“Agyenkwa ma Obiara,” Asɛmpa ma Obiara Liahona, Ɔbenem 2024.
Bosome bosome Liahona Nkrasɛm, Ɔbɛnem 2024
Agyenkwa ma Obiara, Asɛmpa ma Obiara
Asɛmpa no, ne Yesu Kristo Mpata aforebɔ ne Ne wusɔreɛ no hyira Onyankopɔn mma nyinaa.
Kristo ne obubuani barima no,ɛyɛ J. Kirk Richards, ebia wɔrensuasua
Yesu Kristo asɛmpa a wɔasan de aba no yɛ, nea ɛdi kan, nea ɛdi kan, ne daa, anigye a ɛtena hɔ daa, nokorɛ asomdwoɛ, ne anigyeɛ firibea ma obiara wɔ saa nna a ɛdi akyiri yi mu. Nhyira a ɛsene firi asɛmpa no ne Kristo ayamyɛ a enni ano mu no, wɔanhyɛ da ama nnipa kakraa bi a wɔapaw wɔn nkutoo, tete anaa nnɛyi mmerɛ mu.
Ɛmfa ho sɛnea yɛbɛte nka sɛ yɛmfata, na ɛmfa ho bɔne a ɛbɛtumi atwe yɛn ho afiri No ho berɛ tiaa bi no, yɛn Agyenkwa no ma yɛn awerɛhyɛmu sɛ “ɔteɛ ne nsa kyerɛ [yɛn] da mũ nyinaa” (Jacob 6:4), ɔto nsa frɛ
Asɛmpa Nhyira ma Wiase Nyinaa
Wɔasan de Yesu Kristo asɛmpa no aba bio wɔ nna a ɛdi akyire yi mu de adi aman, mmusua, kasa, ne nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ahiadeɛ ho dwuma.”1 Asɛmpa no boro ɔman ne kɔla nyinaa so berɛ a ɛtwa amammerɛ ntam kwan nyinaa de kyerɛkyerɛ sɛ “wɔn nyinaa yɛ pɛ ma Onyankopɔn”(2 Nephi 26:33).2 Mormon Nwoma no gyina hɔ sɛ nokorɛ yi ho dansefoɔ a ɔyɛ nwanwa.
Saa twerɛtohɔ kɛseɛ yi di adanseɛ sɛ Kristo kae aman nyina ara (hwɛ 2 Nephi 29:7) na ɔbɛda ne ho adi akyerɛ “wɔn a wɔgye no di nyina ara, [na wɔyɛ] anwanwadeɛ, nsɛnkyerɛnneɛ, ne anwanwadeɛ a ɛyɛ den, wɔ nnipa mma mu” (2 Nephi 26:13). Saa anwanwadeɛ, nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ a ɛyɛ den yi bi ne asɛmpa no a wɔtrɛw mu. Enti, yɛsoma asɛmpatrɛfoɔ wɔ wiase nyinaa ma wɔbɛdi n’asɛmpa no ho adanseɛ. Yɛsan nso ka asɛmpa no kyerɛ wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no. Asɔfodie safoa a wɔasan de aba ama ateasefoɔ ne awufoɔ a wɔde bɛdi dwuma no hwɛ sɛ asɛmpa no mahyɛ bɛba awieeɛ koraa ama yɛn soro awofoɔ no babarima ne wɔn babaa biara —tetena, seesei, anaa daakye.
Asɛmpa yi akoma—nkɔnhyɛnyi ne ɔsomafoɔ biara a wɔafrɛ no pɛn sɛ ɔmmra adwuma no nkrasɛm titire—ne sɛ Yesu ne Kristo no na Ɔbaa sɛ ɔrebɛhyira obiara. Sɛ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no mufoɔ no, yɛpae mu ka sɛ Ne mpata afɔrebɔ no yɛ ma wiase nyina ara.
Ɛho Hia sɛ Mpata a Ɛnni Ano na Ɛwɔhɔ Daa
Berɛ a merekyinkyin wiase no, me ne Asɔremma ahodoɔ pii di nkitaho. Ɛka me honhom sɛ mɛte sɛdeɛ wɔte Yesu Kristo Mpata no nhyira nka wɔ wɔn abrabɔ mu, mpo berɛ a wɔka bɔne bi a ɛwɔ akyirikyiri. Hwɛ nwanwa a ɛyɛ sɛ Ne Mpata no mu ahotew awerɛkyekye no wɔ hɔ ma yɛn nyinaa bere nyinaa!
Amulek paee mu kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ mpata bi ba, anyɛ saa a adasamma nyinaa bɛyera a wontumi nkwati.” Anka “yɛbɛhwe ase na yɛayera daa, gye sɛ ɛnam mpata no so,” a na ɛhwehwɛ “afɔrebɔ a enni ano na enniawieɛ.” Ɛfiri sɛ “biribiara ntumi nnyɛ mpata a ɛnni awieɛ a ɛbɛdɔɔso ama wiase bɔne” (Alma 34:9, 10, 12).
