“Ɔsom a ɛnam Amansan Nhyiamu so,” Laehona, Oforisuo 2020
Ɔsom Akwankyerɛ, Oforisuo 2020
Ɔsom a ɛnam Amansan Nhyiamuso.
Nkuranhyɛ nsɛm ahodoɔ, abusua amammerɛ ahodoɔ, ne nkyerɛkyerɛ a ɛfiri Awurade nkoa hɔ nyinaa akyiri no, amansan nhyiamu ma yɛn akwan bebree a yɛfa som som—amansan nhyiamu nnawɔtwe-awieɛ rebɛduru so, berɛ a ɛrekɔ so, ɛne n‘akyi!
Susie ne Tom Mullen a wɔyɛ asɛmpatrɛ-ahosiesie akyerɛkyerɛfoɔ hyɛ asɔre mma a wɔkyerɛ wɔn adeɛ nkuran berɛanoberɛano sɛ wɔnto nsa mfrɛ obi ma ɔnhwɛ amansan nhyiamu.
Ɔka sɛ, ”Woreto nsa afrɛ obi ma no ayɛ biribi yɛ asɛmpatrɛ adwuma no fa a ɛhia pa ara.” ”Yɛn asuafoɔ de nkra san brɛ yɛn berɛanoberɛano fa sɛdeɛ ɛkɔɔ yie maa wɔn, ɛne onipa a wɔtoo nsa frɛɛ no no”.
Yeinom yɛ akwan a wɔn asuafoɔ no kaa sɛ wɔfaa so yɛɛ no no mu kakraabi a:
-
”Yɛsom ɔyɔnkoɔ bi a ɔwɔ ɔhaw bi a ɛne no redi aperepere. Yɛtoo nsa frɛɛ no sɛ ɔntie amansan nhyiamu na ɔbɛnya mmuaeɛ. Berɛ a yɛkɔsraa no nhyiamu akyiri no, ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ ɔtee nneɛma pii a ɛbɛboa.”
-
”Yɛtoo amansan nhyiamu pono bi na obiara de biribi sononko baae ma yɛkyɛeɛ. ɛyɛɛ anika ara ma yɛsii gyinaeɛ sɛ yɛbɛsan ayɛ bio.”
-
”Metoo nsa frɛɛ me yɔnko bi sɛ ɔne me nhwɛ amansan nhyiamu. Berɛ a na yɛredi ho nkɔmmɔ no, yɛsii gyinaeɛ sɛ yɛbɛtu kaa akɔ asɔre hɔ akɔhwɛ sɛ yɛbɛtumi ahwɛ wɔ hɔ a. Yɛyɛɛe, na na ɛyɛ suahunu kɛseɛ sɛ wobɛwɔ hɔ!
Sɛdeɛ Mullenfoɔ no ne wɔn asuafoɔ asua no, yɛbɛtumi afa amansan nhyiamu so asom wɔ akwan ahodoɔ pii so. ɛyɛ kwan nwanwasoɔ a yɛde kyɛ nkuranhyɛ nsɛm ahodoɔ, abusua amammerɛ ahodoɔ, nkɔmmɔtwetweɛ a ɛtɔ asom, ne nkyerɛkyerɛ a ɛfiri Awurade nkoa hɔ!
To nsa frɛ afoforɔ bra Wo Fie
“Agyenkwa no hyɛɛ N‘akyidifoɔ sɛ ‘monnodɔ mo ho; sɛdeɛ medɔɔ mo no’ (Yohane 13:34). Enti yɛhwɛ sɛdeɛ Ɔdɔɔ yɛn. … Sɛ yɛde Ɔno yɛ yɛn susudua a, ɛwɔ sɛ berɛbiara yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛboa obiara.” —Titenani Dallin H. Oaks1
Mfeɛ bi atwa mu, yɛn fie kyerɛkyerɛni Mike hunuu sɛ na me ne me mma baasa nyinaa hwɛ amansan nhyiamu wɔ kɔmputa ketewa bi so. Ɔtoo nsa ntɛm ara frɛɛ yɛn sɛ yɛmmra ne fie, ne ɔne ne yere Jackie mmɛhwɛ, sii so dua sɛ wɔbɛpɛ ayɔnkofa no. Me mma ani gye sɛ wɔbɛhwɛ nhyiamu wɔ TV ankasa so; m‘ani sɔɔ kɛse sɛ merenya mmoa, na yɛn nyinaa pɛɛ berɛ a yɛbɔɔ mu no.
Ɛno akyi, yɛrehwɛ amansan nhyiamu abɔ mu bɛyɛɛ amammerɛ. Mpo berɛ a yɛnyaa yɛn ara yɛn TV no, na yɛkɔ so de anigyeɛ kɔ Mike ne Jackie hɔ a yɛde yɛn sumiiɛ, nwoma-nketewa, ne nnuane kakra a yɛbɛdi kɔhwɛ amansan nhyiamu.. HYɛrete nkɔmhyɛfoɔ no nsɛm abɔ mu maa no yɛɛ sononko bebree. Yɛbɛyɛɛ te sɛ abusua. Mike ne Jackie bɛyɛɛ m‘ayɔnkofoɔ mapa no mu bi, ɛne nanakansoa a wɔtɔ so mmienu maa me mma. Wɔn dɔ ne ayɔnkofa ayɛ nhyira nwanwasoɔ ama m‘abusua. Meda wɔn ase pa ara wɔ wɔn pɛ a wɔde buee wɔn fie ne wɔn akoma mu maa yɛn.
