2020
Ɔsom a ɛnam Ankasa-Ahotosoɔ so
Ɔsanaa 2020


“Ɔsom a ɛnam Ankasa-Ahotosoɔ so,” Laehona, Ɔsanaa 2020

Ɛsom

Ɔsom Nyinasosɛm, Ɔsanaa 2020

Ɔsom a ɛnam Ankasa-Ahotɔsoɔ so

Yɛreboa afoforɔ ama wɔn ankasa-ahotosoɔ aba mu no yɛ ɔma ne ɔsom wɔ Awurade no kwan so.

Yɛn abusuafoɔ dodoɔ noa ara na, ayɔnkofoɔ ne afipamfoɔ ani gye ankasa-ahotosoɔ yɛ mu. Yɛde Asɔre no ankasa-ahotosoɔ ahyɛaseɛ no yɛ adwuma a, Asɔremma no nya kwan som, hwɛ, na wɔsom berɛ a wɔde nkyerɛkyerɛ a ɛde “anidasoɔ kɛseɛ, asomdwoeɛ, ne nkɔsoɔ hyira afoforɔ ba.”1

“Na Mewɔ Fie”

Twerɛfoɔ Chrissy Kepler, Arizona, USA

Na merepre wɔ sikasɛm mu awaregyaeɛ akyi, a merebɔ mmɔden apɛ kwan wɔ adwuma mu berɛ a matena fie sɛ ɛna mfeɛ nnwɔtwe. Afei nso na merepre wɔ honhom mu, repɛ nokorɛ ne gyidie, mpo na mentuu me nan nsii asɔredan mu firi nkwadaa berɛ mu.

Kwasiada bi na meresi nneɛma wɔ me nuabaa panin, Priscilla, a ɔyɛ Asɔreba a ɔgyina ne nan so hɔ wɔ fie. Berɛ a me wɔ hɔ no, Priscilla too nsa frɛɛ me sɛ me ne n’abusua no nkɔ asɔre—me frɛ a ɛdikan wɔ mfeɛ boro 15mu.

Ɛdi kan no na metwetwe me nan ase, nanso anadwo a adeɛ rebɛkye no, na masrɛ Onyankopɔn sɛ ɔnkyerɛ me sɛdeɛ mɛfa so atwe abɛn No. Akyire yi a me ne metiboa adie no, mewiee sɛ, “Adɛn nti na me ankasa memmfa m’akoma ne m’ani nkɔtie na mennhwɛ sɛ ɔpanin?”

Berɛ a yɛwɔ Awurade adidi nhyiamu ase no, mehunuu dawubɔ krataa bi wɔ Kwasiada amaneɛbɔ nwoma mu a ɛrebɔ nkaeɛ ɛfa ankasa-ahotosoɔ adesua ho wɔ mankasa sikasɛm ho. Na mennyɛɛ m’adwene sɛ mɛsane akɔ asɔre bio, nanso metee nka sɛ nnawɔtwe dumienu adesua yi atwe me yie. Nkoranhyɛ a ɛfiri me nuabaa ne okunu hɔ no, maa metieeɛ, a na merehwɛ sɛ mɛsua sɛdeɛ wɔhyehyɛ sikasɛm na wɔtua ka nko ara ho adeɛ. Mmom, adesua no, sesaa me honhom mu.

Ɛyɛɛ me nwanwa fa honhom mu kaseɛbɔ wɔ nnawɔtwe mmienu a ɛdi kan no mu, nanso adesua a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, me ho dwirii me fa atenka a ɛrehyɛ me den sɛ me wɔ fie na meretie nokorɛ foforɔ nso a ɛyɛ deɛ menim. Mefirii adesua no ase na mekɔ hunuu Priscilla. Mede nnisuo, bisaa no sɛ, “Mɛyɛ dɛn na manya saa atenka yi kɛse wɔ m’abrabɔ mu?” Ɔhyehyɛ maa nsɛmpatrɛfoɔ no hyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ me.

Me ankasa- ahotosoɔ adesuafoɔ no bi baa me nsɛmpatrɛ adesua no ase bɛtaa m’akyi. Wɔyɛɛ nsunsuansoɔ kɛse wɔ me honhomyɛ mu na wɔboaa me maa menyinii wɔ asɛmpa no ne ɛnnɛ-mmerɛ adiyifoɔ adanseɛ mu.

Wɔ mmerɛ a mede wiee m’adesua no, meyɛɛ honam ne honhom mu nsakyeraeɛ bebree. Mehyɛɛ adwuma ase wɔ ekuo papa bi mu, na mehyɛɛ aseɛ tuatuaa aka pii.

Nanso, nhyira a emu dɔ, na ɛyɛ dɛ firi adesua no mu baeɛ no yɛ ayɔnkofa fɛɛfɛ yɛ, ayɔnkofa papa mu nyini a ɔhwɛfoɔ nkoranhyɛ ka ho, ntotosoɔ du du ho adansedie, tɛmpol akwanyakrataa a menyaeɛ, akyɛdeɛ kronkron gyeɛ, na mehwɛ sɛ me mma mpanimfoɔ mmienu bɔ asu no ka ho.

Me kwan a ɛdekɔ ankasa-ahotosoɔ mu no gu so rebuebue, mmom wɔ m’akwantuo a aka no mu, m’ani bɛsɔ adesua a masua no ne ayɔnkofa a mafa no ho.

“Mede Ɔdɔ na Ɛfirii Gyinapɛn Biara mu”

Berɛ a ɔne ne babarima, Vincent,kɔsraa Temple Square wɔ Salt Lake City, Utah, wɔ Ɔpɛnimaa 2016 mu no, Katie Funk hunuu ne ho sɛ “ahotɔ mu ɔnnye nni.” Ɔgyaee Asɔre no berɛ a na wadi mfeɛ 16, ɛna ɔbɛyɛɛ baatan korɔ wɔ mfeɛ 17 mu, hyɛɛ aseɛ yɛɛ tattoos, nyinii wɔ kɔfe akɔnnɔ mu. Na wɔ saa Temple Square nsrahwɛ no mu, Vincent tee Honhom Kronkron no nka na ɔbisaa ne maame sɛ ɔbɛtumi agye asɛmpatrɛ nkyerɛkyerɛ no.

Ɛmfa ho ne ne nnwuma mmienu, a ɔyɛ no nnɔnhwere 80 wɔ nnawɔtwe mu no, Katie ne Vincent suaa assɛmpa no, hwehwɛɛ mmuaeɛ ma nsɛmmisa a ɛba ɔne asɛmpatrɛfoɔ no nsra ntam. Wɔ ahuhuberɛ afe 2017 mu, ɔhyɛɛ aseɛ kɔɔ Asɔre nhyiamu, na ɔsuaa fa Asɔre no ankasa-ahotosoɔ adesua ho.

“Mehunuu sɛ ɛyɛ adeɛ a ɛbɛtumi aboa me,” ɔno na ɔseɛ. “Ebia merenhia nnwuma mmienu anaa mede me ho bɛto m’awofoɔ so me nkwa nna nyinaa.”

Katie frɛɛ n’adesua no “honam ne honhom mu denhyɛ soronko,”ɛnyɛ adeɛ a ɔsuaaeɛ no nko ara mmom sɛdeɛ n’ankasa-ahotosoɔ kuo mma gyee no fɛ so na wɔsomm no no.

Atwerɛ

  1. “Nkratoɔ a ɛfiri Atitenafoɔ a Wɔdi Kan hɔ,” wɔ Woankasa Sikasɛm ma Ankasa-Ahotosoɔ (2016), i.