“Yɛn Hann wɔ Ɛsɛrɛ so,” Liahona, Ɔpɛpɔn 2024.
Bosome bosome Laehona Nkransɛm, Ɔpɛpɔn 2024
Yɛn Hann wɔ Ɛsɛrɛ so.
Wɔn a wɔkenkan Mormon Nwoma no nokorɛ mu, de ɛmu nkyerɛkyerɛ yɛ adwuma, na Ɔbɔ ɛmu nokorɛ ho mpaeɛ bɛte honhom kronkron no nka, anyini gyidie mu, fa Agyenkwa no ho.
Yared Nuabarima ne mmoba a ɛhyirɛn mfoni a Normandy Poulter ayɛ
Mpo berɛ a na meyɛ abamuwa no, na me wɔ Mormon Nwoma no ho adanseɛ. Na Yared nuabarima ne ne nkorɔfoɔ akwantuo rekɔ “bɔhyɛ asase” so no twe me yiyie (Eter 2:9).
Berɛ a na ɛwɔ sɛ wɔtwa nsuo wɔ akwantuo no mu no, Yared nuabarima bisaa sɛ, “Hwɛ, O Awurade, wobɛma yɛatwa nsu kɛseɛ yi wɔ sum mu anaa?” Na Awurade ka kyerɛɛ Yared nuabarima no sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma mo ama moanya kanea wɔ mo ahyɛn yi mu?” (Eter 2:22, 23).
Na Yared Nuabarima nim sɛ Awurade wɔ tumi nyinaa. Na ɔnim sɛ Awurade yɛ hann nyinaa ti. Na ɔnim sɛ Awurade ahyɛ ne nkorɔfoɔ sɛ wɔn mfrɛ no wɔ hiada mu. Ɛno nti, ɔnyaa gyidie wɔ Awurademu, yared nuabarima siesie mmoba 16 nketewa bi. Wokai sɛ ɔkakyerɛɛ Awurade sɛ ɔmfa ne nsa nka, “sɛdeɛ ɛbɛhyirɛn wɔ sum mu“ (Eter 3:4).
Awurade de Ne nsa reka saa mmoba no ho mfoni atena madwene mu firi berɛ a mekenkan saa asɛm no. Metumi hu saa mfoni no te sɛ deɛ ɛrekɔ so wɔ manim. Ɛbia ɛte saa esiane sɛ mfoni a ɛhann repam esum no yɛ nokorɛ ma me.
Sɛ mente Honhom Kronkron no nka, sɛ metwe me ho firi Awurade honhom nkyɛn pɛ, mete nka sɛ mewɔ sum mu. Nanso sɛ mekenkan Mormon Nwoma no a, ɛhann no san ba. Mormon Nwoma no tesɛ ɛhann boɔ a Awurade de Ne nsa kaaɛ no. Ahyiren mabrabɔ akwantuo nyinaa.
Kanea a ɛnniawieɛ
Tesɛ wɔn a Awurade no nsa de wɔn baa tete Amerika no, yɛnyinaa kɔ esum mu wɔ yɛn akwantuo a yɛdekɔ mpagya bɔhyɛ asase so. Nanso Awurade no bɛyɛ deɛ Ɔyɛ maa Yaredfoɔ ne Nefaefoɔ no bi ama yɛn. Ɔbɛka yɛn ho na wahyirɛn yɛn kwan so--sɛ yɛyɛ setie ma no, nya gyedie wɔ Ne mu, na yɛsrɛ Ne mmoa a.
Awurade kakyerɛɛ Nefae sɛ, “Na mɛyɛ mo kanea wɔ ɛserɛ no so; na mɛsiesie ɛkwan wɔ mo anim ama mo, sɛ ɛba sɛ modi me mmaransɛm so a; mmerɛ dodoɔ biara a mobɛdi me mmeransɛm so no wɔbɛdi moanim akɔ bɔhyɛ asaase no so; na mobɛhunu sɛ ɛyɛ me na medii mo anim demo kɔɔɛ” (1 Nephi 17:13).
Awurade kakyerɛɛ Nefae nua Yakob sɛ, “Mɛyɛ kanea afebɔɔ ama wɔn a wotie me nsɛm no” (2 Nefae 10:14).
Ɛfa Agyenkwa no ho, nkɔmhyɛni Abinadae dii adanseɛ, “Ɔne wiase hann ne nkwa; aane, ɛhan a ɛnniawieɛ, deɛ ennum da” (Mosaya 16:9).
