2024
Wɔafrɛ Yɛn sɛ Yɛnyɛ Papa
Ayɛwohomumu 2024


“Wɔafrɛ Yɛn sɛ Yɛnyɛ Papa,” Liahona, Ayɛwohomumu 2024.

Bosome bosome Liahona Nkransɛm, Ayɛwohomumu 2024

Wɔafrɛ Yɛn sɛ Yɛnyɛ Papa

Yɛkyekyere Onyankopɔn ahennie no berɛ a yɛsom afoforɔ, pagya yɛn kanea, na yɛgyina ma ɔsom mu ahofadie.

Gideon hunuu atorɔ nkyerɛkyerɛ berɛ a ɔtee bie. Na wate bi nka pɛn afiri Ɔhene Noah ne n’asɔfoɔ hɔ—asɔfoɔ a “na wɔama wɔn ho so wɔ ahomasoɔ mu wɔ wɔn akoma mu” ne wɔn “a wɔnyaa akyitae wɔ wɔn akwadworɔ mu, ne wɔn abosomsom mu, ne wɔn adwamammɔ mu, ɛnam ɛtoɔ a ɔhene Noah de too ne nkorɔfoɔ so” (Mosiah 11:5–6).

Ne bɔne mu, na Ɔhene Noah agye nkɔmhyɛni Abinadi nkwa afiri ne nsa mu na ɔhwehwɛɛ sɛ ɔsɛe Alma ne n’adwensakyerafoɔ (hwɛ Mosiah 17; 18:33–34). Sɛ wɔde saa bɔnefosɛm a ɛte saa bɛba awieeɛ no, Gideon kaa ntam sɛ ɔbɛsi ɔhene no kwan, na ɔgyaee no esiane Lamanfoɔ satuo nti (hwɛ Mosiah 19:4–8).

Akyire yi, Gideon bɔɔ Noah asɔfoɔ no soboɔ fa Lamanfoɔ mmabaa 24 a wɔde wɔn dwaneeɛ no. Ɔhunuu sɛ Abinadi nkɔmhyɛ a ɔhyɛ tiaa nkorɔfoɔ no aba mu ɛfiri sɛ wɔampɛ sɛ wɔsakyera. (Hwɛ Mosiah 20:17–22.) Ɔboa gyee Limhi nkorɔfoɔ a wɔwɔ nkoasom mu wɔ Lamanfoɔ no hɔ firii wɔn nsam (hwɛ Mosiah 22:3–9).

Afei a wanyini no, Gideon hyiaa ahomasoɔ ne bɔnefosɛm nyinaa bio berɛ a ɔgyinaa Nehor anim, a na ɔde ne nkorɔfoɔ ahyɛ nsamanfrɛ mu. Na Nehor “reko tia asɔre no” na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔde ne nkorɔfoɔ bɛkɔ ɔyera mu. (Hwɛ Alma 1:3, 7, 12; san hwɛ 2 Nephi 26:29.)

Ɔde Onyankopɔn asɛm ayɛ akodeɛ no, Gideon kokoɔdurufoɔ tuu Nehor fo wɔ ne bɔnefosɛm ho. Nihor de abofuo to hyɛɛ Gideon so de n’afena kumm no. (Hwɛ Alma 1:7–9.) Enti ɔde “ɔteneneeni” a na “wayɛ papa bebree ama ne nkorɔfoɔ” nkwa baa awieeɛ (Alma 1:13).

Nna a ɛdi akyire a yɛwɔ mu no ma yɛn akwanya sɛ yɛde sua Gideon sɛ “Onyankopɔn nsam adwinnadeɛ” (Alma 1:8) berɛ a “yɛsom” (Mosiah 22:4) afoforɔ, regyina ama teneneeyɛ, na yɛregyina ahunahuna a ɛtia ɛsom mu ahofadie na yɛsom Onyankopɔn no ano. Berɛ a yɛdi Gideon gyedie nhwɛsoɔ so no, yɛn nso bɛtumi ayɛ papa bebree.

