2019
Enti Mɛtumi Aboa Obi ama Wasakyera?
Ɔsanaa 2019


ministering

Ɔsom Akwankyerɛ, Ɔsanaa 2019

Enti Mɛtumi Aboa Obi ama Wasakyera?Aane, Nanso wasɛdeɛ bɛtumi aboro deɛ wosusuo no so.

Wɔbɔɔ yɛn sɛdeɛ yɛbɛtumi asakyera. Yɛrenyini abɛn kronkron tumi a yɛwɔ no yɛ yɛn asetena yi mu suahunu botaeɛ. Yɛn botaeɛ kɛseɛ baako wɔ ɔsom mu ne sɛ yɛbɛboa afoforɔ ama wɔaba Kristo nkyɛn na wɔayɛ nsakyeraeɛ a ɛhia sɛ wɔbɛsan akɔ Ne nkyɛn. Nanso ɛnam wɔn faahodie nti, mmoa a yɛdereboa wɔn ama wɔn abɛyɛ te sɛ Kristo no sua.

Adesua Nson a ɛfiri Agyenkwa no hɔ a ahoɔden wɔm a ɛbɛboa afoforɔ wɔ wɔn mmɔdemmɔ mu ama wɔabɛyɛ te sɛ Ɔno.

  1. Nnsuro Wɔ Adwensakyera mu.

    Agyenkwa no ansuro sɛ ɔto nsa frɛ afoforɔ sɛ wɔnnyae wɔntebea dada no akyiri na wɔmmɛgye Ne nkyerɛkyerɛ no. Ɔtoo nsa frɛɛ Pɛtro ne Yakobo sɛ wɔnnyae wɔn nnwuma na “wɔmmɛyɛ nnipa yifoɔ” (Marko 1:17). Ɔtoo nsa frɛɛ ɔbaa dwamammɔni no sɛ “kɔ, na nkɔyɛ bɔne bio” (Yohane 8:11) Ɔtoo nsa frɛɛ ɔbabunu ɔdefoɔ no sɛ ɔnkɔtɔn deɛ ɔwɔ nyinaa na ɔmmɛdi N’akyi (hwɛ Marko 10:17–22). Yɛn nso yɛbɛtumi de akokoɔduro ne ɔdɔ ato nsa afrɛ afoforɔ sɛ wɔnsakyera na wɔmmɛdi Agyenkwa no akyi.

  2. Kae sɛ Ɛyɛ Wɔn Asɛdeɛ sɛ Wɔsakyera

    Adwensakyera a Agyenkwa no rehwehwɛ no deɛ ɛntumi nyɛ ɔhyɛ so. Agyenkwa no kyerɛkyerɛɛe na ɔtoo nsa frɛɛe, nanso Wannhyɛ obiara. Ɔbabunu defoɔ no “de awerɛhoɔ firii hɔ kɔɔeɛ” (Mateo 19:22) Wɔ Capernnaum hɔ, N’akyidifoɔ no dodoɔ no “sane kɔɔeɛ,” na Ɔbisaa Asomafoɔ Dumienu no nso sɛ wɔbɛfiri hɔ akɔ anaa (hwɛ Yohane 6:66–67) Yohane Osubɔni no akyidifoɔ no bi dii Agyenkwa no akyi, afoforɔ deɛ wɔamma (hwɛ Yohane 1:35–37; 10:40–42). Yɛbɛtumi ato nsa afrɛ afoforɔ sɛ wɔmmɛyɛ te sɛ Ɔno, nanso yɛntumi nnwene mma wɔn sɛ wɔnsakyera. Na sɛ wɔnnyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛsakyera a, ɛnsɛ sɛ yɛn aba mu buo—anaa yɛhunu no sɛ yɛadi nkoguo.

