2020
Yɛrekyekyɛ Agyenkwa no Hann wɔ Buronya
Ɔpɛnimaa 2020


“Yɛrekyekyɛ Agyenkwa no Hann wɔ Buronya,” Laehona, Ɔpɛnimaa 2020

ɔsom

Beaeɛ a wɔwoo Yesu mfoni a Niltza Beatriz Santilan Castillo twaeɛ; Akyɛdeɛ mfoni a ɛfiri Getty Images

Ɔsom Nnyinasosɛm, Ɔpɛnimaa 2020

Yɛrekyekyɛ Agyenkwa no Hann wɔ Buronya

Dwene wɔn a woka asempa kyerɛ wɔn ho. Ɛdeɛn na wobɛtumi ayɛ aboa ama wɔabɛn Kristo wɔ Buronya yi mu?

Berɛ a yɛkae Agyenkwa Yesu Kristo afe mu nyinaa no, Buronya ne berɛ a yɛyi si hɔ de kae akyɛdeɛ kɛseɛ a wɔde ama yɛn: “Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no maeɛ” (Yohane 3:16). Sɛ yɛreka asɛmpa no wɔ Buronya berɛ yi mu a, yɛn nso yɛbɛtumi ama akyɛdeɛ a ɛbɛboa atwe nnipa abɛn Agyenkwa no. Ɛbɛfata sɛ yɛbɛyɛ nneɛma a ɛkyerɛ akyɛdeɛ no a Agya a ɔwɔ Soro de ma.

Akyɛdeɛ no Da so Sombo ma Me

Susan Hardy, California, USA

Berɛ a mewɔ mfeɛ (11) dubaako no, me Kwasiada sukuu kyerɛkyerɛfoɔ, Owura Deets, kakyerɛɛ yɛn sɛ, sɛ yɛbɛtumi asua Gyedika Nsɛm no agu yɛn tirim na yɛakyerɛkyerɛ mu akyerɛ no a, ɛnneɛ ɔbɛtɔ twerɛ kronkron ama yɛn.

Na Onuabarima ne Onuabaa Deets yɛ awarefoɔ a, afei na wɔahyɛ aseɛ. Mannye anni sɛ Owura Deets bɛtumi atɔ akyɛdeɛ ama obiara. Mmom mesii gyinaeɛ sɛ, sɛ ɔdwene sɛ Gyedika Nsɛm hia sɛ mɛsua agu me tirim a, ɛnneɛ mɛsi akan no.

Mewiee dumiɛnsa no nyinaa no, berɛ twaam ma me werɛ firiiɛ ne bɔhyɛ no.

Afei, Buronya da no, me nsa kaa akyɛdeɛ bi a na me din wɔ soɔ. Mebuee mu na mehunuu twerɛ kronkron a ɛyɛ me dea, na krataa bi ka ho a ɛrehyɛ me nkuran sɛ mentaa nkenkan. Na ɛyɛ afe 1972 mu. na bɛsi ɛnnɛ me da so wɔ saa twerɛ kronkron no. Ɛsom bo ma me.

Ɛnnyɛ akyeɛdeɛ no boɔ na mmom ne papayɛ ne afɔrebɔ a ɔdaa no adi kyerɛɛ me no maa menyaa ɔpɛ kɛseɛ sɛ mɛsua Onyankopɔn asɛm no. Mebɔ mmɔden sɛ mede Owura Deets nhwɛsoɔ no yɛ mfatoho sɛ me nso mɛkyɛ adeɛ ama wɔn a wɔbɛn me, rehwɛ sɛ me nso mɛtumi ahyira ɛbinom abrabɔ sɛnea ɔhyiraa me no.

Wɔto Nsa Frɛ Sɛ Yɛ Bi

Richard M. Romney, Utah, USA

Berɛ a wɔn a wɔhyehyɛ yɛn ward mmofra Buronya afahyɛ somaa me sɛ menkɔsra yɛn nua baako bi a na ɔntaa mma asɔre, na mento nsa mfrɛ no na ɔmmra afahyɛ no bi. Mɛka nokorɛ sɛ na me yam hyehye me. Na me ne Darren ahyia prɛko pɛ, wɔ berɛ bi a ɔde ne ho hyɛɛ ward dwumadie bi mu. Na ɔde motofoɔ duku bi abɔ ne moma so. Na wakyekyere ne tiri nwi fitaa tenten no wɔ n’atikɔ, ɛna ɔwɔ abɔdwesɛ fitaa a ɛkata n’anim, na wasan ayɛ ntwerɛeɛ (tatoo) wɔ ne nsa ho.

Afei, na me ne badwakuo nipa baako a ɔkɔgyaa me gyina Darren pono ano, a na meredwene deɛ ɔbɛka ho. Ɔmaa yɛwuraa mu, ɛna yɛkaa deɛ enti a yɛwɔ hɔ kyerɛɛ no. Ɔkaa sɛ, “O, m’ani bɛgye sɛ mɛyɛ saa!”

