2024
Fa Mpaebɔ Ntoatoasoɔ Ma Wo Kra Aduane
Oforisuo 2024


“Fa Mpaebɔ Ntoatoasoɔ Ma Wo Kra Aduane,” Liahona, Oforisuo. 2024

Bosome bosome Liahona Nkransɛm, Oforisuo 2024

Fa Mpaebɔ Ntoatoasoɔ Ma Wo Kra Aduane

Yehia honhom mu aduane a ɛyɛ yɛne yɛn Soro Agya nkutahodie, nhyira a ɛwɔ hɔ ma yɛn wɔ babiara ne daa.

Enos rebɔ mpaeɛ

Ɔyɛkyerɛfoɔ mfonini a ɛrekyerɛ Enos a Matt Reier yɔeɛ

Ɔkɔmade yɛn nyinaa pɛn. Ɔkɔm yɛ ɔkwan a nipadua no fa so ka kyerɛ yɛn sɛ ɛhia aduane. Na sɛ ɔkɔm de yɛn a, yɛnim deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ—adidie.

Yɛn honhom nso wɔ akwan a ɛma yɛhunu berɛ a yɛhia honhom fam aduane. Nanso ayɛ sɛ nea ɛyɛ mmerɛ ma yɛn sɛ yɛbɛbu yɛn ani agu honhom fam kɔm so kyɛne honam fam kɔm.

Sɛnea nnuane ahodoɔ pii wɔ hɔ a yɛbɛtumi adi berɛ a ɔkɔm de yɛn no, nneɛma ahodoɔ nso wɔ hɔ a yɛbɛtumi ayɛ de ahyɛ yɛn honhom fam ɔkɔm no ma. Sɛ nhwɛsoɔ no, yɛbɛtumi “adi Kristo nsɛm no” (2 Nephi 32:3) wɔ twerɛsɛm mu ne ɛnam nkɔmhyɛfoɔ nsɛm so. Yɛbɛtumi akɔ asɔre daa na yɛafa Awurade adidikronkron (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 59:9). Yɛbɛtumi asom Nyankopɔn ne Ne mma (hwɛ Mosiah 2:17).

Nanso honhom mu aduane fibea foforɔ bi wɔ hɔ a yɛbɛtumi anya berɛ nyinaa, wɔ yɛn asetena mu berɛ biara, ɛmfa ho sɛnea yɛn tebea teɛ. Yɛnam mpaebɔ so bɛtumi ne Ɔsoro Agya adi nkutaho berɛ nyinaa.

“Ɔkɔm Dee Me Kra”

Berɛ a odiyifoɔ Enos hwehwɛɛ mmoa wɔ kwaeɛ mu no, ɔdwenwenee “nsɛm a na ɔte mpɛn pii sɛ [n’agya] reka a ɛfa daa nkwa ne ahotefoɔ anigyeɛ ho” no ho. Saa nsɛm yi “wuraa [ne] koma mu yie” (Enos 1:3).

Esiane sɛ na Enos wɔ honhom fam adwene yi mu nti, ɔtee ahiadeɛ kɛseɛ nka: Ɔkaa sɛ: “ɛkɔm dee me kra,”(Enos 1:4; ɔka sisodua).

Deɛn na Enos yɔeɛ berɛ a ɔtee honhom fam kɔm yi, honhom fam aduane a ɛhia yi? Ɔkaa sɛ: “Mekotoo me Yɛfoɔ anim, na mede mpaebɔ ne nkotosrɛ a ɛmu yɛ den su frɛɛ no maa m’ankasa me kra” (Enos 1:4).

Na Enos honhom mu kɔm no so pa ara maa ɔbɔɔ mpaeɛ “da mu no nyinaa na anadwo duruiɛ no [ɔkɔɔ so maa [ne] nne so maa ɛduruu ɔsoro” (Enos 1:4). Awieeɛ no, Onyankopɔn buaa ne mpaebɔ na ɔde ne bɔne kyɛɛ no. Enos tee nka sɛ n’afɔbuo no kɔ. Nanso ne honhom fam aduane no ankɔ awieeɛ wɔ hɔ.

