“Ɛsom a ɛnam Asɔre Dwumadie so.,” Laehona, Kitawonsa 2020
Mfoni a mmeranteɛ rehyehyɛ ntomadan Bud Corkin na wayɛ; mfoni a abaayewa resiesie ɛpono Sherie Price McFarland na wayɛ; akyire firi Getty mfoni hɔ
Ɔsom Nkyerɛkyerɛ, Kitawonsa 2020
Ɔsom a ɛnam Asɔre Dwumadie so
Ɔsamufoɔ twerɛ: Saa adeɛ yi wɔyɛɛe ansa na COVID-19 nsanyadeɛ no reba. Adwenkyerɛ yi bi ntumi nyɛ adwuma wɔ nkutahodie ntamteteɛ berɛ mu nanso ɛbɛyɛ adwuma wɔ berɛ a Asɔre nhyiamu ne dwumadie ahyɛ aseɛ bio. Sɛ ɛho bɛhia a, mesrɛ mommfa saa adwekyerɛ yi ntoto Asɔre ne aban akwankyerɛ ho.
Ɔkwan baako a yɛbɛtumi afa so asom yɛmfɛfoɔ ward mma, afipamfoɔ, ne ayɔnkofoɔ ɛne sɛ yɛnam Asɔre dwumadie so. Sɛ wobɛhyehyɛ dwumadie bi afa obi a wosom no asɛmhia anaa anigyeɛ ho anaa wato nsa afrɛ no sɛ ɔmmɛka dwumadie bi ho anaa de ma afoforɔ, wɔ ward, pɛɛwa, anaa mpo pɛɛwa ahodoɔ dwumadie anaa som akwanya a ɛtumi de akwan a nteaseɛ ne anigyeɛ wɔm ba ma ɛkanyan koroyɛ na ɛde ahoɔden brɛ asɔremma.
Asɔre dwumadie nso tumi bue pono ma akwanyan bebree a wɔde som. Nhwɛsoɔ, Asɔre dwumadie tumi de akwanya ba ma wɔsom wɔ ɛsom dwumadie mu ma ɛhyira afoforɔ na ɛhyehyɛ ayɔnkofa papa wɔ kuro mu. Asɔre dwumadie tumi nso yɛ akwanya ma yɛtrɛ yɛn nsa mu ma asɔremma a wɔayɛ mmrɛ ne ayɔnkofoɔ a wɔwɔ gyedie afoforɔ mu anaa ayɔnkofoɔ a wɔnka gyedie kuo biara ho.
Yɛde nnipa bebree ka Asɔre dwumadie ho a ɛbue kwan ma Awurade no hyira na ɔhyɛ yɛn wards ne nkorabata, afipamfoɔ, ne yɛn nkuro den.
Yɛrehyehyɛ Ayɔnkofa Papa
Na awɔ berɛ reba, nanso na David Dickson nni adwen biara a ɔbɛfa so aka n’abusua hye.
David, ne yere, ne ne mma mmaa mmienu atu aba kuropɔn mu wɔ Fredonia, Arizona, USA, a anweatam kɛseɛ a mmepɔ kɔkɔɔ akɛseɛ, nsensanmono, ne ahabanmono atwa ho ahyia.
Efie no a Dicksonfoɔ no haneeɛ no, bukyia a wɔde anyina na ɛsɔ mu gya nko ara ne adeɛ a ɛbɛtumi aka wɔn hyeɛ. David hunuu ntɛm pa ara sɛ anyina anoboaboa yɛ adeɛ a ɛho hia ɛfiri sɛ awɔberɛ wɔ Fredonia hɔ no sukyerɛma ne asukɔkyea dɔɔso yie.
“Na menni anyina biara anaa afidie a wɔdetwitwa bie anaa mpo nimdeɛ a wɔde bi di dwuma!” David se. “Na mennim deɛ menyɛ.”
