2025
Saa Asetena yi Akyi: Nsɛmmisa Bi ho Mmuaeɛ
De ma Mmabunu Ahoɔden Kutawonsa 2025


Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkransɛm, Kutawonsa 2025

Saa Asetena Yi Akyi

Nsɛmmisa Bi ho Mmuaeɛ

Ɔsoro Agya nhyehyɛeɛ bɛtumi ama yɛn nhunumu ne asomdwoeɛ fa owuo akyi asetena ho.

atwedeɛ bi a ɛwɔ mununkum mu

Nkyerɛkyerɛmu firi Thomas Arnaud hɔ

Deɛn na ɛsi wɔ yɛn wuo akyi?

Ebia yei asɛmmisa a ɛwɔ som nyinaa mu. Mmuaeɛ ahoroɔ a yɛnam Yesu Kristo ne N’asɛmpa so nya no, tumi wom. Saa asetena yi nyɛ awieeɛ. Esiane sɛ Yesu Kristo sɔreeɛ nti, yɛn ahonhom no ne yɛn nnipadua bɛsan ahyia mu, na yɛn nyinaa bɛsɔre da bi.

Nokwasɛm, nsɛm afoforɔ wɔ hɔ a ɛfa owuo akyi asetena ho a ɛnam abɛɛfo adiyisɛm so aba yɛn nkyɛn a ɛbɛtumi abua nsɛmmisa afoforɔ a ebia yɛwɔ. Saa nsɛmmisa no kakra nie, ne mmuaeɛ ntiawa binom.

Sɛn na ahonhom nnipadua teɛ?

Honhom yɛ adeban bi, “adeɛ a ɛyɛ fɛ anaasɛ ɛho teɛ ” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 131:7). Honhom nnipadua te sɛ onipa panin nipadua.

Ɛhe na honhom wiase wɔ?

Ɛha, atwa yɛn ho ahyia.

Deɛn na ɛkɔ so wɔ honhom wiase hɔ?

Nneɛma pii a ɛbi ne sɛ, wɔahyehyɛ ahonhom a wɔagye asɛmpa no atom no sɛ wɔbɛka asɛmpa no akyerɛ ahonhom a wɔnyee asɛmpa no. Saa ahonhom no bɛtumi ayi sɛ wɔbɛgye atom anaa wɔrennye ntom.

Sɛn na ahonhom a wɔanyane teɛ?

Ahonhom a wɔanyane no ntumi nwu, wɔyɛ honam ne nnompe, na wɔwie pɛpɛyɛ. Wɔn ho yɛ fɛ na wɔwɔ animuonyam. “Biribiara nni hɔ a ɛyɛ fɛ sɛ yɛbɛhwɛ sen ɔbarima anaa ɔbaa a wɔanyane no.”

Deɛn na ɛkɔ so wɔ sɛlɛtia ahemman mu?

Wɔn a wɔwɔ ɔsoro ahemman mu gyinabea a ɛkorɔn no bɛyɛ te sɛ yɛn Soro Agya na wɔnya anigyeɛ mahyɛ. Wɔnya deɛ Agya no wɔ nyinaa. Wɔwɔ kyɛfa wɔ N’adwuma ne animuonyam mu. Wɔsɔɔ wɔn ano wɔ awareɛ mu maa ɛnniawieeɛ na seesei wɔte ɛnniawieeɛ mmusua mu, a wɔwɔ wɔn ankasa ɛnniawieeɛ honhom mma.

Nnipa a wɔanware wɔ saa asetena yi mu nso ɛ?

Ɔsoro Agya yɛ nokwafoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ a ɔwie pɛpɛyɛ. “Awurade ahyɛ bɔ sɛ ɛnniawieeɛ mu no, nhyira biara nni hɔ a ɔde bɛkame ne mma mmarima ne mmaa a wɔdi mmaransɛm no so, yɛ nokorɛ wɔ wɔn apam ahoroɔ mu, na wɔpɛ deɛ ɛtene.”

Wɔsɔɔ m’awofoɔ ano wɔ tɛmpol mu, nanso seesei wɔagyae awareɛ. Hwan na wɔasɔ m’ano ama no?

Ebia “wɔwoo wo wɔ apam no mu” (kyerɛ sɛ, wɔwoo wo berɛ a wɔasɔ w’awofoɔ ano wɔ tɛmpol mu akyi), anaasɛ wɔasɔ wo ano ama w’awofoɔ wɔ tɛmpol mu berɛ a wɔasɔ wɔn ano ama wɔn ho wɔn ho awie no. Wɔ tebea no nyinaa mu, wo nhyira da so ara yɛ adwuma sɛ w’awofoɔ yɛ sɛ wɔbɛgyae awareɛ na wɔatwa wɔn nsɔano no mu mpo a.

Deɛ w’awofoɔ bɛyi no nnya nsunsuansoɔ wɔ wo nhyira so. Deɛ ɛhia ma wo ne sɛ wobɛkɔ so adi nokorɛ na wo ankasa woahwehwɛ tɛmpol nhyira no. Ɛfa w’abusua ayɔnkofa ho no, ɛsɛ sɛ “wogye Awurade die na wohwehwɛ N’awerɛkyekyerɛ,” a wonim sɛ “Ɔsoro Agya bɛhwɛ sɛ onipa biara bɛnya nhyira biara a n’akɔnnɔ ne deɛ ɔyi ma ho kwan.”

Deɛn na ɛbɛyɛ nkorɔfoɔ a wɔwu atɔfowuo no?

Yɛnnim deɛ ɛto nnipa a wɔkum wɔn ho, na yɛrentumi mmu wɔn atɛn (sɛdeɛ ɛteɛ wɔ nnipa nyinaa awieeɛ koraa no). “Ɛmfa ho ne mmɔden a adɔfoɔ, akannifoɔ, ne animdefoɔ bɔ no, ɛnyɛ berɛ biara na wɔbɛtumi asi wɔn ho kum ano.

“Ɛmfata sɛ obi bɛgye ɔno ara nkwa afiri n’ankasa nsa mu. Nanso, gye sɛ Onyankopɔn nko ara na ɔtumi bu onipa no nsusuiiɛ, nneyɛɛ, ne akontaabuo gyinabea ho atɛn (hwɛ 1 Samuel 16:7; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 137:9).

“Wɔn a wɔahwere ɔdɔfoɔ bi wɔ atɔfowuo mu bɛtumi anya anidasoɔ ne ayaresa wɔ Yesu Kristo Mpata no mu.”

Atwerɛ.

  1. Hwɛ Ether 3:16; Teachings of Presidents of the Church: Joseph F. Smith (1998), 131–32.

  2. Hwɛ Teachings of Presidents of the Church: Brigham Young (1997), 279.

  3. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 138.

  4. Hwɛ Alma 11:45.

  5. Hwɛ Luka 24:39.

  6. Hwɛ Alma 11:43.

  7. Lorenzo Snow, The Teachings of Lorenzo Snow, ed. Clyde J. Williams (1996), 99.

  8. Hwɛ Moses 1:39

  9. Hwɛ Nnwom 16:11; 3 Nephi 28:10; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 76:59, 62; 130:2; 132:19–23.

  10. Dallin H. Oaks, Ahinime 1993 amansan nhyiamu (Ensign, Obubuo 1993, 75).

  11. Hwɛ General Handbook: Resom wɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ, 38.4.2.8 , Asɛmpa Akoraeɛ.

  12. General Handbook, 38.4.2, Asɛmpa Akoraeɛ.

  13. General Handbook, 38.6.20 , Asɛmpa Akoraeɛ.