2020
Ɔsom a ɛnam Nkwadaa ne Mmabunu Dwumadie so
Ahinime 2020


“Ɔsom a ɛnam Nkwadaa ne Mmabunu Dwumadie so,” Laehona, Ahinime 2020

Ɔsom Nnyinasosɛm

Mfoni no Tom Garner, Isaac Darko-Acheampong, Alexander K. Boateng, ne Jonas Rebicki na wɔde maeɛ

Ɔsom Nnyinasosɛm, Ahinime 2020

Ɔsom a ɛnam Nkwadaa ne Mmabunu Dwumadie so

Yɛreto nsa afrɛ afoforɔ ama wɔn anyini na yɛaboa wɔn wɔ akwantuo no mu yɛ ɔsom no ahiasɛm.

Akwanya abu so de ma Ɔsom a ɛnam Nkwadaa ne Mmabunu dwumadie so. Ebia wo ankasa wɔ nkwadaa ne mmabunu wɔ fie. Ebia woyɛ sodifoɔ wɔ dwumadie no mu anaa wosom mmusua bi a wɔwɔ nkwadaa ne mmabunu. Anaa ebia wonim nkwadaa ne mmabunu bi ( ɛbɛtumi afa yɛn nyinaa ho). Sɛdeɛ ɛteɛ biara no, akwan bebree wɔ hɔ a wɔde dwumadie no anaa nnyinasosɛm no hyira afoforɔ abrabɔ.

Yɛretu mpɔn Abɔm

Botaeɛ a ɛda nkwadaa ne mmabunu akoma so ne sɛ dabiara wɔbɛyɛ te sɛ Agyenkwa no kɛse, ɔno a ɔsomm kann no. Dodoɔ no a wɔdii dwuma no bi ahunu sɛ mprɛ dodoɔ a worekɔ nkan wɔ beaeɛ pii wɔ w’abrabɔ mu no, ɛna wonyini yie boa anaa som afoforɔ.

Nanso wɔ Nkwadaa ne Mmabunu dwumadie mu no, afoforɔ nhyira nhia sɛ wotwɛn sua biribi ansa. Adesua ankasa ma akwanya de som.

Na ɔbabunu a wɔfrɛ no Odiyifoɔ a ɔte Ghana, botaeɛ a ɔde sii n’ani so wɔ Nkwadaa ne Mmabunu dwumadie mu sɛ ɔbɛbɔ adakabɛn no yɛ ahyɛaseɛ koraa. “Ɛyɛ me botaeɛ nso sɛ mɛboa afoforɔ ama wɔahunu deɛ meresua,” Odiyifoɔ na ɔseɛ.

Ɛwɔm sɛ ɔnya nnyɛɛ ɔkyerɛkyerɛni deɛ, ne botaeɛ no anyini ayɛ ade kɛseɛ sene deɛ ɔsusuiiɛ mpo. Seesei asuafoɔ 50 na wɔn ne Odiyifoɔ regye nteteɛ wɔ adakabɛn bɔ mu wɔ hyiadan mu. Na hwan na ɔrekyerɛ Odiyifoɔ ne afoforɔ 50 no adeɛ? Alexander M. ne Kelvin M., wɔn mmienu adi mfeɛ 13. “Yɛpɛ sɛ yɛda ayɛmyɛ nneyɛɛ adi kyerɛ nkorɔfoɔ foforɔ,” Kelvin na ɔseɛ.

Nnansa wɔ dapɛn koro mu mmabunu mmienu yi kyerɛ wɔn a wɔba bɛsua adakabɛn bɔ no adeɛ kwa a wɔnye akatua. Mfasoɔ bi abɛka adakabɛn bɔ adesua no ho. Asuafoɔ bebree a wɔde wɔn kyerɛɛ Asɔre no nam adakabɛn adesua no so asuaa nsɛmpa no na wɔdwenee ho sɛ wɔbɛbɔ asu.

Berɛ a yɛrebɔ mmɔden de aboa yɛn ho no, yɛtumi som afoforɔ berɛ a yɛto nsa frɛ wɔn ma wɔbɛka yɛn ho.

Nkonimdie Akwankyerɛ ma Ɔsom

Sɛ pɛɛwa Mfitiaseɛ titenani, Sabrina Simões Deus Augusto a ɔfiri Curitiba, Brazil, ahunu sɛdeɛ ankasa nkɔsoɔ fa a ɛwɔ dwumadie no mu hyira nkwadaa ne mmabunu wɔ ne pɛɛwa so hɔ. Na wasan ahunu akwan bebree a ɔde deɛ wasua afa ankasa nkɔsoɔ mu wɔ ne dwumadie mu sɛ onuabaa somfo.

“Sɛ metu adomakyɛdeɛ bi mpɔn a, ”Onuabaa Augusto na ɔseɛ, “Mɛtumi de saa adomakyɛdeɛ no ahyira obi a mesom no.”

Onuabaa Augusto kyerɛɛ onuabaa baako a wɔde no hyɛɛ ne nsa sɛdeɛ wɔyɛ twokoleti anonneɛ. Saa onuabaa yi yɛ anonneɛ no tɔn de boa n’abusua sikasɛm. “Abosome kakra akyi, onuabaa bi hyiraa me kyerɛɛ me sɛdeɛ yɛyɛ ɛwoɔ paanoo a mɛtumi atɔn,” Onuabaa Augusto na ɔseɛ. “Yɛretu mpɔn na yeakyɛ y’adomakyɛdeɛ no tumi hyira yɛn ho yɛn ho abrabɔ na ɛhyɛ yɛayɔnkofa mu kena sɛ anuamaa asomfo.”