2020
Ɛsom a ɛnam Adidikronkron Nhyiamu so
Ayɛwohommumɔ 2020


“Ɛsom a ɛnam Adidikronkron Nhyiamu so ,” Laehona, Ayɛwohomumɔ 2020

Ɛsom

Edward McGowan nkyerɛkyerɛmu

Ɔsom Akwankyerɛ, Ayɛwohommumɔ 2020

Ɛsom a ɛnam Adidikronkron Nhyiamu so

Adidikronkron nhyiamu ma akwanya a yɛ ne afoforɔ hyia na yɛsom wɔn.

Adidikronkron nhyiamu yɛ honhom mu akwahosan pa mmerɛ ne ankorankorɛ nsusuho fa Agyenkwa no ne Ne Mpata no ho. Berɛ a yɛrefa adidikronkron no dapɛn biara no, na yɛrenya nkɔsoɔ abɔ mu (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 84:110). Nanso ebinom wɔ yɛn wards ne branches mu a wɔde wɔn nnesoa na ɛba anaa sɛ wɔnni hɔ koraa.

Akwanya kakra ni a yɛbɛtumi de dɔnhwere kronkron baako no asom afoforɔ na yɛada nso wɔ y’abrabɔm.

Boa Ma Adidikronkron Nhyiamu Nyɛ Papa mma Wɔn A Wosom Wɔn

Anammɔn a ɛdi kan wɔ ɛsom adesua mu ne sɛ yɛbɛhunu ankorankorɛ anaa mmusua ne wɔn ahiadeɛ. Akwan bi wɔ hɔ a wobɛtumi de aboa wɔn adidikronkron som suahunu ama ayɛ papa a ɛne sɛ wobɛsua wɔn ho asɛm bebree.

Mindy, mmɔfra ntaafoɔ mmienu bi na deɛ, mmaa asomfo a wɔsom no no mmɔden tiawa daa nso kɛseɛ wɔ ne dapɛn biara adidikronkron nhyiamu suahunu mu.

“Ɛnam me kunu adwuma nhyehyɛeɛ nti, Me ara na mede yɛn mma mmaa ntaafoɔ yi kɔ asɔre dapɛn biara,” Mindy kyerɛɛ mu. “Ɛboro adwene ne nteaseɛ so sɛ mɛtumi mmɔfra ntaafoɔ mmienu afa mu wɔ adidikronkron nhyiamu, nanso me nuabaa somfoɔ yi fa to ne ho so boa me.

“Ɔtena yɛn nkyɛn na ɔboa me hwɛ me mma mmaa yi so dapɛn biara. Me nkyɛn a ɔteɛ no sombo ma me na ɛboa me yie wɔ ateeteeɛ ne abufuhyeɛ anaa ahea mmerɛ mu. Mennye nni sɛ ɔbɛhunu sɛdeɛ ne nneyɛɛ no aboa me wɔ m’abrabɔm saa mmerɛ yi mu. Ɔhunuu m’ahiadeɛ sɛ baatanwa a ateeteeɛ ahyɛ ne so, na ɔboa ma asɔre yɛ asomdwoeɛ ne anigyeɛ bea ma yɛn nyinaa.”

Nsusuiɛ a Ɛboa Wɔn a Wɔwɔ Ahiadeɛ Soronko

  • San fa amannebɔ a ɛfa asɔremma ho kɔma ɛldas kuo ne Maa Kuo akandifoɔ no.

  • Akandifoɔ yɛ adidikronkron nhyiamu nhyehyɛeɛ nsɛnka ma ɛboa asɔremma ahiadeɛ. Sɛ wɔn a wosom wɔn no nsɛnka bi ho bɛba wɔn mfasoɔ a, susu ho kyerɛ akandifoɔ .

  • Sɛ wonim sɛ obi wɔ haw bi anaa aduane bi ɛmma no nnya adidikronkron mu nhyira a, bisa wɔn yie ama wɔahunu deɛ wɔbɛyɛ a wɔn som suahunu bɛtu mpɔn. Ɛne w’akandifoɔ nkyɛ saa nkratoɔ yi.

