2024
Onyankopɔn Bɛboa na Wakora Yɛn
Ɔsanaa 2024


“Onyankopɔn Bɛboa na Wakora Yɛn,” Liahona, Ɔsanaa 2024.

Bosome bosome Liahona Nkrasɛm, Ɔsanaa 2024

Onyankopɔn Bɛboa na Wakora Yɛn

Te sɛ Ɔsahene Moroni, yɛbɛtumi anya ɔsoro mmoa ne tumi ama ako ahodoɔ a yɛhyia wɔ asetena mu.

Ɔsahene Moroni a ɔkuta ahofadie abodin no

Nkyerɛkyerɛmu firi Eric Chow hɔ

Berɛ a ɛdi kan a mekenkanee Mormon Nwoma no, m’ani gyee ako ahodoɔ a ɛsisii Nephifoɔ ne Lamanfoɔ ntam ho abakɔsɛm no ho. M’ami gyee gyedie, nyansa, ne nnɛɛdɛɛ a Ɔsahene Moroni, ɔsraani panin a wɔyii no sɛ ɔkannifoɔ maa Nephifoɔ asraafoɔ dɔm nyinaa berɛ a na wadi mfeɛ 25 pɛ no de dii dwuma no ho kɛseɛ. Na ɔyɛ onyansafoɔ, ɔhoɔdenfoɔ, ne onitefoɔ. Ɔde ne ho nhyinaa maa ne nkorɔfoɔ fawohodie ne yiedie. (Hwɛ Alma 48:11–12.)

Sɛ anka ɔde asraafoɔ nkonimdie bɛma ne ho no, Moroni de nkonimdie no maa Onyankopɔn ne mmoa kronkron a n’asraafoɔ dɔm no nyaeɛ firii mmaa ne nkwadaa a wɔnyɛ akofoɔ no hɔ. Ɔka kyerɛɛ atanfoɔ kuo bi a wɔadi nkoguo kannifoɔ sɛ: “Awurade de mo ahyɛ yɛn nsam. Na afei mepɛ sɛ mote aseɛ sɛ ɛnam yɛn som ne yɛn gyedie a ɛwɔ Kristo mu ntira.” Afei Moroni ne wɔn kyɛɛ nkɔmhyɛ nhumu yei: “Onyankopɔn bɛboa, na wahwɛ, na wakora yɛn, mmerɛ dodoɔ a yɛyɛ anokwafoɔ ma no, ne yɛn gyedie, ne yɛn som” (Alma 44:3, 4).

Berɛ kɔ so no, mabɛhunu sɛ Moroni yɛɛ nnyinasoɔ nhyehyɛeɛ bi a yɛbɛtumi de ayɛ adwuma na aboa yɛn ma yɛahyia ɔhaw ahodoɔ a ɛwɔ yɛn ɛnnɛ yi asetena ahodoɔ mu. Sɛ yɛkyerɛ gyedie wɔ Yesu Kristo, wiase Agyenkwa no mu a, Ɔde Ne tumi bɛhyira yɛn. Nanso sɛdeɛ ɛbɛma No ayɛ saa na ama yɛahunu Ne nhyira no, yɛhia sɛ yɛte yɛn botaeɛ ne nkonimdie ho nhyehyɛeɛ ase, na yɛsiesie yɛn ho ma adwene mu ako ahodoɔ a yɛhyia, sɛdeɛ Moroni siesiee ne ho hyiaa ako ahodoɔ ankasa wɔ n’abrabɔ mu no. Sɛ yɛyɛ a, Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo bɛboa na wɔakora yɛn.

Yɛrete Yɛn Botaeɛ Ase

Moroni taa kaee nkorɔfoɔ no nnipa korɔ a wɔyɛ (Abraham apam no adedifoɔ), nea wɔyɛ ne dea (Onyankopɔn mma a Ɔdɔ wɔn), ne deɛ enti a wɔkoeɛ (abusua, gyedie, ne fawohodie). Moroni kyerɛkyerɛɛ ne nkorɔfoɔ no sɛ wɔreko ama wɔn ankasa asetena ne fawohodie firi nhyɛsoɔ ne nkoasom mu. N’abirabɔ mu no, wɔ atamfoɔ no ko maa wɔn ankasa ahohoahoa ne tumi berɛ a wɔdi afoforɔ so.