Ward asɔremma no bi bisaa David sɛ n’abusua no wɔ anyina dodo a ɛbɛso wɔn wɔ awɔ berɛ no mu. “Mammmfa wɔn akɔ amma wɔahunu sɛ menni dodo,” David na ɔseɛ. “Mpanimfoɔ kuo no de wɔn ho kyɛɛ ntɛm so sɛ wɔbɛboa ama yɛaboa anyina no bi ano. Ahodwiri ne anisɔ mu, megyee wɔn adekyɛ no too mu.”
Ɛhɔ ara David hunuu sɛ saa anyina-mmoanoo yi yɛ deɛ wɔadwene ho yie, ahyehyɛ no yie, na nnipa dodoɔ aba saa ward dwumadie no. Memeneda anɔpa bi, mpanimfoɔ kuo no, ne ward no asɔremma bi de wɔn ani kyerɛɛ mmepɔ no so wɔ teaseɛnam ne ahyɛn mu.
“Wɔ awia berɛ koro mu, aseda nka wɔn adwinneɛ ne nimdeɛ, ward asɔremma no maa m’abusua no anyina kuo a ɛsoo yɛn awɔberɛ mprenu,” David na ɔseɛ. “Titire pa ara no, mesuaa biribiara a ɛfa anyina anoboaboa ho maa me ho ankasa. Berɛ a mefirii Fredonia no, na menim sedeɛ wɔsɔ afidie a wɔde twa dua mu, na meboaa wɔ ward no anyina-anoboaboa dwumadie mu sene deɛ mɛtumi akan.”
Ɛnyɛ sɛ saa dwumadie yi hyehyɛ nkutahodie papa wɔ asɔremma no mu nko ara mmom ɛhyehyɛ nkotahodie papa wɔ obiara a ɔwɔ kuro no mu.
“Mekae ɔbaa baako a ɔnyɛ Asɔre no ba, na ɔyɛ hɔhoɔ wɔ beaɛ hɔ,” David na ɔseɛ. Deɛ na ɔyɛ ara ne sɛ ɔbubu ne dan mu nnua no bi de sɔ egya ka ne ho hye. Berɛ a yɛhunuu n’amanehunu yi no, yɛhwɛɛ sɛ ɔbɛnya anyina dodoɔ a ɔde bɛko awɔberɛ no nyinaa. Ɛyɛɛ no anisɔ a na ɔntumi nkasa mpo.”
Ɔsom mmɔdemmɔ a na ɛkɔ so wɔ Fredonia hwɛɛ sɛ obiara bɛtena hɔ asomdwoeɛ mu ne ɔhyeɛ mu wɔ awɔberɛ mu nyinaa.
Trɛ wahyeɛm Ma Afoforɔ
Berɛ a na meresom sɛ asɛmpatrɛni wɔ Romania no, na Meg Yost ne ne hokani taa kɔsra abusua bi a na wɔbaa asɔre akyɛre. “Na Stanicas abusua yi ka Asɔremma adadafoɔ a wɔwɔ Romania no ho, Meg na ɔseɛ “na yɛdɔ wɔn.”
Ɛberɛ soo sɛ yɛdwene na yɛhyehyɛ nkorabata dwumadie ho no, akandifoɔ susuu sɛ nkorabata no bɛyɛ “Akandifoɔ Anwummerɛ.” Yei bɛyɛ anwummerɛ a yɛde bɛkamfo akandifoɔ akokoɔdurufoɔ a wɔfirii United States baa Salt Lake Valley. Ɛbɛyɛ akwanya nso de ahyɛ Asɔremma akandifoɔ a wɔwɔ Romania no anomuonyam.
“Yɛsusuu sɛ ɛbɛyɛ akwanya kɛseɛ ama asɔremma no bi adi wɔn adanseɛ, ɛfa sɛdeɛ wɔbɛyɛɛ asɔremma ne sɛdeɛ Asɔre no anyini wɔ Romania hɔ,” Meg na ɔseɛ. “Ntɛm pa ara yɛsusuu sɛ ɛwɔ sɛ Stanica abusua no ka ho bie. Yɛtoo nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛka ho, na wɔn ani gyeeɛ!”