ɔbaa a ɔkuta apampaa gyina bɛn ɔbaa bi a ɔda mpa so

Ɔsom mu Nkabom

“Sɛ [Agyenkwa no] akyidifoɔ no, yɛhwehwɛ sɛ yɛbɛdɔ Onyankopɔn ne yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa,” Atitenafoɔ a wɔdi Kan no aka. “Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ ani abere sɛ wɔboa afoforɔ ne wɔn a wɔwɔ ahohia mu. Wɔahyira yɛn sɛ yɛwɔ tumi, akadeɛ, ne nokorɛ amansan nkutahodie a yɛde bɛyɛ yɛn asɛdeɛ kronkron no.”1

M’ani sɔ ɔsom a ɛnyɛ pɛsɛmenkomenya ne ɔsom adwuma a Asɔre no mma yɛ wɔ yɛn tɛmpol ahodoɔ ne wɔn wɔɔd, brankye, ne steeki ahodoɔ mu. M’ani sɔ nso sɛ Asɔremma som wɔ nkuro a ɛnni ano, nwomasua, ne adɔyɛ akuo ahodoɔ mu, na wɔde wɔn ho hyɛ adɔyɛ mpem mpem dwumadie mu afe biara, tu nnɔnhwere ɔpepe bebree si hɔ wɔ aman ne mmeaeɛ bɛyɛ sɛ ahanu mu.2

Ɔkwan baako a Asɔre no fa so trɛ ɔsom akwanya mu wɔ aman pii so yɛ JustServe.org. Asɔre no na ɔboa nanso akwanya wɔ hɔ ma obiara a ɔpɛ sɛ ɔhyira afoforɔ, JustServe.org “ka mpɔtam aboafoɔ adehia ne aboafoɔ bom” a wɔma “kuro mu abrabɔ pa tu mpɔn.”3

Asɔre no mma nso ne som akuo ahodoɔ ka wɔn ho bom wɔ wiase afanan nyinaa. Asɔre no, nam asɔremma so, yɛɛ “Red Cross mogya boafoɔ baako pɛ a ɛyɛ kɛseɛ pa ara wɔ 2022.” Ɛka ho bio, Asɔre no de Amerika sika $8.7 million kyɛɛ Red Cross no.4

Asɔre no ne akuo ahodoɔ kaboom de nsukrogyee dwumadie kɔɔ mmea mmea faa wiase afanan nyinaa. Wɔ 2022 mu, Asɔre no yɛɛ nnwuma a ɛtete saa 156.5 Yɛsane nso ne akuo afoforɔ kabom de mmoa brɛ Onyankopɔn mma a wɔrehunu amane.6

“Berɛ a yɛkeka yɛn nsa ase som nkorɔfoɔ a wɔwɔ ahohia mu no,” sɛdeɛ President Henry B. Eyring, Fotufoɔ a ɔtɔ so Mmienu wɔ Atitenafoɔ a wɔdi Kan no kaae no, “Awurade ka yɛn akoma bom.”7

nsa a wɔamoa no a awia hann wɔ mu

Ma Wo Kanea So

Sɛ Agyenkwa akyidifoɔ yi, yɛn nso hyira yɛn afipamfoɔ berɛ a yɛdi yɛn apam so na yɛbɔ Kristosu abrabɔ. Mormon Nwoma no kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ “asɔre no mu nnipa” yi teneneeyɛ nko ara mmom wɔma wɔn tenenee nne no so sɛ wɔpɛ sɛ Awurade bɔ wɔn ho ban na wɔdi yie a (hwɛ Alma 2:3–7; san hwɛ Mosiah 29:27). Awurade hwehwɛ sɛ yɛbɛkyɛ yɛn gyedie ne amanneɛ na yɛama yɛn kanea so. “Monhwɛ Mene kanea no a mobɛma so no” (3 Nephi 18:24).

“Yɛnsom yɛn Agyenkwa yie sɛ yɛsuro nnipa sene Onyankopɔn a,” sɛ Titenani Dallin H. Oaks, Fotufoɔ a Ɔdi Kan wɔ Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no mu seɛ no. Ɔde kaa ho sɛ, “Wɔafrɛ yɛn sɛ yɛnkyekyere Awurade susudua no, na ɛnyɛ sɛ yɛbɛdi wiase akyi.”8

Sɛ ɛyɛ sukuu, adwuma, anaasɛ agodie mu, anaasɛ akwantuo mu, anaasɛ ayɔnkofa mu, anaasɛ ntentan kɛseɛ so, Awurade asomafoɔ “mfɛre sɛ wɔde Kristo din bɛto wɔn ho so” (Alma 46:21). Ɛnam yɛn nsɛm ne nnwuma so, yɛdi adanseɛ sɛ Onyankopɔn te ase na yɛdi Ne Ba akyi.