Berɛ a Nephifoɔ bi hwehwɛɛ sɛ wɔpere tumidie dibea ma wɔn anksa mfasoɔ no, Moroni sunsuanee n’ataadeɛ mu na ɔtwerɛɛ ne nkrasɛm no fapem wɔ esini bi so: “Yɛde kae yɛn Nyankopɔn, yɛn som, ne fawohodie, ne yɛn asomdwoeɛ, yɛn yerenom, ne yɛn mma.” Ɔpagyaa saa frankaa yi, a ɔfrɛɛ no “fawohodie frankaa,” wɔ dua bi so na ɔde kaee nkorɔfoɔ no deɛ ɔko no nyinaa fa ho na ɔde boaa wɔn ano maa botaeɛ no. (Hwɛ Alma 46:12–13, 19–20.)

Wɔ abrabɔ mu honhom mu ako ahodoɔ mu no, “ɛnyɛ yɛne honam ne mogya na anya, na mmom esum mu atumfoɔ [ne] ahonhommɔne” (Efesofoɔ 6:12). Yɛn, nso, hia sɛ wɔkae yɛn deɛ ɔko no nyinaa fa ho. Elder Neal A. Maxwell (1926–2004), a berɛ bi na ɔka Asomafoɔ Dummienu Kuo no ho no, kyerɛɛ saa adwene yi wɔ kasadɛ, mmom tiata, nkutahodie bi mu.

Wɔ 2004 mu, mekɔsraa Elder Maxwell wɔ n’ayaresabea dan mu ankyɛre na ɔwuiɛ. Na ne yam yɛ ma obiara a ɔkɔsraa no anaa ɔboaa no. Apɔmuden-adwumayɛfoɔ kɔɔ ne dan mu na wɔde esu pue baeɛ. Meka kyerɛɛ no sɛ, “Elder Maxwell, yei yɛ den ankasa.” Ɔnwenwenee na ɔkaa sɛ, “O, Dale, yɛyɛ daapem nnipa a yɛte wiase a ɛwuo mu. Yɛafiri yɛn ahotɔbea, te sɛ nsuomnam a wafiri nsuo mu. Ɛyɛ berɛ a yɛwɔ daapem nhumu nko ara na yeinom mu bi bɛtɔ asom ama yɛn.”

Ɛnni sɛ yɛn werɛ firi nneɛma pii a ɛyɛ yɛn ɔsoro su ne daapem hyɛbrɛ ne ahonhommɔne a wɔko tia yɛn no da. Yɛrete Ɔsoro Agya nhyehyɛeɛ ase yie bɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛakɔ so ako ama yɛn daapem nkwagyeɛ ne yɛn fawohoidie afiri honhom mu nkoasom mu.

nkorɔfoɔ a wɔreyɛ bammɔ

Reyɛ Nkonimdie Nhyehyɛeɛ

Wɔ ako ahodoɔ a n’asraadɔm koeɛ mu nyinaa, Moroni yɛɛ nhyehyɛeɛ sɛdeɛ nkonimdie bɛba. Ɔnam akwansrafoɔ so hunuu n’atamfoɔ dwumadie ahodoɔ ne wɔn tirimpɔ. Ɔhwehwɛɛ akwankyerɛ firii nkɔnhyɛni Alma hɔ. Afei Moroni de saa nkanyan a ɔnyaneɛ no yɛɛ adwuma wɔ ne ko mu. Ɔde nneɛma a ɔwɔ dii dwuma sɛdeɛ ɛhia, ɔde asraafoɔ bebree kɔɔ nkuro akɛseɛ a wɔnni bammɔ kɛse mu. Ɔgyinaa deɛ na ɛrekɔ so so yɛɛ nhyehyɛeɛ a na ɛyɛ adwuma pɛpɛɛpɛ.

Ne saa nti ɔkɔɔ anim kyɛnee n’atamfoɔ asraafoɔ dɔm. N’ani ansɔ nkonimdie a na atwam dada no; mmom, ɔkɔɔ so sɛ ɔbɛma ɔne n’asraafoɔ dɔm no ahoɔden apagya de atia ɔhaw a ɛbɛba daakye.