Ɛduruu anwummerɛ no a yɛrebɛhyɛ dwumadie no ase no, na Stanica abusua no mmɛduruui.
“Na ɛha yɛn sɛ wɔmmaeɛ,” Meg kaeɛ. “Nanso anni kyɛre biara, wɔpuee ɛpono no ano. Stanica abusua no dii asɛmpa no ne Asɔre no ho adanseɛ fɛɛfɛ bi. Afei nso wɔ ne afoforɔ a wɔhunuu wɔn akyɛre no dii nkutaho.”
Nkorabata no mu asɔremma no buee wɔn nsam maa Stanica abusua no akwaaba. Kwasiada a na ɛtoa soɔ no, Meg de anigyeɛ nwanwasoɔ hyiaa Onuabaa Stanica wɔ asɔre.
“Berɛ a mesane kɔsraa nkorabata no abosome kakra akyi no ɔkɔ so ara ba!” Meg na ɔseɛ. “Megyedi sɛ kwan a ɔnya de dii n’adanseɛ na ɔtee nka sɛ ɔka ho bi na wɔhia no wɔ nkorabata no mu no boaa no.”
Nsusuiɛ nan a ɛnam Asɔre Dwumadie so Som
-
Susu dwumadie a ɛboa ahiadeɛ: Dwumadie yɛ akwan kɛseɛ a ɛma yɛboa ahiadeɛ ahodoɔ. Wɔbɛtumi asusu ho ama aboa ankorankorɛ anaa nnipa kuo soronko bi ahiadeɛ. Ɛwɔ sɛ ɛboa wɔn a wɔka ho bie no ahiadeɛ, sɛ saa ahiadeɛ no yɛ sɛ wɔhunu wɔn ho wɔn ho yie, sua dodoɔ de fa asɛmpa no ho, anaa sɛ wɔbɛte Honhom no nka.
-
To nsa frɛ obiara: Sɛ moresusu dwumadie ho a, mo mmɔ mmɔden soronko nto nsa mfrɛ wɔn a wɔbɛnya mfasoɔ wɔ dwumadie no mu. Kae wɔ woadwene mu fa asɔremma a wɔyɛ foforɔ, asɔremma a wɔayɛ mmrɛ, mmabunu, asugyafoɔ, nkorɔfoɔ a wɔadi dɛm, ne nkorɔfoɔ a wɔwɔ gyedie afoforɔ mu. To nsa frɛ wɔn na fa deɛ wɔn ani gye ho hyɛ wɔn adwene mu, na kyerɛ wɔn sɛdeɛ w’ani bɛgye sɛ wɔbɛba.
-
Hyɛ wɔn nkoran wɔ dwuma a wɔbɛdie ho: Wɔn a woato nsa afrɛ wɔn no bɛnya mfasoɔ bebree afiri dwumadie no mu sɛ wɔnya kwan di dwuma no bi a. Ɔkwan baako a wobɛtumi afa so ahyɛ nkorane ne sɛ wobɛma ankorankorɛ biara de n’adomakyɛdeɛ, nimdeɛ, ne adomakyɛdeɛ ayɛ adwuma wɔ dwumadie no mu.
-
Ma obiara akwaaba: Sɛ w’ayɔnkofoɔ ba dwumadie no ase a, yɛ deɛ wobɛtumi biara ma wɔnte akwaaba nka wɔ hɔ. Sa ara nso, sɛ wohunu nkorɔfoɔ a wonnim wɔn a, fa wɔn yɔnkoɔ na ma wɔn nso akwaaba!
© 2020 by Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintim no wɔ USA Borɔfo Kasa ho Kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/19. Nkyeraseɛ a ɛfa Ɔsom Nkyerɛkyerɛ ho, Kitawonsa 2020. Twi. 16989 000