Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nsɛm, Kitawonsa 2016
Yɛbɛtumi Abɛyɛ Awofoɔ
Fa mpaebɔ sua saa nsɛm yi hwehwɛ sɛ wobɛhu deɛ wobɛkyɛ. Sɛn na Abusua: Dawubɔ a Ɛkɔ ma Wiase” no nteaseɛ to wo gyedie wɔ Nyankopɔn mu na ɛhyira wɔn a wohwɛ wɔn so wɔ nsrahwɛ nkyerɛkyerɛ mu? Sɛ worepɛ ɛmu nsɛm bio a, kɔ reliefsociety.lds.org.
Gyedie, Abusua, Ɔgyeɛ
Ɔpanin Dallin H. Oaks a ɔka Asomafoɔ Dumienu Kuo no ho kaa sɛ “Na ɛho hia sɛ Onyankopɔn honhom mu mma nya honam fam awoɔ ne akwannya a wɔde bɛtu mpɔn akɔ nkwa a ɛnni awieɛ mu.” “Ɛnam anigyeɛ nhyehyɛeɛ kɛseɛ no atirimpɔ korakora no nti, megye di sɛ ahodeɛ a ɛsom boɔ wɔ asase so ne ɔsoro ne yɛn mma ne yɛn asefoɔ.”1
Ɛlder Neil L. Andersen a ɔka Dummienu Kuo no ho kaa sɛ:
“Yɛwɔ gyedie wɔ mmusua mu, na yɛwɔ gyedie wɔ mma mu. …
“…Onyankopɔn ka kyerɛɛ [Adam ne Hawa], sɛ Monwo, ne monnɔ, na monhyɛ asase so ma’ Genesis 1:28 …
“Yɛn werɛ mfirii saa mmarasɛm yi anaa yɛmmfa ntoo nkyɛn wɔ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mu.”2
Ɛwɔm sɛ ɛnnyɛ yɛn nyinaa na yɛbɛyɛ awofoɔ wɔ saa asetena yi mu deɛ, nanso yɛbɛtumi atete mmɔfra a wɔanya mfeɛ biara. Ka a yɛka Ɔsoro Agya abusua ho no de nhyira brɛ yɛn, na yɛnya anigyeɛ ne ɔhaw suahunu wɔ asase so abusua mu.
Twerɛsɛm Afoforɔ
Psalm 127:3; Matthew 18:3–5; 1 Nephi 7:1; Moses 5:2–3
Ayɛsɛm a ɛte ase
Ɛlder Andersen kaa sɛ, “Nnipa pii bu abawoɔ animtia anaa wosusu sɛ yɛntwɛn anaa yɛnte mma dodoɔ so wɔ abusua mu.” “Me babaa kyerɛɛ me blog bi a Okristoni baatan (a ɔnka yɛn ho) a ɔwɔ mma nnum twerɛeɛ. Ɔtwerɛɛ sɛ: “Wɔ saa ɔman yi mu no, ɛyɛ den sɛ wobɛnya adwenkyerɛ a ɛfa abaatanyɛ ho, … Ntoasoɔ sukuu ho wɔ mfasoɔ sene mmɔfra. Akwantuo ho wɔ mfasoɔ sene no ampa. Worekɔgye w’ani kyɛn no. Mpɔ-mu ateneatene ho wɔ mfasoɔ sene no. Adwuma biara a wobɛtumi anya anaa w’ani da so no hia sene no. Afei ɔde kaa ho sɛ: ‘Abaatanyɛ nnyɛ anigyedeɛ bi, ɛyɛ ɔfrɛ. Wontase mmɔfra esiane sɛ wɔn ho yɛ fɛ sene stamp. Ɛnnyɛ biribi a yɛyɛ berɛ a yɛwɔ adaagyeɛ. Ɛyɛ biribi a Onyankopɔn ama wo mmerɛ sɛ fa yɛ.’”3
© 2016 Intellectual Reserve, Inc. Ntintim ho akwannya. Wɔtintim no wɔ USA English approval: 6/16. Translation approval: 6/16. Nkyerɛaseɛ ɛfa First Presidency Message, July 2016. Twi. 12867 503
Dwene Wei ho
Akwan bɛn so na asase so abusua te sɛ yɛn soro abusua?