyɛ abɔdeɛ mmienu mmienu. Yɛn honhom, a ɛyɛ yɛn fa a ɛwɔ hɔ daa no, hyɛ honamdua a ɛhyɛ ɛwuo tebea pɛ ne akɔnnɔ ase mu. Wɔahyehyɛ Agya no anigyeɛ nhyehyɛeɛ no sɛdeɛ ɛbɛma Ne mma akwankyerɛ, sɛdeɛ ɛbɛboa ma wɔde owusɔreɛ ne honam mpagya asan akɔ Ne nkyɛn wɔ fie dwoodwoo, na wɔanya nhyira a ɛyɛ daa nkwa anigyeɛ ne ahosɛpɛ.

Maria ne abɔfra Yesu

Abɔfra Kristo, ɛfiri Sharlotte Andrus hɔ

Yesu Kristo Ɔgyeɛ Adwuma wɔ Agya no Nhyehyɛeɛ mu

Yesu Kristo ne Daa Agya no Ba a Wɔwoo no Koro no. Ɔbaa wiase bɛyɛɛ N’Agya apɛdeɛ (hwɛ 3 Nephi 27:13). Yesu Kristo ne deɛ Agya no asra no sɛ ɔnyɛ N’ankasa ananmusini wɔ nneɛma a ɛfa adasamma nkwagyeɛ ho nyinaa mu. Ɔyɛ yɛn Agyenkwa ne Dimafoɔ ɛfiri sɛ Ɔdii owuo ne bɔne nyinaa so nkonim.

Alma hyɛɛ nkɔm kyerɛɛ Gideon nkorɔfoɔ no faa Mesaia no nkwagyeɛ adwuma ho:

“Na ɔbɛkɔ akɔte yea na wahunu amane na nsɔhwɛ ahodoɔ nyinaa bi bɛba ne so; na yei bɛsi ama asɛm a ɛka sɛ, ɔbɛfa ne nkorɔfoɔ yea ne wɔn yareɛ ato ne ho so no ahyɛ ma.

“Na ɔbɛfa owuo ato ne ho so, ama wasane owuo mpokyerɛ a ɛkyekyere ne nkorɔfoɔ; na ɔbɛfa wɔn ahoɔmmerɛ ato ne ho so, ama ahummɔborɔ ahyɛ ne nsono mu ma, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ honam mu no, ama ɔnam honam mu ahunu sɛdeɛ ɔbɛsi aboa ne nkorɔfoɔ sɛdeɛ wɔn ahoɔmmerɛ teɛ no.

“Afei Honhom no nim nneɛma nyinaa; nanso Onyankopɔn Ba no bɛhunu amane wɔ honam mu ama wafa ne nkorɔfoɔ bɔne ato ne ho so, ama ɔnam ne nkwagyeɛ tumi so apopa wɔn mmaratoɔ” (Alma 7:11–13).

Nsɛmpa no nkyerɛkyerɛ a εdi kan ne Awurade Yesu Kristo mu gyedie. Nokorɛ gyedie twe adwene si Agyenkwa no so na ɛma yɛtumi de yɛn ho to Ne so na yɛnya ahotosoɔ yie wɔ Ne tumi mu sɛ ɔbɛgye yɛn afiri owuo mu, ate yɛn ho afiri bɔne mu, na ɔde ahoɔden a ɛboro yɛn deɛ so ahyira yɛn.

Moroni dii adanseɛ sɛ, “Na ɛnam adasamma dima a ɛnam Yesu Kristo so baaɛ no nti, ɛde wɔn asan aba Awurade anim; aane, na saa kwan yi so na wagye nnipa nyinaa, ɛfiri sɛ Kristo wuo no de owusɔreɛ ba, a ɛde ɔgyeɛ firi nna a ɛnniawieeɛ mu ba, nna a ɛnam Onyankopɔn tumi so wɔbɛnyane nnipa nyinaa berɛ a totorobɛnto no bɛbɔ mu no; na wɔbɛfiri mu aba, nketewa ne akɛseɛ nyinaa, na wɔn nyinaa bɛgyina n’asɛnnipono no anim, a wɔagye wɔn na wɔasane wɔn afiri owuo ahoma a ɛnniawieeɛ yi mu, deɛ ɛyɛ honam mu wuo no” (Mormon 9:13).