Yɛbɛtumi afa saa akwan no so de atia honhom mu atamfoɔ. Yɛbɛtumi ahyɛ aseɛ berɛ a yɛrehunu deɛ Satan rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ wɔ yɛn abrabɔ mu. Ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛtwe yɛn adwene afiri yɛn botaeɛ ho. Sɛ yɛhyia nsɔhwɛ a, ɛwɔ sɛ yɛbisa yɛn ho sɛ:

  • Sɛn na me nneyɛɛ yei ne Onyankopɔn asɛm a wɔada no adi no di nsɛ?

  • Nsunsuansoɔ bɛn na saa nneyɛɛ yi de bɛba?

  • Saa nneyɛɛ yi bɛboa ma me botaeɛ wɔ asase so no aba mu anaa?

Sɛ yɛma nsɔhwɛ nketenkete mpo ho kwan a ɛwɔ sɛ yɛsan hunu akyire nsunsuansoɔ. Sɛ yɛma nsɔhwɛ ho kwan a, yɛdi “awuduro nkakrankakra” (Alma 47:18), nhyehyɛeɛ a ɛyɛ adwuma yie a atirimuɔden atumfoɔ de yɛ adwuma a ɛbɛtumi de honhom mu nsunsuansoɔ a ɛyɛ hu aba.

Yɛbɛtumi abɔ yɛn ho ban afiri Satan nsɔhwɛ ahodoɔ ho berɛ a yɛdi akwankyerɛ a yɛnya firi yɛn nna a ɛdi akyire nkɔnhyɛni hɔ no so. Sɛ yɛyɛ saa a ɛboa ma yɛkora daapem nhumu bi a yɛnam so de bɛsusu yɛn nneyɛɛ. Yɛreyɛ nhyehyɛeɛ afa sɛdeɛ yɛbɛhyia nsɔhwɛ ahodoɔ a ɛba mmea ahodoɔ wɔ yɛn asetena mu no bɛboa yɛn ma yɛayi nneɛma a ɛyɛ pa ara seesei. Nhyehyɛeɛ ne akwan ahodoɔ a yɛdi kan yɛ bɛboa ma yɛn ma yɛabɔ yɛn ho ban afiri nneɛma a ɛtwetwe yɛn adwene firi yɛn daapen tirimpɔ ho.

Nhwɛsoɔ bi ne mfidie. Mfidie bɛtumi ayɛ sekan nufanu, mfasoɔ ne adesɛeɛ nyinaa, gyina sɛdeɛ yɛde di dwuma so. Sɛdeɛ ɛbɛboa yɛn ma yɛayi deɛ ɛyɛ papa fa yɛn mfidie ho no, nkumaa ne mpanimfoɔ nyinaa bɛtumi ahwɛ “Yɛredi Mfidie so” ne De ma Mmabunu Ahoɔden: Woreyi Ɔpɛ ho Akwankyerɛ. Yeinom kae yɛn yɛn tirimpɔ, [ɛtwe yɛn adwene si Yesu Kristo so, na ɛboa yɛn ma yɛto nsa frɛ Sunsum Kronkron no ba yɛn abrabɔ mu. Yɛreyɛ nhyehyɛeɛ fa kwan, berɛ, ne baabi a yɛde mfidie bɛdi dwuma bɛbɔ yɛn ho ban afiri wiase akwan bɔne ahodoɔ ho.

Lamanfoɔ a wɔreto ahyɛ Nephifoɔ abankɛseɛ so

Woreyɛ Ahosiesie ama Nnyinahɔma Ako

Ɔrehwɛ ako a na ɛreba kwan no, Moroni de nkataboɔ, ɛkyɛm, dadeɛ kyɛ, ne ntaadeɛ a ɛmu yɛ duru siesiee ne nkorɔfoɔ ankorankoro. Ɔsiesiee ne nkorɔfoɔ bɔɔ mu denam nkuropɔn a ɔde abankɛseɛ ahodoɔ twaa ho hyiaeɛ, too asase ano twaa wɔn ho hyiaeɛ so.

