2024
Asɛmpa mu Anigyeɛ a Ɛtena Hɔ Daa
Ɔgyefuo 2024


“Asɛmpa mu Anigyeɛ a Ɛtena Hɔ Daa,” Liahona, Ɔgyefuo 2024.

Bosome bosome Liahona Nkrasɛm, Ɔgyefuo 2024

Asɛmpa mu Anigyeɛ a Ɛtena Hɔ Daa

Anigyeɛ a ɛtena hɔ daa no nam Yesu Kristo asɛmpa no mu boasetɔ ne afoforɔ a yɛboa ma wɔn nso yɛ saa ara so na ɛba.

Adam ne Hawa a ɔwɔ Eden Turo no mu

Eden Turo, a Grant Romney Clawson na ɔyɔeɛ; Eden Turo a Wɔrefiri Hɔ, a Joseph Brickey na ɔyɔeɛ

Yɛbɛtumi ahunu yɛn abrabɔ botaeɛ ho nkyerɛkyerɛmu tiawa wɔ Lehi nkɔmhyɛ nkyerɛkyerɛ a ɛfa nnipa abrabɔ mfitiaseɛ wɔ asaase so no mu. Wɔ Eden Turo no mu no, na Adam ne Hawa te ase wɔ tebea a wɔn ho nni asɛm mu. Sɛ wɔkɔɔ so tenaa saa tebea no mu a, anka “[wɔrennya] anigyeɛ biara, ɛfiri sɛ na wɔnnim amanehunu biara; wɔnyɛ papa biara, ɛfiri sɛ na wɔnnim bɔne biara” (2 Nephi 2:23). Enti, sɛnea Lehi kyerɛkyerɛɛ mu no, “Adam hwee ase sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa bɛwɔ hɔ; na nnipa wɔ hɔ, ama wɔanya anigyeɛ” (2 Nephi 2:25; san hwɛ Moses 5:10–11).

Berɛ a yɛrenyini wɔ wiase a ahweaseɛ mu no, yɛsua nsonsonoeɛ a ɛda papa ne bɔne ntam denam deɛ wɔkyerɛkyerɛ yɛn ne deɛ yɛnya mu suahunu so. Yɛ “ka nwononwono hwɛ, sɛ [yɛ]bɛma papa so aba mfasoɔ” (Moses 6:55). Anigyeɛ ba berɛ a yɛpo nea ɛyɛ yea na yɛma ɛsom bo kɛse na yɛkura papa mu denneennen no.

Worehwehwɛ Anigyeɛ

Ɛsiane Ne dɔ a ɛyɛ pɛ a ɔwɔ ma yɛn nti, yɛn Soro Agya no ho pere no sɛ Ɔne yɛn bɛkyɛ N’anigyeɛ a ɛyɛ pɛ no, seesei ne daapem. Ɛno ayɛ Ne nkanyan wɔ biribiara mu firi mfitiaseɛ, a N’animuonyam nhyehyɛeɛ a ɛfa anigyeɛ ho ne Ne Ba a Ɔwoo no Koro no afɔrebɔ sɛ ɔbɛgye yɛn ka ho.

Onyankopɔn mmɔ mmɔden sɛ ɔde anigyeɛ bɛhyɛ yɛn so, na mmom ɔkyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛhwehwɛ. Ɔsan nso ka kyerɛ yɛn baabi a wɔrentumi nnya anigyeɛ —“amumuyɛ [ɛnyɛ na] anyɛ anigyeɛ da” (Alma 41:10). Ɛnam Ne mmaransɛm so na yɛn Soro Agya no da anigyeɛ kwan no adi kyerɛ yɛn.

Titenani Russell M. Nelson akyerɛkyerɛ sɛ:

“Nanso nokorɛ turodoo no nie: Berɛ a wiase hyɛ sɛ tumi, ahonyadeɛ, nnipa nnyeto mu, ne honam anigyedeɛ de anigyeɛ ba ba no, ɛnte saa! Wɔntumi! Deɛ wɔyɛ no nyɛ hwee sɛ adefon nsiananmu ma “nhyira ne anigyeɛ tebea ma wɔn a [wɔ]di Onyankopɔn mmaransɛm so.’ [Mosiah 2:41].

“Nokorɛ no ne sɛ ɛyɛ ɔbrɛ kɛseɛ sɛ wohwehwɛ anigyeɛ wɔ baabi a wore nhunu no da! Mmom, sɛ mode mo ho bɔ Yesu Kristo na moyɛ honhom mu nnwuma a ɛsɛ sɛ mode di wiase so nkonim a, Ɔno, ne Ɔno nko ara na ɔwɔ tumi a ɔde bɛpagya mo atra wiase yi ntwɛtwɛdɛ mu. ”1

