2025
Mmoa a Ɛfiri Beaɛ a Ɛyɛ Pɛ
Ogyefuo 2025


Bosome bosome De ma Mmabunu Ahoɔden Nkransɛm Ogyefuo 2025

Mmoa a ɛfiri Beaɛ a Ɛyɛ Pɛ

Ɛmfa ho ne ɔhaw ahoroɔ a wonam mu, Yesu Kristo bɛboa wo berɛ a wotwa w’ani hwɛ No.

Yesu Kristo

Nhyehyɛeɛ No, ɛfiri Jeanette Bourup hɔ

Yɛn nyinaa hia mmoa kakra bi wɔ berɛ baako anaasɛ foforɔ mu. Ɛtɔ da a mmoa pii. Nokorɛ no ne sɛ, asetena taa kɔ yie pa ara berɛ a wommɔ mmɔden sɛ wo nko ara wobɛkɔ.

Yesu Kristo ne wo mmoa a ɛfiri beaɛ a ɛyɛ pɛ, anidasoɔ, ne ahoɔden. Ɔbɛtumi nso aboa asesa wo yie—ebia wɔ akwan ahoroɔ a wonsusuiɛ mpo so.

Akoma Nsesaeɛ

Enti woabɔ mpaeɛ pɛn sɛ Onyankopɔn mma w’atamfoɔ akoma nyɛ mmrɛ? Sɛ saa deɛ a, wowɔ fekuo papa mu (hwɛ 3 Nephi 12:44; Moroni 7:48). Sɛ mpo wonni atamfoɔ wɔ saa Mormon Nwoma nteaseɛ korɔ no ara mu a (wonim, atamfoɔ a wɔkura akodeɛ na wɔyɛ krado sɛ wɔbɛto ahyɛ wo so), ebia woabɔ mpaeɛ sɛ Onyankopɔn bɛma obi a na ɔnyɛ wo yie no akoma ayɛ mmrɛ.

Nanso woasusu ho pɛn sɛ wobɛbɔ mpaeɛ na woasrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmrɛ w’akoma ase? Ebia na ɛyɛ wo den sɛ wode obi bɔne bɛkyɛ no. Anaasɛ wogu so ma wo bo fu ntɛm, ɛwom sɛ wompɛ no saa. Anaasɛ wopɛ sɛ woda ayamyɛ adi kɛse ma wo nuanom ɛmfa ho sɛ ɛtɔ mmerɛ bi a wɔhyɛ wo abufuo.

“[Yesu Kristo] bɛ sesa w’akoma ne w’abrabɔ. Nkakrankara, wobɛnyini na woabɛyɛ te sɛ Ɔno. Wo ne No apam nkutahodie no bɛma wo kwan kɛseɛ wɔ Ne tumi ho” (For the Strength of Youth: A Guide for Making Choices [2022], 8, nsisoɔ ka ho).

Yei nyɛ bɔhyɛ kɛseɛ? Ɛmfa ho ne deɛ wonam mu, w’ankasa w’akoma mpo no, Yesu Kristo bɛtumi aboa. Sɛn na wobɛsi atwa w’ani akyerɛ no ɛnnɛ?

abarimaa