2025
Mɛyɛ dɛn ahunu sɛ masakra ampa na wɔde akyɛ me?
De ma Mmabunu Ahoɔden Ayɛwohomumɔ 2025


Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkrasɛm, Ayɛwohomumɔ 2025

Mɛyɛ dɛn ahunu sɛ masakra ampa na wɔde akyɛ me?

abaayewa a rebɔ mpaeɛ

Coming Full Circle, ɛfiri Jenedy Page hɔ

Awurade aka sɛ: “Deɛ wasakyera afiri ne bɔne ho no, wɔde kyɛ no, na me, Awurade, menkae bio.

“Ɛnam yei so mobɛhunu sɛ onipa bi asakyera afiri ne bɔne ho—hwɛ, ɔbɛpae mu aka ne bɔne na wapa ne ho akyi” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 58:42–43).

Ɛnam adwensakyera a ɛfiri akoma mu so, yɛbɛtumi anya bɔnefakyɛ. “Sɛ wonya Honhom no awerɛkyekyeɛ a, wobɛtumi ahunu sɛ Agyenkwa no mpata tumi no reyɛ adwuma wɔ w’abrabɔ mu.” Na sɛ yɛsan fom a, yɛbɛtumi asan asakyera, wɔde akyɛ yɛn, na yɛakɔ so abɔ mmɔden.

Bio, Elder Dieter F. Uchtdorf a ɔka Asomafoɔ Dummienu Kuo no ho no kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Satan bɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma yɛagye adi sɛ wɔmfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn ɛfiri sɛ tumi kae. Satan yɛ ɔtorofoɔ. Onyankopɔn anhyɛ bɔ sɛ renkae yɛn bɔne. Sɛ yɛkae a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakwati sɛ yɛbɛyɛ mfomsoɔ korɔ no ara bio. Nanso sɛ yɛkɔ so di nokorɛ na yɛyɛ anokwafoɔ a, nkakrankakra yɛn bɔne a yɛkae no renyɛ kɛse.”

Atwerɛ.

  1. De ma Mmabunu Ahoɔden: Woreyi Ɔpɛ ho Akwankyerɛ (2022), 8.

  2. Hwɛ Mosiah 26:30.

  3. Dieter F. Uchtdorf, Oforisuo 2007 amansan nhyiamu (Ensign anaa Liahona, Kɔtɔnima 2007, 101).