  • Sɛ obi a wo som no anaa wonim no a, waka fie koraa anaa wɔ berɛ tiaa mu a, bisa wo bishop sɛ wɔbɛtumi akɔ ma wɔn adidikronkron no wɔ fie a. Wobɛtumi atwerɛ adidikronkron nhyiamu nsɛnka no na wo ne wɔn akyɛ wɔ foon so, wɔ email so, anaa wobɛkɔ wɔn nkyɛn.

  • Sɛ obi a wo som no no wɔ nkwadaa nketewa a, wobɛtumi aboa wɔn wɔ adidikronkron nhyiamu berɛ mu.

  • Sɛ wɔn a wo som wɔn no ntaa mma adidikronkron nhyiamu a, teaseɛ ma wɔn na pɛ akwan a wobɛtumi de aboa. Sɛ wɔhia ahyɛntiadeɛ a, wobɛtumi ama wɔn aforo wo hyɛn akɔ. Sɛ wɔsusu sɛ wɔn abusua mmoa wɔn a, wobɛtumi ato nsa afrɛ wɔn abɛtena wo nkyɛn. Wobɛtumi ato nsa afrɛ wɔn wɔ kwan soronko so de aboa wɔn ama wɔn ani aka na wɔahunu sɛ wɔn ho hia wɔ adidikronkron nhyiamu ase.

Kae, Anim Yɛbea Ntiawa Kasa Pii

Ɔsom ho asɛm ka, mu, Onuabaa Jean B. Bingham, Amansan Mmaakuo Titenani, kyerɛɛ sɛ: “Ɛyɛ a yɛdwene sɛ ɛwɔ sɛ yɛyɛ adeɛ a ɛso bi nni hɔ na ɛyɛ brane ansa na yɛahunu sɛ yɛresom yɛn nfɛfoɔ. Nanso ɛsom nneyɛɛ ntiantia tumi nya nsunsuansoɔ soronko wɔ afoforɔ so—ne yɛn ankasa so.”1

Wɔ ward ketewa bi mu wɔ Belgium, Evita taa boa kyerɛkyerɛ dwumadie mu de ma ahɔhoɔ a wɔka Spanish-kasa ne asɔremma wɔ Asɔre nhyiamu ase. Berɛ bi, wɔde Evita kyerɛɛ obi a Ɔfiri Dominican Republic a na ɔresua Asɔre no ho nsɛm. Na ɔte Borɔfo kakra, nanso na Spanish na ɛyɛ ne kurom kasa. Enti Evita tuu ne ho kyɛɛe kyerɛkyerɛɛ no adidikronkron nhyiamu dwumadie nyinaa ase maa ne ho tɔɔ no.

“Nkyeraseɛ bɛtumi ama me Sabat ayɛ den kakra,” Evita na ɔseɛ. “Nanso nkanyan a menya sɛ mebisa afoforɔ sɛ wɔhia nkyeraseɛ no ma menya anigyeɛ ne ahoɔhyeɛ atenka na mehunu sɛ matumi aboa wɔn ama wɔn ate Honhom no nka na wɔanya wɔn nhyiamu no mu anigyeɛ.”

Nsusuiɛ a ɛnam Anim Yɛbea Ntiawa so Boa

  • Ɛne w’akandifoɔ nkasa nhwɛ sɛ hwan na ɔbɛhia ɛsom kakra wɔ adidikronkron nhyiamu berɛ mu. Anaa sɛ wonim obi a ɔhia mmoa a, hwɛ hunu sɛ w’akandifoɔ nim ho bi.

  • Tenase yɛ komm na twɛn ma nhyiamu no nhyɛ aseɛ. Yei bɛboa akoma afoforɔ a abubuo ne ahonhom a wɔredi awerɛ a wɔatwa yɛn ho ahyia”2 a wɔhia asomdwoeɛ a ɛfiri nnidie mu ba wɔ kronkron beaɛ.