Ɛfa Ne ho, Agyenkwa no dii adanseɛ, “Mene wiase hann ne ne nkwa.” Ɔde kaa ho, “Hwɛ Mene kanea no; mayɛ mfatoho ama mo.” (3 Nefae 9:18; 18:16).
Rete Kanea no nka
Medɔ yɛn Nkɔmhyɛni, Titenani Russell M. Nelson. Ɛyɛ nhyira ma me sɛ mene no resom. Sɛ ɔnante wura ɛdan bi mu a, ɛdan no mu hyirɛn prɛkopɛ. Kristo hann no ka ne ho.
Kristo Hann no wɔ hɔ ankasa. Ɛyɛ “ɔsoro ahoɔden, tumi, anaa nkɛntɛnsoɔ a efiri Nyankopɔn hɔ fa Kristo so na ɛma nkwa ne kanea wɔ adeɛ nyinaa mu.” Ɛyɛ honhom mu akyɛdeɛ a ɛsom boɔ a ɛbɛtumi de Nyame mma akɔ Honhom Kronkron no ne Yesu Kristo asɛmpa no mu.1 Mormon Nwoma no akenkan hyɛ Kanea no den.
Ɛtɔda a ɛhia sɛ yɛbɛhwɛ yɛn abrabɔ akyi na yɛakai mmoa a yɛn anya wɔ akwantuo no mu. Sɛ yɛhwɛ yɛn akyi a, yɛbɛtumi ate Agyenkwa no nkɛntɛnsoɔ nka bio. Sɛ twerɛnsɛm no ka sɛ, “Kai, kai” a (Helaman 5:12), m’adwene kyerɛ me sɛ wɔreka akyerɛ yɛn sɛ, “Mɛnkai deɛ na wonim anaa wate nka no kɛkɛ; mmom, nya saa atenka no bio.”
Ɛbinom wɔ hɔ a, sɛ wɔbɛte honhom kanea no nka yɛ merɛ. Ɛbinom nso, honhom kanea yɛ ade sono ma wɔn ɛnam ɔhaw ne wiase amanehumu nti. Nanso sɛ yɛdi nokorɛ a, kanea no bɛba—ɛtɔ da a wɔ kwan a yɛn nsusu mu.
Titenani Nelson, a watu yɛn fo sɛ “yɛn mfa mpaebɛ nsua Mormon Nwoma no dabiara,”2 akyɛ kwan ahodoɔ a Mormon Nwoma no twe yɛn bɛn Agyenkwa no na ɛboa ma yɛte asɛmpa no kanea, asɛmpa nokorɛ, na yɛde bɔ bra.
Sɛ yɛkenkan Mormon Nwoma no a, Titenani Nelson aka sɛ, yɛn nteaseɛ, ne yɛn anisɔ wɔ Yesu Kristo Mpata no mu bɛnyini.
Berɛ a yɛte nka sɛ yɛpɛ “awo foforɔ” (Mosaya 27:25) Mormon Nwoma no boa ma yɛnya akoma sesa (hwɛ Mosaya 5:2).
Berɛ a yɛrekan Mormon Nwoma no nkyerɛkyerɛ fa Israel anoboaboa ho no, yɛbɛnya ɔpɛ kɛseɛ sɛ yɛn nhwehwɛ yɛn nananom na yɛnyɛ nkwagyeɛ ayɛyɛdeɛ mma wɔn wɔ tɛmpol.
Yɛte kanea no nka berɛ a yɛbɛnya yɛn mpaeɛ ho mmuaɛ, agyinasie ho mmoa, ne ahoɔden a yɛde sakra na yɛde hyina bɔne ano.
Na yɛkan nokorɛ a ɛwɔ Mormon Nwoma no mu, yɛnya ayaresa, awerɛkyekyerɛ, san fa ma, mahyɛ, ahoɔden ne anigyeɛ wɔ yɛn kra mu.3
“O ɛnneɛ, yei nnyɛ nokware anaa?” Alma bisaa faa adondɔn, nokorɛ aba refifi, nimdeɛ, ne adanseɛ. “Mese mo sɛ, Aane, ɛfiri sɛ ɛyɛ hann; na deɛ ɛyɛ hann biara yɛ, ɛfiri sɛ ɛyɛ adeɛ a ɛho da hɔ pefee, ɛno nti ɛwɔ sɛ mo hunu sɛ ɛyɛ” (Alma 32:35).
Kristo Mfonin, ɛfiri Heinrich Hofmann hɔ.
Hwehwɛ Agyenkwa no wɔ esum mu.
