2020–2024
Anigyeɛ Agyiraeɛhyɛ
Ahinime 2023 amansan nhyiamu


12:15

Anigyeɛ Su

Yɛresi wɔ Yesu Kristo fapem so no ho hia ma yɛn anigyeɛ.

Mfeɛ bebree akyi a na meretu adwuma mu kwan no, mene ɔbarima bi a na ɔfiri Netherland tenaa bɛn ho. Na mepɛ sɛ mekɔ sra no esiane sɛ na masom sɛ asɛmpatrɛni wɔ Belgium ne Netherlands.

Berɛ a yɛyɛɛ nnamfoɔ no, ɔmaa me n’adwuma mu krataa a na ɛwɔ asentire din sononko “anigyeɛ mu ɔbenfoɔ.”  Mekasa faa n’anwanwaduma no ho ɛna mebisaa no deɛ anigyeɛ mu ɔbenfoɔ yɛ. Ɔkaa sɛ ɔkyerɛ nkorɔfoɔ sɛdeɛ wɔbɛnya abrabɔ mu anigyeɛ berɛ a wɔrehyehyɛ ayɔnkofa ne botaeɛ a nteaseɛ wɔ mu. Mebuaa sɛ, “Ɛyɛ nwanwa, nanso anka wobɛtumi akyerɛ sɛdeɛ saa ayɔnkofa yinom bɛtumi atoaso wɔ damena akyi na wabua ɔkra ho nsɛmmisa afoforɔ, te sɛ abrabɔ botaeɛ ne sɛn, yɛbɛyɛ dɛn na yɛadi yɛn mmrɛyɛ so nkonim, na owuo akyi yɛkɔ hen ?” Ɔgyetoo mu sɛ ɛbɛyɛ nwanwa sɛ yɛnya mmuaeɛ ma saa nsɛmmisa no a, na m’ani gyee sɛ ka kyerɛɛ no sɛ yɛwɔ bi.

Ɛnnɛ, mepɛ sɛ yɛhwehwɛ nnyinasosɛm kakra bi a ɛhia ma anigyeɛ kann a ayɛ sɛ akwati dodoɔ no wɔ wiase a ayɛ basaa yi mu, a nneɛma bebree na ɛyɛ anika nanso kakra bi na ɛho hia.

Alma kyerɛɛ ne mmerɛ mu nkorɔfoɔ, “Na monhwɛ, Mese mo sɛ nneɛma bebree na ɛbɛba; na monhwɛ, adeɛ baako wɔ hɔ a ɛho hia yie kyɛn nkaeɛ no nyinaa—na monhwɛ, mmerɛ no ni akyiri koraa na Odimafoɔ no bɛba abɛtena ne nkurɔfoɔ mu.”1

Saa paemuka yi ho hia ma yɛn nnɛ berɛ a yɛhwɛ kwan na yɛasiesie yɛn ho atwɛn Kristo Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no!

Ɛno nti, m’adwenkyerɛ a ɛdi kan ne sɛ fapem a yɛsi no wɔ Yesu Kristo so no ho hia ma yɛn anigyeɛ. Yei yɛ fapem kann, “fapem a sɛ nnipa si wɔn dan wɔ so a wɔrenwiri ngu da.”2 Yɛreyɛ saa no siesie yɛn ma abrabɔ mu haw, ɛmfa ho ne deɛ ɛbɛsie.

Mfeɛ bebree a atwam no, mene yɛn ba Justin kɔɔ Scout nsraban hɔ. Berɛ a agorɔ no rekɔ so no, ɔde anigyeɛ kaa sɛ ɔne ne nnamfonom pɛ sɛ wɔdi nkonim de fa akyɛdeɛ no. Saa yɛ no hia sɛ mmeranteɛ paase nsɔhwɛ a wɔbɛtwerɛ no na wɔto agyan bɔ tagɛt no.

M’akoma tuuiɛ. Saa berɛ no, Justin botoo kakra, esiane yareɛ bi a wako firi ne mmɔfra berɛ mu. Me suroeɛ sɛ ɔbɛtumi atwe agyan no akɔ akyiri kɛse sɛ ɔbɔtumi ato agyan no abɔ tagɛt no.