Medi adanseɛ sɛ Agyenkwa no bubuu owuo mpokyerɛ no. Ɔsɔre firii awufoɔ mu, Ɔte ase, na Ɔno nko ara ne anidasoɔ a ɛkyɛne so, ɛyɛ papa, ne ahomeka farebae.

Ɔkra no Boafoɔ

Nkɔnhyɛni Ether dii adanseɛ sɛ, “Ɛno nti, obiara a ɔgye Onyankopɔn die no bɛtumi anya anidasoɔ ankasa sɛ wiase a ɛyɛ bi wɔ hɔ ma no, aane, mpo baabi a ɛwɔ Onyankopɔn nsa nifa so, anidasoɔ a ɛnam gyedie so ba, de yɛ boafoɔ ma nnipa akra, deɛ ɛbɛma wɔanya ahotosoɔ na wɔagyina pintinn, na wɔayɛ deɛ ɛyɛ berɛ biara, na ɛbɛma wɔahyɛ Onyankopɔn animuonyam” (Ether 12:4; wɔasi so dua).

Wɔ saa berɛ sononko yi a yɛredi abadoma no awoɔ ho afahyɛ wɔ Betlehem no, momma yɛnkae daa sɛ Yesu Kristo baa wiase sɛ ɔrebɛyɛ yɛn Agyenkwa ne yɛn Gyefoɔ. Ɔde honhom mu akyɛdeɛ a ɛsom boɔ a ɛyɛ nkwa, hann, foforɔyɛ, ɔdɔ, asomdwoeɛ, adwene, anigyeɛ, ne anidasoɔ ma yɛn.

Meto nsa frɛ wo sɛ hwehwɛ honhom mu akyɛdeɛ a ɛfata a ɛyɛ anidasoɔ wɔ Agyenkwa no mu berɛ a wosua tete ne nnɛ yi nkɔnhyɛfoɔ nkyerɛkyerɛ ne adansedie a ɛfa Ne mpata afɔrebɔ ne Owusɔreɛ ankasa ho no. Sɛ woyɛ saa a, mehyɛ bɔ sɛ w’adanseɛ a ɛfa Ɔgyefoɔ no nyamesu ho no mu bɛyɛ den, wo nsakyeraeɛ ma No mu bɛdɔ, wo pɛ ne w’agyinasie sɛ wobɛgyina sɛ Ne ho danseni ɔkokoɔdurofoɔ no bɛdɔɔso, na wɔde ɔboafoɔ bɛhyira wo kra—anidasoɔ a nkwa wom, ɛyɛ papa, na ɛkyɛn so mpo.

Meka Asomafoɔ a wɔadi Ne ho adanseɛ wɔ mmerɛ nyinaa mu no ho, de anigyeɛ pae mu di adanseɛ sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn teasefoɔ no Ba teasefoɔ. Ɔyɛ yɛn Gyefoɔ a wɔanyane no a ɔwɔ honam ne nnompe nipadua a wotumi hunu, a wɔahyɛ no animuonyam. Na ɛnam ogyeɛ ne nkabom a yɛne Onyankopɔn wɔ a Awurade ma ɛyɛ yie ma adasamma nyinaa nti, yɛbɛtumi anya honhom mu awerɛhyem ne anidasoɔ a nkwa wom, ɛyɛ papa, na ɛkyɛn so sɛ “wɔn nyinaa bɛnya nkwa Kristo mu” (1 Korintofoɔ 15:22).

Atwerɛ

  1. Abusua No: Dawubɔ Ma Wiase,” Asɛmpa Akoraeɛ.