“Ɔsom a ɛnam Bra, Di M’akyi so,” Laehona, Ɛbɔ 2020
Ɔsom Nnyinasosɛm, Ɛbɔ 2020
Ɔsom a ɛnam Bra, Di M’akyiso
Sɛn na Bra, Di M’akyi bɛtumi aboa ama afoforɔ abrabɔ ada nso?
Sɛ wo ne w’abusua na ɛwɔ Kwasiada Sukuu dan mu, sɛ ɔkyerɛkyerɛni anaasɛ osuani, anaasɛ sukuu mu, adwuma mu, anaasɛ baabi foforɔ, twerɛsɛm sua a ɛnam Bra, Di M’akyi so ma akwanya pa ma wo som afoforɔ. Adekyerɛ, anyɛ bi koraa no, “ɛsene sɛ woredi mpɛnsɛmpɛnsɛmu anim Kwasiada; ɛde ɔdɔ na ɛsom na ɛde asɛmpa no hyira afoforɔ.”1
Adesuafoɔ no Ayɔnkofa
Berɛ a wɔfrɛɛ Ofelia Trejo de Cardenas sɛ ɔnkyerɛ mmabunu adeɛ wɔ ne Mexico City ward no, ɔnyaa atenka sɛ ɔne ne Kwasiada Sukuu Adesusfoɔ bɛfa yɔnkoɔ a emu yɛ den a ɛbɛboa wɔ ahoɔden a ɔde bɛkyerɛ adeɛ na wahyɛ wɔn den.
“Sɛ me ne m’adesuafoɔ no nni ayɔnkofa a emu yɛ den na sɛ wɔnte me dɔ nka a wɔnye me nni berɛ a merekyerɛ adeɛ anaasɛ meredi m’adanseɛ” ɔsee. “Wɔbɛfa no sɛ me yɛ Kwasiada Sukuu kyerɛkyerɛni kɛkɛ.”
Nanso sɛn na Onuabaa Cardenas bɛtumi ama saa ayɔnkofa yi anyini sɛ nnawɔtwe mmienu biara ɔkyerɛ adeɛ baako pɛ a? Ɔnyaa mmuaeɛ no firi abɛɛfo nimdeɛ mu. Ɔnam mobal foon WhatsApp no so, ɔne n’asuafoɔ no hyɛɛ aseɛ dii nkutaho dabiara wɔ atwerɛ ne ɛnne nkratoɔ mu. Afei, dabiara ansa na Kwasiada Sukuu a ɛdi hɔ no mmera no, adesuani bi a watu ne ho asi hɔ no de twerɛsɛm mu nkyekyɛmu bi a ɛfiri adesua a ɛdi hɔ no mu a ɔno ankasa deɛ ɔdwene fa ho no ka ho kɔ ma osuani biara. Wɔakenkan twerɛsɛm nkyekyɛmu ne adwenkyerɛ a ɛka ho no awie no, asuafoɔ no nso kyerɛ wɔn adwene wɔ wɔn mmuaeɛ mu.
“Sɛ wɔkan twerɛsɛm no wie a, wɔde animteɛ mfoni brɛ me enti mehunu sɛ wɔakenkan anaasɛ wɔasua twerɛsɛm no na wɔadwene ho,” Onuabaa Cárdenas na ɔseɛ. Kwasiada Sukuu a ɛdi hɔ no adesua berɛ nso no, na asufoɔ no aboa wɔn ho a wɔrebɛyɛ adwuma.
Saa daadaa nkutahodie yi ahyira ɔbabunu bi a n’awofoɔ atɔ baha wɔ Asɔre no mu a ɛnkyɛreeɛ.
“Me dɔ sɛ mɛhunu no sɛ waba asɔre ɛfiri sɛ menim sɛ ansa na ɔbɛduru ɛha no, na wafa ahokyerɛ pii mu,” Onuabaa Cárdenas na ɔseɛ. “Megyidi sɛ twerɛsɛm no ne adwenkyerɛ a ne mfɛfoɔ de kɔ abontene ne twerɛsɛm ne adwenkyerɛ a ɔno nso de kɔ abɔntene berɛ a aduru ne so no ahyɛ no den yie.”
Onuabaa Cardenas se ɛsom a ɛnam twerɛsɛm so no ɛnso hɔ ara wɔ ne Kwasiada adesua ne ne daadaa twerɛsɛn adesua nkutahodie ho.
“M’ahoboa ne mpaeɛ a mebɔ ma m’asuafoɔ no ka ho,” ɔsee. “Ɛnyɛ Kwasiada nko ara na medwene wɔn ho mmom nawɔtwe no mu da biara nso. Wɔn mu biara wɔ ahiadeɛ pɔtee a ɛda nso. Obiara yɛ Onyankopɔn ba. Medwene wɔn ho berɛ a mereyɛ m’adekyerɛ ho ahoboa .”
Na sɛ ɔkyerɛ adea a, ɔtie n’asuafoɔ ne Honhom Kronkron no mmienu.
“Ɔkyerɛkyerɛni no ne Honhom no,” a ɔtaa tie wɔ n’asuafoɔ no nne mu. “Ɛwɔ sɛ meyɛ aso tie ɛfiri sɛ deɛ wɔka no yɛ adiyisɛm a Honhom no de ma wɔn.”
