“Koroyɛ ho Nhyehyɛeɛ wɔ Yesu Kristo mu,” Liahona, Ahinime 2024.
Bosome bosome Liahona Nkransɛm, Ahinime 2024
Koroyɛ ho Nhyehyɛeɛ wɔ Yesu Kristo mu
Berɛ a yɛyɛ koro wɔ Yesu Kristo mu te sɛ 4 Nephi nkorɔfoɔ no, ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛyɛ koro no boro nsonoeɛ a yɛwɔ so na ɛde yɛn kɔ anigyeɛ mu.
Yɛwɔ mmerɛ bi mu a akayɔ ne mansotwe reterɛ afa wiase afanan nyinaa. Mfidi nnwuma ne nnipa a wɔapirim wɔn akoma boa, ma saa ntetemu atumfoɔ yi de animtia ne prɔeɛ nkutahodie ho hu hyɛ yɛn akoma mu de hunahuna yɛn. Nkutahodie mu ayɔnkofa resɛe. Ako rema ne ho so.
Yeinom nti, Yesu Kristo akyidifoɔ nokwafoɔ resu pɛ asomdwoeɛ na wɔhwehwɛ sɛ wɔkyekyere aman a wɔda nso bi—deɛ ɛgyina Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ so. Ɛno nti, Awurade ahyɛ yɛn sɛ “yɛnyɛ koro; na sɛ yɛanyɛ koro a yɛnnyɛ ne dea” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 38:27). Ampa, koroyɛ yɛ Yesu Kristo nokorɛ Asɔre no suban a ɛda nso no baako.
Sɛn na yɛbɛko atia ntetemu ne aperɛapere atumfoɔ no? Sɛn na yɛbɛtumi anya koroyɛ?
Yɛn tiri yɛ, Mormon Nwoma no mu 4 Nephi ma yɛn nhwɛsoɔ. Saa tire yi kyerɛ mu kakra fa ɔkwan a nkorɔfoɔ no bɔɔ wɔn bra wɔ berɛ a Agenkwa no kɔsraa wɔn, kyerɛkyerɛɛ wɔn, na ɔhyehyɛɛ N’Asɔre wɔ wɔn ntam no akyi. Saa twerɛtohɔ yi kyerɛ sɛnea saa nkorɔfoɔ yi nyaa koroyɛ a anigyeɛ ne asomdwoeɛ wom, na ɛma yɛn nhwɛsoɔ bi a yɛbɛtumi ahwɛ so anya koroyɛ korɔ yi ara.
Adwensakyera
Wɔ 4 Nephi 1:1no, yɛkenkan sɛ: “Na Yesu asuafoɔ no ate Kristo asɔre wɔ nsase a atwa wɔn ho ahyia no nyinaa so. Na [nkorɔfoɔ] baa wɔn nkyɛn, na wɔsakra firii wɔn bɔne ho nokorɛ mu.”
Yɛyɛ koro wɔ Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo ho. Berɛ a onipa biara sua Yesu Kristo, N’asɛmpa, ne N’Asɔre ho adeɛ no, Honhom Kronkron no di nokorɛ no ho adanseɛ kɔ onipa biara akoma mu. Afei yɛn mu biara bɛtumi agye Agyenkwa no nsatofrɛ a yɛagye atom wɔ Ne mu no na yɛadi N’akyi ɛnam nsakyeraeɛ so.
Saa na ankorankoro bi adwensakyera akwantuo firi aseɛ—twe ne ho firi pɛsɛmenkomenya ne bɔne akɔnnɔ ho kɔ Agyenkwa no nkyɛn. Ɔyɛ yɛn gyidie fapem. Na berɛ a yɛn mu biara hwɛ No wɔ adwene biara mu no (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 6:36), Ɔbɛyɛ tumi a ɛka yɛn bom wɔ yɛn abrabɔ mu.
Apam
Twerɛtohɔ a ɛwɔ 4 Nephi kɔ so ka sɛ wɔn a wɔbaa Asɔre no mu na wɔsakra firii wɔn bɔne ho no “wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Yesu din mu; na wɔn nso nyaa Honhom Kronkron no” . (4 Nephi 1:1). Na wɔne Onyankopɔn ayɛ apam—abusuabɔ soronko bi a ɛkyekyere wɔn.
Sɛ yɛyɛ apam na yɛdi so a, yɛfa Awurade din to yɛn ho so sɛ ankorankoro. Afei nso, yɛfa Ne din to yɛn ho so sɛ nnipa. Wɔn a wɔyɛ apam na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛdi so nyinaa bɛyɛ Awurade nkorɔfoɔ, N’agyapadeɛ soronko (hwɛ Eksodɔs 19:5). Enti, yɛfa apam kwan no so wɔ ankorankoro ne mmoano mu. Yɛne Onyankopɔn apam mu abusuabɔ ma yɛnya botaeɛ baako ne nipasu baako. Berɛ a yɛkyekyere yɛn ho bɔ Awurade ho no, Ɔboa yɛn ma yɛnya yɛn “koma bom wɔ koroyɛ ne ɔdɔ mu ma yɛn ho” (Mosiah 18:21).