Berɛ a ɔne ne nnamfonom firii hɔ kɔɔ agyantoɔ adesua no, mebɔɔ mpaeɛ bɔkɔɔ sɛ ɛbɛyɛ a ɔnye animguaseɛ. Mmerɛ kakra akyi no, mehunuu sɛ ɔde sereɛ reba me nkyɛn. Ɔteaam, “Papa!” “Manya abodin no! Menyaa nantwie-ani no; na ɛwɔ tagɛt a ɛbɛn me deɛ no, na meto bɔɔ nantwie-ani no!” Ɔtwee agyan no wɔ ahoɔden mu ɛna ɔgyae maa agyan no tuuiɛ, na antumi amfom kwan no. Ɛyɛ me anisɔ ma saa agyantoɔ kyerɛkyerɛni no, deɛ wanka da sɛ, “Kafara, wato afom!” Mmom, ɔhunuu Justin sintɔ ne ne nokorɛ mmɔden no, ɔde anigyeɛ buaa sɛ, “Adwuma pa!”

Saa ara na ɛbɛyɛ ama yɛn sɛ yɛbɔ yɛn ho mmɔden di Kristo ne N’adiyifoɔ akyi a ɛmfa ho ne yɛn sintɔ. Sɛ yɛba Ne nkyɛn berɛ a yɛdi yɛn apam so na yɛsakyera firi yɛn bɔne ho a, yɛde anigyeɛ bɛte Agyenkwa no nne sɛ ɔrebɔ yɛn aba so: “Mo, akoa pa nokwafoɔ.”3

Medi m’adanseɛ fa wiase Agyenkwa no kronkronyɛ ne Ne dima dɔ ne ayaresa tumi, denhyɛ, na ɔpagya yɛn berɛ a yɛrepere nokorɛ mu aba Ne nkyɛn ho. Wɔ nsɛm foforɔ mu no, ɔkwan biara nni hɔ sɛ yɛne ɛdɔm bɛtu anammɔn na afei nso yɛatwe abɛn Yesu. Agyenkwa no adi owuo, yareɛ, ne bɔne so nkonim, na wakyerɛ kwan ama yɛn pɛpɛyɛ, sɛ yɛde yɛn akoma nyinaa bɛdi N’akyi a.4

M’adwenkyerɛ a ɛtɔ so mmienu ne sɛ ɛhia kɛse ma yɛn anigyeɛ sɛ yɛkae sɛ yɛyɛ Ɔsoro Agya dɔfoɔ mmammarima ne mmammaa. Yɛrehunu na yɛregye saa nokorɛ yi adie sesa biribiara.

Mfeɛ bebree a atwam, berɛ a me ne Onuabaa Sabina firi Asɔre dwumadie reba wɔ wiemhyɛn mu, yɛhunuu sɛ yɛte ɔbarima kɛseɛ bi akyi, na wayɛ tatuu bi a n’anim kyerɛ abufuo agu ne tikwa atikɔ ne nɔma 439.

Berɛ a yɛsiiɛ no, mekaa sɛ, “Mepa kyɛw, owura. Ɛbɛha wo sɛ mebisa nɔma yi a watwerɛ agu w’atikɔ yi ho asɛm?” Mammɔ me ho mmusuo ammisa animu a ne bo afuo no ho asɛm.

Ɔkaa sɛ, “Ɛyɛ me ara. Saa ara na meteɛ. Saa beaeɛ: 219 no yɛ medea!”

Ahanan ne aduasa nkrɔn ne nɔma pɔtee a na ɛgu ne tiri ho no, ɛnti ɛyɛɛ me nwanwa sɛ ne werɛ afiri mpo sɛ ɛho hia no yie.