“Yɛn gyedie nyɛ deɛ wɔakyekyɛ mu ahodoɔ, anaasɛ ɛwɔ sɛ ɛyɛ saa. Gyedie nyɛ mma asɔre nko ara, ɛnyɛ mma efie nko ara, ɛna ɛnyɛ mma sukuu nko ara],” sɛdeɛ Paul Lambert, Nna a ɛdi Akyire Ɔhoteni nimdefoɔ wɔ nyamesom dodoɔ mu hunuu no no. “Ɛwɔ hɔ ma biribiara a woyɛ.”9

Yɛnnim nsunsuansoɔ a yɛn adansedie, nhwɛso pa, ne nneyɛɛ papa tumi nya wɔ afoforɔ so. Mmom berɛ a yɛgyina ma nokorɛ na yɛma Agyenkwa no kanea so no, nkorɔfoɔ bɛhunu yɛn na ɔsoro bɛdi ama yɛn.

ɔbaa a ɔgyina tɛmpol abɔntene

Gyina ma Ɛsom mu Ahofadie

Ɛnnɛ yi nsamanfrɛ, ne wiasefoɔ deɛ a ɛredɔɔso a ɛreko tia nkorɔfoɔ gyedie no nna nso mfiri Mormon Nwoma no mmerɛ so ho. Wɔn a wɔsɔretia nyamesom asɛdeɛ a ɛho hia wɔ badwam ne amanyɔsɛm mu no nne reyɛ den. Wiasefoɔ ne aban ahodoɔ, a sukuu ahodoɔ ne suapɔn ahodɔ ka ho, rehyɛ suban ne ɔbrasɛeɛ, annye-annie sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, ne nteteɛ pa a wɔkyerɛ sɛ ɛnyɛ ɔhyɛ mu kena.

Nyamesom mu ahofadie sɔretia bɛtumi adi nkonim sɛ yɛansɔre annyina amma nyamesom fahodie a. “Sɛ Asɔre yi,” Mekaa no nnansa yi ara, yɛka yɛn ho bɔ ɛsom afoforɔ a wɔrebɔ nkorɔfoɔ ho ban wɔ ɛsom nyinaa ne nkuranhyɛfoɔ ne hokwan a wɔwɔ sɛ wɔka wɔn adwene.”10

Ɛko kɔɔ so wɔ ɔsoro wɔ suban pa yie ho—ahofadie a yɛde yi deɛ yɛpɛ. Sɛ yɛbɛkora yɛn pɛ hia sɛ yɛde nsiyɛ bɔ yɛn nyamesom ho fahodie ho ban.

Nyamesom gyedie a ano yɛ hye hyɛ den na ɛbɔ mmusua, nkuro ne aman ho ban. Ɛde nkwa ba mmara setie mu, ɛde obuo ba nkwa ne agyapadeɛ mu, na ɛkyerɛ adɔyɛ, nokorɛdie, ne suban pa—nnepa a ɛhia ma sɛ pɛrepɛreyɛ. fawohodie, ne ɔman mu nyansa bɛkɔ soɔ. Yɛnhia sɛ yɛpa kyɛw wɔ yɛn gyedie ho.

Yɛn asɛmpatrɛ mmɔdemmɔ, yɛn ananmusie adwuma wɔ tɛmpol, yɛn mmɔdemmɔ a yɛde kyekyere Onyankopɔn ahemman, ne yɛn anigyeɛ ankasa hia sɛ yɛsɔre gyina hɔ ma ɛsom mu ahofadie. Yɛntumi nhwere saa ahofadie no berɛ a yɛrenhwere ahofadie afoforɔ.