Ɔhunuu tumi a ɛwɔ Yesu Kristo mu gyedie mu, na ɔhwiee ne kra nyinaa guui maa ne nkorɔfoɔ—n’atamfo mpo. Ɔne Awurade yɛɛ apam na ɔnyaa bɔhyɛ firii Ne hɔ. Na Enos mpaebɔ a ɛmu yɛ den no akyi no, ɔkɔɔ ne nkorɔfoɔ mu kɔhyɛɛ nkɔm na ɔdii nea wate ne nea wahunu no ho adanseɛ. (Hwɛ Enos 1:5–19.)

Ɛnyɛ mpaebɔ biara na wɔbɛbua wɔ ɔkwan nwanwasoɔ saa so, nanso yɛn suahunu wɔ mpaebɔ ho bɛtumi akɔso ayɛ nea nteaseɛ wom na ɛsesa abrabɔ. Yɛbɛtumi anya asuadeɛ a ɛho hia afiri Enos suahunu wɔ mpaebɔ ho no mu. Sɛ ebia:

  • Sɛ yɛbɔ mmɔden de asɛmpa no bɔ yɛn bra yie a, ɛbɛtumi aboa yɛn ama yɛate yɛn honhom mu kɔm nka.

  • Yɛn honhom mu kɔm no bɛtumi, na ɛwɔ sɛ ɛde yɛn kɔ yɛn nkotodwe anim kɔhwehwɛ Ɔsoro Agya hɔ mmoa.

  • Yɛrebɔ mpaeɛ akyerɛ Ɔsoro Agya bɛtumi aboa yɛn honhom mu kɔm—na afei ɛbinom.

  • Yɛbɛtumi abɔ mpaeɛ wɔ baabiara, berɛ biara.

  • Mpaebɔ bɛtumi aboa yɛn ama yɛasakra.

  • Mpaebɔ bɛtumi ahyɛ Yesu Kristo mu gyedie a yɛwɔ no mu den.

  • Yɛbɛtumi anya ankorankorɛ adansedie sɛ yɛn Soro Agya no tie yɛn na ɔkae yɛn.

  • Adansedie ne ahoɔden a yɛnam mpaebɔ so nya no bɛtumi aboa yɛn ama yɛasom na yɛahyɛ afoforɔ den.

Elder Soares sɛ abarimaa

Me Suahunu wɔ Mpaebɔ Tumi Ho

Te sɛ Enos no, menam m’ankasa suahunu so nyaa saa asuadeɛ koro yi bi. M’awofoɔ kɔkaa Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ ho berɛ a na meyɛ abarimaa kumaa, na mebɔɔ asu berɛ a na madi mfeɛ nwɔtwe. Mmerɛ nyinaa na mewɔ anigyeɛ atenka pa wɔ m’akoma mu fa me Soro Agya ne Yesu Kristo, N’asɛmpa a wɔasan de aba, ne N’Asɔre no ho. Nanso ɛkame ayɛ sɛ medii mfeɛ 16 ansa na merebɛbɔ mpaeɛ afa nneɛma yi mu nokorɛ ho.

Me bishop nyaa nkanyan ka kyerɛɛ me sɛ menkyerɛ mmabunu Kwasiada Sukuufoɔ bi adeɛ. Na ɛsɛ sɛ mekyerɛ asuadeɛ bi fa sɛdeɛ yɛbɛtumi anya asɛmpa no ho adansedie ɛnam mpaebɔ so. Saa dwumadie yi a ɛfiri me bishop hɔ no maa medwene m’ankasa adansedie ho kɔɔ akyiri. Na manya berɛ asua Mormon Nwoma no na berɛ biara na mete nka sɛ Asɔre no yɛ nokorɛ. Na magye Agyenkwa Yesu Kristo adi mmerɛ nyinaa, nanso na mennwenee Moroni bɔhyɛ no ho da sɛdeɛ ɛwɔ Moroni 10:4–5. Na memmɔɔ asɛmpa no nokorɛ ho mpaeɛ da.