Yɛn Adesua te “Sɛ Efie Anwummerɛ adesua”
Carla Gutierrez Ortega Cordoba te nka sɛ ɔyɛ nhyira sɛ ɔka Onuabaa Cardenas Kwasiada Sukuu adesua no ho ɛfiri ne nteteɛpa ne ɔsom tebea a ɛwɔ hɔ no nti. Carla de tebea no ma nneɛma pii, deɛ ɛka ho:
-
Ahoboa: Twerɛsɛm a wɔkyɛ ne ho adwenkyerɛ boa asuafoɔ ma wɔyɛ ahoboa ma adesua a ɛdi hɔ no. “Daadaa twerɛsɛm boa ma yɛnyini na ɛtrɛ yɛn nimdeɛ mu,” ɔkyerɛ mu.
-
Dwumadie: “Yɛn nyinaa kasa. Yei ma mehunu m’adesuafoɔ no yie, sɛ ayɔnkofoɔ ne anuanom mmarima ne maa.”
-
Ɔdɔ: “Onuabaa Cárdenas sɔ wo nsa. Yɛn adesua bea te sɛ efie anwummerɛ, a anuanom mmarima ne mmaa pii wɔ hɔ. Ɛyɛ soronko.”
-
Honhom Kronkron no: “Yɛwɔ anigyeɛ ne koroyɛ honhom wɔ y’adesua mu ɛfiri sɛ yɛ ne Honhom no wɔ faako.”
-
Adanseɛ: “Bra, Di M’akyi aboa me wɔ krado a mɛyɛ sɛ mɛkyɛ m’adanseɛ. Mewɔ nimdeɛ a ɛmu dɔ wɔ Mormon Nwoma no ne Bible no mu. Ɛno na ɛma me kyɛ deɛ meresua no wɔ m’asuafoɔ no ne nkorɔfoɔ a wɔwɔ adwuma mu.”
Ɔsom ma Honhom mu Ahiadeɛ
Berɛ a Greg ne Nicky Christensen, a wɔfiri Kentucky, USA, ne wɔn mma mmarima mmiɛnsa, kenkanee Abraham apam ho nsɛm wɔ twerɛnsɛm mu no, ɛyɛɛ den sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ mu akyerɛ wɔn. Wɔfaa adwene sɛ abusua sɛ wɔn mu biara bɛsua Abraham apam no ho nsɛm na wɔakyɛ deɛ wɔahunu.
“Yɛnyaa nkasaho a ɛyɛ anigyeɛ,” Greg na ɔseɛ. “Yɛn ba a wadi mfeɛ 8 suaa sɛ na wɔfrɛ Abraham sɛ Abram. Ne din sesa yɛɛ Abraham ɛfiri sɛ ɔhyɛɛ Awurade bɔ sɛ ɔbɛsakyera afiri bɔne ho na wabɔ abrabɔ tenenee. Ɛyɛɛ me nwanwa sɛ ɔde yei baeɛ.”
Wɔn nyinaa suaa biribi foforɔ na wɔdii nkɔmmɔ papa faa deɛ Abraham apam no kyerɛ ne deɛ ɛkyerɛ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ ɛnnɛ yi.
“Na yɛtaa twa yɛn ho hyia wɔ dan mu kenkan twerɛsɛm nkyekyɛmu mmaako mmaako wɔ yɛn abusua twerɛsɛm sua mu,” Nicky na ɔseɛ. “Bra, Di M’akyi hia kɛse sɛ yɛde Honhom no na ɛkyerɛ adeɛ. Sɛ yɛsua adeɛ bɔm a, mete Honhom no nka sɛ ɔpia me ma yɛyɛ mpɛnsɛmpɛnsɛmu wɔ kwan foforɔ so wɔ y’abusua ahiadeɛ ho.”
Bra, Di M’akyi mmoaa wɔn abusua no maa wɔmfaa wɔn ho nhyɛɛ mu ma ɛnyɛɛ anika wɔ wɔn abusua asɛmpa sua mu nko ara, mmom aboa Greg ne Nicky asom wɔn mma wɔ honhom ahiadeɛ mu.
“Bra, Di M’akyi aboa me wɔ me mma adekyerɛ mu,” Nicky na ɔseɛ. “Ɛsane nso boa me ma me siesie ɔhaw a ɛtɔ da a mewɔ wɔ me mma ho. Mete Honhom no nka kɛse, metie no yie, na manya ne kasakyerɛ wɔ sɛdeɛ mɛtumi aboa akwadaa biara.”
Greg anigye asɛmpa no mpɛnsɛmpɛnsɛm mu tenten a Bra, Di M’akyi boa de ba wɔ abusua no mu. “Yɛn mma mmarima no nyinaa da nso wɔ baabi a wɔwɔ biara wɔ wɔn asɛmpa nimdeɛ mu,” ɔsee. “CBra, Di M’akyi akyerɛ ɔkwan a yɛde boa wɔn mu biara sua deɛ ɛfa wɔn ahiadeɛ ho. Yɛhwɛ sɛ wɔrenyini wɔ wɔn dɔ a wɔwɔ ma asɛmpa no na yɛhwɛ sɛ wɔhwehwɛ sɛdeɛ wɔbɛtumi de asɛmpa no nimdeɛ abɔ wɔn bra no ayɛ nhyira nwanwasoɔ.”
© 2020 by Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintim no wɔ USA Borɔfo Kasa ho kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/19. Nkyeraseɛ a ɛfa Ɔsom Nnyinasosɛm, Ɛbɔ 2020. Twi. 16724 000