Nkɔmhyɛni Joseph Smith kyerɛɛ sɛ ”Ɛyɛ ahofadie ho dɔ [na] ɛkanyan me kra—aban ne ɛsom ahofadie de ma nnipakuo nyinaa.”5 Ɛsom mu ahofadie bɛkɔ so akanyan yɛn akra berɛ a yɛdi Asɔre akannifoɔ afotuo so :

  • “Nya nimdeɛ wɔ badwam nneɛma a ɛho hia ho, na afei kasa den wɔ akokoɔduro ne nyansa mu.”12

  • “Hunu sɛ ɛsom mu ahofadie sɛeɛ bɛtumi anya nsunsuansoɔ yie wɔ yɛn akwanya a yɛde bɛnyini wɔ ahoɔden mu ne asɛmpa nimdeɛ mu, na wɔahyira yɛn wɔ ayɛyɛdeɛ kronkron mu, na yɛde yɛn ho ato Onyankopɔn so ma wakyerɛ N’Asɔre kwan.”13

  • “Sɔre gyina na kasa si so dua sɛ Onyankopɔn te ase na nokorɛ a ɛwie pɛyɛ na Ne mmaransɛm no de si hɔ.”14

  • “Si mmara a ɛbɛtumi asi yɛn ahofadie a yɛde bɛyɛ yɛn som ho adwuma kwan.”15

  • “Monkɔ wiase nkɔyɛ papa, nhyɛ gyedie den wɔ Otumfoɔ Nyankopɔn mu, na mommoa mfa afoforɔ mmra anigyeɛ beaeɛ.”16

  • Adesua akadeɛ wɔ religiousfreedom.ChurchofJesusChrist.org ne religiousfreedomlibrary.org/documents.

Yɛkyekyere Onyankopɔn ahemman no berɛ a yɛsom, pagya yɛn kanea, na yɛgyina ma ɛsom mu ahofadie. Awurade nhyira yɛn wɔ mmɔden a yɛrebɔ sɛ yɛbɛyɛ “papa bebree” wɔ yɛn mmusua, nkuro ne aman mu.

Atwerɛ

  1. “Nkransɛm a ɛfiri Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no hɔ,” wɔ Rehwɛ Wɔn a wɔwɔ Ahohia mu so: 2022 Annual Report of The Church of Jesus Christ of Latter-day Saints, 3, ChurchofJesusChrist.org.

  2. Hwɛ Rehwɛ Wɔn a wɔwɔ Ahohia mu so: 2022 Annual Report, 4, ChurchofJesusChrist.org.

  3. Justserve.org/about. JustServe reyɛ adwuma wɔ aman 17 so. Nkorɔfoɔ mpempem ne akuo na wɔahyira wɔn afa saa dwumadie yi so.

  4. Hwɛ Kaitlyn Bancroft, “Church Donates $8.7 M as Part of Red Cross Collaboration,” Church News, Oforisuo 22, 2023, 23.

  5. Hwɛ Mary Richards, “Church Joins with Groups around the World to Tap into the Gift of Water,” Church News, Kɔtɔnima 27, 2023, 12.

  6. Hwɛ Dallin H. Oaks, “Reboa Ahiafoɔ ne Onnibiefoɔ,” Liahona, Obubuo. 2022, 6–8.

  7. Henry B. Eyring, “Papayɛ ho Akwannya,” Liahona, Kɔtɔnima 2011, 25.

  8. Dallin H. Oaks, “Unselfish Service,” Liahona, Kɔtɔnima 2009, 94–95.

  9. Paul Lambert, wɔ Rachel Sterzer Gibson, “Adɛn Nti na Ɛwɔ sɛ Gyedie ho Hia wɔ Adwuma mu?” Church News, Oforisuo 22, 2023, 16.

  10. Ronald A. Rasband, “To Heal the World,” Liahona, Kɔtɔnima 2022, 92.

  11. Asɔre Nkɔmhyɛfoɔ Nkyerɛkyerɛ: Joseph Smith (2011), 345.

  12. D. Todd Christofferson, “Religious Freedom—A Cherished Heritage to Defend” (address at Freedom Festival Patriotic Service, Provo, Utah, June 26, 2016), 5–6, speeches.byu.edu.

  13. Ronald A. Rasband, “Free to Choose” (Brigham Young University devotional, Ɔpɛpɔn 21, 2020), 3, speeches.byu.edu.

  14. Dallin H. Oaks, “Truth and Tolerance” (Brigham Young University devotional, Ɛbɔ 11, 2011), 2, speeches.byu.edu.

  15. Dallin H. Oaks, “Truth and Tolerance,” 4.

  16. Ronald A. Rasband, “Free to Choose,” 5, speeches.byu.edu.