“Awurade Adwuma Kɛseɛ ne Yɛn Akwanya Kɛseɛ,” Liahona, Kitawonsa 2024
Bosome bosome Liahona Nkrasɛm, Kutawonsa 2024
Awurade Adwuma Kɛseɛ ne Yɛn Akwanya Kɛseɛ
Berɛ a yɛdɔ, yɛkyɛ, na yɛto nsa frɛ no, na yɛne Awurade reyɛ adwuma aboa ma ɔkra a ɔsom boɔ biara aba Ne nkyɛn.
Nkɔnhyɛni biara a ɔwɔ asɛmpaberɛ kɛseɛ a ɛtwa toɔ yi mu akyerɛkyerɛ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ asafomma sɛ wɔnkyɛ Yesu Kristo asɛmpa a wɔasan de aba no. Wɔ m’asetena mu nyinaa, nhwɛsoɔ pii ba m’adwene mu:
Titenani David O. McKay (1873–1970), nkɔnhyɛni wɔ me mmabunu berɛ mu, kaa sɛ, “Asɔreba biara yɛ asɛmpatrɛni.”
Titenani Spencer W. Kimball (1895–1985) kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Da a ɛwɔ sɛ yɛde asɛmpa no kɔma mmeaeɛ ne nnipa pii yɛ seesei ara,” na “ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn nan mu” wɔ asɛmpa a yɛne afoforɔ kyɛ no mu.
Titenani Gordon B. Hinckley (1910–2008) kaa sɛ: “Yɛn adwuma no yɛ kɛseɛ, yɛn asodie sɛ yɛbɛboa ahwehwɛ wɔn a yɛbɛkyerɛkyerɛ no so yie. Awurade ama yɛn ahyɛdeɛ sɛ yɛnkyerɛkyerɛ abɔdeɛ biara asɛmpa no. Yei bɛfa [yɛn] mmɔdemmɔ a ɛso pa ara.”
Na Titenani Russell M. Nelson akyerɛkyerɛ sɛ: “Asɛmpatrɛ adwuma yɛ ɔfa ɛho hia wɔ Israel anoboaboa kɛseɛ no mu. Saa anoboaboa no yɛ adwuma a ɛho hia pa ara a ɛrekɔ so wɔ asase yi so ɛnnɛ yi. Biribiara nni hɔ a ɛso a wobɛtumi de atoto ho. Biribiara nni hɔ a ɛhia a wobɛtumi de atoto ho. Awurade asɛmpatrɛfoɔ—N’akyidifoɔ—wɔ ɔfrɛ kɛseɛ, botaeɛ kɛseɛ, adwuma kɛseɛ pa ara wɔ asase so ɛnnɛ.”
Me ara mebɛhunuu yei berɛ a na meyɛ asɛmpatrɛni abarimaa wɔ British Mission. Mewɔ ɛho ahotosoɔ kɛse mpo ɛnnɛ. Sɛ Awurade Yesu Kristo Somafoɔ no, medi adanseɛ sɛ akwanya wɔ baabiara sɛ yɛbɛboa afoforɔ ma wɔaba Kristo nkyɛn berɛ a yɛkyerɛ yɛn dɔ, kyɛ yɛn gyedie, na yɛto nsa frɛ wɔn sɛ wɔmmɛka yɛn ho na wɔnnya Yesu Kristo asɛmpa no ho anigyeɛ no bi.
Adwuma no Kɔ Anim
Me tiri yɛɛ yie kɔdii dwuma bi wɔ Asɔre no Asɛmpatrɛ Asoɛeɛ berɛ a wɔde Ka Me Nsɛmpa fa a ɛdi kan no baeɛ wɔ 2004, ɛna bio, berɛ a wɔde ɔfa a ɛtɔ so mmienu no baeɛ wɔ 2023. Megye di sɛ Ka Me Nsɛmpa ahyira asɛmpatrɛ adwuma wɔ kwan a ɛso yie so.
Biribiara a yɛasua firi 2004, nkanyan akwankyerɛ a ɛfiri obiara a ɔka Titenafoɔ a Wɔdi Kan ne Asomafoɔ Dummienu Kuo no ho, ne nsesaeɛ a wɔayɛ a wɔde kyɛ asɛmpa no wɔ mfididwuma berɛ yi mu wɔ Ka Me Nsɛmpa foforɔ no mu. Saa nsesaeɛ yi binom de nkonimdie kɛseɛ aba.