Mekae sɛ metee nka wɔ m’akoma mu sɛ sɛ mɛkyerɛkyerɛ saa mmabunu yi sɛdeɛ wɔbɛnya adansedie ɛnam mpaebɔ so a, ɛsɛ sɛ m’ankasa mebɔ mpaeɛ hwehwɛ adansedie. Ɛkɔm de me kra—ebia ɔkwan sononko so firi Enos deɛ ho, nanso ne nyinaa akyi no, metee honhom mu ahiadeɛ nka.

Berɛ a meresiesie adesua no, mekotoeɛ na mekaa m’akoma so abisadeɛ kyerɛɛ me Soro Agya sɛ ɔnsi nokorɛ a metee nka wɔ me mu no so dua. Na menhwɛ kwan sɛ ɛbɛda adi kɛseɛ biara. Berɛ a mebisaa Awurade sɛ asɛmpa no yɛ nokorɛ anaa no, atenka a ɛyɛ dɛ pa ara baa m’akoma mu—saa ɛnne ketewa a ɛyɛ komm no sii so dua kyerɛɛ me sɛ ɛyɛ nokorɛ na menkɔ so nyɛ deɛ na mereyɛ no.

Na atenka no mu yɛ den ara ma na mentumi mmu m’ani ngu saa mmuaeɛ no so da na menka sɛ na mennim. Mede saa da mu no nyinaa tee nka sɛ m’ani agye yie. Na m’adwene wɔ soro redwennwene atenka fɛɛfɛ a ɛwɔ makoma mu no ho.

Kwasiada a ɛdi hɔ no, megyinaa me mfɛfoɔ sukuufoɔ baasa anaa baanan a wɔn nyinaa susua sene me anim. Medii adanseɛ kyerɛɛ wɔn sɛ Ɔsoro Agya bɛbua wɔn mpaebɔ sɛ wɔwɔ gyedie a.

Elder Soares

Mpaebɔ mmuaeɛ a Elder Soares nyaeɛ berɛ a na ɔyɛ abarimaa no ama no adi adanseɛ—sɛ asɛmpatrɛni (atifi hɔ), agya ne okunu, ne Ɔsomafoɔ—sɛ Ɔsoro Agya bua mpaebɔ a wɔde gyedie bɔ.

Ɛfiri saa berɛ no, saa adanseɛ yi atena me mu. Aboa me ama masi gyinaeɛ, ne titirie wɔ mmerɛ a mahyia ɔhaw ahodoɔ mu. Saa da no mpaebɔ no, ne adanseɛ afoforɔ a manya wɔ mfeɛ no mu no ama metumi di adanseɛ kyerɛ nkorɔfoɔ, a megyedi yie sɛ sɛ wɔbɔ mpaeɛ wɔ gyidie mu a, wɔbɛtumi anya mmuaeɛ afiri Ɔsoro Agya hɔ. Yei ayɛ nokorɛ berɛ a madi adanseɛ sɛ asɛmpatrɛni, sɛ Asɔre kannifoɔ, sɛ agya ne okunu, ne mpo ɛnnɛ sɛ Ɔsomafoɔ.

Berɛ ne Deɛ Mpaebɔ Yɛ

Nokwasɛm, ɛnyɛ berɛ a yɛte nka yie wɔ honhom mu nko ara na ɛhia sɛ yɛbɔ mpaeɛ. Enti, berɛ bɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpaeɛ? Na ɛdeɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpaeɛ hwehwɛ? Mmuaeɛ tiawa no yɛ berɛ biara ne biribiara.