Atɛntenenee, Pɛpɛyɛ, ne Ahiafoɔ a Wɔboa wɔn
Twerɛtohɔ a ɛwɔ 4 Nephi no toa so sɛ: “Apereapereɛ ne akasakasa biara nni wɔn ntam, na obiara ne ne yɔnko dii atɛntenenee maa wɔn ho.
“Na wɔnyaa nneɛma nyinaa pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn ntam; ɛno nti na wɔnni sikani ne ohiani, akoa ne ɔdehyeɛ, mmom wɔmaa wɔn nyinaa nyaa wɔn fawohodie, na wɔn nyinaa bɛnyaa ɔsoro akyɛdeɛ no bi” (4 Nephi 1:2–3).
Wɔ yɛn honam fam nkutahodie mu no, Awurade pɛ sɛ yɛyɛ anokwafoɔ mema yɛn ho na yɛnwia anaasɛ yɛnsisi yɛn ho yɛn ho (hwɛ 1 Tesalonikafoɔ 4:6). Berɛ a yɛrenyini bɛn Awurade no, “yɛrennya adwene biara sɛ obi bɛpira ne yɔnko, mmom sɛ yɛbɛtena asomdwoeɛ mu, na yɛde deɛ ɛfata onipa biara ama no” (Mosiah 4:13).
Awurade ahyɛ yɛn nso sɛ yɛnhwɛ ahiafoɔ ne onibiefoɔ. Ɛsɛ sɛ “yɛde [yɛn] ahonyadeɛ ma” de boa wɔn, sɛnea yɛn ahoɔden bɛtumi ama yɛayɛ, a yɛmmu wɔn atɛn (hwɛ Mosiah 4:21–27).
Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara “bu ne nua sɛ ɔno ankasa” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 38:24). Sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ Awurade nkorɔfoɔ na yɛyɛ koro a, ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛne yɛn ho yɛn ho yɛ pɛ nko ara, na mmom ɛsɛ sɛ yɛbu yɛn ho yɛn ho sɛ yɛyɛ pɛ ampa na yɛte nka wɔ yɛn koma mu sɛ yɛyɛ pɛ—pɛ wɔ Onyankopɔn anim, yɛsom bo pɛ ne tumi pɛ.
Setie
Adesua a ɛdi hɔ a ɛfiri 4 Nephi no ba wɔ saa asɛm tiawa yi mu: “Wɔdii mmaransɛm a wɔnya firii wɔn Awurade ne wɔn Nyankopɔn hɔ no akyi” (4 Nephi 1:12).
Na Awurade akyerɛkyerɛ saa nkorɔfoɔ yi Ne nkyerɛkyerɛ, ama wɔn mmaransɛm, na wafrɛ asomfoɔ sɛ wɔmfa mma wɔn. N’atirimpɔ baako a ɔde yɛɛ yei ne sɛ ɔbɛhwɛ sɛ akasakasa biara remma wɔn ntam (hwɛ 3 Nephi 11:28–29; 18:34).
Yɛn setie de ma Awurade ne N’asomfoɔ nkyerɛkyerɛ ho hia na ama yɛayɛ baako. Yei ka yɛn bɔhyɛ sɛ yɛbɛdi mmaransɛm a ɛne sɛ yɛbɛsakyera yɛn adwene berɛ biara a yɛtɔ sin na yɛaboa yɛn ho yɛn ho berɛ a yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ papa na yɛayɛ papa da biara no ho.
Rehyia Abom
Nea ɛdi hɔ, yesua sɛ nkorɔfoɔ a wɔwɔ 4 Nephi no “[toaa so] wɔ akɔnkyene ne mpaebɔ mu, na wɔhyiaam mpɛn pii sɛ wɔrebɔ mpaeɛ na wɔatie Awurade asɛm” (4 Nephi 1:12).
Ɛhia sɛ yɛhyiam bom. Yɛn nnawɔtwe nnawɔtwe som nhyiamu ahoroɔ no yɛ akwanya a ɛho hia ma yɛn sɛ yɛbɛnya ahoɔden, ankorankoro ne nnipakuo nyinaa. Yɛfa adidi kronkron no, yɛsua adeɛ, yɛbɔ mpaeɛ, yɛbom to dwom, na yɛboa yɛn ho yɛn ho. Nhyiam afoforɔ nso boa ma yɛnya nkaho, adamfofa, ne botaeɛ koro atenka.
Ɔdɔ
Afei twerɛtohɔ a ɛwɔ 4 Nephi no ma yɛn deɛ ebia ɛyɛ safoa kɛseɛ a ɛwɔ yeinom nyinaa mu—adeɛ a nkabom ankasa ntumi mma: “Akasakasa biara nni asase no so, ɛnam Onyankopɔn dɔ a ɛtenaa nkorɔfoɔ no akoma mu nti (4 Nephi 1:15).