Odiifoɔ kɛseɛ Yakob nso kyerɛkyerɛe sɛ esiane sɛ “owuo aba nnipa nyinaa so nti, ɛsɛ sɛ owusɔreɛ tumi bi wɔ hɔ” a ɛde yɛn bɛba Onyankopɔn anim (2 Nephi 9:6).
Na ɛsɛ sɛ wodi bɔne ne owuo nyinaa so nkonim. Na wei yɛ Agyenkwa no asɛmpatrɛ adwuma, a Ɔde akokoɔduro wieeɛ maa Onyankopɔn mma nyina ara.
Gethsemane, a J. Kirk Richards twerɛeɛ no, ebia wɔrensuasua
Yɛn Agyenkwa N’afɔrebɔ
Ne anadwo a etwatoɔ wɔ owuo mu no, Yesu Kristo hyɛn Getsemane Turo no mu. Ɛhɔ no, Ɔbuu nkotodwe wɔ nwodua no mu na ɔfirii aseɛ siane kɔɔ yaw a emu dɔ a me ne wo renhunu da.
Ɛhɔ no, Ɔhyɛɛ aseɛ faa wiase bɔne no too Ne ho so. Ɔtee yaw, akoma yaw, ne awerɛhoɔ biara nka, na Ɔgyinaa awerɛhoɔ ne amanehunu a wo, me, ne ɔkra biara a watena ase pɛn anaa ɔbɛtena ase da no nyinaa ano. Saa amanehunu kɛseɛ a enni ano yi “maa [Ɔno], nea ɔsene obiara no, ho popoe esiane ɛyaw nti, na mogya tuu no wɔ ne honam biara mu” . (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 19:18). Ɔno nko ara na anka ɔbɛtumi ayɛ yei.
Na adepa foforɔ biara nni hɔ a ɛdɔɔso
Sɛ wobɛtua bɔne ho ka.
Ɔno nkutoo na obɛtumi abue pono no
Wɔ ɔsoro na ma yɛnkɔ mu.3
Afei wɔde Yesu kɔɔ Calvary, na wɔ berɛ a ɛnteɛ a ɛyɛ awerɛhoɔ sene biara wɔ wiase yi abakɔsɛm mu no, wɔbɔɔ No asɛnnua mu. Anka obiara ntumi nnye Ne nkwa mfiri Ne nsam. Sɛ Onyankopɔn Ba a Ɔwoo no Koro no, na ɔwɔ tumi wɔ honam fam owuo so. Anka obɛtumi abɔ N’agya mpaɛ, na abɔfoɔ asraafo dɔm bɛba abɛdi N’ayayadefoɔ so nkonim na wɔada Ne tumi adi wɔ nneɛma nyinaa so. Yesu bisae berɛ a wɔyii no maeɛ no sɛ: “Nanso ɛbɛyɛ dɛn na twerɛnsɛm no aba mu, sɛ saa na ɛbɛyɛ?” (Matthew 26:54).
Ɛsiane ɔsotie a edi mu a ɔyɛ maa N’Agya—ne ɔdɔ a edi mu ma yɛn nti—Yesu firi ne pɛ mu de Ne nkwa mae na owiee Ne mpata afɔrebɔ a enni ano na enni awieɛ, a ɛkɔ akyiri wɔ berɛ ne anim daa nyinaa.
Yɛn Agyenkwa Nkunimdie
Yesu hyɛɛ N’Asomafoɔ no sɛ wɔnkɔ so nyɛ n’adwuma wɔ ne wuo akyi. Na wɔbɛyɛ dɛn? Na wɔn mu dodoɔ bi yɛ apofoɔ a wɔnyɛ apofoɔ kɛkɛ, na wɔantete obiara wɔ hyia adan mu mma ɔsom adwuma no. Saa berɛ no, na ɛte sɛ nea wɔahyɛ Kristo Asɔre no ase. Nanso Asomafoɔ no nyaa ahoɔden de soaa wɔn frɛ no na wɔhyehyɛɛ wiase abakɔsɛm.
Deɛn na ɛmaa ahoɔden firi mmerɛyɛ a ɛda adi sɛ ɛte saa mu baɛ? Anglikan asɔre kannifoɔ ne nwomanimfoɔ Frederic Farrar kae sɛ: “Mmuaɛ baako na ɛwɔ hɔ, na emu baako pɛ na ɛbetumi aba—owusɔreɛ firi owuo mu. Nsakyeraɛ kɛseɛ yi nyinaa firi tumi a Kristo wusɔreɛ no wɔ.”4 Sɛ Awurade a wasɔre no adansefoɔ no, na Asomafoɔ no nim sɛ biribiara ntumi nsi adwuma yi kwan sɛ ɛbɛkɔ so. Na wɔn adansedie no yɛ tumi a ɛkura mu berɛ a tete Asɔre no dii nsɛndenden nyinaa so nkonim no.
Saa Easter berɛ yi, sɛ N’adansefoɔ a wɔayi no no mu baako no, mepae mu ka sɛ Kwasiada anɔpa fɛfɛ bi, Awurade Yesu Kristo sɔree firii owuo mu sɛ ɔrebɛhyɛ yɛn den na wabubu owuo nkɔnsɔnkɔnsɔn ama obiara. Yesu Kristo te ase! Ne nti, owuo nyɛ yɛn awieyɛ. Owusɔreɛ no yɛ Kristo akyɛdeɛ a ɔde ma kwa na ɛyɛ amansan nyinaa.