  3. Bɔ mpaeɛ ma Afoforɔ mmɔden a wɔde Sakyera ho

    Ne Dima Mpaebɔ Berɛ mu no, Yesu srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmɔ akyidifoɔ no ho ban mfiri bɔne ho, na wɔmmɛyɛ te sɛ Ɔne N’agya, Na Onyankopɔn dɔ no nhyɛ wɔn ma (hwɛ Yohane17:11, 21–23, 26). Na ɔnim sɛ Pɛtro bɛhia ahoɔden de anyini wɔ ne dwumadie mu no, Agyenkwa no bɔɔ mpaeɛ maa no(hwɛ Luka 22:32). Yɛn mpaeɛ a yɛbɔma afoforɔ no tumi sesa nneɛma mu(hwɛ Yakobo 5:16).

  4. Kyerɛ Wɔn ma Wɔmfa wɔn ho Nto Ne Tumi no so

    Agyenkwa no nko ara so na yɛnam sakyera nokorɛ mu na yɛnyini bɛn tumi kronkron no a yɛn nyinaa wɔ no ho. “Ɔne kwan no, nokorɛ no, ne nkwa no: onipa biara mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam Ne so” (Yohane 14:6). Ɛyɛ Ne tumi no na ɛbɛtumi “ama mmerɛyɛ abɛyɛ ahoɔden” (hwɛEther 12:27). Ɛyɛ gyedie a ɛwɔ Ne dima tumi no mu na ɛboaa Alma Kumaa no sakyeraeɛ(hwɛ Alma 36:16–23). Yɛbɛtumi akyerɛkyerɛ afoforɔ ama wɔde wɔn ho ato Agyenkwa no so sɛdeɛ wɔbɛnya Ne tumi foforɔ no wɔ wɔn abrabɔ mu.

  5. Tete Wɔn sɛdeɛ Wɔbɛtumi Abɛyɛ

    Ɔdɔ ne nnyetomu bɛtumi ayɛ adwensakyera ayɛdeɛ a tumi wɔ mu. Ɔbaa no a na ɔwɔ abura no ho no ne ɔbarima a ɔnnyɛ ne kunu na ɛteɛ. Yesu akyidifoɔ no “nwiinwii sɛ ɔne ɔbaa no kasaeɛ” (hwɛYohane 4:27), nanso Yesu dwenee deɛ na ɔbɛtumi abɛyɛ no ho kɛse. Ɔkyerɛkyerɛɛ no na ɔmaa no kwan sɛ ɔnsakyera, na ɔdii so. (Hwɛ Yohane 4:4–42).

    Sɛ yɛtete afoforɔ sɛdeɛ wɔteɛ no sene sɛ deɛ yɛpɛ sɛ wɔbɛba abɛyɛ no a, yɛbɛtumi atwe wɔn asan. Mmom, yɛbɛtumi de bɔne akyɛ na yɛn werɛ afiri mfomsoɔ a atwam no. Yɛbɛtumi anya gyedie sɛ afoforɔ bɛtumi asakyera. Yɛbɛtumi abu yɛn ani agu mmerɛyɛ so na yɛahwehwɛ suban pa a wɔwɔ a wɔnnhunuueɛ. ”Ɛyɛ y’asɛdeɛ sɛ yɛnnhunu ankorankorɛ sɛ wɔteɛ mmom sɛdeɛ wɔbɛtumi abɛyɛ.”1

  6. Ma Wɔn Nkɔ no sɛdeɔ Wɔn Ahoɔden Bɛtumi

    Nsakyeraeɛ yɛ mmerɛ. Ɛwɔ sɛ yɛn nyinaa “kɔ so wɔ aboterɛ mu kɔsi sɛ yɛbɛwie pɛ yɛ.” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 67:13). Yesu nyaa aboterɛ maa afoforɔ na ɔtoaa so kyerɛkyerɛɛ wɔn a wɔ ne no annyɛ adwene mpo, dii Ne dwumadie a NAgya de maa no ho adanseɛ na ɔyii wɔn nsɛmmisa ano (hwɛ Mateo 12:1–13; Yohane 7:28–29). Yɛbɛtumi anya aboterɛ ama afoforɔ na yɛahyɛ wɔn nkorane ama wɔanya aboterɛ ama wɔn ho.