Enti, wɔhunu anigyeɛ a ɛtena hɔ daa wɔ Onyankopɔn mmaransɛm a wɔdi so mu, na wɔhunu Onyankopɔn mmaransɛm wɔ Yesu Kristo asɛmpa no mu. Nanso ɛyɛ yɛn pɛ. Sɛ yɛn mmerɛyɛ mu no yɛantumi anni mmaransɛm no so berɛ bi a, yɛbɛtumi asan yɛn akyi, apo deɛ ɛyɛ nwononwono, na yɛadi papa akyi bio. Onyankopɔn dɔ mfoa bɔne so—ɛno bɛyɛ mmɔborohunu a ɛbɔ atɛntenenee korɔno —nanso ɛnam Ne Mpata no so, Yesu Kristo de ɔgyeɛ firi bɔne mu ma:

“Amulek kaa sɛ ampa ara Awurade bɛba abɛgye ne nkorɔfoɔ, nanso ɛnkyerɛ sɛ Ɔbɛgye wɔn wɔ wɔn bɔne mu na mmom ɔbɛgye wɔn afiri wɔn bɔne mu.

“Na Agya no ama no tumi sɛ ɔde bɛdi ama wɔn agye wɔn afiri wɔn bɔne mu ɛnam nsakyeraɛ nti. Ɛno nti wasoma n’abɔfoɔ sɛ wɔmmɛka nsɛm a ɛbaka nsakyeraɛ ho no, deɛ ɛmaa Dimafoɔ no tumi de nkwagyeɛ ma wɔn akra no.” (Helaman 5:10–11; yɛasi so dua).

Yesu kaa sɛ:

“Sɛ modi me mmaransɛm so a, [afei na mobɛtena me dɔ mu; mpo sɛdeɛ madi m’Agya mmaransɛm so no, na mete ne dɔ mu no.

“Maka saa nneɛma yeinom akyerɛ mo, na m’anigyeɛ atena mo mu, na mo anigyeɛ awie pɛyɛ” (John 15:10–11).

Yei ne nka a Lehi tee wɔ ne daeɛ mu berɛ a ɔsɔɔ nkwa dua no aba no hwɛɛe —a ɛgyina hɔ ma Nyankopɔn dɔ. Ɔkaa sɛ, “Berɛ a medii n’aba no, ɛmaa me kra ani gyee kɛse” (1 Nephi 8:12; san hwɛ 11:21–23).

Lehi nso daa ɔkwan a ɛtɔ so mmienu a yɛbɛtumi de anigyeɛ aba yɛn abrabɔ mu adi berɛ a ɔkaa sɛ, “Enti, mehyɛɛ aseɛ pɛɛ sɛ m’abusua nso bɛdi [aba no]” (1 Nephi 8:12).

nsa baako de aduaba rema nsa foforɔ, na dua wɔ akyire

Nkwa Dua, Kazuto Uota na ɔyɔeɛ

Woreboa Afoforɔ Ma Wɔanya Anigyeɛ

Te sɛ Ɔhene Benjamin ne nkorɔfoɔ no, “anigyeɛ hyɛ yɛn ma” berɛ a yɛnya yɛn bɔne fafiri na yɛnya “ahonim asomdwoeɛ” (Mosiah 4:3). Yɛte nka bio berɛ a yɛhwɛ abɔnten na yɛhwehwɛ sɛ yɛbɛboa abusua mufoɔ ne afoforɔ ma wɔanya saa anigyeɛ ne asomdwoeɛ korɔ no ara.

Berɛ a na Alma yɛ aberanteɛ no, ɔhwehwɛɛ anigyeɛ wɔ biribiara a ɛsɔre tia Yesu Kristo asɛmpa no mu. Berɛ a ɔbɔfoɔ bi teateaa no akyi no, ɔnam adwensakyera a “abɛn owuo mu” (Mosiah 27:28) ne Agyenkwa no adom bebree so baa akyirikyiri firii “nea ɛyɛ nwononwono” so kɔɔ “papa” mu. Mfeɛ bi akyi no, Alma de anigyeɛ paee mu ka kyerɛɛ ne ba Helaman sɛ:

“Na o, anigyeɛ bɛn, ne hann a ɛyɛ nwanwa bɛn na mehunuui; aane, anyigyeɛ hyɛɛ me kra ma sɛdeɛ na me haw no boro so no!

“Aane, na ɛfiri saa mmerɛ no de bɛsi seesei mpo, mayɛ adwuma a mennyaee da, ama matwe akra aba nsakyeraɛ mu; ama mede wɔn aba ama wɔabɛsɔ ɛdɛ mmorosoɔ a masɔ ahwɛ no bi.

“Aane, na afei hwɛ, O me babarima, Awurade ama manya ɛdɛ mmorosoɔ wɔ aduaba a me dwumadie aso no ho;

“Na ɛnam asɛm a ɔdaa no adi kyerɛɛ me no nti, hwɛ, Onyankopɔn nam so awo dodoɔ no ara, na deɛ mesɔhwɛɛe no, wɔn nso asɔ ahwɛ, na wɔn ankasa ahunu sɛdeɛ mahunu no;” (Alma 36:20, 24–26).

Berɛ foforɔ nso, Alma dii adanseɛ sɛ:

“Aane, na yei ne m’animuonyam, ama mpo ebia na mayɛ adwinnadeɛ wɔ Onyankopɔn nsa mu, de atwe akra aba nsakyeraɛ mu, na yei ne m’anigyeɛ.

