Mmabunu
Wɔkura Gyedie no Mu
Titenani Monson ka asɛm bi fa adikanfoɔ abusua bi ho, na afei ɔsrɛ ka asɛm a Titenani George Albert Smith Kaeɛ: “So wobɛkɔso akura wo nananom gyedie mu? …Pere sɛ wobɛfata afɔreɛ a wɔabɔ ama wo no nyinaa.” Sɛ wowɔ agyanom a wɔyɛ adikanfoɔ anaa sɛ wone nipa a ɔdi kan wɔ w’abusua mu a wabɛdɔm Asɔre yi a, so wohwɛ gyedie nhwɛsoɔ so de pɛ akwankyerɛ ne ahoɔden? Kwan pa baako a wobɛfa so ahyɛ aseɛ nie:
1. Twerɛ nnipa a w’ani sɔ wɔn din to hɔ. Wɔbɛtumi ayɛ w’abusuafoɔ (kane anaa seesei), nnafonom, Asɔre mpanimfoɔ, anaa nnipa a wɔwɔ twerɛsɛm no mu.
2. Twerɛ suban pa a wɔwɔ a wopɛ. So wo maame wɔ aboterɛ pa ara? Ebia wo yɔnko kyerɛ ayamyɛ kyerɛ afoforɔ. Ebia wopɛ ɔsahene Moronae akokoduro.
3. Yi suban pa baako a wotwerɛ no na bisa wo ho sɛ, “Mɛyɛ dɛn na mɛnya saa suban pa yi? Deɛn na ɛwɔ sɛ meyɛ ansana manya wei wɔ abrabɔ mu?”
4. Twerɛ nhyehyɛeɛ a woayɛ a wode bɛnya saa suban pa yi to hɔ na fa to baabi a wobɛhunu daa, ama akae wo gyinaeɛsie no. Bɔ mpaeɛ pɛ Ɔsoro Agya mmoa na taa hwɛ wo mpuntuo. Sɛ wohunu sɛ woanya saa suban pa yi yie a, wobɛtumi ayi suban foforɔ adi ho dwuma.
Kae sɛ berɛ a yɛredua saa suban papa yi wɔ yɛn mu no, ɛnnyɛ yɛn agyanom gyedie ne wɔn afɔreɛ a wɔbɔɔe pɛ na yɛredi no nni, mmom yɛn nso yɛbɛtumi anya nkɛntɛnsoɔ pa daa wɔ wɔn a wɔbɛn yɛn so.