Nyankopɔn yɛ yɛn Soro Agya. Yei a yɛnim no sesa sɛnea yɛbɔ mpaeɛ. Nkɔmhyɛnyi Joseph Smith kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Sɛ yɛwɔ Nyankopɔn ho nimdeɛ a, yɛhyɛ aseɛ hunu berɛ a yɛbɛbɛn No, ne sɛdeɛ yɛbɛbisa ama yɛanya mmuaeɛ. Sɛ yɛayɛ krado sɛ yɛbɛba Ne nkyɛn a, Ɔno nso ayɛ krado sɛ ɔbɛba yɛn nkyɛn.”1

Yɛn Soro Agya no ayɛ krado mmerɛ nyinaa sɛ ɔbɛtie yɛn na ɔpɛ sɛ yɛbɔ mpaeɛ kyerɛ No na yɛtaa yɛ. Ɛwɔ sɛ “yɛne Awurade yɛ adwene wɔ [yɛn] nnwuma nyinaa mu” (Alma 37:37) na yɛbɔ mpaeɛ anɔpa, awia, ne anadwo. Ɛwɔ sɛ yɛbɔ mpaeɛ wɔ fie, adwuma mu, sukuu mu—baabiara a yɛwbɛɔ ne yɛn mmɔdenmmɔ biara so (hwɛ Alma 34:17–26).

Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpaeɛ wɔ yɛn mmusua mu (hwɛ 3 Nephi 18:21). Ɛwɔ sɛ yɛbɔ mpaeɛ “wɔ ano ne [yɛn] akoma mu, badwam ne kokoam” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 81:3). Na “sɛ [yɛn] nsu mfrɛ Awurade a, [ɛsɛ sɛ] yɛma [yɛn] akoma yɛ ma, wɔ mpaebɔ mu daa ma [yɛn] yiedie, ne wɔn a wɔatwa [yɛn] ho ahyia no yiedie nso ” (Alma 34:27). Na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpaeɛ kyerɛ Agya no daa wɔ Yesu Kristo din mu (hwɛ 3 Nephi 18:19–20).

Joseph Smith sɛ aberanteɛ

Joseph Smith mfonini a Walter Rane yɛeɛ, ebia wɔrenyɛ ne nsɛsoɔ

Yɛrebɛn yɛn Soro Agya

Yɛn Agya a ɔwɔ Soro pɛ sɛ ɔhyira yɛn. Na Ɔbɛyɛ—sɛ yɛsrɛ a. Nkɔmhyɛnyi Joseph Smith kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Monkae sɛ sɛ yɛammisa a yɛrentumi nnya biribiara; ɛno nti, momfa gyedie nsrɛ, na mo nsa bɛka nhyira a Onyankopɔn hunu sɛ ɛfata sɛ ɔde ma mo.”2

Yɛn mpaebɔ a yɛbɔ daa na yɛtaa bɔ no yɛ honhom fam aduane a ɛkari pɛ a yɛde ma yɛn akra a ɔkɔm de wɔn no fa titirie. Nkutaho a wɔne Ɔsoro Agya nam mpaebɔ so di wɔ hɔ na wɔgye so wɔ baabiara ne mmerɛ nyinaa.

Twerɛsɛm a m’ani gye ho no mu baako kyerɛkyerɛ sɛdeɛ ɛsɛ sɛ yɛkɔ yɛn Soro Agya nkyɛn berɛ a yɛbu nkotodwe bɔ mpaeɛ: “Berɛ wo ho ase; na Awurade wo Nyankopɔn bɛsɔ wo nsa adi w’anim, na wama wo mpaebɔ ho mmuaeɛ” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 112:10). Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yɛyɛ setie a, Ɔsoro Agya bɛka yɛn ho. Ɔbɛsɔ yɛn nsa adi yɛn anim. Ɔbɛkanyan yɛn ama yɛahunu baabi a yɛbɛkɔ ne nea yɛbɛyɛ. Ɔbɛbua yɛn mpaebɔ sɛdeɛ N’apɛdeɛ, ne kwan, ne berɛ, ne nimdeɛ a ɛdi mu wɔ deɛ ɛyɛ ma yɛn teɛ.

Ɛsɛ sɛ yɛkae yei na yɛkyerɛ ho kwan ahodoɔ a yɛde bɛbɛn Onyankopɔn ahennwa no na yɛanya nhyira wɔ Ne nsam no ho anisɔ.

Atwerɛ.

  1. Asɔre no Atitenafoɔ Nkyerɛkyerɛ: Joseph Smith (2011), 40, 41.

  2. Nkyerɛkyerɛ: Joseph Smith, 131.