Kristo ne Maria wɔ Ɔbodan no mu, ɛyɛ Joseph Brickey
“Bra Me nkyɛn”
Yesu Kristo asɛmpa ne Mpata no yɛ ma obiara—kyerɛ sɛ, obiara. Ɔkwan baako pɛ a yɛfa so nya Agyenkwa no mpata afɔrebɔ no nhyira a ɛwie pɛyɛ no mu suahunu ne sɛ yɛn mmaako mmaako bɛgye Ne nsatoɔ no atomu: “Bra me nkyɛn” . (Mateo 11:28).
Yɛba Kristo nkyɛn berɛ a yɛkyerɛ ne mu gyidie na yɛsakyera. Yɛba Ne nkyɛn berɛ a wɔbɔ yɛn asu wɔ Ne din mu na yɛgye Honhom Kronkron akyɛdeɛ no. Yɛba Ne nkyɛn berɛ a yɛdi mmaransɛm so, gye ayɛyɛdeɛ, hyɛ apam animuonyam, gye suahunu tom wɔ temple, na yɛbɔ bra a Kristo n’asuafoɔ te mu.
Ɛtɔ mmerɛ bi a, wobɛhyia abasamtuo ne abambuo. Ɛbia wo akoma bɛbubu ama wo ho anaa obi a wodɔ no. Ɛbia afoforɔ bɔne bɛtɔ wo so. Mfomsoɔ ahodoɔ a woayɛ—ebia ɛyɛ aniberesɛm—no bɛtumi ama woasuro sɛ asomdwoɛ ne anigyeɛ afri wo kyɛn daa. Mmerɛ a ɛte saa mu no, kae sɛ ɛnyɛ bɔne adesoa nkoaa na Agyenkwa no maa so na mmom “ohunuu amane ne amanehunu ne sɔhwɛ ahordoɔ nyinaa” nso. (Alma 7:11), wo deɛ ka ho! Ɛsiane deɛ Ɔfaa mu maa wo nti, Ɔno ankasa nim sɛdeɛ ɔbɛboa mo berɛ a mogye N’abrabɔ sesa nsatoɔ no tom: “Bra me nkyɛn.”
Mo Nyinaa Akwaaba
Yesu Kristo ama ada adi pefee sɛ Ɔsoro Agya ne mma nyinaa wɔ tumi a ɛyɛ pɛ wɔ N’asɛmpa ne Mpata no nhyira ho. Ɔkae yɛn sɛ wɔn nyinaa “wɔ akwanya sɛbaako te sɛ ɔfoforɔ na wɔnpam obiara” . (2 Nephi 26:28).
“Ɔto nsa frɛ wɔn nyinaa sɛ wɔmmra ne nkyɛn na wonni ne papayɛ bi; ; na ɔmpoo obiara a ɔba ne nkyɛn, abibifoɔ ne aborɔfo, akoa ne ɔdehyeɛ, ɔbarima ne ɔbaa” (2 Nephi 26:33).
“Ɔto nsa frɛ wɔn nyinaa”—ɛno kyerɛ yɛn nyinaa! Ɛnsɛ sɛ yɛde ntwerɛdeɛ a ɛwɔ soro ne nsonsonoɛ a wɔde nsa ayɛ gu yɛn ho anaa afoforɔ so. Ɛnsɛ sɛ yɛde akwansideɛ biara si Agyenkwa no dɔ ano da anaa yɛgye adwene a ɛkyerɛ sɛ yɛn anaa afoforɔ boro Ne nsa so da. Sɛnea madi kan aka no, “Ɛrentumi nyɛ yie sɛ [obiara] bɛkɔ fam sen sɛnea Kristo Mpata no hann a enni ano no hyerɛn.”5
Mmom, sɛnea me ne Onuabaa Holland kyerɛkyerɛɛ bosome kakraa bi ansa na ɔrewu no, wɔhyɛ yɛn sɛ “yɛnnya ɔdɔ mapa, a ɛyɛ ɔdɔ ankasa” .(2 Nephi 26:30).6 Yei ne ɔdɔ a Agyenkwa no kyerɛ yɛn, ɛfiri sɛ “Ɔnyɛ biribiara gye sɛ wiase yiedie; na ɔdɔ wiase, na ɔde n’ankasa kra to hɔ na watwe nnipa nyinaa aba ne nkyɛn” (2 Nephi 26:24).
Medi adanseɛ sɛ asɛmpa no ne Yesu Kristo Mpata no yɛ ma nnipa nyina ara. Mebɔ mpaeɛ sɛ wode anigyeɛ bɛgye nhyira a Ɔde ba no atom.
© 2024 by Intellectual Reserve, Inc. Wɔakora hokwan ahodoɔ nyinaa so. Wɔtintimm wɔ USA Borɔfo Kasa ho kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/19. Nkyeraseɛ ma ma Bosome bosome Laehona Nkransɛm, Ɔbɛnim 2024. Twi. 19284 503