“Na hwɛ, sɛ mehunu me nuanom bebree a wɔasakyera nokorɛ mu na wɔaba Awurade wɔn Nyankopɔn hɔ a, na ɛdɛ ahyɛ me kra ma;” (Alma 29:9–10).

Alma kɔɔ so kaa anigyeɛ a ɛboro soɔ a ɔtee berɛ a afoforɔ nyaa nkonimdie wɔ akra a wɔde baa Kristo nkyɛn no ho dawuro:

“Na mmom menni dɛ wɔ me ara me nkonimdie nko ara ho, na mmom me dɛ hyɛ ma ɛnam me nuanom [Mosiah mma mmarima], a wɔkɔɔ Nifae asase so no nkonimdie nti.

“Hwɛ, wɔayɛ adwuma mmorosoɔ, na wɔaso aduaba pii, na wɔn akatua bɛyɛ kɛseɛ!

“Afei, sɛ medwene me nuanom yi nkonimdie a, ɛde me kra kɔ akyiri, ama ate ne ho koraa, mpo afiri me honamdua ho, sɛdeɛ me dɛ kɛseɛ teɛ.” (Alma 29:14–16).

Yɛbɛtumi anya anigyeɛ korɔ no ara berɛ a yɛde “Kristo dɔ kann no afoforɔ” (Moroni 7:47; hwɛ nso nkyekyɛmu 48), kyɛ yɛne wɔn kyɛ nokorɛ a wɔasan de aba no , na yɛto nsa frɛ wɔn sɛ wɔne apam nkorɔfoɔ no nhyia.

Agyenkwa No wɔ Getsemane

O M’agya,Simon Dewey twerɛeɛ

Anigyeɛ wɔ Ahohiahia Mu

Ɛnsɛ sɛ yɛsuro sɛ sɔhwɛ ne ɔhaw a yɛntumi nkwati wɔ asetena mu no bɛsi yɛn anigyeɛ kwan anaa bɛsɛe no. Alma yɛ obi a n’ahofama som ma afoforɔ maa no hweree nneɛma pii. Wɔde no too afiase, ɔkɔm ne sukɔm dee no kyɛree, wɔhwee no, wɔhunahunaa ne nkwa, na wɔdii ne ho fɛw mpɛn pii na wɔpoo no. Nanso, ne nyinaa “memee wɔ Kristo anigyeɛ mu” (Alma 31:38). Ɛbia Alma amanehunu no maa anigyeɛ a ɛdi akyire no yɛɛ kɛseɛ mpo.

Titenani Nelson kae yɛn sɛ anyigyeɛ dii dwuma wɔ Agyenkwa no amanehunu mu—“ɛsiane anyigyeɛ a wɔde sii n’anim no nti [Ɔ]gyinaa asɛnnua no ano” (Hebrews 12:2).

“Dwene ɛno ho! Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛgyina osuahunu a ɛyɛ yea sene biara a wanya wɔ asase so pɛn ano no, yɛn Agyenkwa no de n’adwene sii anigyeɛ so!

“Na anigyeɛ bɛn na wɔde sii N’anim? Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ na anigyeɛ a ɛne sɛ wɔbɛte yɛn ho, wɔasa yɛn yareɛ, na wɔahyɛ yɛn den no ka ho; anigyeɛ a ɛne sɛ wɔbɛtua wɔn a wɔbɛsakyera nyinaa bɔne ho ka; anigyeɛ a ɛne sɛ ɛma ɛyɛ yie sɛ me ne wo bɛsan akɔ fie—a yɛn ho ateɛ na yɛafata—na yɛne yɛn Soro Awofoɔ ne yɛn mmusua bɛtena.

“Sɛ yɛde yɛn adwene si anigyeɛ a ɛbɛba yɛn so, anaa wɔn a yɛdɔ wɔn so a, dɛn na yɛbɛtumi agyina ano a mprempren ɛte sɛ nea ɛboro so, ɛyɛ yea, ɛyɛ hu, ɛnteɛ, anaasɛ ɛrentumi nyɛ yie kɛkɛ?”2

Anigyeɛ a ɛtena hɔ daa no nam Yesu Kristo asɛmpa no mu boasetɔ ne afoforɔ a yɛboa wɔn ma wɔyɛ saa ara so na ɛba. Anigyeɛ a ɛtena hɔ daa ba berɛ a yɛtena Onyankopɔn dɔ mu, yɛ setie ma Ne mmaransɛm na yɛgye Agyenkwa no adom. Wɔ asɛmpa kwan no mu no, anigyeɛ wɔ akwantuo no mu ne awieɛ nso. Yesu Kristo asɛmpa no ne daa nkwa anigyeɛ.

Atwerɛ

  1. Russell M. Nelson, “Di Wiase so Na Nya Ahome,” Liahona, Obubuo 2022, 97.

  2. Russell M. Nelson, “Anigyeɛ ne Honhom mu Nkwagyeɛ,” Liahona, Obubuo 2016, 83.