Medwenee awerɛhoɔ a ɛyɛ sɛ saa ɔbarima yi su ne ne ho a ɔgyedie gyina nɔma a ɛfa bɔnefosɛm beaeɛ ho. Medwenee wɔ me mu sɛ, Saa barima yi a ɔsi pi yi na ɔyɛ obi abarimaa a ɔhia obuo ne sɛ ɔka ho bi. Sɛ ɔnim nipa su a ɔyɛ ne deɛ ɔyɛ ne deɛ a, na yɛn nyinaa “wɔatɔ yɛn aboɔden.”5

Nyansasɛm bi wɔ sini a wɔato din The Prince of Egypt a ɛka sɛ, “Hwɛ w’abrabɔ firi ɔsoro aniwa mu.”6 Sɛdeɛ yɛn kronkronyɛ abusuabɔ ne daa nkwa mu deɛ yɛtumi yɛ a adidi akɔ yɛn kra mu ho nimdeɛ teɛ no, yɛbɛtumi ahwɛ abrabɔ sɛ botae, nsɛm sononko a ɛda adi no ma yɛsua adeɛ na yɛnyini, mpo sɛdeɛ “yɛnam ahwehwɛniwa so hunu adeɛ wɔ esum mu,”7 berɛ tiawa mu no.

Anigyeɛ su a ɛtɔ so mmiɛnsa ne sɛ berɛ biara yɛbɛkae ɔkra boɔ a ɛsom. Yɛyɛ yei yie berɛ a yɛdi Agyenkwa no afotuo so: “Monnodɔ mo ho; sɛdeɛ medɔɔ mo no.”8

Ɔsane nso kyerɛɛ sɛ, “Sɛdeɛ moyɛ maa menuanom nketewa yi mu baako yi moyɛ maa me.”9

Mmebusɛm nwoma no tu fo nyansa mu sɛ, “Mfa yieyɛ nkame deɛ ɛsɛ no, berɛ a ɛwɔ wo tumi mu sɛ wobɛyɛ no.”10

Yɛrennu yɛn ho da sɛ yɛyɛ ayamyɛ. Wɔ Onyankopɔn aniwa mu no, ayamyɛ ne kɛseyɛ sesɛ. Ayamyɛ mu bi sɛ yɛbɛyɛ bɔnefakyɛ na yɛmmu atɛn.

Mfeɛ bebree a atwam no, na yɛn abusua kumaa rekɔhwɛ abusua anwummerɛ nhyiamu sini bi. Na yɛn nyinaa wɔ ɛhyɛn no mu gye sɛ yɛn babarima baako ne me yere, Valerie. Na esum wɔ abɔnten, na berɛ a yɛn babarima buee ɛpono na na ɔtuu mmirika bɛn kaa no, mpofirimu ne nan bɔɔ adeɛ bi a ɔdwenee sɛ ɛyɛ yɛn kra wɔ abrannaa no so. Awerɛhosɛm ma me babarima ne me yere ne sɛ, aboawa bi a ne werɛ ahoɔ na ɔwɔ n’akyi pɛɛ, na mmom ɛnyɛ yɛn kra no, a ɔmaa wɔn hunuuiɛ. Yɛn nyinaa sane kɔɔ fie, na wɔbɔɔ nsuo de ntoosi nsuo hohoroo wɔn tiri nwii, fa no sɛ ɛyɛ ɔkwan a wɔfa so yi aboa no ho panpan no afiri hɔ. Berɛ a wɔwiee ahosiesie na wɔsesaa wɔn ntaadeɛ no, panpan biara firii yɛn ho, enti yɛfaa adwene sɛ yɛn ho yɛ sɛ yɛkɔhwɛ sini no. 

Berɛ a yɛtenaa ase wɔ agohwɛbea akyi no, nkorɔfoɔ a wɔatwa yɛn ho ahyia no sɔree mmaako, mmaako kɔtɔɔ nkyeweɛ. Berɛ a wɔsane baeɛ no, obiara ansane ammɛtena n’adwa dada no so.