Suzanne Erd, Alifornia, USA
Nkyerɛnkyerɛ a ɛwɔm
“Hunuui”
Agyenkwa no nyaa berɛ wɔ ɔdɔ mu sɛ ɔbɛhunu afoforɔ ahiadeɛ na afei ɔtuu anamɔn yɛɛ wɔn ahiadeɛ (hwɛ Mateo 9:35–36; Yohane 6:5; 19:26–27). Yɛbɛtumi ayɛ saa.
“Too nsa frɛɛ Amonom hɔ ara”
Sɛ yɛhunu wɔn a yɛsom wɔn ahiadeɛ wie a, deɛ ɛdi soɔ ne sɛ yɛbɛyɛ biribi.“Yɛrete nkɔmhyɛfoɔ no nsɛm”
Ɛwɔ sɛ “yɛtaa hyia” (Moronae 6:5) sua adeɛ bom, nyini bom, na yɛkasa fa honhom mu nneɛma a ɛho hia pa ara ma yɛn akra.
“Bra, tie nkɔmhyɛni no nne, na te Onyankopɔn asɛm”2 ɛbɛtumi ayɛ nsa a yɛbɛtumi ato afrɛ wɔn a yɛsom wɔn no mu baako a ɛhia pa ara.
”Ɔdɔ na Ayɔnkofa”
Sɛ yɛbɛtumi aboa na yɛanya afoforɔ so nsunsuansoɔ a, ɛsɛ yɛde tema ne ”ɔdɔ kann” hyehyɛ ayɔnkofa (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121:41).
Kyɛ no wɔ intanɛte so
Abɛɛfo kwantempɔn ahodoɔ yɛ wiase mfidie a obi bɛtumi afa so anya nsunsuansoɔ papa wɔ ankorankrɛ bebree ne mmusua so. Na megye di sɛ berɛ aso sɛ yɛn a yɛyɛ Kristo akyidifoɔ de saa mfidie a ɛhyɛ nkuran yinom di dwuma a ɛsɛ fata kɛse, de di danseɛ fa Onyankopɔn Ɔnniawieɛ Agya, anigyeɛ nhyehyɛeɛ a Ɔwɔ ma Ne mma, ne Ne Ba, Yesu Kristo, sɛ wiase Agyenkwa no ho.” —Elder David A. Bednar3
Intanɛte ma yɛn ho kwan ma yɛn ne wiase nyinaa kyɛ asɛmpa no. Mepɛ saa! Mekyɛ dwumadie kakraabi wɔ amansan nhyiamu ase, nanso mpɛn pii mebɔ mmɔden boa afoforɔ ma wɔnya nkutahodie firi amansan nhyiamu kasakyerɛ mu. Afoforɔ nsɛmmisa a yɛhunu bɛtumi aboa yɛn mpɛn pii ma yɛahunu nneɛma wɔ kwan foforɔ so na ɛbɛtumi ayɛ nnyinasoɔ ama yɛn ankasa nkutahodie nsɛmmisa kɛseɛ.
Mahunu sɛ sɛ mo ne mmusua a mosom wɔn de nsɛmmisa di amansan nhyiamu ase kasakyerɛ ho nkutaho a, ɛboa ma mohunu wɔn ahoɔden, ɛne wɔn ahiadeɛ nso. Nsɛm a mepɛ bisa pa ara no mu baako ne, Deɛn na wote nka sɛ na ɛyɛ asɛntire a ɛfiri amansan nhyiamu som a ɛnkyɛree koraa no mu?
Ɛrekame ayɛ sɛ berɛbiara mmuaeɛ no ma wohunu deɛ ɛrekɔ so wɔ wɔn abrabɔ mu ne deɛ ɛho hia ma wɔn. Ɛma wobɛyɛ onuabarima anaa onuabaa somfoɔ papa ɛfiri sɛ wonya kwan hunu wɔn yie.
Camille Gillham, Colorado, USA
Nkyerɛnkyerɛ a Ɛwɔ sɛ yɛhwɛ
”Kyɛ asɛmpa no”
Yɛayɛ apam sɛ “yɛbɛyɛ Onyankopɔn adansefoɔ wɔ adeɛ nyinaa mu, berɛ nyinaa ne beaɛ nyinaa mu” (Mosaya 18:9.
“Bɔ nkutahodie kwan”
Amansan nhyiamu nkransɛm bɛtumi akanyan nkutahodie nwanwasoɔ, a ɛho hia, na honhom ahyɛ ma. Na saa nkutahodie yinom bɛtumi ama mo ayɔnkofa mu ayɛ den, aboa ma mo adansedie anyini, na ɛde anigyeɛ abrɛ mo! (hwɛ Doctrine and Covenants 50:22).
“Fa nsɛmmisa yɛ”
“Nsɛmmisa papa bɛboa ma woahunu anigyeɛ, ɔhaw, anaa nsɛmmisa a afoforɔ wɔ. Ɛbɛtumi ama w‘adekyerɛ akɔ nkan, afrɛ Honhom no, na aboa ma nkorɔfoɔ asua.”4
© 2019 by Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintim no wɔ USA Borɔfo Kasa ho Kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/19. Kasafoforɔ nkyerɛaseɛ wɔ Ɔsom Nkyerɛkyerɛ, Oforisuo 2020. Kasa. 16986 000