  • Wɔ akɔnkyene Kwasiada, dwene tu w’akɔnkyene ne mpaebɔ no si hɔ ma obi a wosom no a ɔbɛhia ahotɔ kakra.

  • Bɔ mpaeɛ na hunu sɛ obi a ɔte bɛn woɔ anaa wɔn bɛtumi anya mmoa afiri wo hɔ anaa kwan foforɔ bi so a wobɛtumi de aboa wɔ adidikronkron nhyiamu berɛ mu.

Adidikronkron Nhyiamu Bɛtumi ayɛ Akwaaba Beaɛ ama Yɛn nyinaa

President Joseph Fielding Smith (1876–1972) kyerɛɛe sɛ,“Adidikronkron nhyiamu Yɛ deɛ ɛkorɔn paa, na ɛyɛ kronkron paa wɔ Asɔre nhyiamu nyinaa mu.”3 Ne saa nti, ɛho hia sɛ yɛhwɛ yie sɛ wɔn a wɔreba adidikronkron nhyiamu te nka sɛ wɔagye wɔn ato mu na wɔamee wɔ honhom mu—titire asɔremma foforɔ ne wɔn wɔbaaeɛ akyɛre kakra.

Merania a ɔfiri New South Wales, Australia man mu, faa ɔbaa bi a na ɔresua Asɔre no ho nsɛm yɔnkoɔ wɔ ne ward. “Wabɛyɛ me yɔnko brɛboɔ baako seesei,” Merania na ɔseɛ. “Me kɔn dɔ sɛ metena ne nkyɛn wɔ adidikronkron nhyiamu ase dapen biara, na me taa bisa sɛdeɛ ne ho teɛ na sɛ biribi wɔ hɔ a mɛtumi ayɛ de aboa no a.” Berɛ kakra akyi, Merania yɔnko yi bɔɔ asu. Asɔremma no mmɔdemmɔ, ne nnyetomu tebea a ɛwɔ adidikronkron nhyiamu ase no, dii akotene kɛseɛ wɔ adwene a ɔfaeɛ no.

Nsusuiɛ a wɔde Bɛsom wɔn a Wɔresan aba anaa Asɔremma Foforɔ

  • Sɛ worekɔ kasa wɔ adidikronkron nhyiamu ase a, wobɛtumi ato nsa afrɛ nnamfoɔ, abusuafoɔ ne afoforɔ sɛ wɔmmɛtie wo nsɛnkaeɛ no.

  • Wobɛtumi ahwehwɛ na woama wɔn a wɔn nko ara teteɛ anaa wɔhia mmoa akwaaba. Bisa sɛ wobɛtumi atena wɔn nkyɛn anaa to nsa frɛ wɔn ma wɔn mmɛtena wo nkyɛn.

  • Sɛ nhyiamu no kɔ awieɛ a, wobɛtumi ato nsa afrɛ wɔn a wosom wɔn ne afoforɔ wɔ Asɔre no dwumadie a ɛdidi soɔ, wɔ tɛmpol, anaa asetena mu dwumadie bi ase.

  • Sɛ obi a wosom no a ɔbaeɛ akyɛ kakra ba adidikronkron nhyiamu a, wobɛtumi abisa wɔn sɛ wɔwɔ nsɛmmisa fa deɛ wɔkyerɛɛe no ho a. Kakyerɛ wɔn sɛ wɔwɔ ho kwan sɛ berɛ biara sɛ asɛmfoa bi, ayɛsɛm, anaa nkyerɛkyerɛ fa bi wɔ hɔ a wɔnteaseɛ a wɔn mmisa wo. Wo ne wɔn bɛtumi ahwehwɛ mmuaeɛ abom sɛ ɛho bɛhia a.

Atwerɛ.

  1. Jean B. Bingham, “Ministering as the Savior Does,” Liahona, May 2018, 104.

  2. Jeffrey R. Holland, “Behold the Lamb of God,” Liahona, Kɔtɔnimmaa 2019, 46.

  3. Joseph Fielding Smith, in Conference Report, Oct. 1929, 60–61.