Yɛahunu sɛ worekyɛ asɛmpa no wɔ akwan a ɛyɛ tiawa ne daa daa so, denam nnyinasonsɛm a ɛyɛ “dɔ, kyɛ, to nsa frɛ” so no hyira ahemman no kɛse pa ara. Yesu Kristo kyɛɛ asɛmpa no wɔ saa kwan yi so berɛ a Ɔtenaa asase so. Ɔkyɛɛ N’abrabɔ ne Ne dɔ na Ɔtoo nsa frɛɛ obiara sɛ wɔmmra Ne nkyɛn (hwɛ Mateo 11:28). Sɛ wobɛdɔ, akyɛ, na woato nsa afrɛ sɛdeɛ Ɔyɛeɛ no yɛ nhyira ne asodie sononko ma Asɔreba biara.
Fa Ɔdɔ hyɛ aseɛ
Wɔ Getsemane Turo mu ne asɛnnua no so no, Yesu Kristo faa wiase bɔne too Ne ho so na ɔfaa awerɛhoɔ ne “yea ne amanehunu ne nsɔhwɛ biara bi” nyinaa mu (Alma 7:11). Yei “maa [Ɔno], nea ɔsene obiara no, ho popoe esiane yea nti, na mogya tuu no wɔ ne honam tokuro biara mu” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 19:18). Ɛnam Ne Mpata ne Wusɔreɛ no so, Yesu Kristo ama nkwagyeɛ ne mpagya bɛtumi awɔ hɔ ama obiara.
Worekɔ Agyenkwa no nkyɛn na woredwene deɛ Wayɛ ama yɛn nyinaa ho de Ne ho dɔ hyɛ yɛn akoma ma. Afei ɔdane yɛn akoma kɔ afoforɔ so na ɔhyɛ yɛn sɛ yɛnnɔ wɔn (hwɛ Yohane 13:34–35) na yɛne wɔn nkyɛ N’asɛmpa no (hwɛ Mateo 28:19; Marko 16:15). Sɛ wɔn a wɔbɛn yɛn no bɛtumi ate nka sɛ yɛdɔ wɔn na yɛdwene wɔn ho nokorɛ mu a, wɔbɛtumi abue wɔn akoma mu ama yɛn nkransɛm no, sɛdeɛ Ɔhene Lamoni buee n’akoma mu gyee asɛmpa no ɛnam Ammon dɔ ne ne som nti. (hwɛ Alma 17–19).
Sɛ yɛrekyɛ asɛmpa no a, momma yɛmfa ɔdɔ nhyɛ aseɛ. Berɛ a yɛboa afoforɔ wɔ ɔdɔ mu—na yɛkae sɛ wɔyɛ yɛn nuanom mmarima ne mmaa ne Ɔsoro Agya mma a ɔdɔ wɔn no—akwanya bɛbue ama yɛakyɛ deɛ yɛnim sɛ ɛyɛ nokorɛ no.
Fa Wo ho Hyɛ mu Anibere so na Kyɛ
Obiara antu ne ho ansi hɔ ankyɛ asɛmpa no ansene Titenani M. Russell Ballard (1928–2023). Wɔ n’amansan nhyiamu kasa a ɛtwa toɔ koraa mu no, ɔdii adanseɛ sɛ, “Nneɛma a ɛyɛ animuonyam ne nwanwa kɛse pa ara mu baako a obiara a ɔwɔ asase yi so bɛtumi ahunu [ne] sɛ yɛn Soro Agya ne Awurade Yesu Kristo ada Wɔn ho adi wɔ nna a ɛdi akyire yi mu na wɔama Joseph [Smith] so sɛ ɔde Yesu Kristo daapem asɛmpa no mahyɛ bɛba.”
Wɔ n’asetena nyinaa, ne wiase fa kɛseɛ nyinaa mu no, Titenani Ballard de ne ho hyɛɛ asɛmpa a ɛsom boɔ yi kyɛ mu anibere so ne obiara kyɛeɛ. Ɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ saa ara. Ɔkyerɛkyerɛɛ sɛ yɛkyɛ asɛmpa no “berɛ a yɛyɛ afipamfoɔ papa na yɛyɛ ayamyɛ na yɛkyerɛ ɔdɔ.” Sɛ yɛyɛ saa a, “yɛda asɛmpa a ɛwɔ yɛn abrabɔ mu adi, na yɛda nhyira a asɛmpa no wɔ de ma adi kyerɛ [afoforɔ].” Yɛsan “di adanseɛ wɔ deɛ [yɛ] nim na yɛgye die ne deɛ [yɛ] te nka” ho. Titenani Ballard kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Adansedie kann yɛ deɛ Sunsum Kronkron no tumi bɛtumi de akɔ afoforɔ a wɔayɛ krado sɛ wɔbɛgye no akoma mu.”