Honhom mu no, yɛsiesie yɛn ho sɛ ankorankoro berɛ a yɛdi Onyankopɔn mmaransɛm no so. Yɛne Onyankopɔn yɛ apam ahodoɔ na yɛdi so a ɛtwe Yesu Kristo tumi ba yɛn abrabɔ mu. Yɛde yɛn ho hyɛ ankorankoro, kokoam ahofama nneyɛɛ mu, te sɛ mpaebɔ, akɔnkyene, ne twerɛnsɛm mu nhwehwɛmu. Yɛsan yɛ nneɛma wɔ gyedie mu, berɛ a yɛdi honhom mu akwankyerɛ a yɛnya so. Yɛde ahonim pa siesie yɛn ho ma na yɛfa adidi kronkron no sɛdeɛ ɛfata. Sɛ yɛyɛ saa a, Agyenkwa no ba yɛn abrabɔ mu ankasa, te sɛ deɛ na ɔwɔ hɔ ankasa ma Moroni, a na ɔyɛ pintinn wɔ ne gyedie wɔ Yesu Kristo mu no. Na Moroni nim sɛ ɔbɛtumi de ne ho ato Agyenkwa no so anya akwankyerɛ ne ɔgyeɛ (hwɛ Alma 48:16). Yɛn, nso, bɛtumi de yɛn ho ato Yesu Kristo so anya akwankyerɛ ne ɔgyeɛ.

Yɛbɛtumi asiesie yɛn ho akɔ anim berɛ a yɛhyɛ yɛn mmusua den. Yɛn Soro Agya hyehyɛɛ yɛn sɛ mmusua sɛdeɛ ɛbɛboa yɛn ma yɛanya anigyeɛ na yɛasua sɛdeɛ yɛbɛtumi asan akɔ Ne nkyɛn. Yɛn mmusua bɛtumi ayɛ mmoa fibea ama yɛn. Yɛn nyinaa bɛtumi anya anigyeɛ ne ɔdɔ atenka berɛ a yɛkae sɛ yɛka Onyankopɔn abusua kɛseɛ ho, ɛmfa ho ne yɛn ankorankoro mmusua tebea.

Yɛbɛtumi abom anya ahoɔden na yɛasiesie yɛn ho ama yɛn honhom mu ako berɛ a yɛde yɛn ho bɔ Ahotefoɔ kuo ahodoɔ. Yɛn stake ne district ahodoɔ ma bea a ɛyɛ dwanekɔbea ne bammɔ saa. Yɛbɛtumi amema yɛn ho honhom mu aduane, aboaboa yɛn ho adi Onyankopɔn mmaransɛm no so, na yɛahyehyɛ yɛn ho nkuran de yɛn ho ato Kristo so, mmerɛ nyinaa ne nkanka wɔ ahohia mmerɛ mu. Sɛ yɛhyiam a, yɛhunu sɛ ɛnyɛ yɛn nko ara na yɛko yɛn ako. Yɛwɔ ayɔnkofoɔ, akyerɛkyerɛfoɔ, ne akannifoɔ a wɔbɛtumi aboa na wɔabɔ yɛn ho ban. Yɛn nyinaa ho yɛ den kɛse berɛ a yɛsiesie yɛn ho bom.

Deɛ ɛyɛ nwanwa ne sɛ, Moroni de ne nkorɔfoɔ anigyeɛ no nyinaa maa nokorɛ a wɔdii wɔ wɔn gyedie wɔ Onyankopɔn ne wɔn som mu. Te sɛ Moroni, ɛwɔ sɛ yɛhunu sɛ anigyeɛ ba ɛnam Ɔsoro Agya ne Ne nhyehyɛeɛ ne Yesu Kristo ne Ne Mpata nti. Sɛ yɛbɛte yɛn tirimpɔ ase, yɛ nkonimdie ho nhyehyɛeɛ, na yɛsiesie yɛn ho ma nnyinahɔma ako a, yɛnya ɔsoro mmoa ne tumi.

Te sɛ Moroni, menim sɛ Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo de fawohodie firi nkoasom mu korakora ba—fawohodie firi owuo ne bɔne mu. Wɔde Wɔn tumi hyira yɛn berɛ a yɛhwɛ Wɔn wɔ nneɛma nyinaa mu.

Atwerɛ

  1. Taking Charge of Technology,” Asɛmpa Akoraeɛ.

  2. Deɛɛma mmabunu Ahoɔden: Woreyi Ɔpɛ ho Akwankyerɛ (2022), Asɛmpa Akoraeɛ.

  3. Hwɛ Russell M. Nelson, “Joy and Spiritual Survival,” Liahona, Obubuo 2016, 82.