Berɛ a na madamfo Kamryn wɔ mfie 10 no, ɔnyaa ani yadeɛ sononko bi wɔ nani nifa no so.4 Ɛtɔ da, ɛtumi yɛ no ya paa kɔsi sɛ, Kamryn ntumi ntena kanea biara mu. Na ɛha nawofoɔ sɛ anhwɛ a nani no bɛfira, nti wɔkataa ntokua a ɛwɔ ne dan ho sɛdeɛ ɔbɛnya ahotɔ kakra. Kamryn maame, Janna, kai:
“Bɛyɛ abosome nan wɔ yadeɛ no mu, mekɔɔ ne sum dan no mu. Berɛ a m’ani bueɛ no, mehunuu Kamryn sɛ wamoa da mpa no so. Na ɔwɔ ɔyaa kɛseɛ paa mu nti wankeka ne ho anaa wansu mpo berɛ a ɔtee sɛ mawura mu. Na wakata n’ani a ahono da hɔ dinn.
“Mebuu kotodwe wɔ ne mpa no nkyɛn, sɔɔ ne nsa miaaɛ mprɛn nsa—yɛn kokoamu adeɛ a ɛkyerɛ sɛ ‘medɔ wo.’ Sɛdeɛ ɔyɛ no daa no a, anka ɔbɛmia me mprɛn nan de akyerɛ sɛ ‘medɔ wo mmorosoɔ,’ nanso wannye so. Na ɔwɔ ɔyaa mu dodo. Mede anisuo wɔ mafono so, hwɛɛ me mfeɛ 10 ba sɛ wamoa da hɔ. M’akoma bubuui.”
Janna bɔɔ mpaeɛ, a ɛfiri akoma mu.
“Mekakyerɛɛ Osoro Agya sɛ menim sɛ Ɔnim deɛ ɛyɛ, nanso mebɔɔ mpaeɛ, ‘mesrɛ boa no.’ Berɛ a mete hɔ rebɔ mpaeɛ no, ɔhyew mframa bi bɔ faa me so. Meho dwoo fɔɔm berɛ a Agyenkwa Yesu Kristo ho adwene baa metirim sɛ: ‘Ɔno ne kanea no. Hwehwɛ No wɔ esum mu.’”
Janna pegyaa ne ti na ɔbese kuu Kamryn aso mu: “Ɛwɔ sɛ wo hwehwɛ Agyenkwa no wɔ esum mu.”
Ɛno akyi no, Kamryn t iee asɔre dwom ne twerɛsɛm wɔ asɔre abɛɛfo afidie so faa mu daaɛ.
Berɛ a nani yadeɛ no bɛyɛ kɛseɛ no, Kamryn hwehwɛ Agyenkwa no wɔ esum mu.
Mfoni no firi Kamryn abusua hɔ
Na Kamryn yadeɛ no hyɛ hɔ bɔkɔɔ nanso sɛ ɛma ne ho so a, Janna ne ne kunu, Darrin, kyekye ne werɛ na wɔde kuntun kata ne mfɛnsene anim. Berɛ a nani yadeɛ no bɛyɛ kɛseɛ no,Kamryn ka sɛ, “merehwehwɛ Agyenkwa no wɔ esum mu.”5
Sɛ abrabɔ yɛ tesɛ “ɛsarɛ so a esum ahyɛ ma a” (1 Nephi 8:4), yɛnso yɛhyia sɛ yɛhwehwɛ Agyenkwa no wɔ esum mu. Medi adanseɛ sɛ Mormon Nwoma no ne ho adanseɛ sɛ “Yesu ne Kristo no, Daa Nyankopɔn no,”6 de yɛn bɛkɔ ne nkyɛn. Menim sɛ wɔn a wɔkenkan Mormon Nwoma no nokorɛ mu, de ɛmu nkyerɛkyerɛ yɛ adwuma, na Ɔbɔ ɛmu nokorɛ ho mpaeɛ bɛte honhom kronkron no nka, anyini gyidie mu, fa Agyenkwa no ho.
Moma yɛnya anisɔ ma “deɛ ɛyɛ paa” nwoma no7 sɛ yɛbɛkan, na asom boɔ ama yɛn, na yɛde bɛhyɛ yɛn gyidie ne afoforɔ nso gyidieden wɔ ewiase Kanea no mu.
© 2024 by Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintimm wɔ USA Borɔfo Kasa ho kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/19. Nkyeraseɛ ma Bosome bosome Liahona Nkransɛm, Ɔpɛpɔn 2024. Language. 17463 000