Bosome, bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkrasɛm, Ahinimer 2025
Adɛn nti na Awurade wɔ Asɔre?
Kristo Asɔre botaeɛ ne sɛ “ɛbɛboa ankorankoro ne mmusua ma wɔaboa Onyankopɔn ama Ne nkwagyeɛ ne mpagya adwuma no aba mu.” Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ boa “ma [Onyankopɔn] mma fata animuonyam a ɛwɔ soro pa ara, a ɛne mpagya anaasɛ daa nkwa.”
“Agyenkwa no de tumi maa [Asɔre no] sɛ ɛmma Ne botaeɛ mmara mu—nka N’asɛmpa no, mfa N’ayɛyɛdeɛ ne apam mma, na wɔmma Ne tumi a ɛfata na ɛte yɛn ho no mmra mu.”
Asɔremma no wɔ Yesu Kristo tumi ne nhyira ho kwan ɛnam asɔfodie tumi ne nsafoa, apam ne ayɛyɛdeɛ, nkɔmhyɛ akwankyerɛ, twerɛnsɛm, ne Ahotefoɔ kuo so.
Asɔre no asan ahyɛ sɛ: “Monsɔre na monhyerɛn, ama mo hann ayɛ susudua ama aman no” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 115:5).
Asɔremma bɔ mmɔden sɛ “wɔbɛhyerɛn” berɛ a wɔdi asɛmpa no so, ka mmusua bom ma ɛnniawieeɛ, na wɔhwɛ ahiafoɔ ne onnibiefoɔ so. Yei ne Onyankopɔn nkwagyeɛ ne mpagya adwuma no.
© 2025 by Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintimm wɔ USA. English approval: 6/19. Translation approval: 6/19. Bosome, bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkrasɛm, Ahinimer 2025 Twi. 19624 000