Ankorankoro asomdwoeɛ ba berɛ a yɛde ahobrɛaseɛ ahofama dɔ Onyankopɔn nokorɛ mu. Yei ne mmara no mu kɛseɛ ne deɛ ɛdi kan. Woredɔ Onyankopɔn asene obiara anaa biribiara no yɛ su a ɛde nokorɛ asomdwoeɛ, ahotɔ, awerɛhyem, ne anigyeɛ ba. Berɛ a yɛnya ɔdɔ ma Onyankopɔn ne Yesu Kristo no, ɔdɔ a yɛwɔ ma abusua ne yɔnkoɔ no ara bɛtoa so.
Anigyeɛ kɛseɛ a yɛbɛnya pɛn no yɛ berɛ a ɔdɔ amene yɛn ama Onyankopɔn ne Ne mma nyinaa.
Ɔdɔ kann, Kristo dɔ krogyenn no, yɛ akasakasa ano aduro. Ɛno ne Yesu Kristo kyidini nokwafoɔ su kɛseɛ. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase wɔ Onyankopɔn anim na yɛde yɛn akoma ahoɔden nyinaa bɔ mpaeɛ a, Ɔbɛma yɛn ɔdɔ kann (hwɛ Moroni 7:48).
Berɛ a yɛn nyinaa hwehwɛ sɛ Onyankopɔn dɔ bɛtena yɛn akoma mu no, koroyɛ anwanwadeɛ bɛyɛ te sɛ deɛ ɛwɔ hɔ daa ama yɛn.
Ɔsoro Su
Awieeɛ koraa no, nkorɔfoɔ a wɔwɔ 4 Nephi no daa koroyɛ ho sɛnkyerɛnneɛ bi adi a ɛfata sɛ yɛtwe yɛn adwene si soɔ: “Na adwotwafoɔ, anaasɛ kwanmukafoɔ anaasɛ awudifoɔ biara nni hɔ, na Lamanfoɔ nni hɔ, anaasɛ awurukasɛm biara nni hɔ; mmom na wɔyɛ baako, Yesu Kristo mma, ne Onyankopɔn ahennie adedifoɔ” (4 Nephi 1:17).
Ntwerɛdeɛ ahodoɔ a na atete nkorɔfoɔ no mu mfeɛ ha pii no twee ne ho ansa na wɔrenya nipasu a ɛtena hɔ daa na ɛma anuonyam kɛseɛ. Wɔhunuu wɔn ho—ne obiara—sɛnea wɔne Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo ntam abusuabɔ teɛ.
Nneɛma ahodoɔ ne nsonoeɛ bɛtumi ayɛ papa na ɛho ahia ama yɛn. Nanso yɛn nipasu a ɛho hia yie yɛ dea ɛfa yɛn soro mfitiaseɛ ne yɛn botaeɛ ho.
Deɛ ɛdi kan kora no, yɛn mu biara yɛ Onyankopɔn ba. Ɛtɔ so mmienu, sɛ Asɔre yi ba no, yɛn mu biara yɛ apam ba. Na ɛtɔ so mmiɛnsa, yɛn mu biara yɛ Yesu Kristo kyidini. Mehyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yɛmmma kwan mma ade foforɔ biara “nyi mfiri hɔ, nsi ananmu, anaasɛ nni kan wɔ saa nneɛma mmiɛnsa yi so.”
Monyɛ Baako
Onyankopɔn ato nsa afrɛ obiara sɛ ɔmmra Ne nkyɛn. Kwan wɔ hɔ ma obiara. Ebia yɛn amammerɛ, amanyɔsɛm, mmusuakuo, nneɛma a yɛn ani gye ho, ne akwan foforɔ pii bɛsesa. Nanso berɛ a yɛyɛ koro wɔ Yesu Kristo mu no, nsonsonoeɛ a ɛte saa no yera wɔ nea ɛkyerɛ mu na yɛn pɛ a ɛboro so sɛ yɛbɛyɛ koro no si ananmu—sɛnea yɛbɛyɛ Ne dea.
Dwene adesua a wɔakyerɛkyerɛ wɔ 4 Nephi no ho yie. Berɛ a yɛn mu biara bɔ mmɔden sɛ yɛde koroyɛ ho nneɛma a ɛho hia yi bɛhyɛ yɛn asetena mu no, wɔbɛtumi aka afa yɛn ho, sɛnea wɔka faa wɔn ho no, “Nokorɛ nnipa biara nni hɔ a wɔwɔ anigyeɛ sene saa wɔ nnipa a Onyankopɔn de ne nsa bɔɔ wɔn no nyinaa mu” (4 Nephi 1:16).
© 2024 by Intellectual Reserve, Inc. Wɔakora hokwan ahodoɔ nyinaa so. Wɔtintimm wɔ USA Borɔfo Kasa ho kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ ma Bosome bosome Liahona Nkransɛm, Ahinime 2024. Twi. 19359 503