“Te, Tie, na Hyɛ no nso, ” De ma Mmabunu Ahoɔden, Ɔpɛpɔn 2021, 32.
Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkransɛm, Ɔpɛpɔn 2021
Te, Tie, na Hyɛ no nso
Guev Design Nkyerɛkyerɛmu
Asɛmfua a ɛdi kan pa ara wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam mu no yɛ tie (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 1:1). Ɛkyerɛ sɛ “tie nya nweneho sɛ wobɛyɛ setie.” Sɛ woretie kyerɛ sɛ wobɛ “Tie No”—sɛ wobɛtie deɛ Agyenkwa no ka na afei hyɛ no nso fa N’afutuo. Wɔ saa nsɛmfua mmienu— “Tie No“— mu no, Onyankopɔn ma yɛn nhwɛsodeɛ ma nkonimdie, anigyeɛ, ne ahosan wɔ saa asetena yi mu. Ɛsɛ sɛ yɛte Awurade nsɛm no, tie yeinom, na yɛ hyɛ no nso deɛ waka akyerɛ yɛn no!
Ɛhe na yɛbɛtumi akɔ akɔte Nasɛm?
Yɛbɛtumi akɔ twerɛnsɛm no mu. Yɛbɛtumi nso Ate Nasɛm wɔ tɛmpol mu. Yɛsan nso Te Nasɛm yie pa ara berɛ a yɛsɔne yɛn ahoɔden a yɛde hunu Sunsum Kronkron no asomsɛm so. Na, deɛ ɛtwa toɔ no, yɛ te Nasɛm berɛ a yɛhyɛ nkɔmhyɛfoɔ, adehunufoɔ, ne adiyifoɔ no nsɛm no nso no.
Deɛn na ɛbɛsie berɛ a mohyɛ da pii sɛ mobɛte asɛm no, atie, ahyɛ no nso deɛ Agyenkwa no aka ne deɛ ɔnam Ne nkɔmhyɛfoɔ so reka seesei? Mehyɛ bɔ sɛ wɔbɛhyira mo de tumi aka ho a mode bɛgyina nsɔhwɛ, aperepereɛ ne mmerɛyɛ ano. Mehyɛ anwanwa dwuma ho bɔ wɔ mo abusua mu abusuabɔ mu ne mo daadaa adwuma mu. Na mehyɛ bɔ sɛ mo ahoɔden a mode te anigyeɛ nka bɛkɔ nkan mpo sɛ abɛbrɛsɛ ba mo abrabɔ mu a.
© 2020 by Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintimm no wɔ USA. Brɔfo Kasa ho Kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/19. Nkyeraseɛ ma Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkransɛm, Ɔpɛpɔn 2021. Twi. 17463 000