Ɔyɛɛ anwanwa dwuma, boa maa dwumadie no ho baa mfasoɔ maa bebree. Berɛ tiawa bi akyiri no, wɔkaa sɛ me ne m’asɛmpaka hokani ntaa nkɔsra Darren. N’ani gye yie bere biara a ɔbɛhunu yɛn no, na yɛne no abɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anika. Ɛyɛ me anigye pii sɛ nkanyan a ɛbaa sɛ yɛnto nsa mfrɛ no ma ɔmmɛka ward dwumadie ho no de ayɔnkofa a ɛsombo aba.

Wɔresom Afoforɔ wɔ Buronya berɛ mu

Nneɛma bi wɔ hɔ a wobɛtumi ayɛ ama wɔn a woka nsɛmpa kyerɛ wɔn no bɛhunu sɛ wodwene wɔn ho yie, ne titire ne Buronya berɛ yi mu.

  1. Ɛtɔ da a tɛlɛfon so nkɔmmɔ anaasɛ wobɛgya wɔn nkra tumi yɛ anwanwadeɛ. Wode nkɔmmɛtwetwee rehyɛ aseɛ te sɛ “Agoo, wo ho te sɛn?” bɛtumi de nsakyeraeɛ aba.

  2. Ka wɔn ho wɔ wɔn anigyeberɛ mu berɛ a ɛsɛ fata. Buronya bɛtumi ayɛ berɛ pa a yɛbɛtumi de asua adeɛ afa gyidie a yɛn nyinaa wɔ ho. Sɛ wokyɛ gyidie ho nsɛm na wotie afoforɔ a, wobue kwan ma nteaseɛ kɛseɛ.

  3. Bɔ wɔn din mpaebɔ mu. Bisa Ɔsoro Agya na ɔnkyerɛ wo kwan a wobɛfa so atwe wɔn abɛn Ne Ba no.

  4. Nkaeɛ wɔ akyɛdeɛ nketenkete mu. Ɛnhia sɛ akyɛdeɛ yɛ kyɛnkyerɛnkyɛnn ansa na ayɛ anisɔ. Berɛ akyɛdeɛ, asotie akyɛdeɛ, worekyɛ mfoni anaa nkaeɛ adeɛ bi—yei nyinaa bɛtumi ayɛ akyɛdeɛ a ɛfiri akoma mu.

  5. Ma adanseɛ akyɛdeɛ. Ma wɔ ne wo nkyɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma Agyenkwa no, na wo nso ne wɔn nkyɛ ɔdɔ a wo wɔ ma No.

  6. To nsa frɛ afoforɔ ma wɔmmra Buronya berɛ som mu. Ɛbinom pɛ sɛ wɔsom nanso wɔnnim baabi a wɔbɛkɔ. Frɛ wɔn na wɔn ne wo mmɛsom.

  7. Fa asomdwoeɛ hyɛ wɔn fie ma. Ma wɔn nhunu sɛ asɛmpakafoɔ wɔ Buronya nkratoɔ titire bi a wɔbɛtumi akyɛ, nea ɛde anidasoɔ ne ɔdɔ bɛba wɔn akoma mu.

Wɔresom Obiara te sɛ Asafo

Nhyiamu biara wɔ ahiadeɛ soronko. Ɛbinom nya mfasoɔ firi dwumadie kɛseɛ a wɔhyehyɛ mu. Ɛbinom nso bɛtumi anya mfasoɔ afiri adeɛ ketewa a ɛnyɛ kyɛnkyerɛnkyɛnn mu. Wɔn a wɔhyehyɛ afahyɛ dwumadie no fa mpaebɔ kwan so hwɛ sɛdeɛ wɔbɛnya nneɛma a ɛho hia.

  • Asɔremma a wɔfiri pɛɛwa mmiɛnsa mu wɔ Paris, France boaa afahyɛ bi a wɔato ne din sɛ “Light The World Soirée” a na ɛyɛ afadeɛ yikyerɛ ne adom akyɛdeɛ yikyerɛ. Wɔhyehyɛɛ nneɛma de kyekyɛɛ atukɔtenafoɔ ne wɔn a wɔnni baabi da.

  • Mantam bi nso a wɔfrɛ no “Charlotte North Carolina Central Stake” yɛɛ afahyɛ bi a wɔtoo din “Christmas Around The World” wɔ wɔn mpɔtamu, na wɔn botaeɛ ne sɛ wɔde nnuane, nnwom, tete amanɔne Buronya agorɔ, ɔsom dwumadie ahodoɔ ne sɛdeɛ mmɔfra kyerɛ Kristo awoɔ de di Buronya.

  • Asɔremma a wɔwɔ “Vero Beach Florida Stake” nso dii afahyɛ no bi wɔ wɔn mpɔtam de kaee botaeɛ nti a yɛdi Buronya. Wɔkyekyɛɛ nneɛma a mmɔfra de di agorɔ maa onnibiefoɔ a wɔwɔ mpɔtam hɔ. Mmɔfra dwontokuo bi bɛtoo nnwom, na nsɔre bebree de kasakyerɛ mfidie nyinaa baeɛ.

  • Jacksonville Florida South Stake nso bɛyii sini a wɔato din Saviour of the World maa mantam hɔ foɔ.