Yesu Kristo asɛmpa a wɔasan de aba no kyɛ ne adeɛ kɛseɛ pa ara a na Titenani Ballard hwehwɛ. Yɛbɛtumi de yɛn ho ahyɛ mu anibere so—sɛdeɛ na ɔteɛ no—wɔ asɛmpa no kyɛ mu wɔ kasa ne nneyɛɛ mu nyinaa. Yɛnnim deɛ ɔwɔ yɛn mu a ebia ɔrehwehwɛ asɛmpa no hann no nanso ɔnnim baabi a ɔbɛhunu no (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 123:12).
Ma Nsatofrɛ a Ɛfiri Akoma mu
Sɛ yɛreboa afoforɔ ma wɔaba Kristo nkyɛn a, yɛto nsa frɛ wɔn sɛ wɔmmɛnya anigyeɛ a Agyenkwa no ne N’asɛmpa de ba no bi. Yɛbɛtumi ato nsa afrɛ wɔn ama wɔaba dwumadie bi, akenkan Mormon Nwoma no, anaasɛ wɔahyia nsɛmpatrɛfoɔ no. Yɛbɛtumi nso ama wɔn nsatofrɛ a ɛfiri akoma mu ama wɔne yɛ akɔ adidi kronkron nhyiamu.
Yɛkɔ adidi kronkron nhyiamu nnawɔtwe biara “kɔsɔre Onyankopɔn na yɛfa adidi kronkron no de kae Yesu Kristo ne Ne Mpata no.” Yei yɛ akwanya berɛ a nkorɔfoɔ de nya Honhom no atenka, bɛn Agyenkwa no yie, na wɔhyɛ gyedie a wɔwɔ wɔ Ne mu den.
Sɛ yɛrehwehwɛ akwan a yɛde bɛdɔ, akyɛ, na yɛato nsa afrɛ a, ɛwɔ sɛ yɛreboa nkorɔfoɔ ma wɔakɔ adidi kronkron nhyiamu ka yɛn nhyehyɛeɛ ne mmɔdemmɔ no ho. Sɛ wɔbɛgye yɛn nsatofrɛ no atom na wɔakɔ adidi kronkron nhyiamu a, ɛbɛtumi ayɛ yie kɛse sɛ wɔbɛkɔ so wɔ asubɔ ne nsakyeraeɛ kwan no so. Mede m’akoma nyinaa gye di sɛ nkonimdie kɛseɛ bɛba berɛ a yɛto nsa frɛ afoforɔ ma wɔkɔ adidi kronkron nhyiamu na yɛboa wɔn ma wɔhunu nhyira a wɔbɛtumi anya afiri mu.
Awurade Bɛkyerɛ Yɛn Kwan
Yɛnnim nkonimdie ne ɔhaw ahodoɔ a yɛbɛnya berɛ a yɛdɔ, yɛkyɛ, na yɛto nsa frɛ no. Mosiah mma mmarima “firii kuropɔn mu kɔɔ kuropɔn mu, na wɔfirii asɔre fie baako mu kɔɔ ɔfoforɔ mu, wɔ Lamanfoɔ no ntam, kaa nsɛmpa na wɔkyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn asɛm wɔ wɔn ntam; enti wɔhyɛɛ aseɛ nyaa nkonimdie kɛseɛ.” Ɛnam wɔn mmɔdemmɔ so, “mpempem bɛnyaa Awurade ho nimdeɛ,” na bebree “nyaa adwensakyera [na] wɔanhwe ase bio da” (Alma 23:4–6).
Berɛ a yei renyɛ yɛn suahunu berɛ biara no, Awurade ahyɛ bɔ sɛ Ɔbɛka yɛn ho ne yɛn ayɛ ɛfiri sɛ ɔkra biara som boɔ ma No. Sɛ yɛde yɛn ho to Awurade so na yɛyɛ N’adwuma a, Ɔbɛkyerɛ yɛn kwan wɔ sɛdeɛ yɛne afoforɔ bɛkyɛ N’asɛmpa no berɛ a yɛdɔ wɔn, ne wɔn kyɛ yɛn abrabɔ ne adansedie, na yɛto nsa frɛ wɔn ma wɔbɛka yɛn ho wɔ N’akyidie mu.
“[Yɛn] anigyeɛ bɛyɛ kɛseɛ” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 18:15) berɛ a yɛfa akwanya a ɛwɔ yɛn ho nyinaa de boa Awurade Yesu Kristo wɔ N’adwuma kɛseɛ a ɛde akra rebrɛ No no mu.
© 2024 by Intellectual Reserve, Inc. Wɔakora hokwan ahodoɔ nyinaa so. Wɔtintimm wɔ USA Borɔfo Kasa ho kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ ma Bosome bosome Liahona Nkrasɛm, Kutawonsa 2024. Twi. 19293 503