Yɛseree wɔ saa suahunu yi ho, nanso sɛ anka yɛn bɔne nyinaa wɔ panpan a? Na sɛ anka yɛte nkontompo, akɔnnɔ bɔne, aniberebere, anaasɛ ahantan panpan a? Yɛn mmrɛyɛ ada adi no, anka nokorɛ mu yɛbɛyɛ ahummɔborɔ kakra ama afoforɔ, na wɔn nso ayɛ saa ara ama yɛn berɛ a yɛyɛ nsakraeɛ a ɛfata wɔ yɛn abrabɔ mu. Medɔ tawa panpan wɔ asɔredan mu, ɛfiri sɛ ɛkyerɛ sɛ obi rebɔ mmɔden asakyera Wɔhia yɛn awaawaatuu nsa atwa wɔn ho ahyia.

President Russell M. Nelson akyerɛ sɛ “Ɔkwan baako a ɛyɛ fo a yɛde hunu Yesu Kristo kyidifoɔ nokwafoɔ yɛ sɛdeɛ saa onii no de ayamhyehyeɛ tete nkurɔfoɔ afoforɔ.”11

Paulo twerɛ kɔmaa Efesofoɔ, “Na momma mo yam nyɛ yie na ɛnhyehye mo mmema mo ho, momfa nkyekyɛ mo ho, sɛdeɛ Onyankopɔn nam Kristo so de kyɛɛ mo no.”12

Sɛ Yesu Kristo akyidifoɔ no, wɔaka akyerɛ yɛn sɛ yɛnye Ɔsoro Agya ne yɛn Agyenkwa nni na yɛmmɔ yɛn ho mpem mfa biribi nsi Wɔn ananmu. was a very high-risk procedureYesu Kristo nim obiara sintɔ pɛpɛɛpɛ na ɔbɛbu wɔn atɛn pɛpɛɛpɛ.

M’anigyeɛ su a ɛtɔ so nan ɛne sɛ yɛbɛsɔ daa nkwa nhunumu mu. Yɛn Agya nhyehyɛeɛ terɛ kɔ onniawieeɛ mu; ɛyɛ fo sɛ yɛde yɛn ani bɛsi ha ne ɛnnɛ so na yɛn werɛ afiri ha akyi.

Mesuaa saa adesua yi mfeɛ bi atwam akyi firii me babaa Jennifer, a wadi mfeɛ 16 hɔ. Na ɔreba abɛgye aharawa mmienu ntuhyɛmu, a wɔbɛyi n’aharawa ho akwaa num a yareɛ wɔ mu no afiri hɔ koraa na wɔde akwaa nketewa mmienu asi ananmu, a Kristosu nnamfoɔ mmienu de akyɛ. Na ɛyɛ adwuma a ɛyɛ den, nanaso anandwo no a wɔrebɛyɛ no , Jennifer kasa kyerɛɛ me wɔ pɔnso 90 (41kg) no a ɔreka “Don’t worry, Dad! Ɔkyena mede aharawa foforɔ bɛsɔre anaasɛ mɛsɔre wɔ baabi papa mu. Emu biara bɛyɛ kɛse.” Ɛno ne gyedie; ɛno ne daa nkwa nhunumu! Yɛrehunu nkwa afiri daa nkwa mu ma nteaseɛ, ahotɔ, akokoɔduro, ne anidasoɔ.

Dwumadie no akyi, ɛda a yɛatwɛn no baeɛ a wɔrebɛyi ne home dorobɛn no na wɔto mframa akwan a ɛboa Jennifer ma ɔhome no mu no, yɛde dadwene twɛnee hwɛɛ sɛ n’akwaa nketewa mmienu no bɛyɛ adwuma anaa. Berɛ a ɔhomee deɛ ɛdi kan no, amonom hɔ ara ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔresu. Ɔhunuu sɛ ɛha yɛn no, ntɛm ara ɔkaa sɛ, “Ɛyɛ paa ara sɛ wobɛhome.” 

Ɛfiri saa da no, mada Ɔsoro Agya agya ase anɔpa ne anadwo sɛ mewɔ ahoɔden de home. Nhyira a ɛni ano na atwa yɛn ho ahyia a yɛbɛtumi abu yɛn ani agu soɔ sɛ yɛanhwɛ yie a. Wɔ nsɛm foforɔ mu no, sɛ ani nna hwee so na biribiara nyɛ anisɔ a, abrabɔ bɛyɛ anwanwasɛm.