  7. Ɛmpa Aba Sɛ Wɔsane Kɔ Tebea Dada Mu a

    Kristo wuiiɛ akyire no, Pɛtro ne Asomafoɔ no bi mpo sane kɔɔ tebea dada a na wɔnim no mu (hwɛ Yohane21:3). Kristo kaee Pɛtro sɛ sɛ “hwɛ [Me] nnwan” (hwɛ Yohane 21:15–17), na Pɛtro sane kɔɔ som no mu. Ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛtumi asane akɔ tebea dada no mu. Yɛbɛtumi ayɛ bɔkɔɔ aboa na yɛahyɛ nkoran ne nkanyan frɛ atoa so adi Agyenkwa no akyi na yɛapere abɛyɛ tesɛ Ɔno.

Ma Afoforɔ kwan na Wɔnyini

Elder Jeffrey R. Holland a ɔka Asomafoɔ Dumienu Kuo no ho ka ayɛsɛm a ɛfa sɛdeɛ yɛbɛma afoforɔ kwan ama wɔanyini ho: “Metee sɛ mfeɛ pii bi a atwam abranteɛ bi bɛyɛɛ sɛ adesereɛ bi wɔ ne sukuu mu. Na ɔwɔ sintɔ bi a, na ne mfɛfoɔ de sere no. Mmerɛ bi wɔ n’abrabɔ mu no ɔtwee ne ho firii hɔ. Akyire yi wɔfaa no asraafoɔ adwuma mu na ɔnyaa suahunu wɔ ne nwoma sua nkonimdie mu na ɔbɔɔ mmɔden twee ne ho firii ne bra a atwam korɔ no ho. Ne nyinaa akyi, sɛdeɛ asraafoɔ dodoɔ no yɛ no, ɔbɛhunuu Asɔre no fɛ ne ne kɛseɛ a ɛyɛ na ɔdɔmm asɔre no nyaa n’anigyeɛ wɔ mu.

“Afei, mfeɛ pii akyi, ɔsane kɔɔ ne mmrantebrɛ kurom. Na n’atipɛnfoɔ no dodoɔ no ara na wɔatu afiri hɔ nanso na ɛnyɛ wɔn nyinaa. Nokorɛ, berɛ a ɔsane baeɛ sɛ nkomimdifoɔ a wɔawo no foforɔ no, saa adwen dadaa no a na ɛwɔ hɔ no da so wɔɔ hɔ, a na ɛretwɛn no. Ne kuromfoɔ no deɛ, na ɔda so ara yɛ ‘nipa-dada-no ara.’ …

“Nkakrankakra saa barima yi mmɔden a ɔrebɔ sɛ ɔbɛgyae deɛ atwam no na wasɔ akyɛdeɛ a Onyankopɔn de ama no no hyɛɛ aseɛ kɔɔ fam kɔsii sɛ ɔwuuiɛ ɛnam abrabɔ a ɔkɔɔ mu wɔ ne mmɔfram. Ɛyɛ awerɛho, ɛyɛ asefem sɛ wɔn a wɔsusuuiɛ sɛ na ne tebea dada no yɛ anika sene ne daakye no twaa ne ho hyiaeɛ. Wɔbɔɔ mmɔden gyee deɛ Kristo de kyɛɛ no no firii ne nsam. Na ɔwuu wɔ awerɛhoɔ mu, nanso na ɛfiri ɔno ara mfomsoɔ kakra nti.

Ma nnipa nsakyera. Ma nnipa nyini. Gyedi sɛ nnipa bɛtumi asakyera na wɔatu mpɔn.“2

Atwerɛ.

  1. Thomas S. Monson, “Hunu Afoforɔ sɛdeɛ Wɔbɛtumi Abɛyɛ,” Liahona, Nov. 2012, 69.

  2. Jeffrey R. Holland, “The Best Is Yet to Be,” Liahona, Jan. 2010, 19, 20.