President Nelson aka sɛ: “Ahomakye foforɔ biara yɛ akyɛdeɛ bi a ɛfiri Onyankopɔn hɔ. Mpo mframa a yɛhome no yɛ ɔdɔ bosea a ɛfir Ne hɔ. Ɔkora yɛn firi dakoro kɔsi dakoro na ɔbɔ yɛn kyidɔm firi berɛ baako kɔsi foforɔ so. Ɛno nti, yɛn animuoyam asɛdeɛ anɔpa ne sɛ yɛde ahobraseɛ mpaeɛ yi no ayɛ.”13

Yei de me ba m’adwenkyerɛ a ɛtɔ so num na ɛtwa toɔ no so, ɛne sɛ w’ani rentumi nye nsene sɛdeɛ woyi ayɛ.

Awurade no kaae, “Na obi a ɔde aseda gye nneɛma nyinaa no wɔbɛhyɛ no animuonyam.”14 Ebia yei te saa ɛfiri sɛ ayɛyie wo nnepa afoforɔ pii.

Sɛdeɛ yɛn ahotosoɔ bɛsesa sɛ anɔpa biara yɛde nhyira a anadwo no na yɛn ani sɔ nko ara nyane a. Sɛ yɛankyerɛ yɛn nhyira ho anisɔ a ɛbɛtumi de tiafoɔyɛ aba, a ɛbɛ ma yɛahwere ahurusie ne anigyeɛ a ayɛyie de ba. Wɔn a wɔwɔ dan kɛseɛ a ɛmu trɛ no to yɛn bradɛ sɛ yɛbɛhwɛ atra so, na afei yɛbɛhwere agyiraeɛ no koraa.

Nokorɛmu, honam mu nhyira ne anigyeɛ kɛseɛ no firi nea yɛabɛyɛ nam Onyankopɔn adom so berɛ a yɛyɛ na yɛdi apam kronkron a yɛne No yɛ no mu. Yɛn Agyenkwa no bɛpɔ na wayɛ yɛn foforɔ nam Ne mpata afɔrebɔ no so, na waka afa wɔn a wɔfiri wɔn pɛ mu di N’akyi no ho “Wɔbɛyɛ me dea wɔ saa da no a mɛba abɛyi m’abohene no.”15

Mehyɛ mo bɔ sɛ sɛ yɛkyekyere yɛn abrabɔ wɔ Yesu Kristo fapem so a; sɛ yɛbu yɛn nipasu ankasa sɛ Onyankopɔn mmabarima ne ne mmaaa; kae ɔkra bi bo a ɛsom; kura daa adwene mu; na yɛde aseda ani sɔ yɛn nhyira bebree, titire Kristo nsatoɔ sɛ yɛmmra Ne nkyɛn no, yɛbɛtumi anya nokorɛ anigyeɛ a yɛhwehwɛ wɔ saa owuo akwantuo yi mu. Asetena bɛda so ara wɔ ne nsɛnnennen, nanso yɛbɛtumi de atirimpɔn ne asomdwoeɛ atenka ahyia emu biara yie ɛnam daa nokorɛ a yɛte aseɛ na yɛde bɔ yɛn bra nti.

Medi m’adanseɛ fa Onyankopɔn nokorɛ a ɔyɛ, yɛn Agya dɔfoɔ, ne Ne Dɔ Ba, Yesu Kristo ho. Mesan nso di adanseɛ fa nkɔmhyɛfoɔ, adehunufoɔ, ne adiyifoɔ. Hwɛ nhyira a ɛyɛ sɛ yɛgye ɔsoro afotuo firi wɔn nkyɛn. Sɛdeɛ Agyenkwa no aka no pefee no, “Sɛ ɛyɛ mankasa me nne anaasɛ me nkoa nne, ɛyɛ ade korɔ.”16 Wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.